Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w81 10/1 kr. 13-16
  • Mfirihyia Apem Anidaso No Di Nkonim

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Mfirihyia Apem Anidaso No Di Nkonim
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • DAAKYE ASETRA DENAM OWUSƆRE SO
  • ƆSORO NE ASASE SO ANIDASO
  • MFIRIHYIA APEM ANIDASO MA AKUW ABIEN
  • MFIRIHYIA APEM ANIDASO NO DA SO WƆ HƆ!
  • ƐNYƐ “ƆHONAM FAM NNEƐMA HO ADAESO”
  • PARADISE​—HONHOM FAM DE NE HONAM FAM DE
  • ANIDASO A EBETUMI AYƐ WO DE
  • Kristofo Ne Mfirihyia Apem Anidaso No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
  • Mfirihyia Apem No​—Ɛyɛ Dɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
  • Ahurusi Wɔ “Onyankopɔn A Ɔma Anidaso” No Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
  • Wɔreboaboa Wɔn Ano Mprempren Ama Mfirihyia Apem A Ɛbɛba No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
w81 10/1 kr. 13-16

Mfirihyia Apem Anidaso No Di Nkonim

1. Nsemmisa bɛn na Mesia no ba ma ɛsɔree?

BERE a Mesia a na wɔde bere tenten atwɛn no no baa Yudafo no nkyɛn no, so osii wɔn mfitiase gyidi a ɛfa daakye asetra denam owusɔre so ho no so dua, anaa so ɔbɛpenee wɔn abosonsom nkyerɛkyerɛ foforo a ɛfa ɔdesani kra a ɛwɔ onipa mu a enwu da no so? Bere a ɔreda ɔsoro asetra ho anidaso adi no, so Yesu Kristo kyerɛe sɛ wɔn a wogye wɔn nkwa nyinaa bɛkɔ ɔsoro? Anaa, so Hebri ne Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no nyinaa ma nnipa ɔpepem pii nya daa nkwa wɔ asase so ho anidaso?

DAAKYE ASETRA DENAM OWUSƆRE SO

2. Dɛn na Yesu kyerɛkyerɛe wɔ anidaso ma daakye asetra ho?

2 Sɛ́ anka ɔbɛkyerɛkyerɛ abosonsom nkyerɛkyerɛ a ɛfa ɔdesani kra a ɛhyɛ onipa mu a enwu da no, Yesu daa no adi sɛ daakye asetra ho anidaso biara gyina owusɔre no so. Ɔkae sɛ: “Na sɛnea Agya no wɔ nkwa n’ankasa mu no, saa ara na ɔde ama Ɔba no nso sɛ onnya nkwa n’ankasa mu; na wama no tumi sɛ ommu ntɛn nso, efisɛ ɔyɛ onipa ba. Mommma eyi nyɛ mo nwonwa: efisɛ dɔn no reba a wɔn a wɔwɔ ada mu nyinaa bɛte ne nne, na wɔafi adi, wɔn a wɔayɛ papa no akɔ nkwa sɔre mu, na wɔn a wɔayɛ bɔne no akɔ atemmu sɔre mu.”​—Yoh. 5:26-29.

3. Dɛn na Kristoman mu asɔfo no binom begye atom nnɛ wɔ ɔkra ho?

3 Nea ɛyɛ anigye no, nnɛyi Kristoman mu asɔfo binom begye atom sɛ Hebri anaasɛ Kristofo Hela, Kyerɛwnsɛm no nyɛ nea egyina nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ ɔkra a enwu da wɔ onipa mu akyi. Sɛ nhwɛso no, The New International Dictionary of New Testament Theology (Po 3, 1978) si sɛnea Apam Dedaw no nka ɔkra no a ɛsono no wɔ nipadua no ho, anaasɛ ɔkra a ɛtwe ne ho fi nipadua no ho wɔ owu mu no ho hwee” no so dua. Bio nso: “Mat. 10:28 nka ɔkra a entumi nwu ho asɛm, na mmom sɛnea wontumi nsakra Onyankopɔn atemmu a ɛba wɔn a wɔnkyerɛ ahonu so no. . . . Apam Foforo no hu onipa sɛ ade biako, na ɛhyɛ onipa mu a wɔbɛsakra no ho bɔ, na ɛnyɛ ne fã bi a ɛbɛkɔ so atra ase. . . . asetra a owu nni mu rentumi mma bere a owusɔre mmae.”

ƆSORO NE ASASE SO ANIDASO

4. Dɛn na Yehowa Adansefo gye tom, na dɛn na wonnye ntom, na dɛn ntia?

4 Yehowa Adansefo gye tom sɛ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no kyerɛkyerɛ sɛ Kristofo bi nya “ɔsoro frɛ.” (Heb. 3:1) Nea wonnye ntom ne sɛ “ɔsoro frɛ” a ɛte saa yi Onyankopɔn mfitiase atirimpɔw sɛ ɔbɛma wɔasiesie asase ma abɛyɛ paradise na wɔde mmarima ne mmea a wɔteɛ ahyɛ so ma si hɔ no. Wɔrentumi nnye adwene a ɛne sɛ nkɔmhyɛ ahorow a ɛwɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu a ɛka paradise a wɔbɛsan de asi hɔ wɔ asase so ho asɛm no nyinaa abɛyɛ hunu. Wogye eyi di kɛse efisɛ “asase foforo” a “trenee te mu” ho bɔhyɛ no yɛ nea wɔsi so dua wɔ Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu.​—2 Pet. 3:13; Adi. 21:1-4.

5, 6. Ɔkwan bɛn so na Bible da anidaso horow abien a egyina Kyerɛwnsɛm so no adi: (a) ɔsoro de no? (b) asase so de no?

5 Mmɔdenbɔ a wɔde sua Bible no ama Yehowa Adansefo agye adi sɛ Kristofo anidaso a egyina Kyerɛwsɛm so no yɛ ahorow abien: Nkwa a owu nni mu akyɛde wɔ ɔsoro ma kuw ketewaa, ne daa nkwa wɔ asase so ma nnipa bebree. Wɔde ɔsoro anidaso a ɛne sɛ wɔne “Kristo bedi ahene” no ma 144,000 a “wɔapaw wɔn” no, efi Kristo asomafo ne n’asuafo a wodi kan no so, sɛ “ɔdom” anaasɛ “ayamye a ɛnsɛ.” (Luka 12:32; Rom. 5:17; 8:33; Adi. 5:9, 10; 7:1-4; 14:1-4) Eyinom mu no, wɔn a ‘wɔaka besi Awurade ba mu no’ mu “nkaefo” kakraa bi pɛ na wɔda so te ase wɔ asase so.​—1 Tes. 4:14-17; Adi. 12:17.

6 Asase so anidaso no ne mfitiase anidaso a na Adam ne Hawa betumi anya, sɛ wɔtraa Yehowa Nyankopɔn tumidi ase na wɔanhwehwɛ abrabɔ mu ahofadi a. (Hwɛ Genesis ti mmiɛnsa a edi kan no.) Onipa “fi fam yɛ famni.” (1 Kor. 15:47) Ne botae horow ne n’akɔnnɔ horow nyinaa yɛ asase so de. “Ɔsoro yɛ Yehowa soro, na asase de, ɔde ama nnipa mma.” (Dw. 115:16) Na Bible no da no adi pefee sɛ Yehowa ‘ammɔ asase no hunu, na mmom ɔnwenee sɛ wɔntra so.’ (Yes. 45:18) Enti daa nkwa wɔ asase so paradise tebea horow mu ho anidaso no ne adebɔ no Kyerɛwsɛm hyia. Ɛnyɛ ade a ɛsɛ sɛ yɛn ani wu wɔ ho.

MFIRIHYIA APEM ANIDASO MA AKUW ABIEN

7. Anidaso bɛn na bɔhyɛ a wɔde maa Abraham ne Daniel nkɔmhyɛ no de ma nnipa a wɔwɔ asase so?

7 Esiane sɛ honhom mu Israelfo 144,000 no ne “Abraham asefo” ankasa ne ‘ne bɔhyɛ no adedifo’ (Gal. 3:26-29) nti, eye sɛ yɛkae sɛ bɔhyɛ a wɔde maa Abraham no nso kae sɛ: “Wo asefo mu na wobehyira asase so amanaman nyinaa.” (Gen. 22:16-18) Odiyifo Daniel nso kaa “aman, nkurɔfo ne kasa horow” a “onipa ba” no, Yesu Kristo fi “ɔsoro” bedi wɔn so wɔ “ahenni ne tumi” mu ho asɛm. Na ɔne “wɔn a wɔapaw wɔn” a wɔka wɔn ho asɛm sɛ “Ɔsorosoroni no kronkronfo” no na ɛbɛyɛ eyi.​—Dan. 7:13, 14, 27; 2 Tim. 2:10.

8. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Paulo ne Yohane hui sɛ ɛnyɛ “wɔn a wɔapaw wɔn” no nkutoo na wobenya nkwa?

8 Ná tete Kristofo nim saa nkɔmhyɛ ahorow a ɛka akuw abien: “asefo” ne “amanaman,” “kronkronfo” ne “aman,” ho asɛm no. Ɔresi eyi so dua, bere a waka wɔn a wɔbɛyɛ “Kristo yɔnko adedifo” a ‘wɔbɛhyɛ wɔne no anuonyam’ wɔ ɔsoro no ho asɛm akyi no, ɔsomafo Paulo ka “abɔde” adesamma a ade a wɔn “ani gyina” ne sɛ ‘wɔbɛfa wɔn adi afi porɔwee no mu akɔ Onyankopɔn mma anuonyam mu’ no ho asɛm. (Rom. 8:15-21) Ɔrekyerɛw Kristofo a, te sɛ ɔno ankasa no, wɔwɔ ɔsoro anidaso no, ɔsomafo Yohane kaa Kristo ho asɛm sɛ “yɛn bɔne ho mpata [wɔn a “wɔapaw wɔn” no], na ɛnyɛ yɛn de ho nko, na mmom wiase mmuae de ho bi.”​—1 Yoh. 2:2; 3:1-3.

9. (a) Anisoadehu bɛn na ebetumi aba sɛ na Yohane nsa aka bere a ɔkyerɛw ne nhoma a edi kan no? (b) Ɔkwan bɛn so na wosii akuw abien a wɔwɔ hɔ a wogye wɔn nkwa so dua?

9 Bere a Yohane kyerɛw saa nsɛm yi no, ebetumi aba sɛ na ne nsa aka Adiyisɛm no dedaw, a emu na, bere a ohuu honhom mu Israelfo 144,000 a “wɔasɔ wɔn ano” no akyi no, ohuu “nnipakuw kɛse a obi ntumi nkan wɔn a wofi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu.” Eyinom fi “ahohiahia kɛse” no mu, na “oguammaa,” Kristo Yesu, kyerɛ wɔn kwan kɔ “nkwa nsuti” ho. (Adi. 7:4-17) Na Adiyisɛm koro no ara mu na Yohane nyaa Kristo mfirihyia apem ahenni no ho anisoadehu, a ɛno nso bɔ kuw abien din: wɔn a wonya “afa ɔsɔre a edi kan no mu,” a ‘wobedi ahene,’ ne “adesamma” a Onyankopɔn behyira wɔn, na “wɔayɛ ne man.”​—Adi. 20:1-21:8.

10. Ɛnnɛ, akuw abien bɛn na wɔwɔ mfirihyia apem anidaso no na wɔn dodow no te dɛn?

10 Ɛnnɛ, mfirihyia apem anidaso no adi nkonim wɔ “kuw ketewa” a wɔfrɛ wɔn ma wɔne Kristo atratra nhengua so ɔsoro adi hene mfirihyia apem no komam. (Luka 12:32; 22:28-30) “Nnipakuw kɛse” a wɔne Kristofo a wɔasra wɔn nkaefo no abom reka “ahenni ho asɛmpa yi . . . de adi amanaman nyinaa adanse” no nso agye mfirihyia apem anidaso no atom. (Mat. 24:14) Akuw abien yi kɔɔ Awurade Anwummeduan Afahyɛ a wodii no March 31, 1980 no ase. Wɔn a wodii abodoo no bi na wɔnom bobesa no bi wɔ wiase nyinaa no yɛ 9,564 pɛ, 144,000 a wɔne Yesu bedi tumi wɔ ne mfirihyia apem ahenni no mu no “nkaefo” ketewaa bi pɛ ampa. Eyinom akyi no, nnipa 5,717,092 foforo kɔe sɛ bɛhwɛadefo, na wɔnam eyi so kyerɛɛ Yehowa nhyehyɛe fɛfɛ a ɛnam ne Ba no afɔrebɔ no so no ho anisɔ. Eyinom dii daa nkwa wɔ paradise asase so ho anidaso no ho ahurusi.

MFIRIHYIA APEM ANIDASO NO DA SO WƆ HƆ!

11. Bere bɛn ne ɔkwan bɛn so na mfirihyia apem anidaso no bɛbam?

11 Yiw, mfirihyia apem anidaso no mu da so yɛ den nnɛ. Ɛbɛbam wɔ “ahohiahia kɛse” no akyi, ɛbere a Kristo ne 144,000 a “wɔapaw wɔn” no befi wɔn mfirihyia 1,000 ahenni no ase wɔ ɔsoro, na “nnipakuw kɛse” a wɔte sɛ nguanten no ne nnipa ɔpepepem pii a wobenyan wɔn no, ahyɛn Mesia ahenni no ahemman a ɛwɔ asase so no mu nhyira horow a enni kabea no mu no.​—Mat. 25:34; Adi. 20:12, 13.

12. Wɔakyerɛkyerɛ mfirihyia apem no mu dɛn wɔ encyclopaedia bi mu?

12 Adesamma hia anidaso a ɛte saa nnɛ. Wiase anyansafo nim saa anidaso yi. Enti, 1977 Britannica Macropaedia kyerɛkyerɛ mfirihyia apem no mu sɛ: “Mfirihyia apem yi a wonim no sɛ millennium, sɛ bere a asomdwoe, bɔne ho ahofadi, ne trenee a ebedi so wɔ asase so a nnipa hwehwɛ benya mmamu denam Onyankopɔn tumi so. . . . mfirihyia apem gyidi no susuw adesamma anidaso wɔ asase so ho. . . . mfirihyia apem gyidi no bɔ mmɔden sɛ ɛbɛma nsemmisa te sɛ nea edidi so yi ho mmuae: Wiase yi awiei koraa bɛyɛ dɛn? So asase so paradise mu a wɔbɛtra ho dae a adesamma aso bere tenteenten no bɛbam da bi, anaasɛ so ogya bi a adesamma de bɛba wɔn ankasa so anaasɛ ɛnam Onyankopɔn atemmu so bɛba bɛsɛe nnipa nyinaa anaa?”​—Yɛn na yɛde nkyerɛwee soronko akyerɛw afã bi.

13. (a) So wugye di sɛ wɔbɛsɛe asase no wɔ “ogya mu” anaa? Dɛn nti na wubua saa? (b) Na dɛn ne Onyankopɔn mfitiase atirimpɔw ma asase no?

13 Wɔ ebinom a wɔkyerɛw encyclopedia ahorow ne anyamesom mu mpanyimfo bi a wonni gyidi no fam no, saa nsemmisa no bɛyɛ nhomasua mu nsusuwii horow ara kwa. Nanso wɔ nnipa komapafo a wɔwɔ wiase nyinaa fam no, ɛyɛ nnɛyi nsemmisa ahorow a ɛho hia sɛ wosusuw ho ankasa. Yehowa Adansefo ahu nsemmisa ahorow yi ho mmuae wɔ Bible mu. Wɔn fam no, “paradise asase so” asetra a enni awiei ho anidaso no nyɛ ‘adaeso.’ Anidaso no wɔ nnyinaso a edi mu, egyina Bible adesua pa so. Hebri ne Hela Kyerɛwnsɛm nyinaa da no adi sɛ Onyankopɔn remma kwan mma nnipa bɔne nsɛe asase no ‘wɔ ogya mu.’ (Adi. 11:18; Yes. 45:18) Na ɔno ankasa rensɛe asase no nso. (Dw. 104:5) Bere a ɔbɔɔ onipa na ɔde no kɔtoo paradise ho no, Onyankopɔn daa N’atirimpɔw adi kyerɛɛ no, a ɛne sɛ onipa ‘bɛhyɛ’ asase so denam paradise tebea horow mu a ɔbɛtrɛw akɔ wiase nyinaa, na wɔde mmarima ne mmea a wɔteɛ a ‘wɔyɛɛ wɔn Onyankopɔn suban so bɛhyɛ asase so ma,’ ɛnyɛ sɛ ebebu so.​—Gen. 1:26-28; 2:15.

14.Ɔkwan bɛn so na mfirihyia apem anidaso no ne Onyankopɔn “daa atirimpɔw” no hyia?

14 Eyi da so ara yɛ Onyankopɔn “pɛ,” a ɛdenam ne Mesia ahenni no so no, ‘ɛbɛyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro’ no. (Mat. 6:10) Bible no nyinaa da no adi pefee sɛ Onyankopɔn nsakraa ne mfitiase atirimpɔw no. (Yes. 46:9, 10) Kristo mfirihyia apem ahenni no ne Onyankopɔn “daa atirimpɔw” no hyia, a ne fã ne sɛ “wobɛpata nneɛma nyinaa abom bio Kristo mu, nea ɛwɔ ɔsoro ne nea ɛwɔ asase so.” (Efe. 3:11; 1:8-10) Kyerɛ sɛ, ɛnyɛ mfirihyia apem no ne botae no ankasa; na mmom ɛyɛ nea ɛde biribi ba, Onyankopɔn mfitiase atirimpɔw ma asase yi ho dwuma a wobedi.

ƐNYƐ “ƆHONAM FAM NNEƐMA HO ADAESO”

15, 16. Katolek sɔfo bi akyerɛkyerɛ mfirihyia apem anidaso no mu dɛn, na dɛn na ɛda adi sɛ ne werɛ afi?

15 Nyamesom mu atamfo adi Yehowa Adansefo ho fɛw sɛ wɔka mfirihyia apem anidaso no ho asɛm. Nanso saa fɛwdifo yi ani gye sɛ wɔde papafo nyinaa bɛko soro na wɔde abɔnefo akɔ daa ayayadeyɛ mu wo hell, ma asase yi ada hɔ kwa a enni Onyankopɔn “daa atirimpɔw” ho dwuma. Sɛ nhwɛso no, French Dominican sɔfo H. C. Chéry a n’ani gye Yehowa Adansefo a ɔbɛkasa atia wɔn ho titiriw no frɛ paradise a wɔbɛsan de aba asase so ho anidaso no “honam fam nneɛma ho adaeso.”

16 Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ wɔkae Katolek sofo yi sɛ mfirihyia apem anidaso no nyɛ nea Katolek Asɔre no ahyɛ da akasa atia anaasɛ akyerɛ sɛ ɛyɛ abususɛm. Eyi nyɛ nwonwa, efisɛ egyina Bible no so na mfitiase “Asɔre Mpanyimfo” a woagye din kɛse no fã kɛse no ara buu no sɛ “Kristofo gyidi no mu nkyerɛkyerɛ ahorow a ɛho hia sen biara no mu biako.” So na Polycarp, Papias, Irenaeus, Justin Martyr ne Tertullian nso yɛ ‘ɔhonam fam nneɛma ho adaesofo’?

17 Dɛn nti na obi rentumi nka sɛ Yehowa Adansefo yɛ ‘honam fam nneɛma ho adaesofo’ mma ɛnyɛ nea ɛfata?

17 Ampa, eyinom mu binom, ne ebinom a wɔbae akyiri yi annye mfirihyia apem anidaso no anni, denam mfirihyia apem no mu nhyira horow a wɔaka ho asɛm asie no a wɔkyerɛkyerɛɛ mu wiase kwan so anaasɛ amammui kwan so no so. Nanso obiara rentumi mfi ahonim pa mu nkasa ntia Yehowa Adansefo sɛ wɔyɛ eyi nnɛ. Ɛnnɛ mpo, wɔ wiase a ɛdɔ anigyede mu no, saa Kristofo yi rebɔ mmɔden ako atia honam fam adepɛ dodow ne anigyede akyidi wɔ wɔn ankasa asetra mu ne wɔn asafo horow mu. Wosi honhom fam nneɛma so dua. Wonim no yiye sɛ sɛ wɔn mu biara ma honam fam adepɛ dodow nya no wɔ “awiei bere” yi mu a, ɔrenhu mfirihyia apem no. (Luka 21:34-36; Dan. 12:4) Afei nso, wonni anidaso biara sɛ wɔnam nnipa nhyehyɛe horow so de mfirihyia apem no bɛba. Wɔde wɔn ho to nea Onyankopɔn nam ne Mesia‘ hene no so bɛyɛ no so. Sɛ nea odi ɔsoro dɔm no anim no, saa “‘ahene mu Hene” yi bɛko de nsɛmmɔnedi nyinaa aba awiei wɔ asase so.​—Adi. 19:11-20:3.

PARADISE​—HONHOM FAM DE NE HONAM FAM DE

18. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ahwɛ kwan sɛ honhom mu paradise no benya nkɔso kɛse wɔ mfirihyia apem no mu?

18 Yehowa Adansefo te honhom mu paradise dedaw. Afei nso, wɔde ahotoso hwɛ kwan sɛ wobenya nkɔso kɛse honhom mu Wɔ Kristo mfirihyia apem ahenni no nyinaa mu, bere a ‘wobebuebue’ “nhoma” mmobɔwee a ɛda Onyankopɔn ahyɛde horow adi no.​—Adi. 20:12.

19. Dɛn nti na mfirihyia apem no bɛhwehwɛ ahofama pii ne adwumaden?

19 Ɛdenam kyerɛw nsɛm ahorow a ɛka Kristo mfirihyia apem ahenni no ho asɛm (te sɛ Adiyisɛm 20:11-21:8) a wɔkenkan no yiye so no, Yehowa Adansefo nim nso sɛ mfirihyia apem no bɛkyerɛ sɛ wɔn a wɔwɔ asase so anidaso no de wɔn ho bɔ afɔre wɔ akwan horow pii so. Adwuma pii wɔ hɔ a wɔbɛyɛ de asiesie asase yi ani ma ayɛ fɛ, nanso wɔrensiesie paradise tebea horow pɛsɛmenkominya kwan so mma wɔn ankasa ho ne wɔn mmusua nkutoo. Nokwarem no, Kristo mfirihyia apem ahenni no yɛ atemmu “da”a ma wɔn a wotwa “Onyankopɔn, Ade Nyinaa so Tumfoɔ no, da kɛse no mu ko” a ɛreba ntɛmntɛm no (Aso. 17:30, 31; Adi. 16:14, 16) ; ɛyɛ atemmu da nso ma ɔpepem pii a wobenyan wɔn na wɔabu wɔn atɛn sɛnea nneɛma a wɔbɛyɛ wɔ paradise asase no so te no. (Yoh. 5:28, 29; Luka 23:42, 43) Ɛho behia sɛ wɔn a wɔte ase dedaw wɔ Mesia no mfirihyia apem ahenni no ase no de ayamye kyerɛkyerɛ nnipa bebree yi a wobenyan wɔn no trenee kwan. (Fa toto Yesaia 11:1-9 ho.) Ɛno nyɛ “honam fam nneɛma ho adaeso”! Ɛbɛkyerɛ adwumaden ankasa a wɔbɛyɛ, wɔ honhom fam nneɛma ho.

20. Dɛn na ɛbɛba bere a mfirihyia apem no aba awiei, na anidaso bɛn na ɛwɔ hɔ ma wɔn a wobedi nokware no?

20 Na nea ɛka ho no, mfirihyia apem no bɛyɛ mfitiase ara kwa. Sɔhwɛ a etwa to no akyi, bere a mfirihyia apem no aba awiei no, wɔde saa mmarima ne mmea a wɔbɛkɔ so adi Onyankopɔn amansan tumidi no nokware no bɛkɔ daa nkwa mu wɔ paradise asase so.b​—1 Kor. 15:24-28; Adi. 20:7-10.

ANIDASO A EBETUMI AYƐ WO DE

21, 22. (a) Dɛn na Yehowa Adansefo ani gye daa sɛ wɔbɛyɛ? (b) Dɛn ne wɔn anidaso ma daakye a enni akyiri?

21 Eyi ne anidaso a Yehowa Adansefo bɛboro 2,000,000 a wɔwɔ nsase bɛboro 200 so no wɔ. Ano yɛ den wɔ wɔn adwene ne wɔn komam araa ma wɔn ani gye daa sɛ ‘wɔbɛkyerɛ obiara a obisa wɔn anidaso a ɛwɔ wɔn mu no.’​—1 Pet. 3:15.

22 Efi 1914 reba no, asɛm a esisi wiase a ɛyɛ Bible nkɔmhyɛ mmamu no da no adi sɛ yɛte “awiei bere” no mu, ne sɛ “ahohia bere” a ebi mmae da no abɛn. (Dan. 12:1-4; Mat. 24:3-21) Wɔahyɛ “wɔn a wɔapaw wɔn” no ne wɔn ahokafo “nnipakuw kɛse” no bɔ sɛ wobetwa “ahohiahia kɛse” no. (Mat. 24:22; Adi. 7:9, 10, 14) Ɛno akyi no, mfirihyia apem anidaso horow a wɔn mu biara wɔ no bɛbam. Wugye di anaa? “Onyankopɔn no mfa gyidi mu anigye ne asomdwoe nyinaa nhyɛ mo ma, na moaboro so anidaso mu.”​—Rom. 15:13.

[Ase hɔ nsɛm]

a Hwɛ ti 7, “Nea Ɛsɛ sɛ Wɔhwɛ Kwan Fi Mfirihyia Apem Atemmufo Hɔ,” wɔ nhoma God‘s Kingdom of a Thousand Years Has Approached, a Ɔwɛn Aban Asafo yɛe, no mu.

b Sɛnea, ɛbɛyɛ na woanya ɛho nsɛm pii no, yɛsrɛ wo kenkan nhoma Life Does Have a Purpose, a Ɔwɛn Aban Asafo yɛe no, ti 12 kosi 16.

[Kratafa 16 mfoni]

Mesia no mfirihyia apem ahenni no ase no, wɔbɛkyerɛkyerɛ wɔn a wonyan wɔn no trenee akwan

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena