Tie ‘Kɔkɔbɔ Ahorow A Wɔde Asisi Yɛn Anim No’!
1, 2, Dɛn na Yuda nhoma no de ma sɛ́ afotu?
YEHOWA yɛ kɔkɔbɔ Nyankopɔn. (2 Ahene 17:12-15; Hesekiel 3:17-21) Ne nkurɔfo nim sɛ ɔmpɛ sɛ obiara yera esiane ɔkwan a ɛde kɔ ɔsɛe mu a wodi akyi nti. (Hesekiel 18:23, 32) Na nokwarem no, Yehowa Adansefo ani gye sɛ wɔn soro Agya no de kɔkɔbɔ ne akwankyerɛ ma wɔn a wɔdɔ no no na ogye wɔn.
2 Yuda nhoma a efi honhom mu no de kɔkɔbɔ ne akwankyerɛ ma. Wɔ adesua a edi eyi anim no mu no, yehuu nea enti a Yuda hyɛɛ mfɛfo gyidifo nkuran sɛ ‘wɔmpere gyidi no ho denneennen’ no. Afei momma yensusuw tete kɔkɔbɔ ahorow a ɔde mae no ho yiye.—Romafo 15:4.
Hwɛ Yiye Wɔ Gyidi A Wonni Ho
3. Dɛn na Yuda ‘pɛe sɛ ɔkae’ mfɛfo gyidifo?
3 Yuda toa so de kɔkɔbɔ a ɛfa gyidi ho ma, sɛ:
“Mepɛ sɛ mekae mo a moahu eyi prɛko dedaw sɛ, [Yehowa] gyee ɔman no fii Misraim asase so no, akyiri no, ɔsɛee wɔn a wonnye nni no.” (Yuda 5)
Gye sɛ Kristofo ‘pere gyidi no ho denneennen,’ anyɛ saa a wobetumi ahwere Yehowa Nyankopɔn anim gyinabea pa a wobenya. Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔakwati eyi no, Yuda ‘pɛe sɛ ɔkae’ mfɛfo gyidifo a na wɔwɔ asiane mu no nneɛma a na wɔasua dedaw ne sɛnea Onyankopɔn ne wɔn a wɔanni nokware no dii wɔ mmere a atwam no mu no.
4. Ɔkwan bɛn so ne dɛn nti na Yehowa ‘gyee’ Israelfo a na wɔde wɔn ayɛ nkoa no?
4 Wɔ nkyekyem anum no Yuda dii kan daa no adi sɛ Yehowa Nyankopɔn “gyee” Israelfo a na wɔde wɔn ayɛ nkoa no fii Misraim nnommumfa mu. Onyankopɔn yɛɛ saa bere a wɔde osetie dii Twam a edi kan no. Yehowa Nyankopɔn gyee wɔn anwonwa kwan so fii Misraim efisɛ nnipa a na anka wɔyɛ nkoa no yɛɛ ade gyidi mu.—Exodus 12:1-14, 31.
5. (a) Dɛn ne sɛnkyerɛnne kwan so Misraim, na dɛn so na Yehowa gyina gye nkurɔfo fi mu? (b) Sɛnea ɛbɛyɛ na awiei koraa no wɔanya nkwa no, dɛn na ɛsɛ sɛ Yehowa adansefo a wɔahyira wɔn ho so yɛ?
5 Ntotoho kwan so no, Yehowa gye nkurɔfo fi sɛnkyerɛnne kwan so Misraim, adesamma wiase a atew ne ho afi ne ho no mu. (Adiyisɛm 11:8) Ɔyɛ eyi efisɛ gyidi mu no wogyee no toom sɛ wɔn nkwagye Nyankopɔn ne Yesu Kristo sɛ sɛnkyerɛnne kwan so twam Guammaa a ne mogya tɔ wɔn fi wiase yi mu. (1 Korintofo 5:7) Nanso sɛnea ɛbɛyɛ na wɔanya nkwagye mu kyɛfa, wɔ ɔsoro anaa asase so no, ɛsɛ sɛ Yehowa dansefo a wahyira ne ho so kɔ so di No nokware a ɔnwae mfi gyidi no ho anaasɛ ɔnsan nkɔ wiase bɔne yi ne ne bɔne nkoasom no mu, sɛnea na ɛnsɛ sɛ Israelfo a wɔagye wɔn no san kɔ Misraim no. (Deuteronomium 17:16; Mateo 24:13) Gyidi a ɛwɔ hɔ daa ho hia, efisɛ ɛwom sɛ “ogyee” ɔman no fii Misraim de, nanso “akyiri no” Yehowa “sɛee wɔn a wonnye nni no,” wɔn a na wɔpɛ sɛ wɔsan kɔ Misraim anaasɛ wɔsan kɔfa Misraimfo akwan so no. (Fa toto 1 Korintofo 10:1-12; Exodus 32:4-6; Numeri 25:1-18; 21:4-9; 14:35-38 ho.) Ɛnde, ɛda adi pefee sɛ, sɛnea ɛbɛyɛ na wɔanya nkwagye ankasa no, ɛsɛ sɛ Yehowa adansefo a wɔahyira wɔn ho so nnɛ kura wɔn gyidi mu.—Hebrifo 3:12, 13.
Nea Enye Koraa A Efi Abrabɔ Bɔne Mu Ba
6. (a) Ná dɛn ne abɔfo no ‘mfitiase gyinabea,’ na dɛn ne wɔn “ankasa trabere”? (b) Bɔne bɛn na abɔfo bi yɛe? (d) Ɔkwan bɛn so na ɔkwammɔne a abɔfo atuatewfo no faa so no te sɛ “amumɔyɛfo” a Yuda ka wɔn ho asɛm no de no?
6 Ɔde kɔkɔbɔ nhwɛso a etia abien rema no, Yuda kyerɛwee sɛ:
“Na abɔfo a wɔankora wɔn panyinni [wɔn mfitiase gyinabea, NW], na mmom wogyaw wɔn ankasa trabere no, ɔde daa ahama akyere wɔn akora wɔn esum kabii mu ama da kɛse no atemmu.” (Yuda 6)
Wɔbɔɔ abɔfo sɛ honhom abɔde, a wɔwɔ daa nkwa anidaso wɔ ɔsoro. (Dwom 103:20; 104:4; Hebrifo 1:7) Ná ɛno ne wɔn “mfitiase gyinabea.” Ná “wɔn ankasa trabere” anaasɛ beae a ɛsɛ sɛ wɔtra ne ɔsoro a aniwa nhu hɔ. Nanso abɔfo bi yɛɛ ahantan gyaw wɔn soro trabea a ɛfata no. Ɔsomafo Petro se wɔyɛɛ “bɔne,” na ɛno akyi pɛɛ no ɔkaa nea ɛbae wɔ Noa nna no mu ho asɛm. (2 Petro 2:4, 5) Eyi twe adwene kɔ bere a edii nsuyiri no anim no so, bere a “Onyankopɔn mma [afeha a ɛto so anum no mu Septuagint Version a wɔyɛe wɔ Alexandria no se “abɔfo”],” a ɛda adi sɛ wɔfaa honam nipadua too wɔn ho so, yɛɛ asoɔden bɛfaa mmea a wɔn ho yɛ fɛ sɛ́ wɔn yerenom no. (Genesis 6:1, 2) Esiane sɛ ɛnyɛ nea ɛfata sɛ honhom abɔde ne mmea da nti, saa abɔfo yi yɛɛ bɔne sɛ wodii nea na ɛyɛ akɔnnɔ bɔne koraa wɔ wɔn fam no akyi. (Yakobo 1:13-15) Saa pɛpɛɛpɛ na “amumɔyɛfo” a Yuda kaa wɔn ho asɛm no pɛe sɛ wɔne nnipa afoforo bɔ ahohwi.
7, 8. (a) Dɛn na aba abɔfo asoɔdenfo no so? (b) Enti, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛakɔ so atra ogye tebea mu?
7 Nea ɛbaa abɔfo asoɔdenfo no so no yɛɛ kɔkɔbɔ maa Kristofo a na wɔwɔ Yuda bere so no, na ɛyɛ kɔkɔbɔ ma nnɛyi Yehowa Adansefo nso. Ɛwom sɛ saa abɔfo no tumi guanee owu denam honam nipadua no a woyi guu hɔ no so de, nanso wɔantumi ansan ankɔ wɔn “ankasa gyinabea” no mu bio sɛ honhom abɔde a wɔyɛ kronkron a wɔwɔ Onyankopɔn afotu ne ne dom hann mu. Mmom no, wɔde “daa hama,” Onyankopɔn anohyeto tumi, akyere wɔn de wɔn asie, de akosi wɔn sɛe “da kɛse no atemmu.” Enkosi saa bere no, biribiara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ wotumi fa honam nipadua bio, na wonni Yehowa som mu, na mmom wɔwɔ honhom mu sum kabii, a wose wɔfrɛ no Tartarus mu.—2 Petro 2:4.
8 Esiane sɛ abɔfo asoɔdenfo no antumi ankwati asehwe a ɛde kɔ ɔsɛe mu no, saa ara na Yehowa Adansefo ahu nnɛ sɛ ‘pere a wɔbɛpere gyidi no ho denneennen’ no nkutoo so na wɔnam betumi atra ogye tebea mu. Enti, ɛsɛ sɛ yɛko tia nnipa biara a wɔbɛtra ahye a Onyankopɔn de ama no na wɔahwehwɛ sɛ wogu ɔhonam ho fi no.
9, 10. (a) Bɔne bɛn ho fɔ na Sodom ne nkurow a ɛdeda ho no mufo dii? (b) Kɔkɔbɔ nhwɛso bɛn na Sodom, Gomora ne nkurow a ɛdeda ho no yɛe?
9 Ɔde kɔkɔbɔ nhwɛso a ɛto so abiɛsa rema no, Yuda se:
“[Na] Sodom ne Gomora ne nkurow a ɛdeda ho a wɔyɛe sɛ eyinom, de wɔn ho maa aguamammɔ na wokodii ɔhonam foforo akyi no, anya akatua deda hɔ sɛ daa ogya ho sɛnnahɔ.” (Yuda 7)
Ɛda adi sɛ “Sodom ne Gomora ne nkurow a ɛdeda ho” no binom ne Adma ne Seboim ne ebia nkurow afoforo a ɛwɔ mpɔtam hɔ. Esiane emufo nsɛmmɔnedi nti, ɛdenam sufre ne ogya a ɛtɔ fii soro so no, Yehowa sɛee nkurow yi nyinaa, gye Soar, faako a “ɔtreneeni Lot” ne ne mmabea no guan kɔe no.(2 Petro 2:6-10; Genesis 14:2; 19:18-29; Deuteronomium 29:22, 23) Ɛdenam nsɛmfua “saa ara nso na” (NW) , a ɔde dii dwuma no so no, ɛda adi sɛ Yuda de nea ɛbaa saa nkurow no so no totoo abɔfo asoɔdenfo a na wɔayɛ biribi a ɛmfata honhom abɔde denam mmea a wɔwarewaree wɔn so no ho. Ɛha no The Jerusalem Bible no kenkan sɛ: “Aguaman a Sodom ne Gomora ne nkurow a ɛbemmɛn ho no bɔe no yɛ nea ɛmfata saa ara.” Ɛnyɛ aguaman nko na saa nkurow no mufo ne mmea bobɔe, na mmom mmarima ne mmarima dae na ebia wɔne mmoa mpo dae. (Fa toto Leviticus 18:22-25 ho.) Mmarima mpanyimfo ne mmofra a wɔwɔ Sodom kɔn dɔe sɛ wɔne ahɔho a wɔbɛsoɛɛ Lot a na wosusuw sɛ wɔyɛ nnipa no bɛda. Nanso wɔn ho kaa mu bere a abɔfo baanu a wɔabɛsra hɔ no maa wɔn ani furae no, na akyiri yi wogyee Lot fii kurow a wɔabu no fɔ no mu.—Genesis 19:1-17.
10 Sodom, Gomora ne nkurow a ɛdeda ho no bɛyɛɛ kɔkɔbɔ nhwɛso denam Yehowa Nyankopɔn “daa ogya atemmu,” daa ɔsɛe, ‘a ɛbaa wɔn so’ no so. Wogye di sɛ anyɛ yiye koraa no Sodom, Gomora, Adma ne Seboim nkurow a ɛhyewee no amanfõ wɔ Nkyene Po anaa Ɛpo a Awu no nsu ase wɔ ne kesee fam anaasɛ wɔ saa mpɔtam hɔ. Enti saa nkurow no anaasɛ emufo nyɛ nea wɔda so rehyew. Ɛda adi sɛ saa nkurow no ankasa na wɔasɛe no de akosi daa, na ɛnyɛ emufo nyinaa, efisɛ ɛte sɛ nea, anyɛ yiye koraa no, nnipa bi a na wɔte hɔ benya owusɔre. (Mateo 10:15; 11:24; Adiyisɛm 20:12, 13) Nanso nea ɛbaa saa nkurow bɔne no so no yɛ kɔkɔbɔ kɛse a etia abrabɔ bɔne, kɔkɔbɔ a ɛsɛ sɛ Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ tie.
Mmu Tumidi A Onyankopɔn De Ama Animtia
11. Ɔkwan bɛn so na “amumɔyɛfo” a na wɔawiawia wɔn ho abɛhyɛ Onyankopɔn nkurɔfo mu no te sɛ Sodom ne nkurow a ɛdeda ho no mufo a na wɔn bra asɛe no?
11 Afei Yuda dan adwene kɔɔ “amumɔyɛfo” no so, na ɔkae sɛ:
“Saa ara na eyinom nso yɛ adaesofo a wogu ɔhonam ho fi, na wɔtew tumidi ahi, na wɔka anuonyamfo ho nsɛmmɔne.” (Yuda 8)
“Saa ara na,” anaasɛ, ɛda adi sɛ, ɔkwan koro no ara a Sodom ne nkurow a ɛdeda ho no mufo a wɔasɛe no faa so de ahohwibɔ ne akɔnnɔ bɔne ho dwumadi a ɛmfata guu wɔn honam ho fi no, saa ara na nnipa a wokura adwemmɔne a wowiawiaa wɔn ho bɛhyɛɛ Onyankopɔn nkurɔfo mu no guu ɔhonam nipadua ho fĩ. Ná wonni obu biara mma afotu a ɔsomafo no de mae sɛ “munguan aguamammɔ” no.—1 Korintofo 6:18-20.
12. (a) Ɔkwan bɛn so na na amumɔyɛfo a wɔabɛhyem no ‘resoso adae’? (b) Dɛn na ɛbɛba wɔn a wodi abrabɔ bɔne akyi a wɔnkyerɛ ahonu no so?
12 Ná wɔn a wowiawia wɔn ho bɛhyem no yɛ “adaesofo” nso, ebia esiane sɛ wɔpɛe sɛ wɔde atoro nkɔmhyɛ bi gyina wɔn adwene horow no akyi nti. (Fa toto 2 Petro 2:1; Deuteronomium 13:1-5 ho.) Ne saa nti, ebetumi aba sɛ na wɔn adaeso ahorow no yɛ nea ɛfa ahuhubra a ɛmfata ho, anaasɛ ebia na saa asɛm yi kyerɛ sɛ na wɔn nkyerɛkyerɛ yɛ “nnaadaasɛm” ara kwa. (JB) Nanso, ɔkwan biara so no, saa “amumɔyɛfo” no hwehwɛɛ akwan horow a wɔbɛfa so atrɛw wɔn ahohwibɔ hokwan ahorow no mu na wosusuwii sɛ wobetumi afa wɔn ho adi wɔ wɔn abrabɔ a ɛho ntew no ho. Mma Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ mu biara nhwe saa afiri no mu! Akyinnye biara nni ho sɛ ɔtemmufo Kɛse no de atemmu ba wɔn a wobu bra bɔne a wɔnsakra no so.—Genesis 18:25.
13. Adwene bɛn na na “adaesofo” a wɔn bra asɛe no wɔ wɔ tumidi a wofi soro ahyehyɛ no ho?
13 Saa “adaesofo” a wobu bra bɔne no nso ‘tew tumidi ahi, na wɔkaa anuonyamfo ho nsɛmmɔne.’ Wɔde ahantan buu tumidi a wofi soro ahyehyɛ animtiaa. (Mmebusɛm 21:4; 2 Petro 2:10) Te sɛ abɔfo asoɔdenfo no, na saa mmarima no wɔ atuatew honhom na na wɔfata ɔsɛe atemmu efisɛ na wonni obu biara mma Amansan Hene no ne ne Ba a ɔdɔ no no.
14. Henanom ne “anuonyamfo” no?
14 Saa amumɔyɛfo no kaa “anuonyamfo,” ɛda adi sɛ wɔn a Yehowa Nyankopɔn ne Yesu Kristo ahyɛ wɔn anuonyam, no ho nsɛmmɔne. (Yohane 17:22; 1 Petro 4:12-14) Nanso, esiane sɛ anuonyam anaa nidi a ɛte saa fi Onyankopɔn hɔ nti, na ɛnsɛ sɛ wɔde ɛho ayeyi titiriw biara ma nnipa a wɔde saa hokwan no ma wɔn wɔ asase so no. Nanso, ɛsɛ sɛ Yehowa Adansefo nyinaa bu “anuonyam” a ɛte saa na wɔka ho asɛm sɛnea ɛsɛ, de obu titiriw ma Yehowa Nyankopɔn.—1 Samuel 2:30.
15. (a) “Adaesofo” a wogu honam ho fĩ no kekaa”anuonyamfo” ho nsɛm dɛn? (b) Sɛ ɛyɛ yɛn suban sɛ yebebu tumidi a Onyankopɔn de ama animtia a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?
15 Ampa sɛ, wɔahyɛ Kristo akyidifo a wɔasra wɔn no mufo a wɔsom nokwaredi mu sɛ Kristofo ahwɛfo a wɔapaw wɔn no anuonyam, anaasɛ wɔadi wɔn ni. Ɛsɛ sɛ mfɛfo Adansefo ne wɔn bom di dwuma na wɔboa wɔn wɔ Onyankopɔn som mu. Mommma yɛnnyɛ te sɛ Yuda bere so “adaesofo” a wogu ɔhonam ho fĩ a wobuu Yehowa tumidi animtia na wɔankyerɛ obu amma n’anuonyamfo no, na mmom wɔkaa wɔn a wɔahyɛ wɔn anuonyam a ɛte saa ho nsɛmmɔne no. (Fa toto 3 Yohane 9, 10 ho.) Enti, sɛ ɛyɛ yɛn suban sɛ yebebu tumidi a Onyankopɔn de ama animtiaa a, momma yɛmmɔ mpae nsrɛ Yehowa mmoa wɔ adwensakra a yebenya ho.
Mikael Nhwɛso Pa No
16. Nsonoe bɛn na na ɛda ɔbɔfo panyin Mikael ne “adaesofo” a wommu ade no ntam?
16 Sɛnea ɛbɛyɛ na ɛho aba yɛn mfaso no, Yuda twe adwene kɔ nhwɛso pa bi so, sɛ:
“Nanso ɔbɔfo panyin Mikael ne ɔbonsam redi akameakame kasakasae Mose amu ho no, wansi ne bo sɛ ɔbɛka asɛmmɔne abu no atɛn, na mmom ɔkae sɛ: [Yehowa] nka w’anim!” (Yuda 9)
Hwɛ nsonoe ara a ɛda “adaesofo” a wonni obu no ne ɔbɔfo panyin Mikael a ɔbɛyɛɛ yɛn Awurade Yesu Kristo no ntam! (Fa toto Mmebusɛm 8:22-31; Yohane 6:62; Filipifo 2:5-11; 1 Tesalonikafo 4:15, 16 ho.) Bere a wɔreka Onyankopɔn nkoa ho nsɛmmɔne no, “adaesofo” amumɔyɛfo no yɛɛ nneɛma bi a Yehowa Ba no mpo anyɛ bere a ɔne Satan rekasakasa wɔ Hebrini diyifo Mose amu ho no. Saa akasakasa yi ho kyerɛwtohɔ bi a edi anim nni hɔ wɔ Kyerɛwsɛm mu. Nanso, wɔ ɔkwan bi a wɔnna no adi so no, Yuda nsa kaa saa nsɛm yi na ɔkyerɛwee na ɛho aba yɛn mfaso.
17. (a) Akasakasa a ɛbaa Mose amu no ho no mu no, dɛn na Mikael anyɛ, na dɛn ntia? (b) Ɔkwan bɛn so na Mikael yɛɛ nhwɛso maa Onyankopɔn nkurɔfo wɔ obu a ɛsɛ sɛ wonya ma ɔsoro tumidi no ho?
17 Ebetumi aba sɛ ɔbonsam hwehwɛɛ Mose amu no na wafi ɔsom bi ase wɔ ho de asɛe Yehowa nkurɔfo. Nanso Mikael anka asɛmmɔne bi amfa ammu Ɔbonsam atɛn. Mikael anyɛ saa da esiane sɛ na ɔwɔ obu ma Yehowa nti. Na wanni Yehowa bere a wahyɛ ato hɔ sɛ ɔne Satan bedi no nso anim. (Adiyisɛm 12:7-9; 20:1-3, 7-10) Mmom no, Onyankopɔn Dɔba no kyerɛɛ obu maa ɔtemmufo Kɛse no na ɔde ɔbonsam anim a wɔbɛka hokwan no maa no. Enti, Mikael ka kyerɛɛ Satan sɛ: “[Yehowa] nka w’anim.” Ɛwom sɛ na Mikael asɛm no mu nyɛ den de, nanso ɔdaa ahoɔden adi denam Mose amu no so a ɔkorae no so, na Yehowa siee odiyifo no wɔ ɔdamoa bi a wankyerɛ pɔtee mu. (Deuteronomium 34:1-6) Ampa sɛ, wɔ eyi nyinaa mu no, Onyankopɔn Ba no yɛɛ nhwɛso pa maa Onyankopɔn nkurɔfo wɔ obu a ɛsɛ sɛ wonya ma ɔsoro tumidi no ho. Momma yenni akyi.
18. Dɛn nti na wobetumi aka sɛ wɔn a wɔbɛpɛ sɛ wogu honam ho fi no nni honhom?
18 Abirabɔ kwan so no, afei Yuda kae sɛ:
“Na eyinom de, wɔka nea wonnim no ho nsɛmmɔne, na nea wofi wɔn adebɔ su mu nim sɛ mmoa a wonni adwene no, ɛno mu na wɔsɛe wɔn ho.” (Yuda 10)
Ɛwom sɛ na wɔn a wɔbɛpɛ sɛ wogu ɔhonam ho fi no ba fam sen Mikael a wampɛ sɛ ɔkeka nsɛmmɔne de atemmu ba Satan so no de, nanso ɛnyɛ “anuonyamfo” no ho nsɛmmɔne nko na wɔkekae, na mmom wɔkekaa ‘honhom mu nneɛma a wonnim’ anaasɛ wɔnte ase nso ho nsɛmmɔne. Esiane sɛ “wonni honhom” (Yuda 19) nti, na wontumi nte honhom mu nneɛma ase. (1 Korintofo 2:6-16) Na Yehowa adwene, n’akwan, ne nneyɛe ne ne dwumadi yɛ soronko koraa ma “amumɔyɛfo” a wɔte saa.
19. Ɔkwan bɛn so na na “amumɔyɛfo” no te sɛ “mmoa a wonni adwene”?
19 Esiane obu a wɔwɔ ma Yehowa Nyankopɔn nti, ɔbɔfo panyin Mikael anaasɛ abɔfo afoforo a wɔteɛ no mu biara nka wɔn a Onyankopɔn ahyɛ wɔn anuonyam bi nsɛmmɔne. Nanso saa “amumɔyɛfo” yi yɛɛ saa esiane sɛ na wɔde wɔn ho ama mmoa akɔnnɔ koraa nti. Ná wɔnte honhom mu nneɛma ase na mmom nea wɔn honam akɔnnɔ horow pɛ nkutoo. Enti, te sɛ mmoa a honam no nkutoo ho na wosusuw no, wɔhwehwɛe sɛ wɔbɛyɛ nea honam a ahwe ase no pɛ. Saa mmarima no, esiane sɛ na wɔpɛ sɛ wodi akɔnnɔ a ɛmfata ho dwuma nti, wɔsɛee wɔn ho wɔ ɔhonam fam bɔne mu. Enti wɔdaa wɔn ho adi sɛ “wɔte sɛ mmoa a wonni adwene a wɔn su ne sɛ wɔawo wɔn sɛ wɔnkyere wɔn nsɛe wɔn” a wonni owusɔre ho anidaso biara.—2 Petro 2:9-13.
20. Esiane Yuda nsɛm a yɛasusuw ho de abedu ha no nti, ɔkwan bɛn na ɛsɛ sɛ Yehowa adansefo anokwafo fa so?
20 Hwɛ hia a ɛho hia sɛ Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ ko tia atoro akyerɛkyerɛfo, wɔn a wɔbɛpɛ sɛ wogu honam ho fĩ ne wɔn a wonni obu mma tumidi a wofi soro ahyehyɛ no denneennen! Nanso, sɛ afotu a yɛasusuw ho de abedu ha wɔ Yuda nhoma no mu no da mfomso bi adi wɔ yɛn suban anaasɛ yɛn nneyɛe mu mmiako mmiako a, momma yɛnyɛ ntɛm nsakra yɛn akwan, mmɔ mpae nsrɛ yɛn soro Agya no mmoa. Na momma yennya mfaso honhom mu esiane ‘kɔkɔbɔ ahorow a wɔde asisi yɛn anim’ a yetie no nti.
(Yɛde Yuda nhoma no ho adesua no bɛba awiei wɔ Ɔwɛn-Aban a edi hɔ no mu.)
Wutumi kae saa nsɛm yi?
□Ɔkwan bɛn so na nea ɛbaa tete Israelfo so no da no adi sɛ ɛsɛ sɛ yenya gyidi a ɛtra hɔ daa na yɛanya nkwa?
□Kɔkɔbɔ nhwɛso bɛn na abɔfo atuatewfo no de ma yɛn?
□Kɔkɔbɔ bɛn na Sodom, Gomora ne kurow a ɛdeda ho no yɛ ma Kristofo?
□Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yebu tumidi a wofi soro ahyehyɛ animtia?
Obu ma tumidi ho nhwɛso bɛn na ɔbɔfo panyin Mikael yɛe, na enti ɛsɛ sɛ yɛyɛ yɛn ade dɛn?
[kratafa 15 mfoni]
“Anuanom, mempɛ sɛ mekora mo so sɛ yɛn agyanom nyinaa hyɛɛ omununkum no ase, na wɔn nyinaa faa ɛpo no mu, na wɔbɔɔ wɔn nyinaa asu too Mose so, omununkum ne ɛpo no mu, na wɔn nyinaa dii honhom fam aduan koro, na wɔn nyinaa nom honhom fam anonne koro, na wɔnom fii honhom fam botan a edi wɔn akyi no mu; na ɔbotan no ne Kristo. Nanso wɔn mu fa kɛse no ara ansɔ Onyankopɔn ani; na wɔdwɛree wɔn sare so hɔ. Na wɔde eyinom ayɛ nhwɛso ama yɛn, na yɛn kɔn annɔ bɔne sɛnea wɔn kɔn dɔe no. Na eyinom nyinaa ama wɔayɛ nhwɛso, na wɔakyerɛw ama yɛn a wiase bere awiei ato yɛn yi afotu. Enti nea ɛyɛ no sɛ ogyina hɔ nhwɛ yiye, na wanhwe ase.”—1 Korintofo 10:1-6, 11, 12.
[Kratafa 11 mfoni]
Sɛnea Onyankopɔn “gyee ɔman . . . fii Misraim no,” wɔagye Kristofo afi wiase bɔne yi mu. Nanso gyidi a ɛtra hɔ daa ho hia na wɔanya nkwagye a edi awiei no
[Kratafa 13 mfoni]
Nea ɛbaa Sodom ne nkurow a ɛdeda ho no so no yɛ kɔkɔbɔ a etia abrabɔ bɔne