Mmofra Bisa Sɛ . . .
Mɛyɛ Dɛn Atumi De Nokware no Ayɛ Me De?
“Wɔtetee me sɛ Yehowa Dansefo, na na mete nka bere nyinaa sɛ sɛ wɔtetee wo saa kwan no so a, na wunim Yehowa ankasa. Hwɛ mfomso ara a midii!”—Antoinette.
“DƐN ne nokware?” Pontio Pilato, ɔbarima a ɔde Yesu mae sɛ wonkum no no na obisaa asɛm a wonim no yiye no. (Yohane 18:38) Nanso, ɛda adi sɛ na Pilato pɛ sɛ ɔfa asɛm a obisaa no animtiaabu mu no so de asɛm no ba awiei—na ɛnyɛ sɛ ɔrebisa na wɔabɔ ho nkɔmmɔ pa bi. Ná n’ani nye “nokware” ho ankasa. Na wo nso ɛ? So w’ani gye nokware ho?
Nyansapɛfo asusuw nea nokware kyerɛ ho mfehaha pii, nanso nea ɛhaw adwene no, wɔn mmɔdenbɔ no nsow aba ahe biara. Nanso, wubetumi anya Pilato asɛmmisa no ho mmuae. Yesu Kristo kyerɛkyerɛe sɛ Onyankopɔn Asɛm yɛ nokware. Ɔsan kaa n’ankasa ho asɛm sɛ “nokware no.” Na ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: ‘Nokware no nam Yesu so na ɛbae.’ (Yohane 1:17; 14:6; 17:17) Enti, wɔfrɛ Kristofo nkyerɛkyerɛ nyinaa a akyiri yi ɛbɛyɛɛ Bible no fã, no nso sɛ “nokware” anaa “asɛmpa no nokware.” (Tito 1:14; Galatifo 2:14; 2 Yohane 1, 2) Nea ɛka Kristofo nkyerɛkyerɛ yi ho ne nneɛma te sɛ Onyankopɔn ankasa din, Onyankopɔn Ahenni a wɔde asi hɔ, owusɔre, ne Yesu agyede no.—Dwom 83:18; Mateo 6:9, 10; 20:28; Yohane 5:28, 29.
Mmofra mpempem pii a wɔn awofo yɛ Kristofo no yɛ nea wɔde Bible mu nokware no akyerɛkyerɛ wɔn. Na so eyi kyerɛ sɛ saafo no “nam nokware mu”? (3 Yohane 3, 4) Ɛnte saa ankasa. Sɛ nhwɛso no, wɔtetee Jennifer a wadi mfe aduonu no sɛ Yehowa Dansefo. Ɔka sɛ: “Ná me maame de me kɔ Adansefo ɔmantam nhyiam ahorow, na ɔka kyerɛɛ me sɛ ɛsɛ sɛ misusuw asubɔ ho. Nanso mekaa no me tirim sɛ, ‘Mempɛ sɛ mɛyɛ Ɔdansefo da. Mepɛ sɛ migye m’ani kɛkɛ!’”
Mmofra bi gye nea wɔakyerɛ wɔn no di, nanso wontumi nnya nea Bible no kyerɛkyerɛ ankasa ho ntease a ɛkɔ akyiri. Asiane bɛn na ɛwom? Yesu bɔɔ kɔkɔ sɛ ankorankoro bi ‘nnye ntini wɔ wɔn mu.’ Ebia saafo yi ‘bɛwɔ hɔ bere tiaa bi; na akyiri no, sɛ asɛm no nti ahohia anaa ɔtaa ba a, ntɛm ara na ato wɔn hintidua.’ (Marko 4:17) Afoforo betumi akyerɛkyerɛ wɔn gyidi a egyina Bible so no mu akosi baabi, nanso na wommehuu Onyankopɔn ankasa. Ababaa bi a wɔfrɛ no Aneesa ka sɛ: “Minsusuw sɛ bere a na misua no, na me ne Yehowa wɔ abusuabɔ ankasa . . . Misusuw sɛ na egyina abusuabɔ a na m’awofo ne no wɔ so titiriw.”
Wo gyinabea te dɛn wɔ asɛm yi mu? So Yehowa yɛ w’awofo Nyankopɔn ara kwa? Anaasɛ, te sɛ Bible mu dwontofo no, wubetumi aka sɛ: “Wo, [Yehowa, NW], so na mede me ho mato. Mise: Wone me Nyankopɔn”? (Dwom 31:14) Ebegye akokoduru na wode agye nokwasɛm ahorow no atom. Aberantewaa bi a wɔfrɛ no Alexander ka sɛ: “Wɔ me fam no, na ɛsɛ sɛ mifi nokwaredi mu di kan yɛ me ho mu nhwehwɛmu.” Bere a woayɛ w’ankasa wo ho mu nhwehwɛmu akodu baabi no, ebia wubehu sɛ w’ankasa wonsɔɔ nokware no nhwɛe ankasa (Kristofo nkyerɛkyerɛ no nyinaa). Ebia na wontee nneɛma ase yiye, enti ɛbɛyɛ sɛ nea wunni atirimpɔw anaa akwankyerɛ ankasa wɔ w’asetra mu.
Wɔ Yehowa Adansefo Kristofo nhyiam ahorow ase no, wɔtaa to dwom bi a wɔato din “Fa Nokware no Yɛ Wo De.”a Saa afotu no betumi ayɛ nea ɛfata wo. Nanso wobɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa? Ɛhe na wubefi ase?
W’ankasa Sɔ Hwɛ
Wɔ Romafo 12:2 no, yehu ɔsomafo Paulo afotu yi: ‘Monsɔ nea Onyankopɔn pɛ a eye, na ɛsɔ ani, na ɛyɛ pɛ no nhwɛ.’ Ɔkwan bɛn koraa so na wubetumi ayɛ saa? Ɛdenam ‘nokware no ho nimdeɛ a edi mu’ a wubenya so. (Tito 1:1) Tetefo a wɔtraa Beroia kurow mu no annye nneɛma a wɔtee no a wɔanyɛ mu nhwehwɛmu. Nea ɛne no bɔ abira no, ‘wɔhwehwɛɛ kyerɛwsɛm no mu daa sɛ nneɛma a na wɔresua no te saa anaa.’—Asomafo no Nnwuma 17:11.
Kristoni abofra bi a wɔfrɛ no Erin huu hia a ehia sɛ n’ankasa yɛ saa no. Ɔka sɛ: “Meyɛɛ nhwehwɛmu. Mibisaa me ho sɛ, ‘Mɛyɛ dɛn ahu sɛ eyi ne nokware som no? Mɛyɛ dɛn ahu sɛ Onyankopɔn bi wɔ hɔ a ne din de Yehowa?’” Dɛn nti na wumfi ase nyɛ w’ankasa wo kokoam adesua ho nhyehyɛe? Wubetumi de Bible ho nhoma a ɛne Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mub no afi ase. Tɔ wo bo ase kenkan. Kenkan Kyerɛwnsɛm a wɔatwe adwene asi so no nyinaa na hwɛ sɛnea ɛfa nea wɔaka no ho. Ebia ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ wubehu sɛnea wote nka wɔ nokware no ho bere a wobɛyɛ “odwumayɛni a enhia sɛ ɔfɛre, na okura nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ” no!—2 Timoteo 2:15.
Ɔsomafo Petro kae sɛ Bible mu nneɛma bi “ase yɛ ohuna,” na wubehu sɛ eyi yɛ nokware. (2 Petro 3:16) Nanso Onyankopɔn honhom betumi aboa wo ma woate nsɛm a asete yɛ den mpo ase. (1 Korintofo 2:11, 12) Sɛ ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛte nneɛma bi ase a, bɔ mpae srɛ Onyankopɔn mmoa. (Dwom 119:10, 11, 27) Bɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ nhwehwɛmu foforo bi wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma ahorow mu. Sɛ wunhu sɛnea wobɛyɛ no a, hwehwɛ mmoa. W’awofo anaa Kristofo asafo no mufo foforo bi a wɔn ho akokwaw betumi aboa wo.
Kae sɛ, ɛnyɛ sɛ woresua ade na ama afoforo ahu sɛ wowɔ nimdeɛ. Abofra bi a wɔfrɛ no Collin kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Worebehu Yehowa su ahorow.” Tɔ wo bo ase dwennwen nea wokenkan no ho sɛnea ɛbɛyɛ a ebedu wo koma mu tɔnn.—Dwom 1:2, 3.
Asafo no a wo ne no bɛbɔ wɔ Kristofo nhyiam ahorow ase no nso betumi aboa wo. Anyɛ yiye koraa, sɛnea ɔsomafo Paulo kyerɛwee no, asafo no yɛ “nokware dum ne nnyinaso.” (1 Timoteo 3:15) Mmofra bi nwiinwii sɛ Kristofo nhyiam ahorow ase yɛ mfonee. Abofra Collin ka sɛ: “Sɛ woansiesie wo ho amma nhyiam ahorow a, ɛnde worennya hwee mfi mu.” Enti di kan siesie wo ho ma nea mubesua no. Nhyiam ahorow tumi yɛ anigye kɛse bere a wunya mu kyɛfa—na ɛnyɛ bɛhwɛadeni kɛkɛ no.
So Wunni Adagyew Koraa Sɛ Wubesua Ade?
Nokwarem no, wɔ wo sukuu mu nnwuma ne ofie nnwuma nyinaa akyi no, bere a wubenya de asua ade no betumi ayɛ asɛnnennen ankasa. Abofra bi a wɔfrɛ no Susan kyerɛw sɛ: “Mihui mfe pii sɛ ɛsɛ sɛ meyɛ ahoboa ma nhyiam ahorow na meyɛ kokoam adesua, nanso mantumi anyɛ saa da.”
Susan suae sɛ ‘ɔbɛtɔ bere’ afi nneɛma a ɛho nhyɛ da nhia no mu. (Efesofo 5:15, 16) Nea edi kan no, ɔkyerɛkyerɛw nneɛma a na ɛsɛ sɛ osua no nyinaa. Afei ɔyɛɛ bere nhyehyɛe a ɔde besua. Nanso ɔde ahomegye bere nso kaa ne nhyehyɛe no ho. Otu fo sɛ: “Mfa biribi nhyɛ bere a wonyɛ hwee no mu. Yɛn nyinaa hia bere bi a yɛde begye yɛn ahome.” Akyinnye biara nni ho sɛ, bere nhyehyɛe a wobɛyɛ bɛboa wo nso.
Ka Nea Wusua no Ho Asɛm
Nea wusua no a wode bedi dwuma no bɛboa ma abɛyɛ wo nipasu titiriw. Bɔ mmɔden sɛ wobɛkyerɛkyerɛ onipa foforo. Odwontofo no kae sɛ: “M’ano bɛka anyansasɛm, na me komam nsusuwii yɛ nhumu ara nko.”—Dwom 49:3.
Sɛ w’ani nwu asɛmpa no ho a, worentwentwɛn wo nan ase sɛ wobɛka ho asɛm akyerɛ mfɛfo sukuufo ne afoforo a wubehyia wɔn. (Romafo 1:16) Sɛ wode hokwan ahorow a ɛte saa no ka nokware no ho asɛm kyerɛ afoforo a, wode nea woresua no bedi dwuma; na wɔ saa kwan yi so no, wode nokware no bɛhyɛ w’ankasa w’adwene ne wo koma mu.
Hwɛ Wo Fekubɔ Yiye
Afeha a edi kan mu Kristofo no bi nyaa honhom fam nkɔanim pa. Nanso na ɛsɛ sɛ ɔsomafo Paulo kyerɛw wɔn ntɛm ara bisa wɔn sɛ: “Hena na osiw mo kwan sɛ munntie nokware no?” (Galatifo 5:7) Biribi a ɛte saa ara too abofra bi a wɔfrɛ no Alex. Ɔka sɛ, “fekubɔne” brɛɛ mmɔden a ɔbɔe sɛ obesua Onyankopɔn Asɛm no ase. Sɛ wubenya honhom fam nkɔso a, ehia sɛ wo nso woyɛ nsakrae bi wɔ eyi mu.
Ɔkwan foforo so no, fekubɔ pa betumi aboa ma woanya nkɔanim ankasa. Mmebusɛm 27:17 ka sɛ: “Dade sew dade ano, na onipa sew ne yɔnko anim.” Ɛsɛ sɛ wunya wɔn a wɔyɛ nhwɛso pa—nnipa a wɔde nokware no di dwuma wɔ wɔn ankasa asetra mu. Wubetumi anya bi wɔ w’ankasa wo fie. Abofra Jennifer ka sɛ: “Ná me nanabarima ne me nhwɛsofo a ɔsen biara. Bere nyinaa na ɔde nnɔnhwerew abiɛsa siesie ne ho ma yɛn asafo no Bible adesua a yɛyɛ no Kwasida no. Ná ɔhwɛ kyerɛwsɛm biara a ɛwɔ adesua no mu wɔ Bible nkyerɛase ahorow mu, na na ɔhwɛ nsɛmfua asekyerɛ wɔ ne nsɛm asekyerɛ nhoma mu. Ná waben wɔ Bible mu nokwasɛm ahorow a yennim ho hwee no mu. Biribiara a wubebisa no no, na onya ho mmuae.”
Sɛ wode nokware no yɛ w’ankasa wo de a, wunya agyapade bi a ɛsom bo—biribi a worentumi mfa biribi foforo nsi ananmu. Enti mmu nokware no sɛ “m’awofo som” ara kwa. Ɛsɛ sɛ wo nsusuwii yɛ te sɛ odwontofo no a ɔkaa nea edi so yi de no: “M’agya ne me na agyaw me, na [Yehowa, NW] de, ogye me.” (Dwom 27:10) Sɛ wuhu nea Bible kyerɛkyerɛ ankasa, na wugye di, ne afoforo kyɛ wo gyidi ahorow, na nea ɛsen ne nyinaa no, wode saa gyidi ahorow yi bɔ wo bra a, wobɛda no adi sɛ wode nokware no ayɛ wo de.
[Ase hɔ nsɛm]
a Efi nnwom nhoma Monto Ayeyi Nnwom Mma Yehowa a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintimii no mu.
b Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., na wotintimii.
[Kratafa 15 mfonini]
W’ankasa sɔ nokware no hwɛ denam nhwehwɛmu ne kokoam adesua a w’ankasa wobɛyɛ so