Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w83 3/1 kr. 22-23
  • Onyankopɔn Asɛm Wɔ Nkwa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Onyankopɔn Asɛm Wɔ Nkwa
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Kuw Biako, Ɔhwɛfo Biako
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2010
  • “Mobɛyɛ Asɔfo Ahemman”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2014
  • Mfaso a yebenya afi “Onyankopɔn ne Nnipa Ntam Gyinafo Koro” Nkyɛn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
  • Awurade Anwummeduan No Ɔkwan Bɛn So na Wodi No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
w83 3/1 kr. 22-23

Henanom Na Ɛsɛ Sɛ Wodi Bi?

Onyankopɔn Asɛm Wɔ Nkwa

MARCH 29, bere a owia akɔtɔ no, wɔbɛyɛ nhyiam horow mpempem pii wɔ wiase nyinaa. Eyi yɛ Yesu Kristo wu nkae afahyɛ no. Hyɛ abodoo ne bobesa a wɔde bɛfa wɔn a wɔahyiam no anim no nsow. Henanom na ɛsɛ sɛ wodi bi?

Nea Yesu ka kyerɛɛ n’asomafo anokwafo 11 no bere a ɔde saa nkae adidi yi sii hɔ no boa ma yebua saa asɛm no. Bere a ɔde bobesa kuruwa no maa n’asomafo no, ɔkae sɛ: “Kuruwa yi ne apam foforo me mogya mu, ɛno na mo nti wɔrehwie agu.” (Luka 22:20) Enti ɛdenam Yesu Kristo afɔrebɔ wu no so no, wɔde “apam foforo” bi sii hɔ. Dɛn ne “kan” apam anaasɛ apam “dedaw” a ebesii ananmu no?​—Hebrifo 8:13.

Eyi ne Mmara apam no. Wɔne Israel man no yɛe bere a wofii Misraim nkoasom mu no akyi bere tiaa bi. Ná Mose ne saa apam a Yehowa Nyankopɔn ne Israel yɛe no ntam gyinafo (sɛnea Yesu ne “apam foforo ntamgyinafo” no) . Mmoa a wɔde bɔɔ afɔre wɔ Bepɔw Sinai so no na ɛhyɛɛ Mmara apam no mu den de sii hɔ. (Hebrifo 9:15-20) Nanso, ɛfata sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ nnipakuw kɛse a wɔnyɛ Israelfo dii Israelfo no akyi ne wɔn fii Misraim. Na ɛwom sɛ wonyaa saa apam yi ho mfaso horow de, nso ná wɔnka apam no ho.​—Exodus 12:38, 43-45, 48, 49.

Tebea bi a ɛte saa ara wɔ hɔ wɔ apam foforo no fam. Kristofo a wɔfrɛ wɔn “Onyankopɔn Israel” no nkutoo na wɔde wɔn ba saa apam a wɔne Yehowa Nyankopɔn yɛ no mu. (Galatifo 6:16) Yesu kaa Kristofo nnipa kakraa yi ho asɛm sɛ “kuw ketewa.” (Luka 12:32) Nanso, Kristofo “nnipakuw kɛse” foforo wɔ hɔ, a Yesu kaa wɔn ho asɛm sɛ ne “nguan foforo.” (Adiyisɛm 7:9, 10, 14; Yohane 10:16) Ɛwom sɛ eyinom nya apam foforo no ho mfaso de, nso wɔnka ho.

Ɔsomafo Yohane kyerɛɛ nsonoe a ɛda akuw abien a wonya Yesu afɔrebɔ no ho mfaso no ntam no mu bere a ɔkyerɛkyerɛɛ mu faa Kristo ho sɛ: “Ɔno ne yɛn bɔne [“kuw ketewa” no bɔne] ho mpata, na ɛnyɛ yɛn de nko, na mmom wiase nyinaa de ho bi.”​—1 Yohane 2:2.

Enti wɔ Kristo wu nkaedi no ase no, wɔn a wɔyɛ “Onyankopɔn Israel” no mufo nkutoo na ɛsɛ sɛ wodi abodoo no bi na wɔnom bobesa no bi. Saa honhom mu Israelfo yi dodow bɛyɛ 144,000 a wɔne Kristo bedi tumi wo ne soro Ahenni no mu. (Adiyisɛm 14:1) Na, “nguan foforo” a woyɛ nnipa pii a wofi aman horow so, a wonni bi no, benya daa nkwa wɔ Paradise asase no so, na wɔanya mfaso horow a Ahenni nniso no de bɛba no.

April Da Biara Da Asɛm

(Wopɛ nsɛm a wɔahyehyɛ awie no a, hwɛ nhoma no mu)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena