Ɔfã 7: Onyankopɔn Mfirihyia Apem Ahenni Abɛn
64. Enti, tebea bɛn mu na saa asuafo a wɔasra wɔn no wɔ, sɛnea wɔyɛɛ ho mfonini wɔ “ahyiae ntamadan” no mu no, na te sɛ Yesu no, hokwan ahorow bɛn na wonya wɔ saa tebea no mu?
64 Ná asɔfokuw a wɔyɛ mprempren no kyerɛ gyinabea foforo a wɔwom wɔ “nokware ntamadan” anaasɛ asɔredan no ho, nea ɛnyɛ onipa na mmom Yehowa Nyankopɔn na ɔde sii hɔ no. Ɛkyerɛe sɛ, afei de na wɔwɔ asɔfodi honhom mu awo tebea a tete “ahyiae ntamadan” a Mose sii no Kronkronbea no yɛɛ ho mfonini no mu. Na eyi te sɛ Ɔsɔfo Panyin Yesu Kristo de no ara, efi bere a wɔde honhom kronkron sraa no kosi ne wu mu sɛ ɔdesani a ɔyɛ pɛ no. Enti te sɛ ɔno no, bere a wɔda so wɔ asase so no, wonya honhom fam hann te sɛ nea sɛnkyerɛnne kwan so sika kaneadua no de mae no; wodi honhom fam aduan, sɛnea kyerɛ abodoo abien a na egu sika pon no so no yɛɛ ho mfonini no, wɔde mpaebɔ ne ɔsom a emu yɛ den ma Onyankopɔn te sɛ nea wɔrehyew aduhuam wɔ sika aduhuamhyew muka no so wɔ ahyiae ntamadan no Kronkronbea hɔ.
65. Ɛdefa wɔn a wɔwɔ tebea a Kronkronbea no yɛɛ ho mfonini no mu no ho no, dɛn na ɔsomafo Yohane kyerɛw faa sra a wɔsra wɔn no ho?
65 Wɔkyerɛw kɔmaa wɔn a wɔwɔ honhom mu awo tebea a Kronkronbea no yɛɛ ho mfonini no sɛ: “Mo de, moanya ɔsra no afi kronkronni no, na munim ade nyinaa. Eyinom na makyerɛw mabrɛ mo, wɔn a wɔdaadaa mo no ho. Na mo de, ɔsra a munyae ne nsam no te mo mu, na enhia mo sɛ obi kyerɛkyerɛ mo ade nyinaa ho na ɛyɛ nokware na ɛnyɛ atoro; na sɛnea ɛkyerɛkyerɛɛ mo no, montra mu!”—1 Yoh. 2:20, 26, 27.
66. Ɔrekyerɛw krataa akɔma saafo a wɔwɔ tebea a Kronkronbea no yɛɛ ho mfonini no mu no, dɛn na ɔsomafo Paulo kyerɛw faa sra a wɔsra wɔn no ho?
66 Akyiri yi, ɔsomafo Paulo kyerɛw kɔmaa wɔn a wɔwɔ honhom mu asɔfodi awo tebea a Kronkronbea a wɔmaa Aaron abusua mu asɔfo kwan sɛ wɔnkɔsom wom no yɛɛ ho mfonini no mu no sɛ: “Nea ɔde yɛne mo tim Kristo [Nea Wɔasra No] mu na wasra yɛn no ne Nyankopɔn, ɔno nso na wasɔ yɛn ano na wama yɛn honhom no de ayɛ yɛn guaha, yɛn koma mu.”—2 Kor. 1:21, 22.
67. Ɔrekyerɛw krataa akɔma Hebrifo a na wɔabɛyɛ Kristofo no, dɛn na ɔkyerɛwfo a honhom kaa no no kae wɔ afɔremuka no so a wodidi ne afɔre a wɔbɔ no ho?
67 Esiane sɛ 144,000 yi yɛ honhom mu asɔfo a wɔhyɛ ɔsoro Sɔfo Panyin Yesu Kristo ase nti, wɔwɔ hokwan sɛ wodi Yesu Kristo afɔre no bi wɔ “afɔremuka” a wɔyɛ Onyankopɔn “pɛ” wɔ so no so, na ná wɔn a ogye a wonnye no nni nti wɔpow Yesu sɛ nokware Mesia anaasɛ Kristo no nni ho kwan sɛ wodi n’afɔre no bi wɔ Onyankopɔn sɛnkyerɛnne kwan so “afɔremuka” no so. Nea emfi ahantan mu no, ɔkyerɛwfo a honhom kaa no no tumi ka kyerɛɛ Hebrifo a na wɔabɛyɛ Kristofo gyidifo no wɔ Hebrifo 13:10-15 sɛ: “Yɛwɔ afɔremuka a wɔn a wɔsom ntamadan no [mu] nni ho kwan sɛ wodi ho biribi. Na mmoa a bɔne nti ɔsɔfo panyin de wɔn mogya kɔ kronkron mu no, wɔhyew wɔn afunu nsra no akyi; enti Yesu nso, nea ɛbɛyɛ na ɔde n’ankasa ne mogya atew ɔman no ho no, ohuu amane, kurow [Yerusalem] pon akyi. Ɛno nti momma yemfi adi nkɔ ne nkyɛn nsra no akyi nsoa n’ahohora; na yenni kurow a ɛtra hɔ daa ɛha, na mmom nea ɛbɛba no akyi kwan na yɛhwehwɛ. Na enti momma yɛmfa no so mmɔ Onyankopɔn ayeyi afɔre, ɛne anofafa a ɛbɔ no abodin no aba daa yi.”
68, 69. (a) Afɔremuka no so a wodidi no kyerɛ sɛ wɔwɔ tebea bɛn mu wɔ sɛnkyerɛnne kwan so, na ɔkwan bɛn na wɔfaa so kɔɔ hɔ? b) Nea edi adanse sɛ wɔwɔ gyinabea yi no, dɛn na wɔkyerɛw kɔmaa Romafo Kristofo?
68 Esiane sɛ honhom mu asɔfo nkumaa yi wɔ hokwan a efi soro na wodi afɔre a ɛwɔ Onyankopɔn nokware “afɔremuka” no so no bi nti, eyi kyerɛ sɛ wɔn nso wɔ tebea a wɔde adiwo a sika kɔbere afɔremuka a wɔbɔ so afɔre no sii no yɛɛ ho mfonini no mu. Eyi yɛ trenee anaasɛ bem a Onyankopɔn nam wɔn gyidi wɔ Yesu Kristo a wɔde no bɔɔ afɔre mu so bu wɔn no tebea. Bere a Ɔsɔfo Panyin Yesu Kristo de ɛbo a ne “mogya” a ɔde bɔɔ afɔre no som kɔɔ ɔsoro Kronkron mu Kronkronbea hɔ na ɔde eyi kɔmaa Yehowa Nyankopɔn no, afei de, efi Pentekoste da, 33 Y.B. so rekɔ no, ne desani afɔre a ɛyɛ pɛ no ho mfaso horow fii ase baa n’akyidifo a na wɔwɔ asase so no so,’ esiane wɔn gyidi nti. Ɛdenam gyidi a komam anisɔ ka ho so no, wodii Kristo afɔre a wɔnam Onyankopɔn pɛ so de mae no bi. Saa kwan yi so no, wonyaa bɔne fafiri. Ɛdenam bɔne a wɔde firii wɔn a enti obuu wɔn sɛ bɔne nni wɔn ho no so no, Onyankopɔn buu wɔn atreneefo anaasɛ obuu wɔn bem. Saa kwan yi so no, ɔde wɔn baa nea adiwo hɔ yɛɛ ho mfonini no mu. Nea edi adanse sɛ wɔwɔ gyinabea yi no, yɛkan sɛ:
69 “Yegye nea onyan yɛn Awurade Yesu fii awufo mu no di . . . ; ɔno na yɛn mfomso nti woyii no mae, na yɛn bembu nti wonyan no. Afei efi gyidi mu na wɔabu yɛn bem nti, yɛnam Awurade Yesu Kristo so wɔ Onyankopɔn fam asomdwoe; ɔno nso so na yɛnam de gyidi anya ɔdom yi a yegyina mu no mu kwan, na yɛhoahoa yɛn ho Onyankopɔn anuonyam ho anidaso so. Enti afei mmom a wɔabu yɛn bem ne mogya mu yi, wɔnam no so begye yɛn nkwa afi abufuw no mu.”—Rom. 4:24 kosi 5:2, 9.
70. (a) Ɔresi wɔn tebea a afobu nnim wɔ Onyankopɔn anim so dua bere a wɔda so wɔ honam mu no, dɛn na wɔkyerɛwee wɔ Romafo nhoma no mu? (b) So wɔnam wɔn ankasa wɔn afɔre horow so betumi de biribi aka ɛbo a Kristo afɔre no som no ho anaa?
70 Ɛresi so dua bio sɛ Onyankopɔn abu honhom mu asɔfo nkumaa yi sɛ wɔn a bɔne nni wɔn ho, afobu nni wɔn ho wɔ honam mu bere a wɔda so wɔ asase yi so no, wɔakyerɛw sɛ: “Menam yɛn Awurade Yesu Kristo so meda Onyankopɔn ase. Ɛnde afei me ara [ɔsomafo Paulo] mede m’adwene mesom Onyankopɔn mmara, na ɔhonam de, mede mesom bɔne mmara. Ɛnde afei afobu biara nni hɔ mma wɔn a wɔwɔ Kristo Yesu mu (a wɔnnantew honam fam, na mmom wɔnam honhom de mu) . Na Kristo mu nkwa honhom mmara no agye me afi bɔne ne owu mmara no mu.” (Rom. 7:25 kosi 8:2) Trenee ne bembu gyinabea yi a wɔwɔ wɔ Onyankopɔn anim bere a wɔda so wɔ sintɔ ne honam a ahwease mu ɛno ne nea tete adiwo a na kɔbere afɔremuka a wɔbɔ so afɔre no si Aaron abusua mu asɔfo somee wɔ hɔ no yɛɛ ho mfonini no. Wɔrentumi mfa biribiara nka ɛbo a Kristo bɔne ho afɔre no som no ho denam wɔn ankasa honam mu afɔrebɔ biara so. Ɛno nti na wɔnam Kristo so de “ayeyi afɔre” ma Onyankopɔn na woyi Kristofo papayɛ adi kyerɛ. Wohu mfaso a enni so korakora sɛ wɔbɛbɔ nea wɔfrɛ no “Mass Afɔre” a wɔbɔ wɔ asɔre bi mu no.
71. (a) Enti wɔ sɛnkyerɛnne kwan so no, Kristofo a wɔabu wɔn trenee no nso wɔ beae bɛn? (b) Dɛn na etwa wɔne kronkron mu Kronkronbea no ntam, na hena na wabue emukɔ kwan ama wɔn?
71 Bere a wɔda so wɔ asase so wɔ ɔhonam mu no, asɔfo nkumaa a wɔabu wɔn trenee yi nso wɔ honhom mu awo tebea a ntamadan anaasɛ asɔredan no Kronkronbea no yɛɛ ho mfonini no mu. Nanso, te sɛ wɔn Sɔfo Panyin Yesu Kristo no, wɔwɔ anidaso sɛ wɔbɛhyɛn ɔsoro Kronkron mu Kronkronbea hɔ, faako a Onyankopɔn ankasa te ahengua so no. Nea mprempren esiw wɔn kwan fi Kronkron mu Kronkronbea hɔ a wɔbɛhyɛn no ne ase a wɔda so ara te wɔ honam mu no. Mmɔhɔɔ a ɛkataa ntamadan no Kronkronbea no anim fii Kronkron mu Kronkronbea hɔ, faako a na sika Apam Adaka ne ne Sekina Kanea no wɔ no yɛɛ eyi ho mfonini. Yesu Kristo buee kwan maa wɔn ma “wɔfaa mmɔhɔɔ no mu” kɔɔ nokware Kronkron mu Kronkronbea hɔ. Sɛ́ “odikanfo’ no, ɔhyɛn Kronkron mu Kronkronbea hɔ maa wɔn wɔ “mmɔhɔɔ no mu.” (Heb. 6:19, 20) Enti obuee ɔkwan foforo yi a ɛde kɔ ɔsoro asetra mu no ano.
72. Wɔhyɛ asɔfo nkumaa 144,000 no nkuran sɛ wɔnna wɔn ho adi sɛ wɔfata sɛ wɔhyɛn dɛn mu, na ɔkwan bɛn so?
72 Enti wɔka kyerɛ honhom mu asɔfo nkumaa 144,000 yi sɛ wonnya akokoduru wɔ mmɔden a wɔbɔ sɛ wɔbɛfata ma wɔagye wɔn akɔ “mmɔhɔɔ no mu” denam nokware a wobedi akosi sɛ wobewu wɔ ɔhonam mu na wɔanyan wɔn afi awufo mu akɔ honhom mu asetra mu so no mu. Ɔkyerɛwfo a honhom kaa no no ka wɔ Hebrifo 10:19-22 sɛ, “Enti anuanom, sɛ yɛwɔ Yesu mogya mu nnam a yɛde bɛkɔ kronkron mu, efisɛ watue emukɔ ama yɛn ayɛ ɔkwan foforo a ɛwɔ nkwa a ɛfa mmɔhɔɔ, ɛne sɛ ne honam mu, na sɛ́ yɛwɔ Onyankopɔn fi so sɔfo kɛse nti, momma yɛmfa nokware koma wɔ gyidi a akyinnye nnim koraa mmɛn.”
73. Sɛ wofi honam mu a, honhom mu asɔfo nkumaa no bɛhyɛn dɛn mu, na wɔakɔyɛ dɛn?
73 Bere a wɔde nokwaredi ayɛ wɔn asase so nnwuma sɛ honhom mu asɔfo nkumaa akodu wu mu mpo no, wɔde wɔn ba nkwa mu wɔ “owusɔre a edi kan” no mu, ná wɔafi ɔhonam a ɛne sɛnkyerɛnne kwan so “mmɔhɔɔ” no mu, na wobegye wɔn akɔ ɔsoro Kronkron” mu Kronkronbea hɔ na wɔahu Onyankopɔn teasefo no anuonyam a ɛne biara nsɛ no. Wɔbɛkɔ n’anim, ɛnyɛ sɛ wɔrekɔyɛ sɛ nea Ɔsɔfo Panyin Yesu Kristo yɛe no, de ɔdesani afɔre a ɛyɛ pɛ bo a ɛsom akɔma, na mmom, sɛ wɔne wɔn Sɔfo Panyin no bɛsom de Kristo afɔre no ho mfaso horow ama adesamma a wohia mmoa no. (Adi. 20:6) Ɛwom sɛ mfirihyia apem ɔsoro asɔfodwuma wɔ hɔ a ɛsɛ sɛ wɔyɛ de, nso wɔrenhia adedifo ma wɔatoa wɔn dwumadi no so. Te sɛ wɔn Sɔfo Panyin a wɔahyɛ no anuonyam no, wobenya “nkwa a a owu nni mu” na wobetumi awie wɔn mfirihyia apem asɔfodi no a wonni adedifo.—Heb. 7:16, 24.
ASƆFO A WƆYƐ MMƆBOROHUFO NA WƆWƆ NTEASE
74. (a) Kristo mpata afɔre no buee kwan maa 144,000 no ma wɔanya dɛn? (b) Dɛn nti na saa afɔre no bɛma Kristo mfirihyia apem asɔfodi no ayɛ bere a nhyira wom ma adesamma?
74 Bere a nhyira wom bɛn na saa mfirihyia apem ɔsoro asɔfodi yi bɛyɛ ama adesamma a wɔyɛ abɔnefo na wowuwu yi! Ɔɔfo Panyin no amfa afɔre a ɛyɛ pɛ no ankɔma Onyankopɔn amma asɔfo nkumaa 144,000 no nko, na mmom ɔde ma maa adesamma nyinaa. Sɛ́ honhom mu asɔfo nkumaa no mu baako no, Yohane kyerɛwee mfeha dunkron a atwam ni sɛ: “Me mma nkumaa, mekyerɛw yinom mebrɛ no, na moanyɛ bɔne. Na sɛ obi yɛ bɔne a, yɛwɔ okyigyinafo, Agya no nkyɛn, ɔtreneeni Yesu Kristo, na ɔno ne yɛn bɔne ho mpata, na ɛnyɛ yɛn de ho nko, na mmom wiase nyinaa de ho bi.” (1 Yoh. 2:1, 2) Bɔne ho mpata afɔre a Yesu Kristo bɔe no buee kwan maa asɔfo nkumaa 144,000 no ma wɔade wɔn ho afi bɔne ne ɛho afobu a ɛde kɔ owu mu no na wɔne wɔn Sɔfo Panyin no anya daa nkwa wɔ ɔsoro. Saa bɔne ho mpata koro no ara som bo kɛse na ɛho bɛba mfaso ama adesamma abusua no; ɛyɛ wiase nyinaa bɔne ho mpata. Sɛnea Osuboni Yohane de ne nsa kyerɛɛ Yesu Kristo a na wabɔ asu no so no ɔkae no: “Hwɛ Onyankopɔn guammaa no a ɔsoa wiase bɔne ni!”—Yoh. 1:29.
75. (a) Tumi a Kristo wɔ sɛ ɔboa asɔfo nkumaa 144,000 no bere a wɔwɔ asase so no si so dua sɛ obetumi aboa henanom nso? (b) Nnipakuw kɛse a wofi ahohiahia no mu ka no akyi no, henanom na wobenya mfaso afi ɛbo a Kristo afɔre no som no mu?
75 Ɔsɔfo Panyin Yesu Kristo tumi boaa asafo a n’asɔfo nkumaa 144,000 wom no ma wodii bɔne so na ogyee wɔn fii n’afobu a ɛne owu no ase. Obetumi ayɛ saa ara ama adesamma a aka nyinaa, titiriw wɔn a wɔpɛ, a wɔn kɔn dɔ daa nkwa a wɔwɔ ahonim pa wɔ Onyankopɔn anim no. Kristo wɔ mfirihyia apem a ɔde bɛyɛ eyi. Ofi ne pɛ mu, na n’ani gye ho sɛ ɔbɛyɛ. Ɔrenni huammɔ korakora wɔ ne mfirihyia apem asɔfodi wɔ “Melkisedek akwan so” no mu. Afei, ɔbɛboa pii asen ateasefo, “nnipakuw kɛse” a wofi ahohiahia kɛse a wiase nneɛma nhyehyɛe yi ba awiei wom no mu ka no. Ɔbɛboa ɔpepem pii a wonni ano a mprempren wɔada owu mu wɔ asase so adamoa mu no. (2 Tim. 4:1; Adi. 7:9-15; Aso. 24:15) Ɔremma mfaso a ɛwɔ ne desani afɔre a ɛsom bo no so no ntrã hɔ kwa a ɔmmfa nni dwuma mma wɔn a ehia wɔn no.
76, 77. (a) Bere a ohyiaa sɔhwɛ wɔ asase so no, Yesu yɛɛ n’ade dɛn wɔ nnipa ho, na dɛn na ɛma nea ɔbɛyɛ ama adesamma wɔ ne mfirihyia apem asɔfodi no mu no yɛ nokware? (b) Enti, dɛn nti na Yesu Kristo betumi afata sɛ ɔboa wɔn a wohyia sɔhwɛ no?
76 “Yɛda so yɛ nnebɔneyɛfo no, Kristo wu kyɛɛ yɛn.” (Rom. 5:8) Eyi daa no adi sɛ na ɔwɔ ayamhyehye, mmɔborohunu ne ahofama su wɔ adesamma a na wɔahwe ase a wonyaa bɔne ne owu fii asoɔdenfo Adam ne Hawa nkyɛn no ho. Na ɔwɔ ayamye, boasetɔ ne ayamhyehye, ná ɔyɛ ɔboafo, na ná ɔwɔ ntease bere a ɔwɔ asase so mfe aduasa ne fã no. Sɛ́ onipa a n’ankasa hyiaa sɔhwɛ no, otumi tee adesamma nsɛm ase, na eyi boaa no ma ohuu ade a adesamma a wɔnyɛ pɛ na bɔne ahyɛ wɔn ma no hia no yiye. Mpo bere a na ɔrewu asɛndua so wɔ Kalvary no, ɔmaa kwan ma nnipa a wɔayera no yɛɛ no ayayade na wɔyaw no a wanka hwee. Sɛ ná ɔte saa bere a ɔwɔ asase so wɔ tebea horow a enye sen biara mu no mu a, ɛnde yebetumi anya awerɛhyem sɛ ɔbɛyɛ saa ara ama adesamma wɔ ne mfirihyia apem asɔfodi no mu. Eyi ne anigyesɛm a ɔkyerɛwfo a honhom kaa no no ka:
77 “Ampa ara, ɛnyɛ abɔnefo na oso wɔn mu gye wɔn, na mmom Abraham asefo na oso wɔn mu gye wɔn; na enti ehiaa no sɛ ɔsɛ ne nuanom ade nyinaa mu, na wayɛ mmɔborohunu ne nokware sɔfo panyin, Onyankopɔn fam nneɛma no mu, na wayɛ ɔman no bɔne ho mpata. Na sɛ n’ankasa huu sɔ a wɔsɔɔ no hwɛe mu amane nti, otumi boa wɔn a wɔsɔ wɔn hwɛ no.”—Heb. 2:16-18. Fa toto Heb. 5:1, 2 ho.
78. Esiane ɔsom kronn ne yɛn nti, dɛn na Hebrifo 5:7-10 kyerɛ sɛ Yesu hyiae?
78 Wɔaka nea Yesu Kristo hyiae sɛnea ɛbɛyɛ na wada ne ho adi sɛ ɔsɔfo a odi mu na ne ho nni nkekae wɔ asase so ma Onyankopɔn som kronn ne yɛn nti no ho asɛm tiaa ama yɛn wɔ Hebrifo 5:7-10 sɛ: “Ɔno a ne honam nna no mu ɔde mpaebɔ nkotɔsrɛ brɛɛ nea obetumi agye no afi wu mu no, [wɔ] nteɛm a emu yɛ den ne nusu mu, na ɔfɛre nti wotiee no, ɔyɛ ɔba de, nanso osuaa amane a ohui no mu osetie, na onya yɛɛ pɛ no, ɔyɛɛ wɔn a wotie no nyinaa daa nkwagye farebae a Onyankopɔn bɔ ne din frɛ no Melkisedek akwan so sɔfo panyin.”
79, 80. (a) “Nkwa a owu nni mu” a ɔwɔ no ma Kristo tumi yɛ dɛn ma adesamma wɔ ne mfirihyia apem asɔfodi no mu? (b) Nea ɛne Mmara no de no bɔ abira no, asɔfodi bɛn na ntam a Onyankopɔn kae no de mae?
79 “Nkwa a owu nni mu ahoɔden” a ɔwɔ no bɛma wadi ne mfirihyia apem sɔfo no a ɔrenhia adedifo kosi sɛ awiei koraa no ɛde nidi bɛbrɛ Onyankopɔn. Obetumi aboa adesamma araa de akosi sɛ wobeyi bɔne ne owu afi hɔ korakora. Obetumi ayɛ nea Aaron abusua mu asɔfo a wɔbae nnidiso no antumi anyɛ da bɛboro mfirihyia apem ne ahanum wɔ wɔn som kronn ho no. Sɛnea wɔakyerɛw wɔ Hebrifo 7:23-28 no:
80 “Na wɔn de, wɔyɛɛ asɔfo a wɔdɔɔso, sɛ owu amma wɔantra hɔ ntia; na oyi de, sɛ ɔte hɔ daa nti, odi sɔfo a wɔnsakra. Enti nso obetumi agye wɔn a wɔnam no so ba Onyankopɔn nkyɛn no koraa, sɛ ɔte ase daa sɛ obedi ama wɔn. Na ɔsɔfo panyin a ɔfata yɛn ne sɛ ɔsɔfo panyin yi a ne ho tew, onni bɔne, ne ho nni nkekae, wɔayi no afi nnebɔneyɛfo ho, na wɔama no so akyɛn ɔsoro; ɔno na enhia no daa, sɛ asɔfo mpanyin no, sɛ ɔbɔ n’ankasa bɔne ho afɔre kan ansa na wabɔ ɔman no de; na ɔde ne ho bɔɔ afɔre no, ɔyɛɛ eyi prɛko. Na mmara no hyɛ nnipa a wɔyɛ mmerɛw asɔfo mpanyin, na mmara no akyi ntanka no asɛm no hyɛ Ɔba no a wawie pɛyɛ daa no sɔfo panyin.”
81. (a) Dɛn nti na asɔfo nkumaa 144,000 no betumi ayi mmɔborohunu ne ntease adi akyerɛ adesamma? (b) Dɛn na “nkwa a owu nni mu” a wɔwɔ no bɛma wɔatumi ayɛ?
81 Na honhom mu asɔfo nkumaa 144,000 a “wɔbɛyɛ Onyankopɔn ne Kristo asɔfo . . . mfirihyia apem” no nso ɛ? (Adi. 20:6) Wiɛ, Onyankopɔn huu wɔn siei “sɛ wɔnsɛ ne Ba suban.” (Rom. 8:29) Wɔn nso wɔawo wɔn sɛ nnipa ma wɔanyinyin sɛ mmarima ne mmea, nanso wɔyɛ abɔnefo a wɔnyɛ pɛ esiane sɛ wofi atuatewfo Adam ne Hawa mu nti. Enti wonim nea ɔbɔnefo a ɔdesani a ɔyɛ mmerɛw yɛ no kyerɛ. Saa nso na, te sɛ wɔn Sɔfo Panyin Yesu Kristo no, wobetumi ayɛ mmɔborohunufo ne wɔn a wɔwɔ ayamye ma adesamma abɔnefo a wowuwu no. Saa ara na na wɔte bere a na wɔda so wɔ asase so sɛ honhom mu asɔfo nkumaa no. Wɔbɛyɛ saa ara bere a wonya kyɛfa wɔ “owusɔre a edi kan” no mu ma wɔbɛyɛ asɔfo nkumaa no. Wɔrenwuwu na wonnyaw wɔn adwuma hɔ a wɔanwie. Dabi, na mmom esiane sɛ wɔwɔ “nkwa a ɛnsɛe ahoɔden” nti, wobetumi ne wɔn Sɔfo Panyin no aka abom na wɔaboa no ma wawie adwuma a wɔyɛ de yi bɔne fi hɔ kɔ pɛyɛ mu no. Dɛn na ebefi mu aba? Adesamma mu asoɔmmerɛwfo nyinaa a wɔbɛsan de wɔn aba ɔdesani pɛyɛ mu.
82. Ɔkwan bɛn so na Adiyisɛm 21:4 ka nnwuma a ɛyɛ nwonwa a saa mfirihyia apem asɔfodi no bɛyɛ ho asɛm, na amansan bɛn na Onyankopɔn benya bio?
82 Wɔaka adwuma a ɛyɛ nwonwa a mfirihyia apem asɔfodi a asɔfokuw ho nhyehyɛe biara nnim no bɛyɛ no ho asɛm akyerɛ yɛn wɔ asɛm a ɛyɛ anigye yi mu sɛ: “Owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne su ne yaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma atwam.” (Adi. 21:4) Yiw, bɔne a ɛne “owu nwowɔee” no befi hɔ! Wɔbɛpopa adesamma bɔne a wonya fii yɛn pɛsɛmenkominya awofo a wodi kan no nkyɛn no afi hɔ a awerɛhow a ɛde ba ne ahohorabɔ a ɛde ba Onyankopɔn so no nyinaa ka ho. Ɔsorosoroni Yehowa Nyankopɔn benya amansan bi a ɛho tew, edi mu na ɛyɛ kronkron bio.