Munni Onyamesom Pa Ahofama Akyi Sɛ Kristofo A Wɔabɔ Wɔn Asu
‘Na wo, Onyankopɔn nipa, de, di trenee ne onyamesom pa ahofama akyi.’—1 TIMOTEO 6:11.
1. Wubebua asemmisa a ɛne sɛ, Da bɛn ne da titiriw wɔ w’asetra mu no dɛn? Dɛn nti na wubua saa?
DA BƐN na ɛyɛ da titiriw wɔ w’asetra mu? Sɛ woyɛ Yehowa Ɔdansefo a wɔabɔ no asu a, akyinnye biara nni ho sɛ wubebua sɛ, ‘Ɛyɛ da a wɔbɔɔ me asu no!’ Nokwarem no, asubɔ yɛ w’asetra mu adeyɛ titiriw. Ɛyɛ sɛnkyerɛnne a aniwa hu a ɛkyerɛ sɛ woahyira wo ho so koraa ama Yehowa sɛ wobɛyɛ n’apɛde. W’asubɔ hyɛ da a wɔhyɛɛ wo Ɔsorosoroni Nyankopɔn a ɔne Yehowa no somfo no agyirae.
2. (a) Wubetumi akyerɛkyerɛ mu sɛ asubɔ nyɛ adeyɛ a etwa to wɔ wo Kristosom mu no mu dɛn? (b) Nneɛma atitiriw bi a edi kan bɛn na woyɛe ansa na wɔbɔ wo asu?
2 Nanso, so asubɔ yɛ adeyɛ a etwa to wɔ wo Kristosom mu? Dabida! Nhwɛso bi ni: Wɔ nsase pii so no, ayeforohyia na ɛde bere a wɔde yɛ nhyehyɛe ne ahosiesie (a mpɛn pii no ɛfa nantew a edi aware anim ho) no ba awiei. Bere koro no ara mu no, ɛno na efi tra a wɔbɛtra ase abom sɛ awarefo no ase. Saa ara nso na wo asubɔ yɛ ahosiesie bere a woyɛɛ nneɛma atitiriw bi a edi kan wom awiei. Wunyaa Onyankopɔn ne Kristo ho nimdeɛ. (Yohane 17:3) Wufii ase nyaa Yehowa mu gyidi sɛ nokware Nyankopɔn, Kristo mu gyidi sɛ w’Agyenkwa, ne Bible no mu gyidi sɛ Onyankopɔn Asɛm. (Asomafo no Nnwuma 4:12; 1 Tesalonikafo 2:13; Hebrifo 11:6) Wodaa saa gyidi no adi denam sakra a wosakra fii wo kan nneyɛe ho dan baa trenee kwan so no so. (Asomafo no Nnwuma 3:19) Afei wusii gyinae sɛ wubehyira wo ho so ama Yehowa na woayɛ n’apɛde. (Mateo 16:24) Awiei koraa no, wɔbɔɔ wo asu.—Mateo 28:19, 20.
3. (a) Ɔkwan bɛn so na yebetumi ada no adi sɛ yɛn asubɔ yɛ asetra a yɛde ahofama som Onyankopɔn wom mfiase? (b) Nsemmisa bɛn na ɛsɔre, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛn ani gye mmuae no ho yiye.
3 Nanso, wo asubɔ nyɛ asetra a ɔsom kronn a wode ma Yehowa a ahofama wom no awiei, na mmom ne mfiase. Sɛnea Bible ho ɔdenimfo bi kae no, ɛnsɛ sɛ Kristoni asetra yɛ ‘ahokeka a edi kan a nyaayɛ a ɛto ntwa da di akyi.’ Ɛnde, wobɛyɛ dɛn atumi ada no adi sɛ wɔ wo fam no wo asubɔ nyɛ ‘ahokeka a edi kan’ ara kwa? Wobɛyɛ saa denam onyamesom pa ahofama a wubedi akyi w’asetra nyinaa mu no so. Dɛn ne saa onyamesom pa ahofama yi? Dɛn nti na ɛho hia sɛ wudi akyi? Wobɛyɛ dɛn anya no kɛse wɔ w’asetra mu? Ɛsɛ sɛ yɛn ani gye mmuae no ho yiye, efisɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ nnipa a wɔde ‘onyamesom pa ahofama nneyɛe’ hu yɛn, sɛ yebenya nkwa wɔ Yehowa atemmu da a ɛrebɛn no mu a.—2 Petro 3:11, 12.
Nea Onyamesom Pa Ahofama Kyerɛ
4. Dɛn na Paulo tuu Timoteo fo sɛ ɔnyɛ, na na dɛn na ɛyɛ nokware wɔ Timoteo ho saa bere?
4 Bɛyɛ mfe 61 ne 64 Y.B ntam hɔ no, ɔsomafo Paulo kyerɛw ne krataa a edi kan a efi honhom mu no kɔmaa Kristoni suani Timoteo. Bere a Paulo aka asiane ahorow a sika ho dɔ betumi de aba ho asɛm akyi no, ɔkyerɛwee sɛ: ‘Na wo, Onyankopɔn nipa, de, guan eyinom, na di onyamesom pa ahofama akyi.’ (1 Timoteo 6:9-11) Nea ɛyɛ anigye no, ebia na Timoteo wɔ ne mfe 30 mfiase mu hɔ saa bere no. Na ɔne Paulo atu akwan akɔ mmeaemmeae pii dedaw, na na Paulo ama no tumi sɛ ɔmpaw ahwɛfo ne asafo mu asomfo wɔ asafo no mu. (Asomafo no Nnwuma 16:3; 1 Timoteo 5:22) Nanso, Paulo tuu saa Kristoni barima a na wahyira ne ho so abɔ asu a ne ho akokwaw yi fo sɛ onni onyamesom pa ahofama akyi.
5. Asɛm ‘onyamesom pa ahofama’ no kyerɛ dɛn?
5 Asɛm ‘onyamesom pa ahofama’ a Paulo kae no kyerɛ dɛn? Wobetumi akyerɛ mfitiase Hela asɛmfua (eu·seʹbei·a) no ase ankasa sɛ “nea ɛfata obu a emu dɔ yiye.” Yɛkenkan nkyerɛase no ho asɛm sɛ: “Eusebeia taa pue wɔ ntease a ɛkyerɛ obi ankasa nyamesom mu ahofama wɔ bere no so nkyerɛwee ahorow no mu . . . nanso na ne nkyerɛase a wonim kɛse wɔ Hela kasa a na agye din wɔ Romafo bere so no mu ne ‘nokwaredi.’ . . . Wɔ Kristofo fam no, eusebeia yɛ ahofama a ɛkorɔn sen biara a wɔde ma Onyankopɔn.” (Christian Words, a Nigel Turner yɛe) Enti, sɛnea wɔde di dwuma wɔ Kyerɛwnsɛm no mu no, asɛm ‘onyamesom pa ahofama’ no kyerɛ ɔsom ne ahofama a nokwaredi ma Yehowa Nyankopɔn ankasa ka ho.
6. Ɔkwan bɛn so na Kristoni de ne nyamesom pa ahofama ho adanse ma?
6 Nanso, onyamesom pa ahofama yi nyɛ ɔsom nkate ara kwa. Te sɛ nea “gyidi a nnwuma nni mu awu” no, saa ara nso na ɛsɛ sɛ onyamesom pa ahofama da adi wɔ obi asetra mu. (Yakobo 2:26) William Barclay kyerɛwee wɔ New Testament Words mu sɛ: “Ɛnyɛ sɛ [eu·seʹbei·a ne nsɛmfua a ɛne no sɛ] da ehu ne obu ho nkate adi nko, na mmom ɛkyerɛ ɔsom a ɛfata saa ehu no, ne asetra a wɔde nnam yɛ osetie wom a ɛfata saa ɔsom no.” Wɔsan kyerɛ eu·seʹbei·a ase sɛ “hu a wohu no yiye sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ wɔ asetra afã horow nyinaa mu.” (The Second Epistle General of Peter and the General Epistle of Jude, a Michael Green yɛe) Ɛnde, ɛsɛ sɛ Kristoni de ne ho a ɔde abata Yehowa ho denam ɔkwan a ɔfa so bɔ ne bra no so ho adanse ma.—1 Timoteo 2:2; 2 Petro 3:11.
Mmɔdenbɔ a Emu Yɛ Den Ho Hia
7. Na dɛn na Paulo kyerɛ bere a ɔhyɛɛ Timoteo sɛ ‘onni’ onyamesom pa ahofama ‘akyi,’ ɛwom sɛ na wɔabɔ no asu de?
7 Ɛnde, dɛn na ɛwɔ onyamesom pa ahofama a wubenya na woada no adi no mu? So ɛyɛ asu a wobɛbɔ ara kwa? Kae sɛ ɛwom sɛ na wɔabɔ Timoteo asu de, nanso wɔhyɛɛ no sɛ ‘onni akyi [nea ɛkyerɛ ankasa ne sɛ ‘ɛmmra sɛ wubedi akyi’].a (1 Timoteo 6: 11, Kingdom Interlinear) Ɛda adi sɛ na Paulo nkyerɛ sɛ osuani Timoteo nni onyamesom pa ahofama. Mmom no, na ɔresi sɛnea ɛho hia sɛ ɔbɛkɔ so de mmɔdenbɔ ne nnam adi akyi no so dua akyerɛ no. (Fa toto Filipifo 3:14 ho.) Ɛda adi pefee sɛ na ɛyɛ ade a ɛsɛ sɛ odi akyi n’asetra nyinaa mu. Te sɛ Kristofo a wɔabɔ wɔn asu nyinaa no, na Timoteo betumi akɔ so anya nkɔso wɔ onyamesom pa ahofama a ɔda no adi no mu.
8. Ɔkwan bɛn so na Petro kyerɛe sɛ mmɔdenbɔ a emu yɛ den ho hia na ama Kristoni a wahyira ne ho so abɔ asu adi onyamesom pa ahofama akyi?
8 Mmɔdenbɔ a emu yɛ den ho hia Kristoni a wahyira ne ho so abɔ asu no na ama wadi nyamesom pa ahofama akyi. Ɔsomafo Petro rekyerɛw Kristofo a wɔabɔ wɔn asu a na wɔwɔ anidaso sɛ wobenya ‘Onyankopɔn su no bi’ no, ɔkae sɛ: “Eyi nti na mo nso mommɔ mmɔden nyinaa mfa nka ho, na monkyerɛ mo gyidi no mu mmaninyɛ, ne mmaninyɛ no mu nimdeɛ, ne nimdeɛ no mu anidahɔ, ne anidahɔ no mu boasetɔ, ne boasetɔ no mu onyamesom pa [ahofama].” (2 Petro 1:4-6) Ɛda adi sɛ gyidi bi ho hia na ama yɛde yɛn ho ama sɛ wɔmmɔ yɛn asu. Nanso wɔ asubɔ akyi no, yɛrentumi ngow yɛn ho mu na yɛama yɛn ani asɔ Kristosom a yɛde yɛn ho hyem ebi ne ebi ara kwa no. Mmom no, bere a yenya nkɔso wɔ Kristofo asetra mu no, ɛho hia sɛ yɛkɔ so nya su pa afoforo a onyamesom pa ahofama a yebetumi de aka yɛn gyidi ho ka ho. Petro se eyi gye mmmɔdenbɔ kɛse wɔ yɛn fam.
9. (a) Ɔkwan bɛn so na Hela asɛmfua a wɔde gyina hɔ ma ‘fa ka ho’ no kyerɛkyerɛ mmɔden a ehia ma wɔanya onyamesom pa ahofama no mu? (b) Dɛn na Petro rehyɛ yɛn sɛ yɛnyɛ?
9 Hela asɛmfua a Petro de gyina hɔ ma ‘fa ka ho’ (e·pi·kho·re·geʹo) no ho abakɔsɛm yɛ anigye na ɛkyerɛkyerɛ mmɔdenbɔ a ehia no kɛse mu. Efi edin (kho·re·gosʹ) a nea ɛkyerɛ ankasa ne sɛ “nnwontofokuw kannifo” mu. Ɛkyerɛ obi a otua ɛka nyinaa a wɔbɔ wɔ nnwontofokuw bi ntetee ne wɔn hwɛ wɔ agodi mu. Nnipa a wɔte saa no fi wɔn pɛ mu gyee asɛyɛde yi too wɔn ho so esiane ɔdɔ a wɔwɔ ma wɔn kurow nti, na wɔde wɔn ankasa kotoku mu sika na etuaa ɛka no. Na saa nnipa no bu no sɛ ɛyɛ anuonyam sɛ wɔbɛsɛe sika bebree na ama wɔanya nea ehia nyinaa ma wɔadi agoru a ɛyɛ fɛ yiye. Asɛmfua no bɛkyerɛɛ “sɛ wɔde ma, sɛ wɔde ma mmoroso.” (Fa toto 2 Petro 1:11 ho.) Enti Petro hyɛ yɛn sɛ yennya onyamesom pa ahofama a ɛsom bo yi kɛse, na ɛnyɛ kakraa bi ara kwa.
10, 11. (a) Dɛn nti na mmɔdenbɔ ho hia na ama yɛanya onyamesom pa ahofama na yɛada no adi? (b) Yɛbɛyɛ dɛn atumi adi apereperedi no mu nkonim?
10 Nanso, dɛn nti na mmɔdenbɔ a ɛte saa hia na ama yɛanya onyamesom pa ahofama na yɛada no adi? Ade biako ne sɛ yɛne yɛn honam a ahwe ase no di aperepere. Esiane sɛ “onipa komam adwene yɛ bɔne fi ne mmofraase” nti, ɛnyɛ mmerɛw sɛ yebedi asetra a yɛyɛ osetie kɛse wom ma Onyankopɔn akyi. (Genesis 8:21; Romafo 7:21-23) Ɔsomafo Paulo se: “Wɔn a wɔpɛ sɛ wɔde onyamesom pa [ahofama] tra ase Kristo Yesu mu nyinaa, wɔbɛtaa wɔn.” (2 Timoteo 3:12) Yiw, ɛsɛ sɛ Kristoni a ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛtra ase wɔ ɔkwan a ɛsɔ Onyankopɔn ani so no yɛ soronko wɔ wiase no ho. Ɔwɔ gyinapɛn ne botae ahorow soronko. Sɛnea Yesu de kɔkɔbɔ mae no, eyi ma wiase bɔne no tan no.—Yohane 15:19; 1 Petro 4:4.
11 Nanso, yebetumi adi apereperedi no mu nkonim, efisɛ “Yehowa nim sɛnea obeyi nnipa a wɔwɔ onyamesom pa ahofama afi sɔhwɛ mu.” (2 Petro 2:9 New World Translation) Nanso, ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn fam de denam onyamesom pa ahofama a yɛbɛkɔ so adi akyi no so.
Onyamesom Pa Ahofama a Yebenya
12. Ɔkwan bɛn so na Petro kyerɛ nea ehia na ama yɛanya onyamesom pa ahofama kɛse?
12 Ɛnde, ɔkwan bɛn so na yebetumi anya onyamesom pa ahofama yi kɛse? Ɔsomafo Petro de nnyinasode bi ma. Ɔrebobɔ su horow a ɛsɛ sɛ yɛde ka yɛn gyidi ho din wɔ 2 Petro 1:5, 6 no, ɔde nimdeɛ dii onyamesom pa ahofama kan. Odii kan kyerɛwee wɔ saa eti no ara mu sɛ: “Ne Nyankopɔn fam ahoɔden de nneɛma a ɛfa nkwa ne onyamesom pa [ahofama] ho nyinaa akyɛ yɛn, nea ɔnam anuonyam ne mmaninyɛ so afrɛ yɛn no ho nimdeɛ mu.” (2 Petro 1:3) Enti Petro de onyamesom pa ahofama bata Yehowa ho nokware nimdeɛ ho.
13. Dɛn nti na nokware nimdeɛ ho hia wɔ onyamesom pa ahofama a yebenya no mu?
13 Nokwarem no, sɛ yenni nokware nimdeɛ a, ɛrentumi nyɛ yiye sɛ yebenya onyamesom pa ahofama. Dɛn ntia? Kae sɛ yɛda onyamesom pa ahofama adi kyerɛ Yehowa ankasa, na ɔkwan a yɛfa so bɔ yɛn bra de ho adanse ma. Enti, Yehowa ho nokware nimdeɛ ho hia, efisɛ ɛfa hu a yebehu n’ankasa yiye, ne ne su ne n’akwan fefeefe ho. Nea ɛsen saa no, ɛfa mmɔden a yɛbɛbɔ sɛ yebesuasua no ho. (Efesofo 5:1) Dodow a yenya nkɔso wɔ Yehowa ho adesua ne n’akwan ne ne su ahorow a yɛda no adi wɔ yɛn asetra mu mu no, dodow no ara na yehu no yiye. (2 Korintofo 3:18; fa toto 1 Yohane 2:3-6 ho.) Eyi nso ma yenya Yehowa su horow a ɛsom bo no ho anisɔ a emu dɔ, onyamesom pa ahofama kɛse.
14. Sɛ yebenya nokware nimdeɛ a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛde ka yɛn kokoam adesua nhyehyɛe ho, na dɛn ntia.
14 Yɛyɛ dɛn na yenya nokware nimdeɛ a ɛte saa? Akwantiaa a yɛbɛfa so biara nni hɔ. Sɛ yebenya nokware nimdeɛ a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ nsi wɔ Onyankopɔn Asɛm ne nhoma ahorow a egyina Bible so sua mu. Ɛsɛ sɛ yɛde daa Bible akenkan nhyehyɛe, te sɛ nea ɛfa Teokrase Ɔsom Sukuu ho no ka kokoam adesua a ɛte saa ho. (Dwom 1:2) Esiane sɛ Bible no yɛ akyɛde a efi Yehowa hɔ nti, nea yɛyɛ wɔ yɛn kokoam Bible adesua ho no da sɛnea yɛkyerɛ saa akyɛde no ho anisɔ adi. Dɛn na su a wowɔ wɔ wo kokoam Bible adesua ho no da no adi wɔ sɛnea Yehowa honhom mu nsiesiei ahorow ho anisɔ a wowɔ no mu dɔ te no ho?—Dwom 119:97
15, 16. (a) Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛanya kokoam Bible adesua ho akɔnnɔ honhom mu? (b) Sɛ kokoam Bible adesua bɛma yɛanya onyamesom pa ahofama a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ bere a yɛkenkan Onyankopɔn Asɛm fa bi no?
15 Yegye tom sɛ akenkan ne adesua nyɛ mmerɛw mma ebinom. Nanso wubetumi anya kokoam Bible adesua ho akɔnnɔ honhom mu denam bere ne mmɔdenbɔ so. (1 Petro 2:2) Sɛ wode anisɔ susuw nea Yehowa Nyankopɔn ayɛ, ɔreyɛ, na ɔbɛyɛ ama wo nyinaa ho a wo koma bɛka wo ma woasua ne ho ade sɛnea wubetumi.—Dwom 25:4.
16 Nanso sɛ kokoam Bible adesua a ɛte saa no bɛma woanya onyamesom pa ahofama a, wuntumi mfa nyɛ wo botae sɛ wobɛkenkan nsɛm no nkratafa bi anaasɛ wode nsɛm bɛhyɛ w’adwene mu ara kwa. Mmom no, sɛ wokenkan Onyankopɔn Asɛm no fa bi a, ɛsɛ sɛ wugye bere de susuw asɛm no ho, na wubisa wo ho nsɛm te sɛ eyi, sɛ: ‘Dɛn na ɛkyerɛ me wɔ Yehowa odwo su horow ne n’akwan ho? Mɛyɛ dɛn atumi asɛ Yehowa yiye wɔ nneɛma yi mu?’
17. (a) Dɛn na yesua wɔ Yehowa mmɔborohunu ho fi Hosea nhoma no mu? (b) Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ Yehowa mmɔborohunu ho a yebedwen no nya yɛn so tumi?
17 Susuw nhwɛso bi ho. Bere bi a atwam mu no, Bible no fa a wɔkyerɛ sɛ yɛnkenkan no Teokrase Ɔsom Sukuu mu no ma yɛkenkanee Hosea nhoma no nyinaa. Bere a woakenkan Bible nhoma yi awie no, wubetumi abisa wo ho sɛ: ‘Dɛn na misua fa Yehowa ho sɛ Ɔteasefo—ne su horow ne n’akwan—fi nhoma yi mu?’ Sɛnea Bible akyerɛwfo a wɔbaa akyiri yi de dii dwuma no kyerɛ sɛ yesua pii fa Yehowa adɔe ho fi Hosea nhoma no mu. (Fa Mateo 9:13 toto Hosea 6:6 ho; fa Romafo 9:22-26 toto Hosea 1:10 ne 2:21-23 ho.) Hosea ne ne yere Gomer nsɛnnii no kyerɛkyerɛ ɔpɛ a na Yehowa wɔ sɛ obeyi mmɔborohunu adi akyerɛ Israel no mu. (Hosea 1:2; 3:1-5) Ɛwom sɛ na mogyahwiegu, korɔnbɔ, aguamammɔ, ne ahonisom abu so wɔ Israel de, nanso Yehowa ‘kaa Israel abodwoesɛm.’ (Hosea 2:13, 14; 4:2) Wɔanhyɛ Yehowa sɛ onnyi mmɔborohunu a ɛte saa adi nkyerɛ wɔn, nanso na ‘obeyi ne yam’ ayɛ saa, sɛ na Israelfo no bɛda ahonu a efi komam adi na wɔadan wɔn ho afi wɔn bɔne ho a. (Hosea 14:4; fa toto Hosea 3:3 ho.) Bere a wudwen Yehowa mmɔborohunu soronko no ho saa no, ɛbɛkanyan wo koma, na ahyɛ wo ho a wode abata no ho no mu den.
18. Bere a woadwen Yehowa mmɔborohunu a wɔasi so dua wɔ Hosea nhoma no mu ho awie no, dɛn na wubetumi abisa wo ho?
18 Nanso, pii ho hia. Yesu se: “Anigye ne mmɔborohunufo, na wɔn na wobehu wɔn mmɔbɔ.” (Mateo 5:7, New World Translation) Enti, bere a woadwen Yehowa mmɔborohunu sɛnea wɔasi so dua wɔ Hosea nhoma yi mu ho awie no, bisa wo ho sɛ: “Ɔkwan bɛn so na metumi asuasua Yehowa mmɔborohunu yiye wɔ me ne afoforo nsɛnnii mu? Sɛ onua bi a wayɛ bɔne atia me anaa wafom me no bisa fafiri a, so mede firi “animtew” mu? (Romafo 12:8; Efesofo 4:32) Sɛ wosom wɔ asafo no mu sɛ ɔpanyin a wɔapaw no a, wubetumi abisa wo ho sɛ: ‘Bere a midi nsɛm no, mɛyɛ dɛn atumi asuasua Yehowa a wayɛ ‘krado sɛ ɔde befiri’ no yiye, ne titiriw no bere a ɔdebɔneyɛfo no de ahonu a efi komam ho nokware adanse ma no?’ (Dwom 86:5; Mmebusɛm 28:13) ‘Dɛn na ɛsɛ sɛ mehwehwɛ na matumi agyina so ayi mmɔborohunu adi akyerɛ?’—Fa toto Hosea 5:4 ne 7:14 ho.
19, 20. (a) Sɛ yɛyɛ Bible adesua fefeefe a, dɛn na efi mu ba? (b) Dɛn ne mmoa foforo wɔ onyamesom pa ahofama a yebenya mu, na dɛn na asɛm a edi hɔ no bɛka ho asɛm?
19 Hwɛ sɛnea mfaso ba kokoam adesua a woyɛ no so bere a woyɛ no fefeefe saa no! Yehowa su horow a ɛsom bo ho anisɔ bɛhyɛ wo koma ma. Na bere a wobɔ mmɔden sɛ wubesuasua su horow yi wɔ w’asetra mu daa no, ɛbɛhyɛ wo ho a wode abata no ho no mu den. Ɛdenam saayɛ so no, na woredi onyamesom pa ahofama akyi sɛ Yehowa akoa a wahyira ne ho so agye asubɔ.—1 Timoteo 6:11.
20 Wubetumi ahu mmoa foforo wɔ su a ɛsom bo yi a wubesua no wɔ Yesu Kristo mu—onyamesom pa ahofama ho nhwɛso a ɛyɛ pɛ. Ɔkwan bɛn so na Yesu nhwɛso a wubesuasua no bɛboa wo ma woanya onyamesom pa ahofama na woada no adi? Asɛm a edi hɔ no bɛka eyi ne nsemmisa a ɛfa ho ho asɛm.
[Ase hɔ asɛm]
a Ɛdefa Hela asɛmfua di·oʹko (“di akyi”) ho no. The New International Dictionary of New Testament Theology kyerɛkyerɛ mu sɛ, wɔ tete nkyerɛwee mu no, nea asɛmfua no “kyerɛ ankasa ne sɛ, sɛ wubetiw biribi, wubedi akyi, wubetu mmirika adi akyi, . . . ne sɛ wode nnamyɛ bedi biribi akyi, abɔ mmɔden sɛ wubenya biribi, sɛ wo nsa bɛka wɔ sɛnkyerɛnne kwan so.”
Wubebua Dɛn?
◻ Dɛn nti na asubɔ nyɛ adeyɛ a etwa to wɔ wo Kristosom mu?
◻ ‘Onyamesom pa ahofama’ kyerɛ dɛn, na ɔkwan bɛn so na wode ɛho adanse ma?
◻ Dɛn nti na mmɔdenbɔ a emu yɛ den ho hia na ama yɛanya onyamesom pa ahofama?
◻ Wobɛyɛ dɛn atumi anya onyamesom pa ahofama kɛse?