-
Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo HɔƆwɛn-Aban—2003 | December 15
-
-
Ɛsɛ sɛ wosi so dua sɛ ansa na ɛno reba no, bere a na abɔfo bɔne no da so tumi kɔ soro mpo no, na wɔatwa wɔn afi Onyankopɔn abusua mu na na wɔde anohyeto ahorow pɔtee ato wɔn so. Sɛ nhwɛso no, Yuda nhoma no nkyekyɛm 6 no da no adi sɛ wɔ afeha a edi kan Y.B. mu no, na “ɔde daa ahama akyere wɔn akora wɔn esum kabii mu ama da kɛse no atemmu” no dedaw. Saa ara nso na 2 Petro 2:4 ka sɛ: “Onyankopɔn ankora abɔfo a wɔyɛɛ bɔne no so, na mmom ɔde esum kabii ahama kyeree wɔn guu asaman amanehunu bun mu, sɛ wɔmfa wɔn nsie atemmu.”a
-