Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • “Adɔfo, Momfa . . . Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu”
    Ɔwɛn-Aban—1983 | March 1
    • “Na akyinnyegyefo nso, munhu wɔn mmɔbɔ, ebinom nso munhwim wɔn mfi gya mu nnye wɔn nkwa, ebinom nso momfa osuro nhu wɔn mmɔbɔ, na montan atade a honam nkekae akeka mu nso.” (Yuda 22, 23)

  • “Adɔfo, Momfa . . . Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu”
    Ɔwɛn-Aban—1983 | March 1
    • 12. (a) Esiane sɛ na “amumɔyɛfo” no akɛntɛn wɔn so nti, dɛn na ebetumi aba sɛ ebinom adwenem yɛɛ wɔn naa wɔ ho? (b) Ɔkwan bɛn so na ebetumi ayɛ yiye sɛ ‘wobehwim ebinom afi ogya no mu’?

      12 Ɛdenam wɔn atoro nkyerɛkyerɛ, wɔn anwiinwii, wɔn akasakasa, ne ade, no so no, na “amumɔyɛfo” no rema wɔn a wɔn ase ntimii honhom mu no adwene mu ayɛ wɔn nãa. Bere a ebia atoro akyerɛkyerɛfo no ahupoosɛm no ahaw wɔn no, ebia akyinnyegyefo no adwene mu bɛyɛ wɔn nãa sɛ ebia Kristofo a wɔahyira wɔn ho so yɛ Yehowa nkurɔfo ampa anaa, na ebia na wɔagyae som a wɔne wɔn bom som ne asɛmpaka adwuma a wɔne wɔn yɛ no. Ná wɔn a wɔte saa a wɔn ase ntimii no wɔ “ogya,” anaasɛ daa ɔsɛe, ho asiane mu. (Fa toto Mateo 18:8, 9; 25:31-33, 41-46 ho.) Nanso ɛdenam honhom mu afotu ne mpaebɔ a wɔde bɛboa wɔn ntɛm so no, Kristofo a wɔn ase atim, titiriw asafo mu ahwɛfo no, betumi agye wɔn, ‘ahwim wɔn afi ogya no mu.’​—Galatifo 6:1; Yakobo 5:13-20.

      13. (a) Ɔkwan bɛn so na ebinom ‘de nkekae ayɛ wɔn atade mu’? (b) Ɔkwan bɛn so na wobetumi ‘agye’ wɔn a wɔhyehyɛ ntade a ‘nkekae wɔ mu’?

      13 Ebetumi aba sɛ ebinom kodii wɔn a wogu honam ho fi no akyi na wɔne wɔn nyinaa de wɔn ho kɔhyɛɛ ahohwibɔ mu anaasɛ honhom fam awaresɛe mu. (Yakobo 4:4) Ɛdenam mmoadeyɛ hokwan a wɔmae so no, na ɛte sɛ nea ‘wɔama nkekae akeka wɔn atade mu.’ Na wɔama nkekae aba wɔn nipasu sɛ nokware Kristofo, a ɛte sɛ atade a wɔhyɛ no mu. (Fa toto Adiyisɛm 3:4, 5 ho.) Yehowa adansefo anokwafo hwɛɛ wɔn ho so yiye wɔ nkekae a wɔbɛma aba wɔn ankasa Kristofo nipasu atade no mu saa kwan so no ho efisɛ eyi nsɔ Yehowa Nyankopɔn ani na ebetumi akowie ɔsɛe mu. Nanso, nnipa a wɔwɔ Onyankopɔn suro, titiriw mpanyimfo a wɔapaw wɔn no, fi mmɔborohunu mu bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛboa wɔn a wɔn ase ntimii a wɔhyɛ ‘ntade a nkekae wɔ mu’ no ma wɔasan aba nkwagye kwan no so. Sɛ wɔn a wɔafom kwan no da nokware ahonu adi a, wobetumi “agye wɔn” afi wu a wobewu wɔ Onyankopɔn abufuw mu, ade a ɔkwan a ɛho ntew so a wɔbɛfa betumi de aba wɔn so no mu.​—Mmebusɛm 28:13.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena