Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • kp kr. 16-19
  • Wiase Foforo a Onyankopɔn Ahyɛ Ho Bɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wiase Foforo a Onyankopɔn Ahyɛ Ho Bɔ
  • Monkɔ So Nwɛn!
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea “Ɔsoro Foforo ne Asase Foforo” Fi Ase
    Nkwa a Wubenya Akɔ Asase Foforo So
  • Wɔyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo—Sɛnea Wɔahyɛ Ho Nkɔm No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Harmagedon Akyi No, Paradise Asase
    Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So
  • Ɔpepem Pii A Wɔte Ase Nnɛ Renwu Mfi Yɛn Asase Yi So Da
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
Hwɛ Pii Ka Ho
Monkɔ So Nwɛn!
kp kr. 16-19

Wiase Foforo a Onyankopɔn Ahyɛ Ho Bɔ

BIBLE, Onyankopɔn Asɛm a wɔakyerɛw no, ma yenya anidaso bere a ɛka sɛ: “Sɛnea ne bɔhyɛ te no, yɛretwɛn ɔsoro foforo ne asase foforo a trenee te mu.”—2 Petro 3:13.

Dɛn ne “ɔsoro foforo” no? Bible no de ɔsoro gyina hɔ ma nniso. (Asomafo no Nnwuma 7:49) “Ɔsoro foforo” no yɛ nniso foforo a ebedi asase no so. Ɛyɛ foforo esiane sɛ ebesi nniso a ɛwɔ hɔ nnɛ no ananmu; ɛsan nso yɛ ɔkwan foforo a wɔnam so bɛma Onyankopɔn atirimpɔw abam. Ɛyɛ Ahenni a Yesu kyerɛe sɛ yɛmmɔ ho mpae no. (Mateo 6:10) Esiane sɛ efi Onyankopɔn hɔ, na Ɔte soro nti, wɔfrɛ no “ɔsoro ahenni.”—Mateo 7:21.

Dɛn ne “asase foforo” no? Ɛnyɛ okyinnsoromma foforo, efisɛ Bible ka no pefee sɛ nnipa bɛtra asase no so daa. “Asase foforo” no yɛ adesamma abusua foforo. Ɛbɛyɛ foforo esiane sɛ saa bere no na wɔasɛe abɔnefo. (Mmebusɛm 2:21, 22) Obiara a ɔbɛtra ase saa bere no bedi Ɔbɔadeɛ no ni na watie no adi ne gyinapɛn ahorow so. (Dwom 22:27) Wɔto nsa frɛ nnipa a wɔwɔ mmaa nyinaa sɛ wommesua saa gyinapɛn ahorow no na wonni so. So woreyɛ saa?

Wɔ Onyankopɔn wiase foforo no mu no, obiara bɛkyerɛ obu ama Ne nniso no. So ɔdɔ a wowɔ ma Onyankopɔn ka wo ma wutie no? (1 Yohane 5:3) So Onyankopɔn mmara a wudi so no da adi wɔ sɛnea w’abrabɔ te wɔ fie, adwumam anaa sukuu mu?

Wɔ wiase foforo no mu no, adesamma abusua de biakoyɛ bɛsom nokware Nyankopɔn no. So wosom ɔsoro ne asase Yɛfo no? So wo som ka wo ne wo mfɛfo asomfo a wɔwɔ aman, mmusua ne kasa nyinaa mu no bom?—Dwom 86:9, 10; Yesaia 2:2-4; Sefania 3:9.

[Adaka wɔ kratafa 17]

Onyankopɔn a Ɔhyɛ Nneɛma Yi Ho Bɔ No

Ɔno na ɔyɛ ɔsoro ne Asase okyinnsoromma no Yɛfo. Ɔno na Yesu Kristo kaa ne ho asɛm sɛ “nokware Nyankopɔn koro no.”—Yohane 17:3.

Adesamma dodow no ara de nidi ma anyame a wɔn ankasa ayɛ. Nnipa mpempem pii kotow ahoni a nkwa nnim. Afoforo nso de obu kɛse ma nnipa ahyehyɛde, honam fam nneɛma anaa wɔn akɔnnɔde. Na mpo ɛnyɛ wɔn a wɔka sɛ wɔde Bible di dwuma no nyinaa na edi “nokware Nyankopɔn no” din ni.—Deuteronomium 4:35.

Ɔbɔadeɛ no ka wɔ n’ankasa ho sɛ: ‘Mene Yehowa. Me din ne no.’ (Yesaia 42:5, 8) Edin yi pue bɛboro mpɛn 7,000 wɔ mfitiase kasa a wɔde kyerɛwee Bible no mu. Yesu Kristo kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ mpae sɛ: “Yɛn Agya a wowɔ soro, wo din ho ntew.”—Mateo 6:9.

Nipasu bɛn na nokware Nyankopɔn no wɔ? Ɔka ne ho asɛm sɛ ɔyɛ “mmɔborohunufo ne ɔdomfo, nea n’abodwo kyɛ na n’adɔeyɛ . . . dɔɔso pii,” ɛne sɛ, ɔyɛ obi a ɔremma wɔn a wɔboapa bu ne mmara so no nni bem. (Exodus 34:6, 7) Sɛnea ɔne adesamma dii nsɛm wɔ abakɔsɛm mu no si saa nokwasɛm no so dua.

Ɛsɛ sɛ edin no ne onii ko a edin no gyina hɔ ma no nyinaa ho tew anaa wobu no kronkron. Sɛ́ Ɔbɔadeɛ ne Amansan Hene no, ɔfata sɛ yetie no na yɛde ɔsom nyinaa ma no. So w’ankasa woyɛ eyinom ma no?

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 18]

Nsakrae Bɛn na “Ɔsoro Foforo ne Asase Foforo” no De Bɛba?

Asase bɛdan Paradise Luka 23:43

Wiase nyinaa abusua a nnipa a wofi aman, Yohane 13:35;

mmusua ne kasa nyinaa mu de ɔdɔ Adiyisɛm 7:9, 10

bɛbom atra

Asomdwoe ne ahobammɔ ankasa bɛba Dwom 37:10, 11;

wiase nyinaa Mika 4:3, 4

Adwuma a ɛma abotɔyam bɛba, Yesaia 25:6; 65:17, 21-23

aduan bebu so

Ɔyare, awerɛhow ne owu nni hɔ Yesaia 25:8;

Adiyisɛm 21:1, 4

Nnipa de biakoyɛ bɛsom nokware Adiyisɛm 15:3, 4

Nyankopɔn no

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 19]

Wubenya So Mfaso?

Onyankopɔn ntumi nni atoro!—Tito 1:2.

Yehowa ka sɛ: ‘M’asɛm rensan mma me nkyɛn kwa, gye sɛ ɛyɛ nea mepɛ na ewie nea enti a mesomae no.’—Yesaia 55:11.

Yehowa afi ase dedaw rebɔ “ɔsoro foforo ne asase foforo.” Ɔsoro nniso no afi ase dedaw redi tumi. Wɔato wɔn a wɔbɛyɛ “asase foforo” no fapem dedaw.

Bere a Adiyisɛm nhoma no daa nneɛma a ɛyɛ nwonwa a “ɔsoro foforo ne asase foforo” de bɛbrɛ adesamma adi akyi no, ɛkaa Onyankopɔn ankasa, Amansan Hene no anom asɛm sɛ: “Hwɛ, meyɛ ade nyinaa foforo.” Na ɛde ka ho sɛ: “Kyerɛw, efisɛ nsɛm yi wom na ɛyɛ nokware.”—Adiyisɛm 21:1, 5.

Asɛmmisa a ɛho hia titiriw ne sɛ, So yɛn mu biara reyɛ nsakrae a ehia sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛfata sɛ “asase foforo” no mufo wɔ “ɔsoro foforo” no ase?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena