-
Wubetumi Ne Yehowa Afa AdamfoWubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
-
-
5. Nea Yehowa pɛ sɛ ne nnamfo yɛ
Ɛyɛ a yɛhwɛ kwan sɛ yɛn nnamfo bɛyɛ nneɛma bi ama yɛn.
Dɛn na ɛyɛ a wopɛ sɛ wo nnamfo yɛ ma wo?
Monkenkan 1 Yohane 5:3. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:
Dɛn na Yehowa hwɛ kwan sɛ ne nnamfo bɛyɛ?
Sɛ yɛpɛ sɛ yɛsɔ Yehowa ani a, ebia ebehia sɛ yɛsesa yɛn abrabɔ anaa yɛn suban. Monkenkan Yesaia 48:17, 18. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:
Adɛn nti na ɛyɛ a Yehowa ka kyerɛ ne nnamfo sɛ wɔnsesa wɔn abrabɔ anaa wɔn suban?
Sɛ obi yɛ adamfo pa a, nea n’adamfo yɛ a ɛbɛbɔ ne ho ban ne nea ɔyɛ a ɛbɛboa no no, ɔka kyerɛ no. Saa pɛpɛɛpɛ na Yehowa nso te
-
-
Woyere Wo Ho Bɔ Asu a, Wubenya Nhyira!Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
-
-
Sɛ wubetumi abɔ asu a, ɛsɛ sɛ wusua Yehowa ho ade na wunya ne mu gyidi. (Kenkan Hebrifo 11:6.) Bere a worehu Yehowa yiye na wo gyidi reyɛ den no, ɔdɔ a wowɔ ma no no nso bɛyɛ kɛse. Ɛba saa a, w’ani begye ho sɛ wobɛka ne ho asɛm akyerɛ afoforo, na wode ne mmara nsɛm abɔ wo bra. (2 Timoteo 4:2; 1 Yohane 5:3) Sɛ obi fi ase ‘nantew ɔkwampa so wɔ Yehowa anim na ɔyɛ nea ɛsɔ n’ani’ a, obetumi asi gyinae sɛ obehyira ne ho so ama Onyankopɔn na wabɔ asu.—Kolosefo 1:9, 10.a
-
-
Woyere Wo Ho Bɔ Asu a, Wubenya Nhyira!Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
-
-
a Yɛmfa no sɛ obi abɔ asu wɔ asɔre bi mu dedaw a, ɛho behia sɛ ɔsan bɔ asu bio anaa? Yiw. Adɛn ntia? Efisɛ asɔre a na onipa no wom no ankyerɛkyerɛ no nokwasɛm a ɛwɔ Bible no mu.—Hwɛ Asomafo Nnwuma 19:1-5 ne Adesua 13.
-
-
Kyerɛ Nea Yehowa Ne Yesu Ayɛ Ama Wo No Ho AnisɔWubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
-
-
Fa no sɛ nsu de wo rekɔ, ɛnna obi tɔɔ mu yii wo fii mu. Nea saa onipa no yɛ maa wo no, wohwɛ a, wo werɛ befi? Anaa anka wobɛyɛ biribi de akyerɛ sɛ w’ani sɔ nea wayɛ ama wo no?
Yehowa nti na yɛte ase. Monkenkan 1 Yohane 4:8-10. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:
Adɛn nti na Yesu afɔre no yɛ akyɛde a ɛsom bo paa?
Sɛ wohwɛ nea Yehowa ne Yesu ayɛ ama wo no a, ɛma wote nka sɛn?
Nea Yehowa ne Yesu ayɛ ama yɛn no, dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ? Monkenkan 2 Korintofo 5:15 ne 1 Yohane 4:11; 5:3. Sɛ mokenkan kyerɛwnsɛm biara wie a, munsusuw asɛmmisa yi ho:
Sɛ wohwɛ nea kyerɛwsɛm yi aka yi a, dɛn na yebetumi ayɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ nea Yehowa ne Yesu ayɛ ama yɛn no?
-
-
Dɛn Na Yebetumi Ayɛ De Akyerɛ Sɛ Yɛdɔ Yehowa?Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
-
-
ADESUA 34
Dɛn Na Yebetumi Ayɛ De Akyerɛ Sɛ Yɛdɔ Yehowa?
Efi bere a wufii ase sɛ woresua Bible no, wuhu sɛ woabɛn Onyankopɔn anaa? W’ani begye ho sɛ wo ne n’adamfofa no mu bɛkɔ so ayɛ den? Sɛ Yehowa hu sɛ woreyɛ nneɛma a ɛkyerɛ sɛ wodɔ no paa a, ɔdɔ a ɔno nso wɔ ma wo no bɛkɔ so ayɛ kɛse. Ɛnde, dɛn na wubetumi ayɛ de akyerɛ sɛ wodɔ Onyankopɔn?
1. Dɛn na yɛyɛ a ɛbɛma Yehowa ahu sɛ yɛdɔ no?
Sɛ yetie Yehowa a, ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ no. (Kenkan 1 Yohane 5:3.) Yehowa nhyɛ obiara sɛ ontie no. Mmom, sɛ́ yebetie no anaa yɛrentie no no, wagyaw ama yɛn. Adɛn ntia? Ɔpɛ sɛ yɛn ankasa fi yɛn ‘koma mu yɛ osetie.’ (Romafo 6:17) Enti yɛbɛka a, Yehowa pɛ sɛ ɔdɔ a yɛdɔ no nti na yetie no, na ɛnyɛ sɛ ɛsɛ sɛ yetie no ara nti na yɛreyɛ saa. Ɔfã 3 ne 4 a ɛwɔ nhoma yi mu no bɛboa wo ama woahu nneɛma a woyɛ a ɛbɛkyerɛ sɛ wodɔ Yehowa. Ɛbɛma yɛahu nneɛma a Yehowa ani gye ho ne nea n’ani nnye ho.
2. Adɛn nti na ebetumi ayɛ den sɛ yɛbɛyɛ nneɛma a ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ Yehowa?
Bible ka sɛ: “Ɔtreneeni amanehunu dɔɔso.” (Dwom 34:19) Asɛm no ne sɛ, bɔne wɔ yɛn nyinaa yɛn ho, enti ɛnna fam sɛ yɛbɛyɛ nea ɛteɛ. Ɛtɔ da nso a, nkurɔfo ne yɛn nni no yiye, yɛn sikasɛm tumi yɛ basaa, na yehyia ɔhaw afoforo nso. Ɛba saa a, etumi yɛ den sɛ yɛbɛyɛ nea Yehowa pɛ. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, sɛ yɛn ho kyere yɛn a, ɛyɛ a na yɛrepɛ kwatikwan bi afa so ama yɛn ho atɔ yɛn. Nanso sɛ wumia w’ani di nokware, na wudi Yehowa ahyɛde so a, ɛbɛkyerɛ sɛ wodɔ no sen biribiara. Ɛba saa a, ɔno nso bedi wo nokware, na ɔrennyaw wo da.—Kenkan Dwom 4:3.
SUA PII KA HO
Sɛ yetie Yehowa a, ɛma n’ani gye paa. Ɔfã yi bɛma yɛahu nea enti a yɛreka saa. Ɛbɛsan ama yɛahu nea ɛbɛboa yɛn ama yɛadi no nokware.
3. Satan de asɛm bi ato wo so
Hiob nhoma no ma yehu sɛ, Satan de asɛm bi too Hiob so, na saa asɛm no fa nnipa a wɔsom Yehowa nyinaa nso ho. Monkenkan Hiob 1:1, 6–2:10. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:
Ná Satan se dɛn nti na Hiob resom Yehowa?—Hwɛ Hiob 1:9-11.
Asɛm bɛn na Satan aka afa wo ne nnipa nyinaa ho?—Hwɛ Hiob 2:4.
Monkenkan Hiob 27:5b. Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:
Dɛn na Hiob yɛ de kyerɛɛ sɛ ɔdɔ Yehowa ampa?
Hiob kɔɔ so dii Yehowa nokware de kyerɛɛ sɛ ɔdɔ no
Sɛ yɛkɔ so di Yehowa nokware a, ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ no
4. Ma Yehowa ani nnye
Monkenkan Mmebusɛm 27:11. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:
Sɛ wutie Yehowa na woyɛ w’ade nyansam a, ɛma ɔte nka sɛn? Adɛn ntia?
5. Wubetumi adi Yehowa nokware
Esiane sɛ yɛdɔ Yehowa nti, ɛma yɛka ne ho asɛm kyerɛ afoforo. Ɛwom ɛtɔ da a, ɛnyɛ mmerɛw, nanso yemia yɛn ani efisɛ yɛpɛ sɛ yedi no nokware. Hwɛ VIDEO yi. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho.
Ɛyɛ a ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛka Yehowa ho asɛm akyerɛ afoforo anaa?
Dɛn na ɛboaa Grayson ma otumi yii ehu fii ne mu?
Sɛ ɛbɛyɛ mmerɛw ama yɛn sɛ yebedi Yehowa nokware a, gye sɛ yekyi nea okyi, na yɛn ani gye nea ɔpɛ ho. Monkenkan Dwom 97:10. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:
Sɛ wohwɛ nea woasua afi Bible mu no a, nneɛma bɛn na woahu sɛ Yehowa ani gye ho, na nneɛma bɛn na okyi?
Dɛn na ɛbɛboa wo ama woakyi bɔne, na woayɛ nea ɛteɛ?
6. Sɛ yetie Yehowa a, yenya so mfaso
Sɛ yetie Yehowa a, yɛn ankasa na ɛboa yɛn. Monkenkan Yesaia 48:17, 18. Muwie a munsusuw nsɛmmisa yi ho:
Wugye di paa sɛ Yehowa nim nea eye ma yɛn? Adɛn nti na woreka saa?
Efi bere a wufii ase sɛ woresua Bible ne Yehowa a ɔyɛ nokware Nyankopɔn no ho ade no, aboa wo sɛn?
EBINOM KA SƐ: “Onyankopɔn de, sɛ woyɛ papa oo, woyɛ bɔne oo, ɛnyɛ n’asɛm.”
Sɛ obi ka saa a, kyerɛwsɛm bɛn na wubetumi de aboa no ama wahu sɛ, sɛnea yɛbɔ yɛn bra betumi ama Yehowa ani agye, anaa ama ne werɛ ahow?
NEA YƐASUA
Sɛ wudi Yehowa ahyɛde so, na wokɔ so di no nokware ɛmfa ho ɔhaw biara a wubehyia a, ɛkyerɛ sɛ wodɔ no.
Ntimu
Nea Hiob yɛe no, dɛn na wusua fi mu?
Dɛn na wobɛyɛ de akyerɛ sɛ wodɔ Yehowa?
Dɛn na ɛbɛboa wo ama woakɔ so adi Yehowa nokware?
YƐ NHWEHWƐMU
Hwɛ video yi, na wubehu nea ɛbɛboa wo ama woadi Yehowa nokware, na woadi nokware wɔ asafo no mu.
Satan de asɛm bi ato nnipa nyinaa so. Kenkan saa asɛm yi, na wubehu ɛho nsɛm pii.
“Hiob Kɔɔ So Ara Bɔɔ Bra a Edi Mu” (Bible No—Asɛm Bɛn Na Ɛwom? ɔfã 6)
Hwɛ video yi, na wubehu nea mmofra mpo betumi ayɛ de akyerɛ sɛ wɔdɔ Yehowa.
Sɛ aberante anaa ababaa bi nnamfo pɛ sɛ wɔhyɛ no ma ɔyɛ biribi a enye a, dɛn na ɛbɛboa no ama wakɔ so adi Onyankopɔn nokware?
-