Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • “Adɔfo, Momfa . . . Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu”
    Ɔwɛn-Aban—1983 | March 1
    • “Na nea obetumi aso mo mu na moanhintiw, na ɔde mo asi anuonyam anim, sɛ nnipa a wonni dɛm wɔ ahosan mu no, Onyankopɔn koro a ɔnam yɛn Awurade Yesu Kristo so yɛ yɛn agyenkwa no, ɔno na anuonyam ne kɛseyɛ ne ahoɔden ne tumi nka no mmeresanten ne afei ne daa nyinaa. Amen.” (Yuda 24, 25)

  • “Adɔfo, Momfa . . . Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu”
    Ɔwɛn-Aban—1983 | March 1
    • 16. (a) Dɛn nti na wobetumi afrɛ Yehowa “Onyankopɔn koro a ɔnam yɛn Awurade Yesu Kristo so a yɛn agyenkwa”? (b) Yuda kyerɛe sɛ dɛn nka Onyankopɔn, na dɛn nti na ɛfata saa?

      16 Yehowa yɛ, sɛnea Yuda kae no, “Onyankopɔn koro a ɔnam yɛn Awurade Yesu Kristo so yɛ yɛn agyenkwa.” Mpɛn pii wɔ Kyerɛwnsɛm no mu no, wɔka Yehowa ho asɛm sɛ Agyenkwa. (Dwom 106:21; Yesaia 43:3; Yeremia 14:8; Luka 1:46, 47) Ɔno na ɔyɛ nkwagye ho nsiesie denam Awurade Yesu Kristo so. (Mateo 20:28; Yohane 3:16, Romafo 5:8; 1 Yohane 4:9, 14) Nea ɛfata no, Yehowa na Yuda kyerɛe sɛ “anuonyam” (Hela, doxa) nka no. (Fa toto Dwom 29:1, 2 ho.) Onyankopɔn na ɔkyerɛe sɛ “kɛseyɛ” (Hela, megalosyne) , a ɛkyerɛ ɔhene “kɛseyɛ,” wɔ no. Eyi yɛ Yehowa tumi kɛse sɛ “Mmeresanten Hene” no a wogye tom ma ɛfata (1 Timoteo 1:17) Ɔkyerɛe sɛ Kratos, anaasɛ “ahoɔden” nso wɔ Yehowa, na ɛda adi sɛ ɛka no tumidi, anaasɛ ne nniso, wɔ ɔsoro anaasɛ asase so ho asɛm. (Fa toto Daniel 4:25; Adiyisɛm 11:16-18 ho.) Afei Yuda kyerɛe sɛ “tumi” (Hela, exousia) wɔ Onyankopɔn, efisɛ Yehowa wɔ tumi sɛ ɔyɛ nea ɔpɛ.​—Daniel 4:34, 35.

      17. Dɛn nti na abodin a Yuda de ma Onyankopɔn no bɛyɛ nea ɛfata (a) ‘mmeresanten a atwam nyinaa’? (b) ‘mprempren’? (d) “daa nyinaa”?

      17 Nea ɛfata no, Yuda kae sɛ anuonyam, kɛseyɛ, ahoɔden ne tumi nka Yehowa “mmeresanten,” anaasɛ “bere a atwam nyinaa,” sɛnea nnipa betumi ahu, efisɛ Yehowa ne Onyankopɔn a “ofi daa kɔ daa.” (Yuda 25, NW; Dwom 90:2) Yehowa asomfo bɛka “afei,” kyerɛ sɛ bere a Yuda kyerɛwee no ne nnɛ, ma afata sɛ saa nneɛma yi wɔ no. Bio nso, saa abodin yi fata Yehowa de kosi “daa nyinaa,” efisɛ ɔrenwu na obenya ayeyifo anokwafo daa nyinaa. (Habakuk 1:12; Dwom 148) Yuda asɛm a ɛte sɛ mpaebɔ no awiei no, ɔde kaa ho sɛ “Amen,” “Ɛnyɛ hɔ.” Na Yehowa adansefo anokwafo nyinaa gye n’ayeyisɛm no tom anigye so.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena