Bere Adu Ama “Asase Foforo”
SƐ WIASE yi ba awiei a, so nnipa nyinaa bɛsɛe? Dabi! Ebinom benya nkwa. Nanso so asase a wɔbɛtra so no bɛyɛ asase a akyen na sum anaa mframa bɔne wɔ so? Ɛrenyɛ saa nso. Ɛbɛba abɛyɛ baabi a nnua, mmoa ne adesamma wɔ! So ɛyɛ nwonwa? Sɛ saa a, ɛnde san hwɛ Yesu nkɔmhyɛ nsɛm no bio.
Hwehwɛ Bible ti koro no ara a ɛka Yesu nsɛnkyerɛnne ahorow pii a ɛkyerɛ bɛn a wiase yi awiei abɛn no ho asɛm no mu. Wubehu sɛ ɔde yɛn bere yi toto foforo bi ho. Ɔkae sɛ: “Sɛnea Noa nna no yɛe no, saa ara nso na onipa Ba no ba bɛyɛ. . . . Wɔanhu de kosii sɛ nsuyiri bɛfaa wɔn nyinaa kɔe no.” (Mateo 24:37-39) Wɔ Noa nna no mu no, ɔsɛe no bae. Henanom anaa dɛn ade awiei na ɛbae? Wɔsɛee amumɔyɛfo nkutoo.
Wɔansɛe Noa ne n’abusua. Wogyee wɔn nkwa kɔɔ wiase bi a wɔayi nsɛmmɔnedi afi mu mu na wokohuu asase no ankasa sɛ ayɛ foforo koraa. Dɛn ntia? Esiane sɛ na wɔdɔ trenee na wotiee Onyankopɔn nti.—Genesis 6:5-19, 22; 2 Petro 2:5.
“Bere a ɔde ɔsoro kɔkɔbɔ ama akyi” wɔ nokwasɛm a ɛne sɛ nsuyiri bɛba wiase nyinaa no, Noa kyerɛe sɛ ɔwɔ nyansa. Esiane sɛ na ɔnte sɛ adesamma afoforo nti, ɔkyerɛe sɛ ɔwɔ gyidi na ɔyɛɛ ade a ɛbɛma wɔagye ɔne n’abusua nkwa. (Hebrifo 11:7, NW) Ɔdaa ne ho adi sɛ ɔyɛ obi a ɔteɛ. So wo nso woyɛ onipa a ɔte saa? Sɛ ɛte saa a, ɛnde wubetumi anya awerɛkyekye afi nokwasɛm a ɛne sɛ “[Yehowa] nim sɛnea obeyi wɔn a wɔde fɛre som no afi sɔhwɛ mu, na wama wɔatwe wɔn a wɔnteɛ aso de wɔn asie atemmuda” no mu.—2 Petro 2:9.
Tebea Horow Bɛn na Ɛbɛkɔ So?
Ɛyɛ Nyankopɔn pɛ sɛ okyinsoromma yi bɛdan paradise a asomdwoe wom ‘ama nnipa a wɔteɛ’ na ɛnyɛ okyinsoromma a ahyew na nkwa nni so. Asase no yɛ adesamma fie bere nyinaa. Esiane sɛ ɔbɔadeɛ no wɔ tumi sen obiara nti, obetumi ahyɛ bɔ sɛ asase yi rensɛe pasaa da. N’Asɛm a efi honhom mu a ɛwɔ Yesaia 45:18 hyɛ yɛn bɔ sɛ, ‘wammɔ no hunu, na ɔnwenee sɛ wɔntra so.’
Nanso ɛnyɛ sɛ okyinsoromma no bɛdan Paradise a ɛyɛ fɛ nko; adesamma ntam abusuabɔ bɛba abɛyɛ fɛ saa ara. Onyankopɔn rema nhyehyɛe bɔne yi awiei aba sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa koma pafo betumi anya asetra mu anigye pii wɔ nea trenee te mu mu. Ɛno nti na ɔrebɔ “asase foforo”—adesamma abusua foforo—nea “trenee te mu.”—2 Petro 3:13.
Ɛbɛyɛ dɛn na “asase foforo” no aba? Nea edi kan no, ɛbɛba denam “ɔsoro foforo” no adeyɛ so—ɔsoro ahenni foforo a Onyankopɔn apaw Kristo sɛ ɛso Hene no bedi asase so wɔ trenee mu. Nea ɛto so abien no, ɛdenam tete a wɔnam Onyankopɔn trenee akwan horow so bɛtete wɔn a wɔdɔ nokware no so. Enti, wɔn a wobenya nkwa akɔ “asase foforo” no so bɛyɛ wɔn a wɔde ɔkwan a wɔfa so bu wɔn bra no kyerɛ sɛ wɔne Yehowa ne ne Ba a ɔyɛ Ɔhene no anya abusuabɔ a emu yɛ den ankasa no nkutoo. So worebɔ mmɔden ma woabɛyɛ onipa a ɔte saa?—Yesaia 9:7; Yohane 17:3; 2 Petro 3:13.
“Asase Foforo”—Ma Henanom?
Ebia wubebisa sɛ, ‘Nanso so ɛnyɛ nea obiara pɛ sɛ ɔbɛtra asase a trenee te mu so?’ Dabi, ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔpɛ nkwa wɔ asetra a wɔyɛ ade wɔ trenee mu mu. Sɛ wɔn ani bere wɔn yɔnko yere anaasɛ wɔpɛ ahofadi a ɛbɛma wɔagyae wɔn de bere a wosusuw sɛ bere adu sɛ wonya foforo anaasɛ sɛ wonya hokwan a wobewie wɔn yɔnko biribi a, ɛnde wɔrennya saa “asase foforo” no so ntra. Sɛ wɔn adwene a wɔwɔ wɔ anigye ho ne sɛ wɔbɛtwe wusiw akɔ wɔn ahrawa ho, asom nnubɔne, anom nsa a ano yɛ den kosi sɛ wɔbɛbow a, ɛnde na wɔmpɛ saa “asase foforo” no. Saa nneɛma bɔne yi mu biara renyɛ nea ebi wɔ hɔ.
Nanso nea ɛne eyi bɔ abira no, sɛ wopɛ sɛ wunya kyɛfa wɔ asase a wɔbɛhyɛ so ma na wɔama adan mfuw a ɛma aduan ne agorudibea a ɛyɛ fɛ anaasɛ wopɛ sɛ wudi mmoa so wɔ ɔdɔ mu a, ɛnde wopɛ “asase foforo” no. Sɛ wo kɔn dɔ bere bi a wɔn a wɔaware nyinaa bedi wɔn ankasa ahokafo nokware na wɔatumi atete mmofra a wonsuro sɛ wɔbɛyɛ wɔn ayayade anaa yɛn nyinaa bebu bra pa a, ɛnde w’ani begye wɔ “asase foforo” no so. Sɛ wopɛ sɛ bere bi a ɔtopae ahorow rentetew mmea ne mmofra mu nketenkete na amammui nniso a ɛhyɛ nnipa so ne aguadi mu adifudepɛ befi hɔ anaasɛ nnipa bɛtra wɔn bobe ne wɔn borɔdoma ase wɔ asomdwoe mu bɛba a, ɛnde w’ani begye “asase foforo” no mu nneɛma a ɛbɛba no ho.
Nea ɛka ho no, Yehowa nhyira horow no bɛkyerɛ asetra a ade ne ho afi abasamtu, abufuw, nitan ne dadwen a ayɛ ɔpepem pii a wɔte ase nnɛ asetra fã no ho. Nea ɛka ne nhyira horow no ho ne nya a yɛn nyinaa benya akwahosan a edi mu. Eyi a yebenya no renyɛ bere tiaa bi de. Owu rentwa so bere a yɛanya mfe 70 anaa 80 wɔ asetra mu no. Efisɛ Onyankopɔn Asɛm hyɛ owu a wobeyi afi hɔ ho bɔ bere a ese: “Ɔbɛmene owu akosi daa, na [Yehowa] bɛpopa aniwa nyinaa so nusu.’” Wobenyan awufo a Onyankopɔn kae wɔn no mpo na wɔama wɔn hokwan ma wɔada wɔn dɔ a wɔwɔ ma ade trenee no adi.—Yesaia 25:8; Yohane 5:28, 29.
Sɛ w’ani gye “asase foforo” a trenee te mu a ɛte sɛɛ ho a, ɛnde mprempren ne bere a ɛsɛ sɛ wufi ase tra ase ma.
Yɛ Ade Nyansam
Sɛ amumɔyɛ wiase yi awiei ba a, ɛnsɛ sɛ wo nso w’awiei ba. So wubesuasua Noa na wo nso woayɛ obi a ɔdɔ trenee? Sɛ ɛte saa a, ɛnde ɛsɛ sɛ woyɛ ho biribi mprempren! Dɛn ntia? Susuw eyi ho: Bere a asɛm bi a egye ntɛmpɛ asi no, dɛn na ɛba wɔ asetra mu? So ɛyɛ tie a wobetie kɔkɔbɔ no nkutoo anaasɛ ɛyɛ adeyɛ a edi akyi ba a ɛbɛma woanya ogye no? So ɛnyɛ adeyɛ a edi kɔkɔbɔ no akyi ba no?
Bere a ɛsɛ sɛ Yehowa “asase foforo” no ba no abɛn pɛɛ mprempren. Wɔde kɔkɔbɔ a ɛkyerɛ sɛe a Onyankopɔn bɛsɛe nneɛma nhyehyɛe bɔne yi a ne sɛe rebɛn ntɛm no rema. Hokwan a ɛbɛma woanya nimdeɛ a ɛma nkwa afi Onyankopɔn Asɛm mu no da so ara abue ama wo te sɛ adaka a Noa yɛe ansa na Nsuyiri no reba no. Nanso ɛrenkyɛ koraa wɔbɛto mu. Enti mprempren ne bere a ɛsɛ sɛ wokyerɛ sɛ wopɛ nkwa ankasa. (Sefania 2:2, 3) Fa bere a aka no di dwuma nyansam sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ nhyehyɛe yi ba awiei a wobɛyɛ obi a ɔde anigye hwɛ kwan sɛ obenya ogye.
[Kratafa 11 mfoni]
Nnipa a wɔdɔ trenee nkutoo na wobenya nkwa akɔ Onyankopɔn “asase foforo” no so