Nea Ɛma Wonya Onuadɔ a Yɛbɛhwehwɛ
‘Momfa onuadɔ nka onyamesom pa ho.’—2 PETRO 1:5-7.
1. Dɛn ne nneɛma atitiriw nti a Yehowa nkurɔfo nhyiam horow yɛ anigye kɛse saa no mu biako?
BERE bi oduruyɛfo bi a ɔnyɛ Yehowa Ɔdansefo kɔɔ ne babea adesua a owiei wɔ Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu, faako a wɔtetee no sɛ ɔsɛmpatrɛwfo no ho nhyiam ase. N’ani gyee nnipadɔm a wɔwɔ anigye no ho araa ma ɔkae sɛ ɛbɛyɛ sɛ saa nnipa yi ntaa nyare. Dɛn na ɛmaa nnipadɔm yi ani gyee saa? Enti, dɛn na ɛma Yehowa nkurɔfo nhyiam nyinaa, asafo nhyiam horow, amansin, ne amantam nhyiam yɛ anigye saa? So ɛnyɛ onuadɔ a woyi adi kyerɛ wɔn ho wɔn ho no? Akyinnye biara nni ho sɛ onuadɔ ne ade biako nti a wɔaka sɛ ɔsom kuw foforo biara nni hɔ a nyameson ma wodi ahurusi, na wonya anigye ne akomatɔyam sɛ Yehowa Adansefo.
2, 3. (a) Hela nsɛmfua abien bɛn na ɛka sɛnea ɛsɛ sɛ yɛte nka wɔ yɛn ho yɛn ho ho asɛm, na dɛn ne nsɛmfua yi mu ade titiriw a ɛda nsow?
2 Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ kwan sɛ yebehu onuadɔ a ɛte saa esiane ɔsomafo Petro nsɛm a ɛwɔ 1 Petro 1:22, (New World Translation) no nti: “Afei a monam osetie a moyɛ maa nokware no so atew mo kra ho asiane onuadɔ a nyaatwom nni mu nti, mumfi komam nnodɔ mo ho mo ho yiye.” Hela asɛmfua a wɔakyerɛ ase wɔ ha sɛ “onuadɔ” no mu ade titiriw biako ne phi·liʹa (ɔdɔ). Ne nkyerɛase ne a·gaʹpe, asɛmfua a wɔtaa kyerɛ ase sɛ “ɔdɔ” no sɛ yiye. (1 Yohane 4:8) Ɛwom sɛ wotumi de onuadɔ ne ɔdɔ kyerɛ ade koro de, nanso emu biara wɔ nneɛma pɔtee a ɛma ɛda nsow. Ɛnsɛ sɛ yɛfa no sɛ ne nyinaa kyerɛ ade koro sɛnea Bible asekyerɛfo pii yɛ no. Yebesusuw nsɛmfua yi biara ho wɔ asɛmti yi ne nea edi hɔ no ase.
3 Ɛdefa nsonsonoe a ɛwɔ Hela nsɛmfua abien yi mu ho no, nhomanimfo bi kae sɛ phi·liʹa yɛ “asɛmfua a ɛkyerɛ anigye, bɛn a wɔbɛn wɔn ho ne ɔdɔ ankasa.” Nanso, a·gaʹpe fa adwene no ho kɛse. Enti ɛwom sɛ wɔka kyerɛ yɛn sɛ yɛnnɔ (a·gaʹpe) yɛn atamfo de, nanso yenni onuadɔ mma wɔn. Dɛn ntia? Efise ‘fekubɔne sɛe ɔbra pa.’ (1 Korintofo 15:33) Nea ɛkyerɛ bio nso ne sɛ nsonsonoe wɔ nsɛmfua yi mu ne ɔsomafo Petro nsɛm yi: ‘Momfa ɔdɔ nka onuadɔ ho.’—2 Petro 1:5-7; fa toto Yohane 21:15-17 ho.a
Onuadɔ a Ɛyɛ Soronko Koraa ho Nhwɛso Ahorow
4. Dɛn nti na Yesu ne Yohane nyaa ɔdɔ soronko maa wɔn ho wɔn ho?
4 Onyankopɔn Asɛm ka onuadɔ a ɛyɛ soronko koraa ho nhwɛso pa ahorow ho asɛm kyerɛ yɛn. Ɔdɔ soronko yi mu nsusuwii bi na mmom egyina su pa atitiriw ho anisɔ so. Akyinnye biara nni ho sɛ nhwɛso pa a yenim sen biara ne onuadɔ a na Yesu Kristo wɔ ma ɔsomafo Yohane no. Ɛda adi sɛ na Yesu wɔ onuadɔ ma n’asomafo anokwafo no nyinaa, na na egyina ntease pa bi so. (Luka 22:28) Ɔkwan biako a ɔfaa so daa eyi adi ne sɛ ɔhohoroo wɔn anan ho, ma enti ɔde ahobrɛase ho asuade bi mae. (Yohane 13:3-16) Nanso na Yesu wɔ ɔdɔ soronko bi ma Yohane, na Yohane ka ho asɛm mpɛn pii. (Yohane 13:23; 19:26; 20:2) Te sɛ nea na Yesu wɔ ntease bi a egyinaa so yii ɔdɔ adi kyerɛɛ n’asuafo ne n’asomafo no, ɛda adi sɛ Yohane maa Yesu nyaa nea ogyinaa so nyaa ɔdɔ soronko maa no, esiane sɛ na ɔwɔ anisɔ kɛse ma Yesu nti. Yetumi hu eyi fi Yohane nhoma ahorow a ɔkyerɛwee, n’Asɛmpa no ne nkrataa a ɔnam honhom so kyerɛwee no nyinaa mu. Hwɛ sɛnea ɔbɔ ɔdɔ din mpɛn pii wɔ saa nhoma ahorow a ɔkyerɛwee no mu! Yehu anisɔ kɛse a na Yohane wɔ ma Yesu honhom mu su horow no wɔ Yohane ti 1 ne 13 kosi 17, ne adwene a ɔtwe sii Yesu asetra ansa na ɔrebɛyɛ ɔdesani so mpɛn pii no.—Yohane 1:1-3; 3:13; 6:38, 42, 58; 17:5; 18:37.
5. Dɛn na yebetumi aka wɔ ɔdɔ soronko a na Paulo ne Timoteo wɔ ma wɔn ho wɔn ho no ho?
5 Saa ara nso na yɛmpɛ sɛ yebebu yɛn ani agu onuadɔ a ɛyɛ soronko a na ɔsomafo Paulo ne ne Kristoni yɔnko Timoteo wɔ ma wɔn ho wɔn ho, a nokwarem no, na egyina anisɔ a wɔkyerɛe wɔ wɔn mu biara su pa ahorow ho no so. Paulo kyerɛw Timoteo ho nsɛmpa wɔ ne nhoma ahorow mu, a ebi ne sɛ: “Minni obi a ɔne m’adwene sɛ, te sɛ ɔno a mo ho asɛm hia no no; . . . Na ne fata a ɔfata no, munim sɛ ɔne me som asɛmpa no fam sɛ ɔba yɛ n’agya.” (Filipifo 2:20-22) Paulo kaa Timoteo ho asɛm mpɛn pii wɔ nkrataa a ɔde kɔmaa no a na ɛda ɔdɔ a emu yɛ hyew a na ɔwɔ ma Timoteo no adi no mu. Sɛ nhwɛso no, hyɛ 1 Timoteo 6:20 nsow: “O Timoteo, hwɛ nea wɔde ahyɛ wo nsa no so.” (Hwɛ 1 Timoteo 4:12-16; 5:23; 2 Timoteo 1:5; 3:14, 15 nso.) Ne titiriw no, nkrataa a Paulo de kɔmaa Timoteo a yɛde toto nea ɔde kɔmaa Tito ho no ma yehu ɔdɔ soronko a na ɔwɔ ma saa aberante yi. Ɛbɛyɛ sɛ Timoteo tee nka saa ara wɔ wɔn adamfofa no ho, sɛnea yetumi hu fi Paulo nsɛm a ɛwɔ 2 Timoteo 1:3, 4 no mu no: “Minnyae wo nkae m’adesrɛ mu . . . na mekae wo nusu a, ɛma m’ani gyina sɛ mehu wo, na anigye ayɛ me ma.”
6, 7. Na Dawid ne Yonatan te nka dɛn ma wɔn ho wɔn ho, na dɛn ntia?
6 Hebri Kyerɛwnsɛm no nso de nhwɛso pa te sɛ Dawid ne Yonatan de no ma. Yɛkenkan sɛ Dawid kum Goliat akyi no, ‘Yonatan kra kyekyeree Dawid kra ho, na Yonatan dɔɔ no sɛ n’ankasa ne kra.’ (1 Samuel 18:1) Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa din ho mmɔdenbɔ ho nhwɛso pa a Dawid yɛe ne akokoduru a ɔde kohyiaa ɔbran Goliat ho anisɔ na ɛmaa Yonatan nyaa ɔdɔ soronko maa Dawid no.
7 Na ɔdɔ a Yonatan wɔ ma Dawid no mu yɛ den ara ma ɔde ne nkwa too asiane mu de bɔɔ Dawid ho ban fii Ɔhene Saulo ho. Yonatan anni paw a Yehowa paw Dawid sɛ Israel hene a odi hɔ no ho yaw. (1 Samuel 23:17) Na Dawid wɔ ɔdɔ a ɛte saa ara ma Yonatan, sɛnea ɛda adi wɔ nea ɔkae no mu bere a na ɔregyam Yonatan wɔ ne wu ho no: “Wo nti me ho hia me, me nua Yonatan, w’asɛm yɛɛ me dɛ sɛ, wo dɔ yɛɛ me nwonwa sen mmea dɔ.” Ampa, nokware anisɔ daa adi wɔ wɔn abusuabɔ no mu.—2 Samuel 1:26.
8. Mmea baanu bɛn na woyii onuadɔ soronko adi kyerɛɛ wɔn ho wɔn ho, na dɛn ntia?
8 Yɛwɔ ɔdɔ soronko a mmea baanu, Naomi ne n’ase kunafo Rut, yii adi kyerɛ wɔn ho wɔn ho nhwɛso pa nso wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu. Kae Rut nsɛm a ɔka kyerɛɛ Naomi no: “Nhyɛ me sɛ minnyaw wo mensan mimfi w’akyi; na nea wokɔ na mɛkɔ, na nea wosoɛ na mɛsoɛ; wo man bɛyɛ me man, na wo Nyankopɔn ayɛ me Nyankopɔn.” (Rut 1:16) So yɛrenka sɛ Yehowa ho nsɛm a Naomi kae ne ne suban pa a oyii no adi na ɛkanyan Rut ma ɔmaa mmuae a ɛkyerɛ anisɔ yi?—Fa toto Luka 6:40 ho.
Ɔsomafo Paulo Nhwɛso
9. Dɛn na ɛkyere sɛ Paulo yɛɛ onuadɔ a woyi adi kyerɛ ho nhwɛso pa?
9 Sɛnea yɛahu no, na ɔsomafo Paulo wɔ onuadɔ a ɛyɛ soronko koraa ma Timoteo. Nanso ɔyɛɛ nhwɛso pa nso wɔ onuadɔ a emu yɛ hyew a oyii adi kyerɛɛ ne nuanom nyinaa ho nso. Ɔka kyerɛɛ Efeso mpanyimfo sɛ “mfirihyia abiɛsa ni, anadwo ne awia, minnyaee mo mu biara afotu wɔ nusu mu da.” So eyi kyerɛ onuadɔ a emu yɛ den? Ɛte saa pefee! Na wɔtee nka saa ara maa Paulo. Bere a wɔtee sɛ wonhu no bio no, ‘wosui pii, na wosusoo Paulo kɔn few n’ano.’ (Asomafo no Nnwuma 20:31, 37) So eyi yɛ onuadɔ a egyina anisɔ so? Yiw! Afei nso yɛsan hu ne nuadɔ wɔ ne nsɛm a ɛwɔ 2 Korintofo 6:11-13 no mu: “O Korintofo, yɛn anom abue ama mo, yɛn komam atrɛw. Ɛnyɛ yɛn mu na monsen, na mo ankasa mo yam na monsen. Na mo nso—meka eyi mekyerɛ mo sɛ mma—montrɛw mo mu saa ara mfa ntua ka.”
10. Onuadɔ a na wonni bɛn na ɛmaa Paulo kaa ne sɔhwɛ ahorow a ɛwɔ 2 Korintofo ti 11 no kyerɛe?
10 Ɛdaa adi pefee sɛ na Korintofo mfi anisɔ mu nyi onuadɔ adi nkyerɛ ɔsomafo Paulo. Enti, wɔn mu binom nwiinwii sɛ: “Efisɛ nhoma no de, wɔka sɛ: ɛyɛ duru, na emu yɛ den, nanso ne nipadua wɔ hɔ a, ɛyɛ mmerɛw, na ɔkasa a, wɔmfa nyɛ hwee.” (2 Korintofo 10:10) Ɛno nti na Paulo kaa wɔn “asomafo atitiriw” ho asɛm na ɛkaa no ma ɔkaa ne sɔhwɛ ahorow a ogyinaa ano ho asɛm, sɛnea wɔakyerɛw wɔ 2 Korintofo 11:5, 22-33 no.
11. Ɔdɔ a na Paulo wɔ ma Kristofo a na wɔwɔ Tesalonika no ho adanse bɛn na ɛwɔ hɔ?
11 Ɔdɔ a emu yɛ den a Paulo nya maa wɔn a ɔsom wɔn no da adi titiriw wɔ ne nsɛm a ɛwɔ 1 Tesalonikafo 2:8 no mu: “Na sɛ yɛpɛ mo asɛm yiye sɛɛ nti, ɛnyɛ Onyankopɔn asɛmpa no nko na yɛpɛe sɛ yɛne mo kyɛ, na mmom yɛn ankasa kra nso, efisɛ moayɛ yɛn adɔfo.” Nokwarem no, na ɔwɔ ɔdɔ a ɛte sɛɛ ma anuanom afoforo yi araa ma bere a ontumi nnyina ano bio—a ne ho pere no kɛse sɛ obehu sɛnea wɔregyina ɔtaa ano—no ɔsomaa Timoteo na ɔde amannɛebɔ pa bae a ɛmaa Paulo nyaa ahotɔ kɛse. (1 Tesalonikafo 3:1, 2, 6, 7)Insight on the Scriptures ka ma ɛfata yiye sɛ: “Na abusuabɔ a onuadɔ wom wɔ Paulo ne wɔn a ɔsom wɔn no ntam.”
Anisɔ—Ade a Ɛma Wonya Onuadɔ
12. Ntease ahorow bɛn nti na ɛsɛ sɛ yeyi ɔdɔ a emu yɛ hyew adi kyerɛ yɛn nuanom?
12 Ɛda adi pefee sɛ ade a ɛma wonya onuadɔ ne anisɔ. So Yehowa asomfo a wɔahyira wɔn ho so nyinaa nni su pa ahorow a yɛn ani sɔ, a ɛma yenya wɔn ho dɔ ne anigye? Yɛn nyinaa rehwehwɛ Onyankopɔn Ahenni ne ne trenee kan. Yɛn nyinaa reko akokoduru so atia yɛn atamfo baasa yi: Satan ne n’adaemone, wiase bɔne a Satan di so tumi, ne bɔne honam no pɛsɛmenkominya su horow a wɔde woo yɛn no. So ɛnsɛ sɛ yenya adwene bere nyinaa sɛ yɛn nuanom reyɛ nea wobetumi nyinaa esiane sɛnea nsɛm tebea horow te no nti? Obiara a ɔwɔ wiase no mu no wɔ beae a ogyina, sɛ onni Yehowa afã a, na ɔwɔ Satan afã. Yɛn nuanom mmarima ne mmea a wɔahyira wɔn ho so no wɔ Yehowa afã, yiw, wɔwɔ yɛn afã, enti ɛfata sɛ yeyi onuadɔ adi kyerɛ wɔn.
13. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yenya ɔdɔ a ɛmu yɛ hyew ma mpanyimfo no?
13 Na anisɔ a yɛbɛkyerɛ ama yɛn mpanyimfo no nso ɛ? So ɛnsɛ sɛ yɛkyerɛ wɔn ho anigye kɛse esiane adwumaden a asafo no nti wɔyɛ no? Sɛnea ɛte wɔ yɛn nyinaa fam no, ɛsɛ sɛ wɔhwɛ wɔn ho ne wɔn mmusua. Wɔwɔ asɛyɛde koro no ara a ɛne sɛ wɔnyɛ kokoam adesua, nkɔ asafo nhyiam horow, na wonnya asɛnka adwuma mu kyɛfa te sɛ yɛn a yɛaka no nso. Bio nso, wɔwɔ asɛyɛde sɛ wobesiesie wɔn dwumadi ama nhyiam horow no, wɔbɛma baguam ɔkasa horow, na wɔadi nsɛnnennen a ɛsɔre wɔ asafo no mu ho dwuma a, ɛtɔ mmere bi a, ɛma wɔde nnɔnhwerew pii di asɛm. Nokwarem no, yɛpɛ sɛ ‘yekura wɔn a wɔte saa no wɔ nidi mu!’—Filipifo 2:29.
Onuadɔ a Yɛbɛda no Adi
14. Kyerɛw nsɛm bɛn na ɛhyɛ yɛn sɛ yɛnna onuadɔ adi nkyerɛ?
14 Sɛ yɛbɛma Yehowa ani agye a, ɛsɛ sɛ yɛda onuadɔ a emu yɛ den adi kyerɛ yɛn mfɛfo gyidifo, sɛnea Yesu Kristo mpo ne Paulo yɛe no. Yɛkenkan sɛ: “Momfa [onuadɔ] nnodɔ mo ho mo ho.” (Romafo 12: 10, Kingdom lnterlinear) “Na [onuadɔ] ho de, enhia mo sɛ yɛkyerɛw brɛ mo, efisɛ mo ankasa na Onyankopɔn akyerɛkyerɛ sɛ monnodɔ mo ho.” (1 Tesalonikafo 4:9, Int) “Momma mo [nuadɔ] nkɔ so.” (Hebrifo 13:1, Int) Sɛ yɛda onuadɔ adi kyerɛ yɛn soro Agya no asase so mma a, nokwarem no, n’ani gye!
15. Akwan a yɛbɛfa so ayi onuadɔ adi akyerɛ no bi ne nea ɛwɔ he?
15 Wɔ asomafo no mmere so no na Kristofo de “mfewano kronkron” anaa “ɔdɔ mfewano” kyiakyia wɔn ho wɔn ho. (Romafo 16:16; 1 Petro 5:14) Nokwarem no, eyi yɛ onuadɔ a woyi adi kyerɛ ankasa! Ɛnnɛ, wɔ wiase no afã pii no, adamfofa kwan so serew a efi komam ne nsam a wokyia ne ɔkwan a ɛfata kɛse a wɔfa so yi onuadɔ adi kyerɛ. Wɔ Latin nsase te sɛ Mexico so no, wɔwɔ nkyia bi a ɛne sɛ wɔyɛ wɔn ho wɔn ho atuu, na ɛyɛ ɔkwan pa ankasa a wɔnam so yi ɔdɔ adi kyerɛ. Ɛbɛyɛ sɛ ɔdɔ a emu yɛ den yi a saa anuanom no da no adi no ka ho bi na nkɔso kɛse reba wɔ wɔn nsase no so no.
16. Hokwan ahorow bɛn na yɛwɔ a yɛde beyi onuadɔ adi akyerɛ wɔ yɛn Ahenni Asa ahorow so?
16 Sɛ yɛhyɛn Ahenni Asa so a, so yɛbɔ mmɔden yiye sɛ yebeyi onuadɔ adi akyerɛ wɔ hɔ? Ɛbɛma yɛaka nkuranhyɛ nsɛm akyerɛ, titiriw wɔn a ɛte sɛ nea wɔabotow no. Wɔaka akyerɛ yɛn sɛ ‘yɛnka awerɛkyekyesɛm nkyerɛ akra a wɔabotow.’ (1 Tesalonikafo 5:14) Ɛda adi sɛ ɛno ne ɔkwan biako a yebetumi afa so ayi onuadɔ a emu yɛ hyew adi akyerɛ. Ɔkwan pa foforo nso ne sɛ yɛbɛda anisɔ adi wo baguam ɔkasa a ɛyɛ anigye, dwumadi fã bi a wɔyɛɛ no yiye, mmɔdenbɔ a osuani ɔkasafo bi bɔe wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu, ne nea ɛtete saa ho.
17. Ɛyɛɛ dɛn na ɔpanyin biako nyaa asafo no dɔ?
17 Na nsa a yɛboto afrɛ nnipa ahorow ma wɔaba yɛn afie abedidi bere a wɔapɔn nhyiam a ade nsae pii no nso ɛ? So ɛnsɛ sɛ yɛma Yesu afotu a ɛwɔ Luka 14:12-14 kyerɛ yɛn kwan? Bere bi wɔpaw obi a anka ɔyɛ ɔsɛmpatrɛwfo sɛ ɔhwɛfo guamtrani wɔ asafo bi a na emufo nyinaa honam ani hwɛbea yɛ soronko wɔ ne de ho. Ohui sɛ na wonyi onuadɔ adi nkyerɛ no, enti ɔyɛɛ nhyehyɛe de siesiee tebea no. Wɔ ɔkwan bɛn so? Kwasida biara ɔto nsa frɛ abusua bi ma wɔbedidi wɔ ne fie. Eduu afe no awiei no, na wɔn nyinaa reyi onuadɔ a emu yɛ hyew adi kyerɛ no.
18. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ayi onuadɔ adi akyerɛ yɛn nuanom mmarima ne mmea a wɔyare no?
18 Se onuabarima anaa onuabea bi yare wɔ fie anaa ɔda ayaresabea a, onuadɔ bɛma yɛama wahu sɛ yedwen ne ho. Na wɔn a wɔtete wɔn a wɔn mfe akɔ anim afie mu no nso ɛ? Dɛn nti na w’ankasa wonkɔsra wɔn, wo ne wɔn nkasa wɔ telefon so, anaa wommana wɔn krataa a wɔde da nkate a emu yɛ hyew adi?
19, 20. Ɔkwan bɛn so na yebetumi akyerɛ sɛ yɛatrɛw yɛn nuadɔ no mu?
19 Sɛ yɛreda onuadɔ a ɛte saa adi akyerɛ a, yebetumi abisa yɛn ho sɛ, ‘So meyɛ nyiyim wɔ onuadɔ a miyi adi kyerɛ no mu? So nneɛma te sɛ honam ani hwɛbea, nhomanim, anaa honam fam nneɛma nya nkɛntɛnso wɔ onuadɔ a miyi adi kyerɛ no so? So ehia sɛ metrɛw onuadɔ a miyi adi kyerɛ no mu, sɛnea ɔsomafo Paulo hyɛɛ Kristofo a na wɔwɔ Korinto nkuran sɛ wɔnyɛ no?’ Onuadɔ bɛka yɛn ma yɛadwen yɛn nuanom ho wɔ ɔkwan pa so, na yɛakyerɛ wɔn ho anisɔ wɔ wɔn nneyɛe pa ho. Onuadɔ bɛboa yɛn ma yɛanya anigye wɔ yɛn nua honhom mu nkɔso ho nso sen sɛ yɛn ani bɛbere.
20 Ɛsɛ sɛ onuadɔ ma yɛyɛ krado nso sɛ yɛbɛboa yɛn nuanom wɔ ɔsom adwuma no mu. Ɛsɛ sɛ ɛyɛ sɛnea yɛn nnwom no mu biako (Nea ɛto so 92) ka no:
“Fa ayamye boa mmerɛwyɛfo,
Na wɔde akokoduru akasa.
Mma wo werɛ mfi mmofra nso da,
Boa ma wonyɛ den nyi ehu mfi hɔ.”
21. Sɛ yeyi onuadɔ adi kyerɛ a, dɛn na yebetumi ahwɛ kwan?
21 Enti mommma yɛn werɛ mmfi sɛ bere a yeyi onuadɔ adi kyerɛ no, nnyinasosɛm a Yesu kae wɔ ne Bepɔw so Asɛnka no mu di dwuma: “Momma, na wɔama mo; susukora pa a wɔamia so na wɔawosow na abu so na wɔde begu mo ntama mu. Na susukora a mode susuw no, ɛno ara na wɔde besusuw ama mo bio.” (Luka 6:38) Sɛ yeyi onuadɔ adi kyerɛ a, yɛn ankasa yenya mfaso, na yɛkyerɛ obu ma wɔn a wɔyɛ Yehowa asomfo te sɛ yɛn ankasa no. Nokwarem no, anigye ne wɔn a wɔde anigye yi onuadɔ adi kyerɛ!
[Ase hɔ asɛm]
a Hwɛ asɛm a edi eyi so no: “Ɔdɔ (Agape)—Nea Ɛnkyerɛ ne Nea Ɛkyerɛ.”
Wobebua Dɛn?
◻ Hela nsɛmfua abien bɛn na ɛka yɛn nkate horow ho asɛm, na ɔkwan bɛn so na ɛda nsow?
◻ Dɛn na ɛma wonya onuadɔ?
◻ Onuadɔ soronko ho nhwɛso ahorow bɛn na yɛwɔ wɔ kyerɛwnsɛm no mu?
◻ Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yenya ɔdɔ a emu yɛ den ma yɛn nuanom ne mpanyimfo?
[Mfonini wɔ kratafa 15]
Ɔsomafo Petro hyɛɛ ne nuanom sɛ wɔmfa onuadɔ nka wɔn gyidi ne wɔn Kristofo su pa ahorow ho