Hwɛ Wo Ho So Yiye wɔ Awaefo Ho!
Yuda Nhoma no mu Nsɛntitiriw
ƐSƐ sɛ Yehowa nkoa ‘kyi bɔne’ na ‘wɔbata papa ho.’ (Romafo 12:9) Bible kyerɛwfo Yuda boaa afoforo ma wɔyɛɛ saa wɔ ne nhoma a ɔkyerɛw fi Palestina wɔ ebia bɛyɛ afe 65 Y.B. mu no mu.
Yuda frɛ ne ho sɛ “Yesu Kristo akoa, Yakobo ne nua.” Ɛda adi sɛ Yakobo yi ne Yesu Kristo nua a wonim no yiye no. (Marko 6:3; Asomafo no Nnwuma 15:13-21; Galatifo 1:19) Na Yuda ankasa nso yɛ Yesu ne na ba. Nanso, ebia onyaa adwene sɛ ɛmfata sɛ ɔbɛka saa honam fam abusuabɔ yi ho asɛm, efisɛ saa bere no na Yesu yɛ honhom nipa a wɔahyɛ no anuonyam wɔ soro. Yuda nhoma no ka nsɛm tẽẽ wɔ afotu a ebetumi aboa yɛn ma ‘yɛabata papa ho,’ na yɛahwɛ yɛn ho so yiye wɔ awaefo ho a ɔde ma no mu.
“Mompere”
Na Yuda pɛ sɛ ɔkyerɛw nkwagye a ɛyɛ Kristofo nyinaa de no ho asɛm, nanso ohui sɛ ehia sɛ ɔhyɛ n’akenkanfo nkuran ma ‘wɔpere gyidi no.’ (Nkyekyem 1-4) Dɛn ntia? Efisɛ amumɔyɛfo awiawia wɔn ho aba asafo no mu na ‘wɔredan yɛn Nyankopɔn dom ahohwi.’ Wonyaa adwene a ɛnteɛ sɛ wobetumi abu Onyankopɔn mmara so, nanso wɔbɛtra ne nkurɔfo mu. Ɛnsɛ sɛ yegye saa nsusuwii bɔne no tom da, na mmom yɛnkɔ so nni trenee akyi, na yɛmfa aseda mma sɛ Onyankopɔn nam Yesu mogya so de mmɔborɔhunu atew yɛn ho afi yɛn bɔne mu.—1 Korintofo 6:9-11; 1 Yohane 1:7.
Kɔkɔbɔ a Wɔde Asi Yɛn Anim
Ɛho hia sɛ yɛhwɛ yɛn ho so yiye wɔ su, abrabɔ ne nnipa bi ho. (Nkyekyem 5-16) Esiane sɛ na Israelfo bi a wogyee wɔn fii Misraim no nni gyidi nti, wɔsɛee wɔn. ‘Wɔakora’ abɔfo a wogyaw wɔn ankasa trabea no wɔ “[honhom mu] esum kabii mu ama da kɛse no atemmu.” Ɔbrasɛe kɛse maa Sodom ne Gomora nyaa “daa ogya” asotwe. Enti momma yɛnsɔ Onyankopɔn ani bere nyinaa, na ɛnsɛ sɛ yefi “nkwa kwan” no so da.—Dwom 16:11.
Esiane sɛ na nnipa amumɔyɛfo no nte sɛ ɔbɔfo panyin Mikael a wannyeyaw Ɔbonsam amfa ammu no atɛn nti, wɔkaa “anuonyamfo,” ɛda adi sɛ wɔn a Onyankopɔn ne Kristo ahyɛ wɔn anuonyam bi sɛ mpanyimfo a wɔasra wɔn no ho nsɛmmɔne. Mommma yemmmu tumi a Onyankopɔn de ama no animtiaa!
Nnipa amumɔyɛfo no dii Kain, Bileam, ne Kora nhwɛso bɔne no akyi. Na wɔyɛ asiane wɔ honhom mu te sɛ abotan a ahintaw wɔ nsu ase, na na wɔte sɛ amununkum a nsu nni mu, nnua a atutu agu a ɛnsow aba pa biara. Na saa awaefo no yɛ anwiinwiifo ne ‘wɔn a mfaso nti wɔdɛfɛdɛfɛ nnipa.’
Kɔ So Ko Tia
Afei Yuda de afotu ma wɔ nkɛntɛnso bɔne a yɛbɛko atia ho. (Nkyekyem 17-25) Fɛwdifo bɛba wɔ “ɛbere a edi akyiri no mu,” na ɛsɛ sɛ nokware Kristofo gyina wɔne wɔn fɛwdi nsɛm no ano nnɛ. Sɛ yɛbɛko atia nkɛntɛnso bɔne a ɛte sɛɛ a, ɛsɛ sɛ yɛde “gyidi kronkron” no hyɛ yɛn ho den, yɛbɔ mpae honhom kronkron mu, na yɛtra Onyankopɔn dɔ mu bere a yɛretwɛn ma Yesu mmɔborɔhunu ada adi no.
Esiane sɛ na ɛda adi sɛ amumɔyɛfo no reyɛ atoro akyerɛkyerɛfo adwuma nti, wɔmaa ebinom adwenem yɛɛ wɔn naa. (Fa toto 2 Petro 2:1-3 ho.) Na dɛn na wɔn a wɔn adwenem ayɛ wɔn naa no hia? Honhom mu mmoa na ama wɔahwim wɔn afi “gya,” daa ɔsɛe mu! (Mateo 18:8, 9) Nanso ɛho nhia sɛ nnipa a wosuro Onyankopɔn suro saa ɔsɛe no, efisɛ Yehowa bɛbɔ wɔn ho ban na ‘wɔanhintiw’ antɔ bɔne ne ɔsɛe a ɛretwɛn awaefo no mu.
[Adaka wɔ kratafa 31]
Abotan a Ahintaw: Yuda bɔɔ ne mfɛfo Kristofo kɔkɔ wɔ ‘abotan a ahintaw wɔ nsu ase wɔ wɔn dɔ adidi mu’ no ho. (Yuda 12) Na saa awaefo a wɔyɛ wɔn ho sɛ wɔdɔ gyidifo no te sɛ nsu ase abotan a ano yɛ nam a ebetumi abɔ hyɛn anaasɛ akum asuaguarefo. Ebia ɔdɔ adidi no yɛ apontow a Kristofo a wodi yiye wɔ honam fam no frɛ wɔn mfɛfo gyidifo a wodi hia ba ase. Asɔre no Tete Agya Chrysostom (347?-407 Y.B.) no se: “Wɔn nyinaa hyiae wɔ apontow biako ase: adefo de nneɛma ba, na wɔto nsa frɛ ahiafo ne wɔn a wonni hwee no, wɔn nyinaa boom didii.” Sɛnea na tete ɔdɔ adidi no te biara no, Yuda kɔkɔbɔ no boaa anokwafo no ma wɔhwɛɛ wɔn ho so yiye wɔ awaefo ‘abotan a ahintaw’ a ebetumi ama wɔawu wɔ honhom fam no ho. Ɛwom sɛ wɔamfa ahyɛde amma Kristofo sɛ wɔntow ɔdɔ adidi pon, na wɔnyɛ nnɛ nso de, nanso Yehowa nkurɔfo boa wɔn ho wɔn ho wɔ honam fam wɔ bere a ɛho hia mu, na wɔwɔ fekubɔ a anigye wom.