Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w83 2/1 kr. 5-9
  • ‘Mompere Gyidi No Ho Denneennen’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Mompere Gyidi No Ho Denneennen’
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Mmɔborohunu, Asomdwdoe Ne Ɔdɔ Pii Ho Abisade
  • ‘Mompere Denneennen’
  • AFOTU A EMU YƐ DEN MA YƐN BERE YI
  • “Adɔfo, Momfa . . . Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • ‘Monko Mpere Gyidi no’!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Ɛsɛ Sɛ Yɛyere Yɛn Ho Paa Na Yɛatumi Akɔ So Atena Nokware No Mu
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2019
  • Hwɛ Wo Ho So Yiye wɔ Awaefo Ho!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
w83 2/1 kr. 5-9

‘Mompere Gyidi No Ho Denneennen’

“Adɔfo, . . . ahia me sɛ mekyerɛw mebrɛ mo, na mede matu mo fo sɛ mompere gyidi a wɔde ama ahotefo prɛko no ho.”​—Yuda 3.

1. Dɛn ne nneɛma bi a ɛho wɔ mfaso ma Satan wɔ mmɔden hunu a ɔbɔ sɛ ɔbɛsɛe nokware Kristosom no mu?

ƐSƐ sɛ Yehowa asomfo ko denneennen ma nokware gyidi no. Wɔn tamfo, Ɔbonsam, hwehwɛ sɛ ɔnam ɔtaa ankasa ne ‘anifere nneyɛe so’ bɛsɛe abusuabɔ a ɛsom bo a wɔne Yehowa Nyankopɔn wɔ denam Yesu Kristo so no. (Efesofo 6:11; 1 Petro 5:8) Wɔ mmɔden hunu a Satan bɔ sɛ ɔbɛsɛe nokware Kristosom mu no, wabɔ mmɔden sɛ obetutu ase bere ne bere mu. Nneɛma ahorow a ɛmfata a ebetumi adi saa atirimpɔw yi ho dwuma no mu binom ne: (1) Atoro nkyerɛkyerɛ; (2) abrabɔ bɔne; (3) gyidi a wonni; (4) obu a wonni mma tumidi a wofi soro de asi hɔ; (5) anwiinwii; ne (6) nnipa ahorow ho anigye a wɔkyerɛ esiane pɛsɛmenkominya mfaso bi nti.

2. Yuda nhoma no ho nsɛm bɛn ne wɔda no adi wɔ ha?

2 Yehowa de nea ɛho hia honhom fam na abɔ n’asomfo ho ban, na ako atia Ɔdaadaafo kɛse no, ma sɛnea ɛfata. (Yesaia 59:1) Nneɛma a ɛtete saa mu biako ne Yuda nhoma a wofi honhom mu kyerɛwee no. Ɛda adi sɛ osuani Yuda kyerɛw no Palestina ansa na afe 66 YB reba, efisɛ ɔnka Yerusalem a Cestius Gallus bɛko tiae wɔ saa afe no mu no ho hwee, na ɔnka saa kurow no asehwe wɔ Romafo dɔm anim wɔ Tito ase wɔ 70 YB mua no nso ho hwee.

3. Akwan horow bɛn so na Yuda nhoma a efi honhom mu no betumi ayɛ nea ɛsom bo kɛse nnɛ?

3 Ɛwom sɛ wɔkyerɛw no mfehaha pii a atwam ni de, nanso Yuda nhoma no som bo kɛse ma yɛn nnɛ. Kristofo ahwɛfo a wɔnam honhom so apaw wɔn betumi de adi dwuma​—na ɛsɛ sɛ wɔde di dwuma sɛ nea wogyina so de afotu ma. Afei nso, sɛ yɛde mpaebɔ ne ahobrɛase sua saa nhoma yi a, ebetumi aboa yɛn ankasa. Na eyi te saa titiriw sɛ yehu sɛ atoro nkyerɛkyerɛ anaasɛ abrabɔ bɔne bi reyɛ afi ase, sɛ yehu sɛ yɛn gyidi ano rebrɛ ase, anaasɛ yehu wɔ yɛn koma mu sɛ su bi refi ase a ɛma yebu tumidi a Onyankopɔn de asi hɔ animtiaa, ma yenwiinwii anaasɛ yɛkorɔkorɔ nnipa ahorow bi esiane pɛsɛmenkominya mfaso bi nti a. Bere a yesusuw saa krataa a efi honhom mu yi ho, efi nkyekyem biako so kɔ foforo so no, akyinnye biara nni ho sɛ yebehu sɛnea yɛde n’afotu a ɛnsakra no bedi dwuma wɔ ankorankoro ne asafo no fam ntɛm ara.

Mmɔborohunu, Asomdwdoe Ne Ɔdɔ Pii Ho Abisade

4. Yuda daa ne ho adi dɛn, na dɛn na ɛkyerɛ?

4 Yuda fii ne krataa no ase sɛ:

“Yuda, Yesu Kristo akoa, Yakobo ne nua, de kɔma wɔn a wɔafrɛ wɔn a agya Nyankopɔn dɔ wɔn na wɔakora wɔn ama Yesu Kristo no.” (Yuda 1)

Sɛ́ “Yesu Kristo akoa” no, na Yuda nni nkoasom a ɛyɛ aniwu mu. Mmom no, na saa ‘nkoayɛ’ no gyina nokwasɛm a ɛyɛ sɛ Yesu mogya a ɛsom bo no atɔ n’akyidifo ama ne som a anigye wom, a ɛma daa nkwa no. Yesu dɔ afa wɔn nnommum na wofi wɔn pɛ mu de wɔn ho ama no. (Mateo 11:29, 30; fa toto Efesofo 5:21-33 ho.) Yuda kae sɛ ɔyɛ Kristo “akoa,” nanso ɔyɛ ‘Yakobo nua,’ Yakobo a ɛda adi sɛ na ɔyɛ Yerusalem asafo no mu honhom mu “adum” no mu biako ne “Awurade nua” no. (Galatifo 2:9; 1:19; fa toto Asomafo no Nnwuma 12:17; 15:13-21 ho.) Enti ɛda adi sɛ na Yuda yɛ Yesu ne nã ba, nanso ahobrɛase mu no wanhwehwɛ anuonyam esiane abusuabɔ a ɔne Onyankopɔn Ba no wɔ nti.​—Marko 6:3.

5. (a) Ná henanom ne “wɔn a wɔafrɛ wɔn” no? (b) Ɔkwan bɛn so na ‘wɔkoraa wɔn a wɔafrɛ wɔn no so maa Kristo’? (d) “Wɔn a wɔafrɛ wɔn” no akyi no, henanom nso na Yuda nhoma no yɛ nkuranhyɛ ma wɔn?

5 Yuda nhoma no yɛ nea na wɔhwehwɛ sɛ nnipa pii behu. Wɔde kɔmaa “wɔn a wɔafrɛ wɔn,” kyerɛ sɛ, wɔn a Onyankopɔn afrɛ wɔn akɔ ne Ba no soro ahenni a anuonyam wom no mu no. (Yohane 6:44; fa toto Asomafo no Nnwuma 16:14 ho.) Yehowa dɔɔ “wɔn a wɔafrɛ wɔn” yi, na na ɛyɛ ne pɛ sɛ ɔde ahenni no bɛma wɔn, sɛ wɔkɔ so kura honhom mu tebea a ɛfata mu a. (Luka 12:32; Romafo 8:38, 39; fa toto Yesaia 52:11 ho.) ‘Wɔkoraa wɔn so maa Yesu Kristo’ efisɛ Yehowa Nyankopɔn bɔɔ wɔn ho ban esiane abusuabɔ a na wɔne ne Ba no wɔ, ma wɔyɛ ne nipadua no mufo nti. Sɛ wodi nokware a, wɔbɛka Yesu ho wɔ n’ahenni no mu. (Efesofo 4:15, 16; 2 Timoteo 1:12; 1 Petro 1:3-5) Nanso afotu pa a ɛwɔ saa nhoma yi mu no nyɛ “wɔn a wɔafrɛ wɔn” no nkutoo dea. Ebetumi ayɛ nkuranhyɛ kɛse nso ama nnipa anokwafo afoforo “nnipakuw kɛse” a ɛnnɛ wɔne Kristo honhom mu “nuanom” no yɛ ahenni no ho adwuma no nso.​—Mateo 24:14; 25:34-40; Adiyisɛm 7:4, 9, 15.

6. Akwan horow bɛn so na na wɔada Onyankopɔn mmɔborohunu adi akyerɛ Yuda mfɛfo asomfo no?

6 Nea edi hɔ no, Yuda daa koma mu nkate horow yi adi:

“Mmɔborohunu, asomdwoe ne ɔdɔ nnɔɔso nka mo.” (Yuda 2)

Wɔmaa wɔn a Yuda kyerɛw ne nhoma no kɔmaa wɔn no nyaa mmɔborohunu, asomdwoe ne ɔdɔ bere a wɔbɛyɛɛ gyidifo a wɔahyira wɔn ho so na Yehowa de wɔn bɔne firii wɔn denam Yesu Kristo so no. Onyankopɔn mmɔborohunu daa adi wɔ agyede nsiesiei a ɔnam Yesu so yɛe no mu. (Tito 3:4-7) Onyankopɔn mmɔborohunu foforo nso a ɛdaa adi ne nkoa a na wɔnyɛ mma Mose mmara no, atetesɛm a ennyina Kyerɛwsɛm so, ne su horow a egu Onyankopɔn din ho fi, ne nea ɛtete saa. (Romafo 7:4; Galatifo 5:13; 1 Petro 1:18, 19; fa toto Adiyisɛm 18:1-5 ho.) Na ɛyɛ ayamye nso wɔ Yehowa fam bere a ɔkoraa wɔn so maa Yesu Kristo, na wɔasom sɛ ne nkoa, te sɛ bere a wɔreka “asɛmpa” no. (Marko 13:10) Nea Yuda srɛe wɔ mpaebɔ mu ne sɛ ne mfɛfo asomfo benya mmɔborohunu a efi soro.

7. Dɛn nti ne ɔkwan bɛn so na Kristofo nya asomdwoe?

7 Yuda bɔɔ mpae nso sɛ ne mfɛfo gyidifo benya asomdwoe pii. Esiane sɛ na wɔahyira wɔn ho so nyinaa ama Onyankopɔn nti, Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ ne no wɔ abusuabɔ a emu yɛ den. Asomdwoe wɔ wɔne Yehowa ntam na wɔwɔ “Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so” no, abotɔyam ne asomdwoe a wɔn a wɔnyɛ gyidifo ntumi nte ase. (Filipifo 4:6, 7; Kolosefo 1:19, 20) Afei nso, wɔhwehwɛ asomdwoe a ɛyɛ Onyankopɔn honhom no aba ma wɔda no adi, na wotumi ne nnipa afoforo tiw asomdwoe (Galatifo 5:22, 23; Hebrifo 12:14) Afei nso, nokware Kristofo nsuro daakye anaasɛ owu ankasa, na mmom wɔwɔ asomdwoe, efisɛ wonim sɛ Yehowa ka wɔn ho na ɔma ne nnwuma nyinaa di boa wɔn a wɔdɔ no ma ewie yiye.​—Mateo 10:28; Romafo 8:28

8. Ɔkwan bɛn so na Yehowa dɔ ada adi wɔ yɛn ho?

8 Yehowa dɔ kɛse no daa adi wɔ ne Ba a ɔde no mae “na obiara a ogye no di no anyera, na wanya daa nkwa” no mu. (Yohane 3:16) Bere a na yɛda so yɛ abɔnefo a yɛne Yehowa nni abusuabɔ biara no, oyii saa ɔdɔ yi adi kyerɛɛ yɛn. (Romafo 5:8) Nanso, bere a yɛwɔ gyidi wɔ saa ogye nsiesiei yi mu no, ɛho hia sɛ yɛtra Onyankopɔn dɔ mu. Yuda nso bɔɔ mpae sɛ wɔn a ɔde ne nhoma no kɔmaa wɔn no benya ɔdɔ a ɛdɔɔso.

9. Ná dɛn nti na Yuda mfɛfo gyidifo no hia mmɔborohunu, asomdwoe ne ɔdɔ pii?

9 Yuda bɔɔ mpae sɛ Onyankopɔn mmɔborohunu, asomdwoe ne ɔdɔ bɛdɔɔso ama ne mfɛfo gyidifo no esiane sɛ na wɔn honhom mu yiyedi ho reba asɛm nti. Enti na wohia Onyankopɔn mmɔborohunu, asomdwoe ne ne dɔ pii sen bere biara.

‘Mompere Denneennen’

10. Dɛn na Yuda pɛe sɛ ɔkyerɛw ho asɛm?

10 Afei Yuda sii hia a asɛm no ho hia so dua, sɛ:

“Adɔfo, esiane sɛ merebɔ mmɔden nyinaa makyerɛw nkwagye a ɛyɛ yɛn nyinaa de no ho asɛm mabrɛ mo nti, ahia me sɛ mekyerɛw mebrɛ mo, na mede matu mo fo sɛ mompere gyidi a wɔde ama ahotefo prɛko no ho.” (Yuda 3)

Asɛmfua “adɔfo” a Yuda de dii dwuma no maa ne mfɛfo asomfo huu ɔdɔ a na ɔwɔ ma wɔn no, ɛwom sɛ na n’asɛm no mu yɛ den de. (Yohane 13:35; fa toto Romafo 1:7; 3 Yohane 1, 2 ho.) Ná anka wayɛ n’adwene sɛ ɔbɛkyerɛw ‘nkwagye a ɛyɛ wɔn a wɔafrɛ wɔn kɔ ɔsoro ahenni no mu nyinaa de’ no ho asɛm. (Galatifo 3:26-29) Ná ɛfa nkwagye ho anidaso a ɛsom bo a na Kristofo wɔ ‘sɛnea anidaso a na wɔn nyinaa wɔ’ wɔ Yuda nna no mu no te no ho.​—Tito 1:4.

11. Ná dɛn ne ‘gyidi a wɔde maa ahotefo no’?

11 Ná “gyidi a wɔde ama ahotefo no” ne Yehowa Nyankopɔn ne n’ahenni no ho gyidi horow a Yesu ne n’asuafo a honhom kaa wɔn no de maa Kristofo no nyinaa. Ɛda adi sɛ, wɔde mae “prɛko” efisɛ Yesu akyidifo a wɔasra wɔn, “ahotefo” no, nsa kae mfeha dunkron a atwam ni sɛ́ ɛno nkutoo ne nokware asɛmpa no. Ɛda so wɔ hɔ sɛ “gyidi” a Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ hu sɛ ɛsɛ sɛ wokura mu denneennen esiane sɛ asɛmpa anaasɛ nkwagye asɛm foforo biara nni hɔ a ɛfata sɛ wogye di nti. (Galatifo 1:6-8) Na saa asɛmpa no fã titiriw ne sɛ Yesu Kristo wu maa adesamma wiase no nyinaa. Enti ɛyɛ nea yɛn bere so “nguan foforo” no “nnipakuw kɛse” no ani gye ho.​—Yohane 10:16; 1 Yohane 2:1, 2; Adiyisɛm 7:9.

12. Dɛn nti na Yuda kyerɛw tuu mfɛfo gyidifo fo sɛ ‘wɔmpere gyidi no ho denneennen’?

12 Yuda bere so no na atoro akyerɛkyerɛfo a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo rebɔ mmɔden sɛ wɔde atoro asɛmpa bi bɛhyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so. Nkyerɛkyerɛ a ɛte saa de wɔn gyidi ne wɔn nkwagye too asiane mu. (Mateo 24:13; 2 Korintofo 11:3, 4) Enti, sɛnea ɛbɛyɛ na abɔ eyi agu, ne sɛnea honhom kronkron ne ɔdɔ kaa no no, Yuda ‘hui sɛ ɛho hia’ sɛ ɔkyerɛw na otu ne mfɛfo gyidifo fo sɛ ‘wɔmpere gyidi no ho denneennen.’

13. Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔakwati nnaadaa ne nkwagye a wɔbɛhwere no, dɛn na ɛsɛ sɛ Yehowa Adansefo yɛ nnɛ?

13 Sɛ yɛn, sɛ nnɛyi Yehowa adansefo Kristofo, betumi adi Onyankopɔn nokware na yɛakwati nnaadaa ne nkwagye a yɛbɛhwere a, ɛsɛ sɛ yɛn nso ‘yɛko denneennen’ tia atoro asɛmpa biara, na yɛhyɛ da ko tia mmɔden biara a wɔbɔ sɛ wɔde biribi bɛka Yehowa Asɛm a ɛyɛ kronn na efi honhom mu no ho anaasɛ mmɔden a wɔbɔ sɛ wobeyi bi afi mu no. (Deuteronomium 4:2; Mmebusɛm 30:5, 6; Adiyisɛm 22:18, 19) Ɛsɛ sɛ yɛde nkyerɛkyerɛ foforo biara toto Onyankopɔn Asɛm no nyinaa ho na yekura gyidi a ɛde kɔ nkwagye mu no mu pintinn.​—Hebrifo 1:1, 2; 2:3, 4.

14, 15. (a) Ɔkwan bɛn so na Yuda kyerɛkyerɛɛ nea enti a ɔsakraa ne nhoma no atirimpɔw no mu? (b) Ná dɛn nti na atoro akyerɛkyerɛfo no rentumi nsɛe Kristofo asafo no nyinaa?

14 Ɔrekyerɛkyerɛ nsakrae a ɛbaa atirimpɔw a na ɔde rekyerɛw no mu no mu no, Yuda kae sɛ:

“Nnipa bi awiawia wɔn ho abam a wofi tete akyerɛw wɔn ho asɛm de ato hɔ ama saa atemmu yi, amumɔyɛfo a wɔdan yɛn Nyankopɔn dom ahohwi, na wɔpa otumfoɔ koro a ɔne yɛn Awurade Yesu Kristo no.” (Yuda 4)

Nnipa a na ‘wɔawiawia wɔn ho’ abɛhyɛ nokware Kristofo mu no kyerɛkyerɛ atoro nkyerɛkyerɛ. (Fa toto Galatifo 2:4; 1 Yohane 2:19 ho.) Ná Yesu aka ɔtamfo no dwumadi bi a ɔbɛpɛ sɛ ɔde sɛe Yehowa nkurɔfo ho asɛm, efisɛ ɔkyerɛe sɛ Ɔbonsam bedua “wura” anaasɛ atoro Kristofo wɔ “awi,” anaasɛ Kristo nokware akyidifo no mu. (Mateo 13:24-30, 36-43) Ná asomafo no nso de kɔkɔbɔ ama wɔ ɔwae a ɛbɛba ho, na Petro hyɛɛ da bɔɔ “atoro akyerɛkyerɛfo” din.​—2 Petro 2:1; Asomafo no Nnwuma 20:29, 30; 2 Tesalonikafo 2:3.

15 Nanso, na saa nnipa bɔne no rentumi nsɛe asafo mũ no nyinaa. “Wofi tete,” ansa na ɔnokwafo Henok rehyɛ nkɔm mpo no, Onyankopɔn yii saa nnipa yi sii hɔ maa ɔsɛe atemmu. (Genesis 3:15; 5:21-24; Yuda 14, 15) Ɛda adi sɛ saa “atemmu yi” ne nea nsɛm a edi so wɔ Yuda nhoma no mu no da no adi.

16. Ɔkwan bɛn so na nnipa “amumɔyɛfo” no dii fɔ sɛ ‘wɔdan yɛn Nyankopɔn dom ahohwi,’ na dɛn na na ɛyɛ mfomso wɔ wɔn adwene no ho?

16 Ná saa akyerɛkyerɛfo no yɛ “amumɔyɛfo,” anaasɛ wɔn a “wonni obu biara mma Onyankopɔn.” (The New Testament in Modern English, a J. B. Phillips kyerɛɛ ase.) Wɔde adwene a emu ntew ne ani bɔne hwɛɛ Yehowa nkurɔfo a wɔn ho tew. Mfomso mu no, saa nnipa a wonni Onyankopɔn suro no sii gyinae sɛ esiane sɛ Onyankopɔn de firii wɔn a na anka wɔyɛ aguamammɔfo, abosonsomfo, awaresɛefo, ne nea ɛkeka ho no nti, wofi mmɔborohunu mu de befiri obi a ɔhyɛ da di nneɛma bɔne a ɛte saa akyi bio no. Wodii mfomso susuwii sɛ wobetumi de mpiyɛ abu Onyankopɔn mmara a ɛfa abrabɔ ho no so, na ayɛ te sɛ nea wɔanya ahonu na wɔakɔ so atra Onyankopɔn nkurɔfo mu akosi sɛ wobenya bɔne ho akɔnnɔ bio na ‘wɔatwetwe akra a wɔn ase ntimii no’ akɔ ahohwibɔ mu. (2 Petro 2:14) Enti na “amumɔyɛfo” no di fɔ sɛ “wɔdan yɛn Nyankopɔn dom ahohwi.” Wɔannya anisɔ ankasa sɛ Onyankopɔn yii mmɔborohunu adi kyerɛe sɛ ɔhohoroo gyidifo bɔne wɔ Kristo mogya mu na ɛno akyi no wɔakɔ so anantew trenee kwan so.​—Romafo 6:11-23; 1 Korintofo 6:9-11.

17. Ɔkwan bɛn so na ebinom betumi ‘apa wɔn wura ne Awurade koro pɛ’ no, na dɛn na ɛretwɛn wɔn?

17 Sɛ yɛn mu biara, sɛ́ Yehowa adansefo a yɛahyira yɛn ho so, gyaa yɛn ho mu ma nnipa amumɔyɛfo na yɛbɛyɛ bɔne nkoa, kodi pɛsɛmenkominya honam akɔnnɔ akyi a, ɛnde na ‘yɛrepa’ onii a ɔde ne mogya a ɛsom bo tɔɔ yɛn no. Ná yɛrepow Yesu Kristo sɛ yɛn Wura ne Awurade. (1 Korintofo 7:22, 23) Esiane sɛ ɔsɛe retwɛn wɔn a wɔyɛ eyi nti, hwɛ hia a ɛho hia sɛ yɛko tia nnipa bɔne a wɔte saa!

AFOTU A EMU YƐ DEN MA YƐN BERE YI

18, 19. (a) Ɔkwammɔne bɛn na ebinom a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo afa so? (b) Ɔkwan bɛn so na aka ebinom nso? (d) Afotu a efi honhom mu bɛn na ɛsɛ sɛ ɛboa nokware Kristofo ma wɔfata yiye sɛ ‘wɔbɛpere gyidi no ho denneennen’?

18 Ɛnnɛ, nnipa kakraa a wɔde wɔn ho abɔ Yehowa Adansefo asafo no abɔ mmɔden sɛ wɔbɛhyɛ atoro nkyerɛkyerɛ ne abrabɔ bɔne ho nkuran. Saa nnipa bɔne yi bu Onyankopɔn trenee ahyɛde horow animtiaa, na wɔyɛ asiane ankasa ma nokware Kristofo.

19 Nea ɛyɛ awerɛhow no, atoro nkyerɛkyerɛ ne abrabɔ bɔne betumi anya Yesu Kristo akyidifo mmɔdenbɔfo a wɔdɔ trenee so tumi. Nanso Yuda afotu a emu yɛ den no bɛhyɛ gyidifo den na wɔannyaa wɔn ho mu amma mmɔden a Satan bɔ sɛ ɔbɛsɛe abusuabɔ a ɛda wɔne Yehowa ntam no. Na bere a yɛtoa Yuda nhoma a efi honhom mu no ho nhwehwɛmu no so no yɛwɔ anidaso sɛ ebesiesie yɛn yiye ma ‘yɛapere gyidi no ho denneennen.’

[Ase hɔ asɛm]

a Hwɛ Aid to Bible Understanding, nkrat. 978, 979: “All Scripture Is Inspired of God and Beneficial.” nkrat. 259, 260, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc. yɛe no.

So wubetumi abua nsemmisa yi?

□ Yuda nhoma no ka nneɛma bɛn a ebetumi ahaw nokware Kristofo ho asɛm?

□ Ɔkwan bɛn so na Yuda nhoma no som bo kɛse ma yɛn nnɛ?

□ Ná dɛn nti na wɔn a Yuda kyerɛw wɔn no behia mmɔborohunu, asomdwoe ne ɔdɔ pii?

□ Dɛn ne ‘gyidi a wɔde maa ahotefo no prɛko’ no?

□ Dɛn nti na Yuda hyɛɛ mfɛfo gyidifo nkuran sɛ ‘wɔmpere gyidi no ho denneennen’?

[Kratafa 9 adaka]

“Na monkae sɛ kan nna a munyaa hann no, mumiaa mo ani huu ɔko bebree mu amane. Ebi ne sɛ monam ahohora ne ahohia so yɛɛ aguasode, ebi nso ne sɛ moyɛɛ wɔn a wɔyɛɛ wɔn saa no mfɛfo. Enti monntow mo nnam a ɛwɔ akatua kɛse no nnkyene. Na boasetɔ hia mo, na, sɛ muwie nea Onyankopɔn pɛ no yɛ a, mo nsa aka bɔhyɛ no. Na aka kakraa sɛ na nea ɔbɛba no aba, na ɔrenkyɛ. Na nea ɔteɛ no fi gyidi mu benya nkwa, na sɛ ɔtwe ne ho a, me kra ani rensɔ no. Na yɛn de, yɛmfra wɔn a wɔtwe wɔn ho kɔ ɔsɛe mu mu, na mmom yɛfra wɔn a wogye di kɔ ɔkra nkwagye mu mu.”​—Hebrifo 10:32, 33, 35-39.

[Kratafa 7 mfoni]

So wo, te sɛ mmere horow nyinaa mu nokware Kristofo no, de ahotoso ‘pere gyidi no ho denneennen’?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena