Monhwɛ Yiye Wɔ Atoro Akyerɛkyerɛfo Ho!
“Atoro akyerɛkyerɛfo bɛba mo mu.”—2 PETRO 2:1.
1. Dɛn na Yuda bɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛkyerɛw ho asɛm, na dɛn nti na ɔsesaa n’asɛm no?
AHODWIRIWDE bɛn ni! Atoro akyerɛkyerɛfo baa afeha a edi kan mu Kristofo asafo no mu! (Mateo 7:15; Asomafo no Nnwuma 20:29, 30) Ná Yesu nua Yuda, nim sɛ eyi rekɔ so. Ɔkae sɛ na wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛkyerɛw “nkwagye a ɛyɛ yɛn nyinaa de no ho asɛm” akɔma ne mfɛfo gyidifo, nanso ɔkyerɛkyerɛɛ mu sɛ: “Ahia me sɛ mekyerɛw mebrɛ mo, na mede matu mo fo sɛ mompere gyidi [no ho].” Dɛn nti na Yuda sesaa asɛm a anka ɔrebɛka no? Efisɛ ɔkae sɛ, “nnipa bi awiawia wɔn ho abam [asafo ahorow no mu] . . . a wɔdan yɛn Nyankopɔn dom ahohwi.”—Yuda 3, 4.
2. Dɛn nti na 2 Petro ti 2 ne Yuda di nsɛ saa?
2 Ɛda adi sɛ Yuda kyerɛw ne krataa no bere a Petro kyerɛw ne krataa a ɛto so abien no akyi pɛɛ. Akyinnye biara nni ho sɛ na Yuda nim saa krataa yi mu nsɛm. Ɛda adi sɛ ɔkaa nsɛm bi wɔ n’ankasa n’afotu a tumi wom no mu a ɛne no sɛ. Enti, bere a yɛhwehwɛ 2 Petro ti 2 mu no, yɛbɛhwɛ sɛnea ɛne Yuda krataa no di nsɛ.
Nea Atoro Nkyerɛkyerɛ De Ba
3. Dɛn na esii tete mmere mu a Petro ka sɛ ɛbɛsan asi bio?
3 Bere a Petro hyɛɛ ne nuanom nkuran sɛ wɔnhwɛ nkɔmhyɛ yiye akyi no, ɔka sɛ: “Na atoro adiyifo nso wɔ ɔman no [tete Israel] mu, sɛnea atoro akyerɛkyerɛfo bɛba mo mu nso.” (2 Petro 1:14–2:1) Onyankopɔn nkurɔfo a wɔtraa ase tete mmere mu no nyaa nokware nkɔmhyɛ, nanso wɔne atoro adiyifo nkyerɛkyerɛ a aporɔw nso dii asi. (Yeremia 6:13, 14; 28:1-3, 15) Yeremia kyerɛwee sɛ: “Yerusalem adiyifo no mu nso, mahu ahodwiriwde, awaresɛe ne atoro mu nantew.”—Yeremia 23:14.
4. Dɛn nti na atoro akyerɛkyerɛfo fata ɔsɛe?
4 Bere a Petro reka nea atoro akyerɛkyerɛfo bɛyɛ wɔ Kristofo asafo no mu ho asɛm no, ɔka sɛ: “Wɔn na wɔde ɔsɛe fekusɛm bɛba abɛhyɛ mu, na wɔapa Awurade [Yesu Kristo] a ɔtɔɔ wɔn na ogyee wɔn no po, na wɔde ɔsɛe a ɛba ntɛmntɛm aba wɔn ho so.” (2 Petro 2:1; Yuda 4) Nea saa afeha a edi kan no mu fekusɛm no kowiei koraa ne Kristoman a yehu nnɛ yi. Petro kyerɛ nea enti a atoro akyerɛkyerɛfo fata ɔsɛe: “Bebree bedi wɔn ahohwisɛm no akyi, na wɔn nti wɔbɛka nokware kwan no ho nsɛmmɔne.”—2 Petro 2:2.
5. Dɛn na atoro akyerɛkyerɛfo kɔfa bae?
5 Susuw eyi ho hwɛ! Esiane atoro akyerɛkyerɛfo no nkɛntɛnso nti, na asafo ahorow no mufo pii de wɔn ho bɛhyɛ ahohwisɛm mu. Hela asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “ahohwisɛm” no kyerɛ adapaade, ahosodi a wɔmfa nni dwuma, nea ɛho ntew, abofonode, aniwude. Petro dii kan kae sɛ Kristofo “aguan akɔnnɔ mu porɔw a ɛwɔ wiase.” (2 Petro 1:4) Nanso na ebinom bɛsan akɔ saa ɔporɔw no ho, na asafo ahorow no mu atoro akyerɛkyerɛfo titiriw na na wɔbɛkɔ akɔfa eyi aba! Enti na wɔbɛka nokware kwan no ho nsɛmmɔne. Awerɛhosɛm! Nokwarem no, eyi yɛ asɛm a ɛsɛ sɛ Yehowa Adansefo nyinaa hyɛ no nsow yiye nnɛ. Ɛnsɛ sɛ yɛn werɛ fi da sɛ yɛnam yɛn abrabɔ so betumi de ayeyi abrɛ Yehowa Nyankopɔn ne ne nkurɔfo, na yebetumi nso de ahohorabɔ aba wɔn so.—Mmebusɛm 27:11; Romafo 2:24.
Sɛnea Wofi Atoro Nkyerɛkyerɛ Ase
6. Dɛn na ɛkanyan atoro akyerɛkyerɛfo, na ɔkwan bɛn na wɔfa so nya nea wɔhwehwɛ no?
6 Nyansa wom sɛ yɛbɛhwɛ sɛnea atoro akyerɛkyerɛfo no fi wɔn adwenkyerɛ a aporɔw no ase. Petro ka sɛ wɔyɛ no sum ase, anaa wɔfa nyansa kwan a ɛmma afoforo adwene mma wɔn so so. Ɔde ka ho sɛ: “Wɔnam anibere so de adɔkɔdɔkɔsɛm bɛpɛ mo ho mfaso.” (NW) Pɛsɛmenkominya akɔnnɔ na ɛkanyan atoro akyerɛkyerɛfo, sɛnea The Jerusalem Bible no nkyerɛase no si so dua yi: “Wɔbɛyere wɔn ho denneennen sɛ wɔde tɛkrɛmakyene bɛtɔ mo afa.” Saa ara na James Moffatt nkyerɛase no ka wɔ ha sɛ: “Wɔn akɔnnɔ nhyɛso nti, wɔde anifere kwan so bradato bɛpɛ mo ho mfaso.” (2 Petro 2:1, 3) Atoro akyerɛkyerɛfo nsɛnkeka betumi ayɛ te sɛ nea ntease wom ama obi a n’ani nna hɔ wɔ honhom mu, nanso wɔhyɛ da siesie wɔn nsɛm no sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde “bɛtɔ” nkurɔfo, adaadaa wɔn ma wɔadi asisifo no pɛsɛmenkominya atirimpɔw ahorow ho dwuma.
7. Nyansapɛ bɛn na ebegyee din wɔ afeha a edi kan no mu?
7 Akyinnye biara nni ho sɛ wiase nsusuwii a na ɛwɔ afeha a edi kan no mu na enyaa atoro akyerɛkyerɛfo no so nkɛntɛnso saa bere no. Eduu bere a Petro kyerɛw ne krataa no, na nyansapɛ bi a wɔfrɛ no Nimdeɛ-som regye din. Ná Nimdeɛ-som mufo gye di sɛ honam fam nneɛma nyinaa yɛ bɔne, na honhom fam nneɛma nkutoo na eye. Enti, wɔn mu binom kae sɛ nea obi de ne honam nipadua yɛ biara mfa ho. Wɔkyerɛe sɛ, awiei koraa no, onipa bɛhwere saa nipadua yi. Enti, wɔkae sɛ, bɔne a wɔyɛ no nipadua mu—a nea ɛfa nna ho ka ho—no ho nhia. Ɛda adi sɛ adwene a ɛtete saa no fii ase nyaa ebinom a na wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo so nkɛntɛnso.
8, 9. (a) Adwene a akyea bɛn na enyaa tete Kristofo binom so nkɛntɛnso? (b) Sɛnea Yuda kyerɛ no, dɛn na na asafo ahorow no mufo binom reyɛ?
8 Bible ho ɔbenfo bi kae sɛ “na ebinom wɔ Asɔre no mu a wɔsɛee nkyerɛkyerɛ a ɛfa mmɔborohunu” anaa “ɔdom” ho no. (Efesofo 1:5-7) Sɛnea ɔkyerɛe no, nkyerɛkyerɛmu a ebinom de mae ne sɛ: “Mokyerɛ sɛ Onyankopɔn dom no dɔɔso araa sɛ etumi kata bɔne biara so? . . . Ɛnde momma yɛnkɔ so nyɛ bɔne, efisɛ Onyankopɔn dom betumi apopa bɔne biara. Nokwarem no, dodow a yɛyɛ bɔne no, dodow no ara na Onyankopɔn dom no benya adwuma ayɛ wɔ yɛn ho.” Woate adwene a akyea sen eyi pɛn?
9 Ɔsomafo Paulo gyee Onyankopɔn mmɔborohunu ho adwene a ɛmfata no ho kyim bere a obisae sɛ: “Yɛntra bɔne mu na ɔdom no nnɔɔso anaa?” no. Ɔsan bisae sɛ: “Yɛnyɛ bɔne, efisɛ yenni mmara ase, na mmom ɔdom ase?” Paulo yii saa nsɛm no mu biara ano pefee sɛ: “Dabida.” (Romafo 6:1, 2, 15) Ɛda adi pefee sɛ sɛnea Yuda kyerɛ no, na ebinom wɔ hɔ a “wɔdan yɛn Nyankopɔn dom ahohwi.” Nanso, Petro ka sɛ saafo no “sɛe ntɔ nko.”—Yuda 4; 2 Petro 2:3.
Nhwɛso Ahorow a Ɛyɛ Kɔkɔbɔ
10, 11. Nhwɛso abiɛsa bɛn na Petro de mae sɛ kɔkɔbɔ?
10 Nea ɛbɛyɛ na Petro asi so dua sɛ Onyankopɔn ne wɔn a wɔboapa yɛ bɔne no bedi no, ɔde nhwɛso abiɛsa a efi Kyerɛwnsɛm mu ma sɛ kɔkɔbɔ. Nea edi kan no, ɔkyerɛw sɛ: “Onyankopɔn ankora abɔfo a wɔyɛɛ bɔne no so.” Yuda ka saafo yi ho asɛm sɛ “wɔankora wɔn panyinni, na mmom wogyaw wɔn ankasa trabere” wɔ soro. Wɔbaa asase so bɛfaa honam nipadua ne nnipa mmabea dedae ansa na Nsuyiri no reba. Sɛ́ wɔn nneyɛe a ɛmfata na ɛnyɛ ne kwan so de no ho asotwe no, wɔtoo wɔn guu “Tartarus,” anaa sɛnea Yuda kyerɛwtohɔ no ka no, wɔde “daa ahama akyere wɔn akora wɔn esum kabii mu ama da kɛse no atemmu.”—2 Petro 2:4, NW; Yuda 6; Genesis 6:1-3.
11 Afei Petro kaa Noa bere sofo no ho asɛm. (Genesis 7:17-24) Ɔkae sɛ Noa bere so no, Onyankopɔn “[ankora] tete wiase so, . . . na ɔde nsuyiri bɛkataa amumɔyɛfo wiase so.” Nea edi akyiri no, Petro kyerɛw sɛ Onyankopɔn yɛɛ “sɛnnahɔ maa wɔn a akyiri yi wɔbɛyɛ amumɔde” denam dan a “ɔdan Sodom ne Gomora nkurow nsõ” no so. Yuda de asɛm foforo ka ho sɛ saa nnipa no “de wɔn ho maa aguamammɔ na wokodii ɔhonam foforo akyi.” (2 Petro 2:5, 6; Yuda 7) Ɛnyɛ sɛ mmarima ne mmea a wɔnyɛ wɔn yerenom dedae nko, na mmom wonyaa wɔn yɔnko mmarima ne mmoa a wonni adwene mpo ho akɔnnɔ.—Genesis 19:4, 5; Leviticus 18:22-25.
12. Sɛnea Petro kyerɛ no, dɛn ne abrabɔ a ɛteɛ ho akatua?
12 Nanso, bere koro no ara, Petro ka sɛ Yehowa yɛ wɔn a wɔde nokwaredi som no no katuafo. Sɛ nhwɛso no, ɔka sɛnea Onyankopɔn ‘gyee Noa a na ɔyɛ treneekafo no ne nnipa foforo baason nkwa’ bere a Ɔde Nsuyiri no bae no. Ɔka sɛnea Yehowa gyee “Lot a ɔteɛ” no nkwa bere a na Sodom wɔ hɔ nso ho asɛm, na ɔde ba awiei sɛ: “[Yehowa, NW] nim sɛnea obeyi wɔn a wɔde fɛre som no afi sɔhwɛ mu, na wama wɔatwe wɔn a wɔnteɛ aso de wɔn asie atemmu da.”—2 Petro 2:5, 7-9.
Nnwuma a Ɛfata Asotwe
13. Henanom titiriw na wɔakora wɔn ama atemmu, na adae bɛn na ɛda adi sɛ wɔsoso?
13 Petro ka wɔn a wɔfata Onyankopɔn atemmu titiriw ho asɛm sɛ, “wɔn a wodi honam akyi, efi ho akɔnnɔ mu, na wɔtew tumidi ahi.” Yebetumi de yɛn adwene abu abufuw a Petro de ka nea edi so no: “Wɔyɛ anuɔdenfo, ahopɛfo, wɔn ho mpopo sɛ wɔbɛka anuonyamfo ho asɛmmɔne.” Yuda kyerɛw sɛ “eyinom . . . yɛ adaesofo a wogu ɔhonam ho fi, . . . na wɔka anuonyamfo ho nsɛmmɔne.” (2 Petro 2:10; Yuda 8) Wɔn adaeso no betumi ayɛ nna ho nsusuwii hunu a ɛnteɛ na ɛhyɛ nna mu akɔnnɔ bɔne akyidi ho nkuran. Nanso, ntease bɛn mu na “wɔtew tumidi ahi” na “wɔka anuonyamfo ho nsɛmmɔne”?
14. Ɔkwan bɛn so na atoro akyerɛkyerɛfo ‘tew tumidi ahi’ na “wɔka anuonyamfo ho nsɛmmɔne”?
14 Wɔyɛ saa denam tumi a Onyankopɔn de asi hɔ a wobu no animtiaa so. Kristofo mpanyimfo gyina hɔ ma onuonyamfo Yehowa Nyankopɔn ne ne Ba no, ma enti, wɔahyɛ wɔn anuonyam bi. Ampa, wodi mfomso ahorow sɛnea Petro ankasa nso yɛe no, nanso Kyerɛwnsɛm no hyɛ asafo no mufo nkuran sɛ wɔmmrɛ wɔn ho ase mma saa anuonyamfo no. (Hebrifo 13:17) Wɔn sintɔ ahorow no nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔka wɔn ho nsɛmmɔne. Petro ka sɛ abɔfo “nka nsɛmmɔne mmu [atoro akyerɛkyerɛfo no] atɛn,” ɛwom sɛ ɛbɛfata wɔn paa de. Petro toa so sɛ: “Na eyinom de, wɔte sɛ mmoa a wonni adwene a wɔn su ne sɛ wɔawo wɔn sɛ wɔnkyere wɔn nsɛe wɔn. Wɔka nea wonnim ho nsɛmmɔne, wɔbɛsɛe wɔn.”—2 Petro 2:10-13.
“Nanso Wɔne Mo Redidi”
15. Akwan bɛn na atoro akyerɛkyerɛfo fa so, na ɛhefa na wodi wɔn nnaadaa no ho dwuma?
15 Ɛwom sɛ saa mmarima a wɔaporɔw yi fam no, “wobu taamudi asetra wɔ adekyee mmere mu sɛ anigyede” na “wɔyɛ nkekae ne dɛm” de, nanso wɔsan yɛ anitew. Wɔyɛ ade “sum ase,” na wɔde “adɔkɔdɔkɔsɛm” na edi dwuma sɛnea Petro dii kan kae no. (2 Petro 2:1, 3, 13, NW) Enti ebia wɔrensɔre ntia mmɔden a mpanyimfo no bɔ sɛ wobegyina Onyankopɔn abrabɔ gyinapɛn akyi pefee anaa wɔrenyi wɔn anim nni wɔn ankasa nna ho akɔnnɔ akyi. Mmom no, Petro ka sɛ “wɔde wɔn apempensi bɔ ahohwi, nanso wɔne mo redidi.” Na Yuda kyerɛw sɛ: “Eyinom ne abotan a ehintaw nsu ase wɔ mo dɔ adidi ahorow mu.” (Yuda 12, NW) Yiw, sɛnea abotan mfeamfeaa a ɛwɔ nsu ase betumi atu hyɛmma bi ase tokuru, ama emufo a wɔn ani nna wɔn ho so amem no, saa ara na na atoro akyerɛkyerɛfo resɛe nnipa a na wɔn ani nna wɔn ho so a atoro akyerɛkyerɛfo no yɛɛ wɔn ho sɛnea wɔdɔ wɔn wɔ wɔn “dɔ adidi” ase no.
16. (a) Ná dɛn ne “dɔ adidi,” na tebea a ɛtete saa bɛn mu na nnipa a wɔn bra asɛe betumi adi dwuma nnɛ? (b) Henanom na atoro akyerɛkyerɛfo de wɔn ani si wɔn so, enti dɛn na ɛsɛ sɛ saafo no yɛ?
16 Ɛda adi sɛ saa “dɔ adidi” no yɛ mmere a na afeha a edi kan no mu Kristofo de hyiam didi bɔ fekuw no. Ɛnnɛ nso ɛtɔ mmere bi a Yehowa Adansefo hyiam gye wɔn ani, ebia ayeforohyia apontow ase, bere a nnipakuw abom apue, anaa anwummere fekuw bi ase. Ɔkwan bɛn so na nnipa a wɔasɛe betumi de saa tebea no adaadaa wɔn a wonnim? Petro kyerɛw sɛ: “Wɔwɔ aniwa a awaresɛe ahyɛ no mama . . . [na] wɔdaadaa akra a wɔn ase nnya ntimii.” Wɔde wɔn “koma a aben anibere mu” no si wɔn a wɔn ase ntimii honhom mu a wɔmfaa nokware no nyɛɛ wɔn de pii no so. Enti ma nea esii Petro bere so no nyɛ kɔkɔbɔ mma wo, na da wo ho so! Siw obiara a ɔde adwemmɔne ba no kwan, na mma obi a ɔde ɔbrasɛe adwene ba wo so no ho anigye anaa n’ahoɔfɛ nnnaadaa wo!—2 Petro 2:14.
“Bileam Kwan No”
17. Ná dɛn ne “Bileam kwan no,” na ɔkwan bɛn so na ɛkaa Israelfo 24,000?
17 Saa “nnuabɔ” mma yi ahu nokware no dedaw. Ebetumi ayɛ te sɛ nea wɔda so ara yɛ hyew wɔ asafo no mu. Nanso Petro ka sɛ: “Wɔagyaw ɔkwan trenee no akɔfom kwan, wɔakɔfa Beor ba Bileam kwan no so, ɔno na ɔpɛɛ nea ɛnteɛ so akatua.” (2 Petro 2:14, 15) Odiyifo Bileam kwan a ɔfaa so ne sɛ, n’ankasa mfaso nti ɔde nyansahyɛ mae sɛ wɔmfa ɔbrasɛe nnaadaa ebinom. Ɔka kyerɛɛ Moab Hene Balak sɛ sɛ wotumi daadaa Israelfo ma wɔbɔ aguaman a, Onyankopɔn bɛdome wɔn. Ne saa nti Moabfo mmea daadaa Onyankopɔn nkurɔfo pii, na wokunkum wɔn mu 24,000 wɔ wɔn brasɛe no ho.—Numeri 25:1-9; 31:15, 16; Adiyisɛm 2:14.
18. Bileam sii nketekrakye dɛn, na dɛn na nea ekowiei no kyerɛ ma atoro akyerɛkyerɛfo?
18 Petro ka sɛ wosiw Bileam kwan bere a n’afurum no kasa kyerɛɛ no no, nanso “ɔpɛɛ nea ɛnteɛ so akatua” araa ma ɛbaa saa mpo no, wannyae ne “nkwaseasɛm no.” (2 Petro 2:15, 16) Amumɔyɛ ni! Nnome nka obiara a ɔte sɛ Bileam a ɔbɔ mmɔden sɛ obegu Onyankopɔn nkurɔfo ho fĩ denam ɔbrasɛe a ɔde bɛdaadaa wɔn no so! Bileam wui wɔ ne bɔne no ho, na ɛyɛ nea ɛbɛto wɔn a wodi ne kwan no akyi no nyinaa ho mfonini.—Numeri 31:8.
Wɔn Nnɛɛdɛe a Ɛyɛ Hu
19, 20. (a) Wɔde wɔn a wɔte sɛ Bileam no toto dɛn ho, na dɛn ntia? (b) Henanom na wɔdaadaa wɔn, na ɔkwan bɛn so? (d) Dɛn nti na yebetumi aka sɛ wɔn nnɛɛdɛe no yɛ hu, na yɛbɛyɛ dɛn atumi abɔ yɛne afoforo ho ban afi wɔn ho?
19 Bere a Petro reka nnipa a wɔte sɛ Bileam ho asɛm no, ɔkyerɛw sɛ: “Eyinom yɛ mmura a nsu nni mu, suwisiw [anaa amununkum] a mframa bɔ huu de rekɔ.” Ɔkwantuni a wanantew anhweatam so ama sukɔm ade no fam no, abura a emu nsu ayow betumi akyerɛ ne wu. Ɛnyɛ nwonwa sɛ “wɔde sum kabikabi asie” ama wɔn a wɔn su te sɛ saa nneɛma no! Petro toa so sɛ: “Wɔkeka ahupoosɛm a hwee nni mu, nam honam akɔnnɔ mu de ahohwisɛm daadaa wɔn a woguan fii wɔn a wɔbɔ nnaadaa mu bra no mu nkyɛe.” Petro ka sɛ wɔdaadaa wɔn a wonni suahu pii denam hyɛ a “wɔhyɛ wɔn adehyedi ho bɔ” so, bere a wɔn ankasa “wɔyɛ ɔporɔw nkoa” no.—2 Petro 2:17-19; Galatifo 5:13.
20 Saa akyerɛkyerɛfo a wɔaporɔw no adɛfɛdɛfɛ no yɛ hu. Sɛ nhwɛso no, wobetumi aka sɛ: ‘Onyankopɔn nim sɛ yɛyɛ mmerɛw na akɔnnɔ wɔ yɛn mu. Enti sɛ yɛbɔ ahohwi na yedi yɛn nna ho akɔnnɔ akyi a, Onyankopɔn behu yɛn mmɔbɔ. Sɛ yɛka yɛn bɔne a, ɔde befiri yɛn sɛnea ɔyɛe bere a yɛbaa nokware no mu foforo no.’ Kae sɛ ɔkwan a ɛte saa so na Ɔbonsam nam kɔɔ Hawa nkyɛn, na ɔka kyerɛɛ no sɛ obetumi ayɛ bɔne na wafa ne ho adi. Wɔ Hawa fam no, ɔka kyerɛɛ no sɛ bɔne a ɔbɛyɛ atia Onyankopɔn no bɛma wanya nhumu ne ahofadi. (Genesis 3:4, 5) Sɛ ɛba sɛ yehu sɛ obi a waporɔw saa ne asafo no rebɔ a, yɛwɔ asɛyɛde sɛ yɛbɔ yɛne afoforo ho ban denam onii no ho asɛm a yɛbɛka akyerɛ Kristofo asafo no mufo a asɛyɛde hyehyɛ wɔn nsa no so.—Leviticus 5:1.
Nokware Nimdeɛ Bɔ Yɛn Ho Ban
21-23. (a) Dɛn na efi nokware nimdeɛ a wɔmfa nni dwuma mu ba? (b) Ɔhaw foforo bɛn na Petro ka ho asɛm a yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu?
21 Petro de ne krataa no fã yi baa awiei bere a ɔkyerɛɛ ɔhaw a ɛba bere a wɔmfa nimdeɛ a odii kan kae sɛ ehia ma “onyamesom pa” no nni dwuma no. (2 Petro 1:2, 3, 8) Ɔkyerɛwee sɛ: “Na sɛ wɔnam Awurade ne agyenkwa Yesu Kristo ho [nokware, “NW”] nimdeɛ so aguan wiase fĩ, na wɔtõa bio wɔ mu di nkogu a, wɔn akyiri asetra adan wɔn bɔne akyɛn kan de no.” (2 Petro 2:20; yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no.) Awerɛhosɛm! Saa Petro bere sofo no de nna mu akɔnnɔ a etwam bere tiaa bi sesaa ɔsoro asetra a owu nnim ho anidaso a ɛsom bo no.
22 Enti Petro ka sɛ: “Anka eye ma wɔn sɛ wɔanhu trenee kwan no, kyɛn sɛ wɔahu na wɔadan afi ahyɛde kronkron a wɔde ahyɛ wɔn no mu. Na ayɛ wɔn sɛnea nokware bɛ no se: Ɔkraman no asan akɔ n’ankasa fe so bio, na prako a wɔaguare no akɔ ne dontori a ɔyantam mu no mu.”—2 Petro 2:21, 22; Mmebusɛm 26:11.
23 Ɔhaw foforo a na ɛda adi sɛ afi ase renya tete Kristofo no so nkɛntɛnso no te sɛ nea enya ebinom so nkɛntɛnso nnɛ no. Saa bere no ɛda adi sɛ ebinom nwiinwii wɔ Kristo ba a wɔhyɛɛ ho bɔ a na ayɛ sɛnea ɛremma no ho. Momma yɛnhwehwɛ sɛnea Petro dii asɛm yi ho dwuma mu.
So Wokae?
◻ Nhwɛso abiɛsa bɛn na Petro de ma sɛ kɔkɔbɔ?
◻ Ɔkwan bɛn so na atoro akyerɛkyerɛfo ‘tew tumidi ahi’?
◻ Dɛn ne Bileam kwan no, na ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔnam so no betumi abɔ mmɔden adaadaa afoforo?
◻ Ɔhaw bɛn na ɛba bere a wɔmfa nokware nimdeɛ nni dwuma no?
[Mfonini wɔ kratafa 16, 17]
Bileam yɛ kɔkɔbɔ nhwɛso