Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w97 11/15 kr. 5-7
  • Wiase a Atɛntrenee Te Mu Nyɛ Adaeso!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wiase a Atɛntrenee Te Mu Nyɛ Adaeso!
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Nti na Onipa Adi Nkogu?
  • Wiase a Atɛntrenee Te Mu Bɛba Ankasa—Ɔkwan Bɛn So?
  • Asetra Wɔ Wiase a Atɛntrenee Te Mu Mu
  • Yehowa Dɔ Atɛntrenee
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • ‘Onyankopɔn Ntene Anaa?’
    Bɛn Yehowa
  • Atɛntrenee Da Adi Wɔ Onyankopɔn Akwan Nyinaa Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • ‘N’akwan Nyinaa Tene’
    Bɛn Yehowa
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1997
w97 11/15 kr. 5-7

Wiase a Atɛntrenee Te Mu Nyɛ Adaeso!

AMERIKANI ɔmanyɛfo Daniel Webster, kae sɛ: “Atɛntrenee yɛ ade a ɛho hia nnipa yiye wɔ asase so.” Na Bible ka sɛ: “Yehowa dɔ atɛntrenee.” (Dwom 37:28, NW) Ná nnipa baanu a wodi kan a wɔbɔɔ wɔn Onyankopɔn suban so no wɔ su pa a na atɛntrenee ka ho.—Genesis 1:26, 27.

Kyerɛwnsɛm no nso ka ‘amanaman mufo a wonni mmara a wɔde wɔn awosu yɛ mmara’ no ho asɛm. Enti “wɔde eyi kyerɛ sɛ wɔakyerɛw mmara adwuma no wɔn komam, na wɔn ahonim nso di wɔn adanse, na wɔn nsusuwii toto wɔn ho ano, anaasɛ nso eyiyi wɔn ho ano.” (Romafo 2:14, 15) Yiw, wɔde ahonim adua nnipa adwenem—te a wɔte papa ne bɔne nka. Ɛda adi pefee sɛ wɔde hia a atɛntrenee ho hia no adua onipa mu.

Ade a ɛne atɛntrenee a onipa hia wɔ abusuabɔ ne anigye a ɔhwehwɛ, efisɛ Dwom 106:3 ka sɛ: “Nhyira ne wɔn a wokura atemmu mu, ne nea odi asɛntrenee daa nyinaa.” Nanso, dɛn nti na onipa ntumi mfaa wiase a atɛntrenee te mu mmae?

Dɛn Nti na Onipa Adi Nkogu?

Ade titiriw nti a yentumi nnyaa wiase a atɛntrenee te mu ne sintɔ a yenya fii yɛn awofo a wodi kan, Adam ne Hawa, hɔ no. Bible kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Eyi nti, sɛnea ɛnam onipa biako so na bɔne baa wiase, na owu nam bɔne so bae no, saa na ɛyɛe na owu trɛw kaa nnipa nyinaa, efisɛ wɔn nyinaa ayɛ bɔne.” (Romafo 5:12) Sintɔ no ne bɔne. Ɛwom sɛ wɔbɔɔ Adam ne Hawa pɛ de, nanso wɔpawee sɛ wɔbɛtew atua atia Onyankopɔn, na wɔnam saayɛ so yɛɛ wɔn ho abɔnefo. (Genesis 2:16, 17; 3:1-6) Esiane eyi nti, wɔde bɔne ho akɔnnɔ gyaw wɔn mma sɛ apɛgyade.

So ɛnyɛ suban te sɛ anibere ne adwemmɔne na ɛma yɛtɔ kɔ bɔne so? Na so ɛnyɛ su horow yi na ɛde wiase mu ntɛnkyea ba? Hwɛ, adifudepɛ na ɛma wɔhyɛ da sɛe nneɛma a atwa yɛn ho ahyia, na ɛma asikafo sisi ahiafo! Akyinnye biara nni ho sɛ adwemmɔne na ɛhyɛ mmusua mu nitan ne mmusua mu ntɛnkyea akyi. Su a ɛtete saa nso na ɛma nkurɔfo bɔ apoo, sisi nkurɔfo, na wɔyɛ wɔn nneɛma wɔ ɔkwan a epira afoforo so.

Mpɛn pii no, mmɔden a ɛsen biara a yɛbɔ sɛ yɛbɛda atɛntrenee adi na yɛayɛ papa mpo no nyɛ yiye, esiane yɛn koma a ɛtɔ kɔ bɔne so no nti. Ɔsomafo Paulo ankasa gye toom sɛ: “Papa a mepɛ no menyɛ, na mmom bɔne a mempɛ no, ɛno na meyɛ.” Ɔkɔ so kyerɛkyerɛ apereperedi no mu sɛ: “Me mu-nnipa fam de, m’ani gye Onyankopɔn mmara ho; nanso mihu mmara foforo bi wɔ me honam akwaa mu a ɛne m’adwene mu mmara ko na ɛfa me dommum ma bɔne mmara a ɛwɔ me honam akwaa mu no.” (Romafo 7:19-23) Saa ara na yɛn nso yɛwɔ apereperedi a ɛte saa mu nnɛ. Ɛno nti na yɛtaa hu ntɛnkyea pii saa no.

Adesamma kwan a wɔfa so di tumi no nso ama atɛnkyea aba wiase. Mmara ne wɔn a wɔhwɛ ma ɛyɛ adwuma wɔ ɔman biara mu. Na atemmufo ne asɛnnibea horow nso wɔ hɔ. Akyinnye biara nni ho sɛ nnipa bi a wɔde nnyinasosɛm di dwuma abɔ mmɔden sɛ wobegyina hokwan a nnipa wɔ akyi na wɔahwɛ ahu sɛ wobebu atɛntrenee ama obiara. Nanso, wɔn mmɔdenbɔ no mu dodow no ara ankosi hwee. Dɛn ntia? Yeremia 10:23 rebɔ nneɛma a ɛma wodi nkogu no mua no, ɛka sɛ: “[Yehowa, NW], mahu sɛ onipa kwan nni ne nsam, enni ɔbarima nsam, sɛnea ɔnam a obetutu n’anammɔn.” Esiane sɛ onipa atwe ne ho afi Onyankopɔn ho nti ontumi mfa wiase a trenee ne atɛntrenee wom mma.—Mmebusɛm 14:12; Ɔsɛnkafo 8:9.

Satan Ɔbonsam yɛ akwanside kɛse ma mmɔden a nnipa bɔ sɛ wobenya wiase a atɛntrenee te mu no. Bible ka no pefee sɛ ɔbɔfo tuatewfo Satan, yɛ “owudifo” a odi kan ne “ɔtorofo,” na “wiase nyinaa da ɔbɔne no mu.” (Yohane 8:44; 1 Yohane 5:19) Ɔsomafo Paulo kaa ne ho asɛm sɛ “wi yi ase nyame.” (2 Korintofo 4:3, 4) Esiane sɛ ɔtan atɛntrenee nti, Satan yɛ nea obetumi biara sɛ ɔbɛma abɔnefosɛm anya nkɔanim. Na bere tenten a odi wiase so tumi no, ntɛnkyea a egu ahorow ne amanehunu a ɛde ba no bɛfa adesamma dommum.

So eyinom nyinaa kyerɛ sɛ wɔrentumi nyi atɛnkyea mfi adesamma abusua mu? So wiase a atɛntrenee te mu yɛ anidaso hunu?

Wiase a Atɛntrenee Te Mu Bɛba Ankasa—Ɔkwan Bɛn So?

Sɛ wiase a atɛntrenee te mu ho anidaso bɛbam ankasa a, ɛsɛ sɛ adesamma dan wɔn ani hwɛ obi a obetumi ayi nneɛma a ɛde atɛnkyea ba no hɔ. Nanso, hena na obetumi atutu bɔne ase, na wɔayi Satan ne ne nniso afi hɔ? Ɛda adi pefee sɛ onipa anaa nnipa ahyehyɛde biara ntumi nyɛ adwumaden a ɛte saa. Yehowa Nyankopɔn nkutoo na obetumi ayɛ! Bible ka fa ne ho sɛ: “Ɔbotan no, n’adeyɛ yɛ pɛ, na n’akwan nyinaa yɛ trenee [atɛntrenee, NW]; ɔyɛ nokware Nyankopɔn na nkontompo nni no mu; ɔtreneeni ne teefo ne no.” (Deuteronomium 32:4) Esiane sɛ ‘ɔdɔ atɛntrenee’ nti, Yehowa pɛ sɛ adesamma nya anigye wɔ wiase a atɛntrenee te mu mu.—Dwom 37:28.

Bere a ɔsomafo Petro reka Onyankopɔn nhyehyɛe a wayɛ sɛ ɔde wiase a atɛntrenee te mu bɛba ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Sɛnea ne bɔhyɛ te no, yɛretwɛn ɔsoro foforo ne asase foforo a trenee te mu.” (2 Petro 3:13) Saa “ɔsoro foforo” yi nyɛ ɔsoro foforo ankasa. Onyankopɔn bɔɔ yɛn soro a ɛhata hɔ yi pɛ, na ɛhyɛ no anuonyam. (Dwom 8:3; 19:1, 2) “Ɔsoro foforo” no yɛ nniso foforo a ebedi asase so. Mprempren “soro” yi yɛ nniso a nnipa ahyehyɛ. Ɛrenkyɛ, eyinom befi hɔ ma “ɔsoro foforo” no abesi ananmu wɔ Onyankopɔn ko a ɛne Harmagedon no mu—ne soro Ahenni, anaa nniso. (Adiyisɛm 16:14-16) Saa Ahenni no so Hene ne Yesu Kristo. Bere a ɛde nnipa nniso bɛba awiei koraa no, nniso yi bedi ade akosi daa.—Daniel 2:44.

Ɛnde, dɛn ne “asase foforo” no? Ɛnyɛ okyinnsoromma foforo, efisɛ Onyankopɔn bɔɔ asase ma ɛfatae sɛ nnipa tra so, na ɛyɛ ne pɛ sɛ ɛbɛtra hɔ daa. (Dwom 104:5) “Asase foforo” no kyerɛ adesamma abusua foforo. (Genesis 11:1; Dwom 96:1) “Asase” a wɔbɛsɛe no no yɛ nnipa a wɔde wɔn ho bɔ nneɛma nhyehyɛe bɔne yi ho no. (2 Petro 3:7) “Asase foforo” a ebesi wɔn ananmu no bɛyɛ Onyankopɔn asomfo anokwafo a wokyi bɔne na wɔdɔ trenee ne atɛntrenee. (Dwom 37:10, 11) Enti, Satan wiase no befi hɔ.

Nanso dɛn na ɛretwɛn Satan? Ɔsomafo Yohane hyɛɛ nkɔm sɛ: “[Kristo Yesu kyeree] ɔtweaseɛ, ɔwɔ dedaw a ɔne bonsam no, kyekyeree no mfirihyia apem, na ɔtow no kyenee bun no mu, na ɔtoo mu na ɔsɔɔ ano, na wankɔdaadaa amanaman no bio.” (Adiyisɛm 20:1-3) Satan a wɔakyekyere no no rentumi nnya adesamma so nkɛntɛnso te sɛ obi a wɔde no ato afiase dan a ɛwɔ amoa donkudonku mu ara pɛ. Hwɛ ahotɔ ara a ɛno bɛyɛ ama adesamma, bere a ɛno bɛyɛ ade a ebedi wiase a atɛntrenee te mu anim no! Na wobeyi Satan afi hɔ koraa wɔ mfirihyia apem no awiei.—Adiyisɛm 20:7-10.

Na bɔne a wonya fii awo mu no nso ɛ? Yehowa adi kan de nea wɔnam so beyi bɔne afi hɔ no ama. ‘Onipa ba no [Yesu Kristo] bae, na ɔde ne kra abɛyɛ agyede ama nnipa pii.’ (Mateo 20:28) Asɛmfua “agyede” no kyerɛ bo a wotua de gye nnommum. Yesu de ne desani nkwa a ɛyɛ pɛ no mae sɛ agyede a wɔde begye adesamma.—2 Korintofo 5:14; 1 Petro 1:18, 19.

Yebetumi anya Yesu agyede afɔrebɔ no mu mfaso nnɛ mpo. Ɛdenam emu gyidi a yɛbɛkyerɛ so no, yebetumi anya ahonim pa wɔ Onyankopɔn anim. (Asomafo no Nnwuma 10:43; 1 Korintofo 6:11) Wɔ Onyankopɔn Ahenni mu no, agyede no bɛma adesamma ade wɔn ho afi bɔne ho koraa. Bible nhoma a etwa to no kyerɛkyerɛ sɛnkyerɛnne kwan so “nkwa nsu asubɔnten” a ɛsen fi Onyankopɔn ahengua anim no mu, na n’afanu na sɛnkyerɛnne kwan so nnua a wɔde n’ahaban “sa amanaman no yare” sisi. (Adiyisɛm 22:1, 2) Nea Bible da no adi wɔ ha no gyina hɔ ma Yesu agyede afɔrebɔ no a Ɔbɔadeɛ no nam so begye adesamma afi bɔne mu no. Sɛ wɔde nsiesiei yi di dwuma kosi ase a, ebegye adesamma asoɔmmerɛfo afi bɔne ne owu mu.

Asetra Wɔ Wiase a Atɛntrenee Te Mu Mu

Susuw nea asetra bɛyɛ wɔ Ahenni nniso ase no ho hwɛ. Nsɛmmɔnedi ne basabasayɛ bɛyɛ nneɛma a atwam. (Mmebusɛm 2:21, 22) Asikafo a wosisi ahiafo befi hɔ. (Dwom 37:6; 72:12, 13; Yesaia 65:21-23) Wɔbɛpopa nneɛma a ɛde asetra ne mmusua mu nyiyim ba nyinaa afi hɔ. (Asomafo no Nnwuma 10:34, 35) Akodi ne akode nyinaa befi hɔ. (Dwom 46:9) Wɔbɛsan ama awufo ɔpepem pii asan aba nkwa mu bio wɔ wiase a atɛnkyea nnim mu. (Asomafo no Nnwuma 24:15) Obiara benya akwahosan pa a ɛyɛ pɛ. (Hiob 33:25; Adiyisɛm 21:3, 4) Bible ma yɛn awerɛhyem sɛ ‘nokware so na Yesu Kristo beyi atemmu adi.’—Yesaia 42:3.

Yebetumi ahyia atɛnkyea saa bere yi, nanso ɛmmra sɛ yɛremfa bɔne nsi ananmu da. (Mika 6:8) Sɛ ɛba sɛ ɛsɛ sɛ yegyina atɛnkyea ano mpo a, ɛmmra sɛ yebekura adwempa mu. Ɛrenkyɛ na wiase a atɛntrenee te mu no aba ankasa. (2 Timoteo 3:1-5; 2 Petro 3:11-13) Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn aka n’asɛm, na ‘ɛbɛbam.’ (Yesaia 55:10, 11) Afei ne bere a ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho ma asetra wɔ saa wiase a atɛntrenee te mu no mu denam nea Onyankopɔn hwehwɛ fi yɛn hɔ a yebesua so.—Yohane 17:3; 2 Timoteo 3:16, 17.

[Kratafa 7 mfonini]

Wobeyi nneɛma a ɛde atɛnkyea ba nyinaa afi hɔ wɔ Onyankopɔn wiase foforo a wɔahyɛ ho bɔ no mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena