Mmɔden A Wɔbɔe Sɛ Wɔbɛsɛe Kronn A Bible Mu Nkyerɛwee No Yɛ
“SƐNEA anuanom bisaa me nti makyerɛw krataa akɔma wɔn. Nanso Ɔbonsam asomafo no de wura ahyɛ mu ma, wɔayiyi nneɛma pii afi mu, na wɔde afoforo aka ho. Mmusu da hɔ ma wɔn. Esiane sɛ nnipa bi abɔ mmɔden sɛ wɔbɛdannan Awurade nkyerɛwee kronkron no nti ɛnyɛ nwonwa sɛ wɔbɛsɔre atia na wɔatoa nkyerɛwee a ɛho hia no.” Eyi ne nea Dionysius a ofi Korinto a ɔkyerɛ sɛ ɔyɛ Kristoni ɔhwɛfo wɔ afeha a edi kan no mu dii awerɛhow wɔ nea wɔayɛ n’ankasa ne nkyerɛwee no ho.
Ne nsɛm no kyerɛ sɛ na ebinom wɔ ne nna mu a “wɔdannan nkyerɛwee kronkron no [Kyerɛwnsɛm] no ani.” Nokwarem no,Tertullian ka faa Marcion a ɔtraa ase saa bere no ara mu no ho sɛ “ɔde sekan mpo dii dwuma, na ɛnyɛ kyerɛwdua, efisɛ ɔde twitwaa Kyerɛwnsɛm no na wama emu nsɛm no ayɛ nea ɛsɔ n’ankasa ani.” “Wapopa biribiara a ɛsɔre tia n’adwene no afi mu.”
Ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ wubehu sɛ nnipa bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛsɛe Bible mu nkyerɛwee no. So yebetumi anya awerɛhyem sɛ mmɔden a wɔbɔe sɛ wɔbɛsɛe Bible mu nkyerɛwee no na wɔde saa yɛ adan Bible mu nsɛm no ntease ani no anni nkonim? Afei nso, ɛsɛ sɛ wɔhwɛ Bible no so na wɔde nsa akyerɛw bi ato hɔ, na wɔyɛɛ eyi mfehaha pii. So akyerɛwfo no mfomso asɛe kronn a emu nsɛm no yɛ no? Saa nsemmisa yi ho mmuae no bɛboa yɛn na ama yɛahu sɛnea ɛyɛ mmerɛw koraa sɛ Bible mu nsɛm a ɛte ase no betumi ayɛ nea wobetumi asɛe no koraa a wontumi nsiesie no bio. Nanso, esiane tebea horow bi a ɛyɛ nwonwa nti, wɔkoraa so.
Nhoma Biara Nni Hɔ a Wɔde Ahwɛyie Ahwɛ so Akyerɛw Bi Saa
Mfehaha pii ansa na Yɛn Bere yi reba no, akyerɛwfo a wɔatu wɔn ho ama de ahwɛyie hwɛɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no so kyerɛw bi guu hɔ. Wɔfrɛ eyinom sɛ Sopherim, din a ɛda adi pefee sɛ efi Hebri adeyɛ asɛm “sɛ wokan” mu. Dɛn ntia? ‘Wɔfrɛ tete nhomanimfo no Sofrim,’ sɛnea Talmud no kyerɛ nen, ‘efisɛ wɔkenkan Mmara no mu nkyerɛwde no nyinaa nso.’
Wɔkenkan foforo a wɔahwɛ so akyerɛw awie no mu nkyerɛwde no nyinaa na wɔde dodow no to nea wɔhwɛɛ so kyerɛwee no ho. Ahwɛyie bɛn ni! Wo de hwɛ ɔbrɛ a ɛwɔ mu sɛ wɔkan nkyerɛwde no nyinaa. Wɔbɔɔ amanneɛ sɛ wɔkenkan Hebri nkyerɛwde 815,140 wɔ Kyerɛwnsɛm no mu. Wɔbɔɔ mmɔden biara a wobetumi sɛnea ɛbɛyɛ na wobeyi biribiara a ɛbɛsɛe nkyerɛwee no afi mu.
Nanso, sɛ́ mfomso biara remma nea wɔrehwɛ bi so akyerɛw no foforo no mu ne bɛhwehwɛ sɛ Onyankopɔn yɛ anwonwade bi bere biara a ɔkyerɛwfo bɛfa ne kyerɛwdua. Eyi amma saa. Wɔyɛɛ mfomso. Nanso so ɛyɛ mfomso a na ɛyɛ aniberesɛm a ebetumi asɛe Bible no mu ntease anaasɛ so adanse wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ wɔ mfirihyia mpem bebree a wɔde asan akyerɛw ahorow ato hɔ no nyinaa akyi no Hebri nkyerɛwee no da so ara te sɛ nea ɛte no ara pɛpɛɛpɛ? Mfe pii twaam a wɔamma saa asɛm yi ho mmuae efisɛ na Hebri Kyerɛwnsɛm a wɔde nsa akyerɛw no a akyɛ sen biara no yɛ nea wɔyɛe bɛyɛ afe 900 Y.B. mu.
“Ahu Bi a Ɛyɛ Nwonwa Koraa Sen Biara!”
Wɔ afe 1947 mfiase mu hɔ, wɔ ɔbodan bi a wogyina mu a wotumi hu Ɛpo a Awu a ɛwɔ Palestina no mu na aberantewa bi a wadi mfirihyia 15 kopuee wɔ mu a emu aduru sum na ɔde ahodwiri hwɛɛ mmoa ho nhoma bebree bi a wɔde ntama fitaa akyekyere. Wɔde boaa a ɛyɛ tan yi asie dɔte nkuruwa a ne tenten bɛyɛ anammɔn abien mu. Hwɛ sɛnea n’abaw mu bui! Na ɔrehwɛ dwetire bi a wɔde asie kwan wɔ nkuruwa no mu.
Nanso na saa aberantewa yi kura nea efi saa bere no wɔato no din sɛ “nkyerɛwee a ɛsen biara a wɔabɔre ahu wɔ nnɛ bere mu . . . ahude a ɛyɛ nwonwa koraa sen biara!” Bible no fa ahorow bi ni a wɔkyerɛwee bɛyɛ afeha a ɛto so abien A.Y.B. mu. Akyɛ kyɛn nea akyɛ sen biara a na wokura saa bere no, bɛyɛ sɛ mfirihyia 1,000. Sɛ wɔde toto nnɛ bere mu de no ho a na ɛte dɛn? Miller Burrows a odii saa nhoma mmobɔwee yi ho dwuma mfe pii na ɔpɛɛpɛɛ emu nsɛm no mu no kaa eyi:
“Nsonsonee pii a ɛwɔ St. Mark Yesaia nhoma mmobɔwee no ne Masoretic nkyerɛwee [Bible nkyerɛwee a wɔyɛe afeha a ɛto so akron no mu] no yɛ nea wobetumi akyerɛkyerɛ mu sɛ ɛyɛ wɔn a wɔhwɛɛ so kyerɛw bi no mfomso. Wɔ eyinom akyi no, sɛ wɔde to nkyerɛwee a wɔde nsa akyerɛw no ho a na ɛne no hyia koraa. Saa biakoyɛ a ɛda nea wɔde nsa akyerɛw a akyɛ sen biara no mu no ma yɛn awerɛhyem sɛ Bible no a yekura nnɛ no yɛ nokware.
“Ɛyɛ asɛm a ɛyɛ nwonwa sɛ nea afa bɛyɛ sɛ mfirihyia apem mu nyinaa akyi no, nsakrae ketewaa bi pɛ na wohu wɔ mu.”—The Dead Sea Scrolls, nkrat. 109, 303, 304.
Nea ɛwɔ nhoma mmobɔwee no biako mu ne nea ɛkame ayɛ sɛ ɛreyɛ Yesaia nhoma mu no nyinaa. Wɔ nkyekyem ahorow 1,292 a ɛwɔ Yesaia nhoma no mu wɔ Engiresi Bible no mu no, emu 13 pɛ na wɔn a wɔrekyerɛɛ Revised Standard Version no ase no yɛɛ nsakrae wom esiane sɛnea mmobɔwee no mu nsɛm no te nti. Eyi nkyerɛ sɛ na nsonsonee biara nnim bio gye eyi, mmom afoforo a ɛwɔ hɔ a ɛdɔɔso no yɛ nsakrae a ɛwɔ nsɛm a wɔbobɔ din na wɔkyerɛw to hɔ mu ne afei nso ɔkasa ho mmara mu. Kae sɛ, mfirihyia 1,000 ni a wɔkyerɛw saa Hebri nhoma mmobɔwee yi.
Na Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm No Nso Ɛ?
Nkyerɛase a ɛteɛ anaa nea mfomso nnim nso yɛ asɛm titiriw bi a ɛho hia a ɛfa Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no ho. Efisɛ sɛnea yɛadi kan abɔ din no, wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛdannan nkyerɛwee no bi ani. Adwenem naayɛ wɔ kronn a nkyerɛwee no yɛ ho no bɛyɛɛ te sɛ omununkum bi a ɛtraa hɔ mfehaha pii, efisɛ de besi afeha a ɛto so 17 no mu mpo no na “Apam Foforo” no fa a ɛyɛ mfitiase Hela kasa a wɔde mmara ahyɛ ma wɔakyerɛw ato hɔ no yɛ nea ɛkɔ akyiri kodu afeha a ɛto so 10 no mu pɛ nea ɛboro mfirihyia 900 bere a wɔde nsa kyerɛw nea edi kan no akyi. Obiara nni hɔ a obedi adanse akyerɛ sɛ emu nkyerɛwee a wɔsakraa no anaasɛ akyerɛwfo kyerɛwdua a edi mfomso no nsɛee Kristofo nkra asɛm no.
“Nhene Pa” a Wɔde Asie Nkokorafie a Atew Ne Ho Mu
Afe 1844 mu na Konstantin von Tischendorf, a ɔhwehwɛ tete Bible nkyerɛwee no bi no kɔhyɛn nkokorafie bi a ɛwɔ Sinai Bepɔw no ase wɔ Palestina no nhomakorabea. Kɛntɛn kɛse bi a nhoma horow a ayɛ dedaw ahyɛ mu ma twee n’adwene. Hwɛ a ɔhwɛɛ no yiye no ma ɔbɔɔ piriw!
Hela Bible bi a akyɛ sen biara a wahu pɛn no nkratafa ahorow na wɔaboaboa ano agu kɛntɛn no mu yi. Ɔde ahopopo bisaa asɛm faa nkratafa ahorow yi ho. Ade tɔɔ no so. Nea wɔyɛ saa nkratafa yi ne sɛ wɔde sɔ ogya. Wɔahyew nkɛntɛn ma abien dedaw. Nkokorafo no maa no nkratafa ahorow 43, nanso wɔampene so sɛ wɔbɛma no bi bio.
Ɔsan kɔɔ nkokorafie hɔ bio nea ɛto abien—nanso wɔampene so. Ɔsan kɔɔ nea ɛto so abiɛsa—nanso ne nyinaa yɛɛ ɔkwa. Ɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ obefi hɔ akɔ, efisɛ osusuw sɛ mfaso biara nni mpɛɛpɛɛmu a ɔreyɛ no mu. Bere a aka nnansa ansa na wakɔ no na ɔne nkokorafie no fiehwɛfo a ɔtoo nsa frɛɛ no kɔɔ ne dan mu no rebɔ nkɔmmɔ. Ofiehwɛfo no kae sɛ wakenkan Bible dedaw no biako na mpofirim ara na ɔtetew ne nkratafa ahorow no bi a ɔde ntama kɔkɔɔ akyekyere ho.
Bere a obuee saa ntama kɔkɔ yi mu pɛ na, aa, hwɛ, “nhene pa” ni. Tischendorf de mfirihyia 15 ahwehwɛ sɛ obehu eyi. Saa Bible a wɔde nsa akyerɛw yi a afei de wɔfrɛ no Codex Sinaiticus no yɛ nea “Apam Foforo” no mu nsɛm nyinaa wom. Wogye di sɛ wɔkyerɛw eyi bɛyɛ afe 350 Y.B. mu. Na akyɛ kyɛn nea mmara ama kwan ama wɔde nsa akyerɛw a ɛwɔ hɔ saa bere no bɛyɛ sɛ mfirihyia ahansia. So eyii biribi a ɛkyerɛ sɛ wɔasɛe emu nsɛm no anaasɛ wɔadan emu nkyerɛwee no ntease ani?
Sɛnea Wɔadan nea Wokohui no mu Nsɛm Ani ne Sɛnea Wosiesiee No
Na ɛda adi pefee fi mfiase sɛ nea Tischendorf kohui no mu nkyerɛwee no ne nea ɛyɛ yɛn nnɛ da yi Bible no nhyɛase yɛ pɛ. Nanso na adanse wom a ɛkyerɛ sɛ wɔde wɔn nsa aka.
Eyi ho nhwɛso ne asɛm a ɛwɔ Yohane 8:1-11 a ɛfa ɔbea awaresɛefo a worebesiw no abo no ne nea ɛbɔɔ amanneɛ sɛ wɔkyerɛ sɛ Yesu kae sɛ, ‘nea bɔne nni ne ho no nni kan ntow ɔbo mmɔ no no ho.’ Enni tete de a wɔde nsa akyerɛw no mu. Enti akyiri Bible nkyerɛase ahorow a wɔyɛe no ayi afi mu na ɛde ahyɛ ase nkyerɛwee mu na ama Bible mu nkyerɛwee no ayɛ papa. Wohuu afoforo a wɔde akeka ho na woyiyii ɛnonom fii mu.—Mat. 17:21; 18:11; Aso. 8:37.
Asɛm no yɛ aniberesɛm wɔ eyinom mu binom mu, efisɛ wɔde wɔn nsa ka dan emu ntease no ani sɛnea ɛbɛyɛ na wɔde abua atoro nkyerɛkyerɛ te sɛ nea ɛwɔ 1 Timoteo 3:16 no. Authorized Version no kenkan sɛ, “Onyankopɔn yii ne ho adi ɔhonam mu,” wɔ bere a ɛsɛ sɛ ɛyɛ “Nea oyii ne ho adi ɔhonam mu no.” (American Standard) Nsonsonee ankasa ni! Nea ɛwɔ he na ɛteɛ? Sɛ nea edi kan no teɛ a, ɛnde na nea ɛbɛkyerɛ ne sɛ Yesu yɛ Onyankopɔn, na ɛsɔre tia Bible mu nsɛm afoforo a ɛkyerɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn Ba no.—Marko 13:32.
Wohuu sɛnea wɔdan nkyerɛw nsɛm no ntease ani wɔ ɔkwan a enye koraa so nso wɔ 1 Yohane 5:7, faako a ɔkasasin: “wɔ ɔsoro, Agya, Asɛm no ne Honhom Kron-kron no: na baasa yi yɛ biako,” (Authorized Version) yɛ nea wɔde aka ho ɛwom sɛ enni mfitiase nkyerɛwee no mu no. Ɛnyɛ sɛ nsɛm no nni Sinaiticus no mu nko na mmom wontumi nhu nsɛm a ɛte sɛɛ wo Hela Kyerɛw nsɛm a wode nsa kyerɛwee ansa na afeha a ɛto so 16 reba no mpo mu. Adanse no kyerɛ sɛ kyerɛw nsɛm no bi a wɔde nsa kyerɛwee a mprempren yi ɛwɔ Trinity College, Dublin, mu na ɛwɔ na wɔhyɛɛ da kyerɛwee bɛyɛ sɛ afe 1520, na wɔde saa nkyekyem a ɛnyɛ nokware no ahyɛ mu! Enti nnɛ bere mu nkyerɛase ahorow no nyinaa agyaw saa nkyekyem a ɛda adi sɛ wohyɛɛ da de hyɛɛ mu no.
Adansefo Bebree
Afei nso kyerɛw nsɛm no bi a wɔde nsa kyerɛwee a akyɛ kyɛn afeha a ɛto so anan no mu de no nso wɔ hɔ. Wohuu Bible no bi a wɔde nsa akyerɛw wɔ papyrus krataa so a wode bi mpo akyekyere wɔn amu! Na wɔakora eyinom so yiye na wɔkyerɛw eyinom bɛyɛ afeha a ɛto so abiɛsa Y.B. mu. Wohu Yohane nhoma no fa ketewaa bi a wɔkyerɛw no bɛyɛ afe 125 Y.B. mu! Sɛ wɔde eyinom to nea wɔkyerɛw no wɔ afeha a ɛto so anan no mu de no ho, ne afei nso yɛn nnɛ bere mu Bible ahorow no ho a na ɛte dɛn? Ɛnyɛ sɛ ɛyɛ nkyerɛwee a wɔde asisi anim pɛpɛɛpɛ de, nanso emu nsɛm no yɛ biako. Wɔpa biribiara a wɔde aka ho anaa wɔadan ani no ho ntama. Emu nsɛm no mu da hɔ pefee.
Hela kyerɛw nsɛm no mu nkyerɛwee a wɔde nsa kyerɛwee no mu nea ɛboro 5,000 wɔ hɔ a wobetumi afi mu aboaboa mfitiase kyerɛw nsɛm no ankasa ano. Frederic Kenyon a ɔde ne nkwa bere nyinaa suaa saa tete nkyerɛwee yi ho ade no de asɛm no baa awiei sɛ:
“Edi nokware a nsɛm a wofi teteete aka no yɛ no ho adanse a ɛyɛ nwonwa ankasa, sɛ́, wɔ nea wɔahwɛ so akyerɛw no mmiako mmiako mpem bebree a efi asase afanan ahorow so, wɔ tebea horow ase no nyinaa akyi no, nkyerɛwee no mu nsonsonee no yɛ nea ɛfa ɔkwan a wɔfaa so hyehyɛɛ no no ho, no, ɛnyɛ nea ɛfa emu nsɛm no ho.
“Na ɛma yɛn awerɛhyem sɛ yebehu wɔ awiei sɛ nea afi bɔre a wɔabɔre akohu eyinom nyinaa ne ɛho ade a wɔasua no mu aba ne sɛ ɛbɛhyɛ nokware a Kyerɛwnsɛm no yɛ no mu den na adi ho adanse, na yɛagye atom nso sɛ yekura Onyankopɔn Asɛm no ankasa ankasa wɔ yɛn nsam.”—The Story of the Bible, pp. 136, 144.
Bible no fi mu ba sɛ nea adi nkonim a ɛbɔ ho abien! Afi mu anya nkwa sɛ nhoma, a emu nsɛm no nso yɛ kronn. Nanso, so wobetumi aka wɔ ɔkwan a ntease wom so sɛ fi a efii mu a emu nsɛm no yɛ nea wɔasɔne so fɛfɛɛfɛ no bae mpofirim ara? So mpofirim ara kwa na nhoma a wɔkyerɛw wiei bɛyɛ sɛ mfirihyia mpem abien ni a afa ntua ne ɔtaa ahorow mu nanso akɔ so atra ase na afi mu, na emu bi mpo yɛ nea ɛde mfirihyia 25 pɛ bɛn mfitiase de a wɔde nsa kyerɛwee no ho no nso da so wɔ hɔ? So eyi nyɛ nea edi Nea wɔkaa ne ho asɛm sɛ: “Yɛn Nyankopɔn asɛm bɛkɔ so agyina hɔ daa” no tumi bebrebe no ho adanse?—Yes. 40:8, An American Translation.
Nanso, wɔ yɛ asɛm a ɛfa Bible no kõ na ɛde atra ase no mu no, yɛwɔ ne ti bi a etwa to nso wɔ hɔ. Ɔkwan bɛn so na saa nhoma yi, a “wɔwoo” no wɔ Apuei no tumi bɛyɛɛ nea wɔakyekyɛ wɔ kasa horow a wɔda so ka mprempren mu wɔ asase afanan nyinaa? Afei nso, atirimpɔw titiriw a ɛho hia sen biara bɛn nti na Onyankopɔn ahwɛ ama nnipa a wɔwɔ baabiara nsa aka n’Asɛm no?
[Kratafa 15 mfoni]
Teteete Po a Awu nhoma mmobɔwee no si nkyerɛwee a wogyina so de kyerɛ Bible no ase no so dua sɛ ɛyɛ nokware
[Kratafa 16 mfoni]
Sɛ wɔn a wɔhwɛ so kyerɛw bi no de wɔn nsa ka nkyerɛwee no anaasɛ wɔdan ebi ntease ani a, nnipa a wɔyɛ mpɛɛpɛɛmu bɔre nneɛma hu te sɛ Tischendorf, a ohuu Sinaitic nkyerɛwee no wɔ St. Catherine Nkokorafie no pa saa nkurɔfo yi ho ntama