“Hwɛ! Yehowa Ne N’akronkronfo Huhaa No Bae”
“Hwɛ! Yehowa ne n’akronkronfo huhaa no bae, na wabebu atɛn atia wɔn nyinaa, na wayi amumɔyɛfo nyinaa ntɛn, wɔn amumɔyɛde a wɔyɛe amumɔyɛ kwan so no nyinaa ho, ne nsɛm a ɛyɛ ahodwiriw a nnebɔneyɛfo amumɔyɛfo ka tiaa no no nyinaa ho.”—Yuda 14, 15, New World Translation.
1. Sɛ́ Ɔtemmufo Kɛse no, ɛsɛ sɛ wobu Yehowa dɛn?
YEHOWA, Ɔtemmufo Kɛse no, fata obu. (Yesaia 33:22) Nanso nnipa bebree bu no animtiaa kɛse. Wɔn a wɔka ahantanfo nnebɔneyɛfo a wɔte sɛɛ ho ne “amumɔyɛfo” a osuani Yuda kyerɛw wɔn ho asɛm wɔ ne krataa a efi honhom mu no mu no. Nanso, obiara ntumi mmu Onyankopɔn animtiaa na ɔmfa ne ho nni, efisɛ akyinnye biara nni ‘ba a Yehowa bɛba abebu atɛn atia amumɔyɛfo’ no ho.—Yuda 14, 15; Hiob 9:1-4.
2. (a) Ɛde besi ha no, Yuda nhoma no ho a yesusuw no ama yɛahu nsɛntitiriw bɛn? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ afotu foforo a Yuda de ma no yɛ ma yɛn?
2 Yuda nhoma no ho nkɔmmɔ a yedii kan bɔe no sii hia a ehia sɛ yɛko tia atoro nkyerɛkyerɛ ne wɔn a wɔbɛpɛ sɛ wogu honam ho fĩ, na mmom yetie Bible mu kɔkɔbɔ ahorow na yɛde obu ma tumidi a wofi soro ahyehyɛ no so dua. (Yuda 1-10) Afei yɛwɔ awerɛhyem sɛ afotu a edi hɔ a Yuda de ma no bɛma obu a yɛwɔ ma Ɔtemmufo Kɛse no akɔ anim na yɛagyina pintinn wɔ n’adansefo mfinimfini a yɛwɔ daa nkwa anidaso.
‘Wonnue!’
3. Dɛn na Kain dii ho fɔ?
3 Ɛdefa “amumɔyɛfo” a wobu Yehowa animtiaa no ho no, Yuda kyerɛwee sɛ:
“Wonnue, efisɛ wɔafa Kain kwan so, na mfaso nti wɔde wɔn ho akɔhyɛ Bileam nnaadaasɛm mu, na wɔayera Kora atuatew mu.” (Yuda 11)
Bere a ɔkae sɛ “wonnue no” Yuda daa no adi, . . sɛ bɔne bɛba “amumɔyɛfo” a wɔawiawia wɔn ho aba Yehowa nkurɔfo asafo no mu no so. (Fa toto Luka 11:42-47, 52 ho.) Ná saa nnipa no ‘afa Kain kwan so.’ Bere a Yehowa dom baa Habel ne aboa nam ne mogya a ɔde bɔɔ afɔre no so no, wɔpow Kain afɔre a na mogya nni mu a ɔde honhom a ɛmfata bɔe no. Ná Kain nni gyidi na na ommu anuonyam a Onyankopɔn de hyɛɛ Habel no. Wɔ ahoɔyaw ne nitan mu no Kain buu kɔkɔbɔ a wofi soro de mae mpo animtiaa na okum ne nua no.—Genesis 4:2-8; Hebrifo 11:4; 1 Yohane 3:12.
4. (a) Ná dɛn ne “Kain kwan”? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wukwati “Kain kwan”?
4 Nea edi kan no, Kain ankyerɛ obu amma Yehowa, na wɔfrɛɛ n’animtiaabu adeyɛ yi “Kain kwan.” Sɛnea na n’ahantan adeyɛ ne n’adwemmɔne no nyinaa nteɛ no, saa ara na ɛte nnɛ wɔ obiara a ɔka sɛ ɔyɛ Yehowa Adansefo mu biako nanso ɔhwehwɛ sɛ ɔde Onyankopɔn dom di dwuma sɛ anoyi ma ahohwibɔ no. Obiara a ɔte saa no nam Kain “kwan” so. Te sɛ Kain a ɔtan ne nua na okum no no, nnipa a wɔte saa yɛ ‘awudifo’ efisɛ wɔtan nokware Kristofo a Yehowa de Ne som ahyɛ wɔn anuonyam no. (1 Yohane 3:15) Onyankopɔn domee Kain, na Nsuyiri no mu no wɔpopaa n’asefo fii hɔ. Saa pɛpɛɛpɛ na, ɛbɛyɛ ‘awerɛhow’ ama wɔn a wɔfa “Kain kwan so” no, efisɛ ɛnsɔ Yehowa ani na ɛde kɔ ɔsɛe mu.
5. (a) Ɔkwan bɛn na Bileam faa so? (b) Yuda nna no mu no, henanom na ‘wotuu mmirika kɔfaa Bileam kwammɔne no so’? (b) Dɛn na ɛbɛba obiara a ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɛe Yehowa nkurɔfo denam atoro nkyerɛkyerɛ ne mmoa akɔnnɔ akyidi so no so?
5 Amumɔyɛfo a wogu honam ho fĩ no de ahoɔhare “akɔhyɛ Bileam nnaadaasɛm mu” esiane “mfaso nti.” Bere a ogyee akatua a Moab Hene Balak kae mpɛn pii sɛ ɔde bɛma no no toom no, Bileam bɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛdome Israelfo no mprɛnsa, nanso Yehowa maa nnome no dan nhyira bere nyinaa. Enti, odifudepɛfo Bileam ka kyerɛɛ Balak sɛ sɛ obetumi atwetwe Israelfo no akɔ atoro som ne mmoa akɔnnɔ akyidi mu a, Onyankopɔn bɛdome n’ankasa Ne nkurɔfo. Wodii saa afotu bɔne yi akyi, na esiane Israelfo no ahohwibɔ nti, wɔn a ɔhaw a Onyankopɔn de baa wɔn so no ma wowuwui ne wɔn a wɔhyɛɛ da kunkum wɔn no ano sii 24,000. (Numeri 22:1-25:9; Adiyisɛm 2:14) Akyiri yi, Bileam ankasa wui wɔ wɔn a na wabɔ mmɔden sɛ ɔbɛdome wɔn no nsam. (Numeri 31:8) Saa pɛpɛɛpɛ na amanehunu bɛba obiara a ɔka sɛ ɔyɛ Yehowa Adansefo mu biako nanso ɔyɛ odifudepɛfo na ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɛe Yehowa nkurɔfo denam atoro som ne mmoa akɔnnɔ akyidi so no. Nsɛm a ɛtete sɛɛ asisi wɔ nnɛ bere yi mu, na ɛsɛ sɛ Yehowa adansefo anokwafo a wɔahyira wɔn ho so hwɛ yiye!
6, 7. (a) Dɛn na Lewini Kora dii ho fɔ? (b) Dɛn na ɛbaa Kora ne wɔn a wɔkɔkaa ne ho no so? (d) Ɛsɛ sɛ yebu ‘atuatew kasa’ dɛn?
6 Kɔkɔbɔ nhwɛso foforo nso a Yuda twee adwene kɔɔ so ne Lewini Kora, a ɔkekaa ‘atuatew nsɛm,’ no de no. Bere a anibere ahyɛ no ma no, ɔkaa no atoro so sɛ Mose fi pɛsɛmenkominya mu ayɛ nhyehyɛe ma n’ankasa ne nua Aaron abɛyɛ ɔsɔfo panyin, na ɔkae nso sɛ Aaron afa asɔfodi dibea no ama ne ho ne n’abusua. Kora ammu anuonyam anaa nidi a Onyankopɔn de maa Aaron ne ne mma no, na mmom ɔtew atua tiaa Onyankopɔn nhyehyɛe.
7 Ɛwom sɛ wogyee Kora ne Ruben abusua no mufo bi a ɔtwee wɔn bɛkaa ne ho no fii Misraim de, nanso wɔankɔ Bɔhyɛ Asase no so. Mmom no, asase mu paee na ɛmenee wɔn mu binom amonom, na ogya a efi Yehowa nkyɛn hyew ebinom nso ma wowuwui. Nea edi hɔ no, Israelfo 14,700 a wɔkasa tiaa saa atemmu a efi Onyankopɔn nkyɛn no wuwui denam owuyare so. (Numeri, ti 16) Ná Onyankopɔn atemmu a ɛbɛba “amumɔyɛfo” atuatewfo no so no yɛ nea akyinnye biara nni ho araa ma Yuda kae sɛ “wɔayera.” Ná ɛte sɛnea abam dedaw! Hwɛ sɛnea ɛsɛ sɛ eyi nyinaa kanyan yɛn ma yɛtwe yɛn ho fi ‘atuatew kasa’ ho!
8. Kain, Bileam ne Kora kɔkɔbɔ nhwɛso horow no abɛyɛ nea ɛho hia dɛn nnɛ?
8 Yiw, akyinnye biara nni ho sɛ amanehunu bɛba obiara a ɔtew atua tia Yehowa ne n’ahyehyɛde mu nhyehyɛe horow no so. Yuda daa no adi sɛ ɛbɛyɛ ‘awerɛhow’ ama wɔn a wonni dɔ ne gyidi (te sɛ Kain) , a (te sɛ Bileam no) wɔn ho peree wɔn sɛ wobenya akatua wɔ nkyerɛkyerɛ a ɛde ɔbrasɛe ba ho, na (te sɛ Kora no) wobuu tumidi a wofi soro de mae animtiaa no. Na nokware mu no, Yuda nsɛm no de kɔkɔbɔ a emu yɛ den a ɛfa obiara a ɔkyerɛ sɛ ɔka Yehowa Adansefo ho nanso ɔnkyerɛ obu mma Onyankopɔn teokrase nhyehyɛe ma yɛn bere yi no.
Ntotoho Kwan So Kɔkɔbɔ Ahorow
9. Ná atoro akyerɛkyerɛfo amumɔyɛfo a wɔde wɔn toto ‘abo a ahintaw nsu ase’ ho no kyerɛ dɛn?
9 Ɔrekɔ so de kɔkɔbɔ ama no, Yuda de totoo ho sɛ:
“Eyinom yɛ abo a ahintaw nsu ase wɔ mo dɔ adidi mu bere a wɔne mo didi, ahwɛfo a wɔyɛn wɔn ankasa ho a wonsuro; amununkum a nsu nni mu a mframa de kyinkyin; nnua a ɛso nhaban aporow, nanso aba nni so, a awu mprenu, na wɔatutu; ɛpo asorɔkye a ehuru na epuw wɔn ankasa aniwude gu; nsoromma a wonni ɔkwan pɔtee a wɔnam so, a wɔde sum kabii asie ama wɔn daa.” (Yuda 12, 13, New World Translation)
Nea ɛka nneɛma afoforo ho no, na atoro akyerɛkyerɛfo no te sɛ “abo a ahintaw nsu ase.” Saa nnipa no yɛ te sɛ nea wɔwɔ ɔdɔ ma gyidifo no, na enti na wɔte sɛ abo a ano yɛ nnam a ɛwɔ nsu ase a ebetumi apira asuguarefo na akunkum wɔn anaasɛ ebetumi ama hyɛn abɔ. Gye sɛ Yehowa Adansefo kɔ so ‘pere gyidi no ho denneennen,’ anyɛ saa a, atoro akyerɛkyerɛfo a wɔte sɛɛ betumi ama nnipa a wɔn ase ntimii “agu gyidi ho asu.”—1 Timoteo 1:19.
10. (a) Ná Kristofo a wodi kan no “dɔ adidi” no betumi ayɛ dɛn, na adwene bɛn na “amumɔyɛfo” no de kɔɔ ase? (b) Dɛn na ɛsɛ ‘sɛ yekwati bere a Yehowa Adansefo boa wɔn ho ano gye wɔn ani no?
10 Ná saa “amumɔyɛfo” yi taa kɔ Kristofo “dɔ adidi” ase. Na ná eyinom betumi ayɛ apon a Kristofo a wɔn nsam ye towee na wɔtow nsa frɛɛ mfɛfo gyidifo a wɔyɛ ahiafo. Nanso wɔn a na wɔpɛ sɛ wogu honam ho fĩ no de adwene a ɛmfata kɔe. (Fa toto 2 Petro 2:13 ho.) Saa ara na ebinom wɔ hɔ nnɛ a wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛdan nneɛma a wɔyɛ de gye ani wɔ Yehowa Adansefo mu no ma ayɛ mmere horow a wɔde yɛ nneɛma ma ɛtra so wɔ adidi, ɔnom, wiase nnwom a wɔbɔ ne asaw mu. Ɛnsɛ sɛ Yehowa adansefo Kristofo anokwafo ma eyi ba wɔ nneɛma ahorow a wɔyɛ de gye wɔn ani mu
11. (a) Ná atoro akyerɛkyerɛfo amumɔyɛfo no yɛ nguanhwɛfo bɛn? (b) Su bɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo anokwafo nya wo atoro akyerɛkyerɛfo a wɔte saa nnɛ ho?
11 Ná atoro akyerɛkyerɛfo amumɔyɛfo no te sɛ nguanhwɛfo a wotwitwaa nguan no ho nhwi de yɛɛ wɔn ntade na wokunkum nguan no de yɛn wɔn ankasa ho nso. Wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔde wɔn a wɔn ase ntimii no bɛfa ɔkwammɔne so na wɔamma wɔn honhom mu aduan a ɛfata. (Fa toto Hesekiel 34:7-10 ho.) Hwɛ hia ara a ehia sɛ nokware Kristofo bɔ atoro akyerɛkyerɛfo biara a wɔte sɛɛ nnɛ adwene no gu!
12. Ɔkwan bɛn so na na Yuda nna no mu atoro akyerɛkyerɛfo no te sɛ amununkum a nsu nni mu a mframa de kyinkyin?
12 Ná atoro akyerɛkyerɛfo a wɔwɔ Yuda bere so no te sɛ amununkum a ɛdaadaa nkurɔfo ma wosusuw sɛ osu a ɛho hia kɛse no rebɛtɔ, nanso na ɛyɛ nea nsu nni mu na mframa de kyinkyin ara kwa. Bɔne mframa de saa nnipa no kyinkyinii, na esiane sɛ ná wɔte sɛ “amununkum a nsu nni mu” nti, honhom fam no na hwee nni wɔn mu, na na wɔn ho nni mfaso biara. Ɛsɛ sɛ Yehowa Adansefo hwɛ wɔn ho yiye wɔ ahantan atoro akyerɛkyerɛfo a wɔte sɛɛ nyinaa ho.
13. Ná dɛn nti ma atoro akyerɛkyerɛfo no te sɛ nnua a aba nni so a “awu mprenu” na “wɔatutu”?
13 Esiane sɛ wɔnsow Onyankopɔn honhom kronkron no aba nti, saa nnipa bɔne no nso te sɛ nnua a aba nni so wɔ ofupɛ bere mu, bere a abasow bere no aba awiei. Ná wɔte sɛ nnua a “awu mprenu,” anaasɛ “awuwu koraa.” (Today’s English Version) Saa nnipa no ‘wiawiaa wɔn ho’ bɛhyɛɛ asafo no mu denam yɛ a wɔyɛɛ wɔn ho te sɛ nea wɔte ase honhom mu bere a wɔagye nsu mu asubɔ akyi no. Nanso esiane sɛ wɔansow aba biara amfa anhyɛ Onyankopɔn anuonyam nti, na ɛsɛ sɛ wɔne wɔn di sɛnea wɔyɛɛ nnua a ɛnsow aba wɔ tete Palestina no. Wotutuu eyinom sɛee wɔn sɛnea ɛbɛyɛ na wɔakwati tow a na wogye wɔ nnuaba ho no. Tu a wotutui no ma ɛda adi pefee sɛ na saa atoro akyerɛkyerɛfo a wɔankyerɛ ahonu no bɛkɔ ɔsɛe mu.
14. Ɔkwan bɛn so na na atoro akyerɛkyerɛfo no te sɛ “ɛpo asorɔkye a ehuru”?
14 Esiane sɛ na saa atoro akyerɛkyerɛfo no nni Onyankopɔn honhom kronkron nti, na wɔte sɛ “ɛpo asorɔkye a ehuru” nso. Ná wɔyɛ kitikiti te sɛ ɛpo asorɔkye a ebu fa so na epuw dontori ne wura. Ntotoho kwan so no, ɛda adi sɛ na saa nnipa a wɔyɛ kitikiti na wɔte sɛ mmoa no ka no denneennen sɛ wɔwɔ gyidi, nanso wɔn nneyɛe ne nkyerɛkyerɛ bɔne no hyɛɛ wɔn nsow sɛ wɔyɛ nnebɔneyɛfo a enti ɛsɛ sɛ wɔn ani wu.—Yesaia 57:20, 21.
15. Ná atoro akyerɛkyerɛfo no te sɛ nsoromma bɛn, na na dɛn na ɛbɛba wɔn so?
15 Esiane sɛ saa atoro akyerɛkyerɛfo no annantew pɛ wɔ trenee mu nti, na wɔte sɛ “nsoromma a ekyinkyin.” (Authorized Version) Nokwarem no, sɛ nsoromma nenam baabiara kɛkɛ a, wɔn akyi a nnipa bedi wɔ akwantu mu no renyɛ yiye. Ne saa nti, te sɛ ‘nsoromma a wonni ɔkwan pɔtee a wɔnam so’ no, obi ntumi mfa ne ho nto saa atuatewfo no so sɛ obenya honhom mu akwankyerɛ pa. Saa atoro nsoromma no, nea Onyankopɔn ‘de asie’ ama wɔn ara ne ‘esum kabii’ a enni awiei, na eyi kyerɛ ɔsɛe a enni awiei a ɛbɛba wɔn so. Ampa, nneɛma horow pii nti, Yehowa adansefo Kristofo anokwafo pow atoro akyerɛkyerɛfo ne wɔn nkyerɛkyerɛ no koraa.
Yehowa Di Atemmu Ho Dwuma
16. Ná hena ne Henok, na nkɔm bɛn na ɔhyɛe?
16 Nea edi adanse sɛ Yehowa di dwuma tia amumɔyɛfo no, Yuda kae sɛ:
“Yiw, ɔbarima a ɔto Adam so ason, Henok, hyɛɛ nkɔm faa wɔn ho nso, bere a ose: ‘Hwɛ! Yehowa ne n’akronkronfo huhaa no bae, na wabebu atɛn atia wɔn nyinaa, na wayi amumɔyɛfo nyinaa ntɛn, wɔn amumɔyɛde a wɔyɛe amumɔyɛ kwan so no nyinaa ho, ne nsɛm a ɛyɛ ahodwiriw a nnebɔneyɛfo amumɔyɛfo ka tiaa no no nyinaa ho.” (Yuda 14, 15, New World Translation)
Sɛ wɔkan fi Adam, ɔdesani a odi kan no so a, na Henok ‘na ɔto so ason.’ Ná wɔn a wɔhyehyɛ ntam hɔ ne Set, Enos, Henan, Mahalaleel ne Yared. (Genesis 5:3-18) ‘Henok ne Nyankopɔn nantewee,’ na odii ɔkwan a ɛne Yehowa nokware a wɔada no adi hyia akyi. (Genesis 5:24; Hebrifo 11:5) Honhom mu porɔwee twaa Henok ho hyiae, nanso ɔde akokoduru somee sɛ Onyankopɔn diyifo.
17. Ɔkwan bɛn na ebetumi aba sɛ Yuda nam so tee Henok nkɔmhyɛ no ho asɛm?
17 Ɔkwan a Yuda nam so tee Henok nkɔmhyɛ no ho asɛm no yɛ nea wɔnna no adi. Enni kan mpue wɔ Kyerɛwnsɛm a efi honhom mu no mu. Ebia Yesu kaa Henok nkɔmhyɛ no ho asɛm wɔ asɛnka bi mu ma wɔka kyerɛe. Nanso adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ Yuda faa asɛm bi a ɛte saa fii nhoma bi a Henok kyerɛwee mu. Na esiane sɛ Yuda kyerɛwee wɔ honhom akwankyerɛ ase nti, Henok nkɔmhyɛ no a ɔde hyɛɛ ne nhoma no mu no si nokware a saa nsɛm no yɛ no so dua.
18. (a) Dɛn ni na yebetumi aka sɛ Henok hyɛɛ nkɔm faa Yuda nna no mu atoro akyerɛkyerɛfo nso ho? (b) Sɛnea Henok nkɔmhyɛ no, kyerɛ no, ná Ɔtemmufo Kɛse no ne wɔn a wobu No animtiaa no bedi wɔ ɔkwan bɛn so?
18 Henok “hyɛɛ nkɔm [faa Yuda nna no mu atoro akyerɛkyerɛfo ho]” efisɛ nkɔm a ɔhyɛe a na ɛfa tete nsɛmmɔnedifo ho no faa wɔn nso ho. Yehowa, ɔtemmufo Kɛse, a amumɔyɛfo anaasɛ atuatewfo no buu no animtia no de ne sɛe atemmu no bɛba wɔn so. Saa yɛ mu no, Yehowa de “n’akronkronfo huhaa,” anaasɛ “n’ahotefo mpempem,” a ɛne sɛ, trenee abɔfo a wɔdɔɔso pii, no bɛba. (Fa toto Deuteronomium 33:2; Daniel 7:9, 10 ho.) Saa “akronkronfo huhaa” no mu Otitiriw ne Mesia, a Yehowa nam no so ba bebu atɛn no.—Luka 1:35; Yohane 5:27; Asomafo no Nnwuma 17:30, 31.
19. (a) Te sɛ abɔnefo a na wɔwɔ Henok nna no mu no, ɔkwan bɛn so na “amumɔyɛfo” no kekaa ‘nsɛm a ɛyɛ ahodwiriw’ tiaa Yehowa? (b) Ná dɛn na ɛbɛba amumɔyɛfo a wogu honam ho fi no so ɔkwan biara so? (d) Ɛsɛ sɛ Yehowa Adansefo bɔ wɔn bra dɛn?
19 Yehowa maa saa amumɔyɛfo anaa atuatewfo no bere pii ma wɔde daa wɔn bɔne no adi, sɛ ebia ɛdenam wɔn “ahohwibɔ” no so. Ɛdenam wɔn nnebɔne ne nsɛm a ɛmfata a wɔkeka ne so no, obu a wonni mma Onyankopɔn no daa adi kɛse, na enti ɛdaa adi sɛ wodi fɔ, na Onyankopɔn “yii wɔn ntɛn.” Sɛnea Henok bere so abɔnefo no kekaa “nsɛm a ɛyɛ ahodwiriw” tiaa Onyankopɔn no, saa pɛpɛɛpɛ na saa “amumɔyɛfo” no buu mpanyinni animtiaa na wɔkekaa wɔn a Yehowa ahyɛ wɔn anuonyam no ho nsɛmmɔne (Yuda 8-10) Enti na wɔrekeka “nsɛm a ɛyɛ ahodwiriw” atia Yehowa na wobuu wɔn kumfɔ. Nea ɛne Henok nkɔmhyɛ no hyia no, Onyankopɔn de atemmu baa nsɛmmɔnedifo so wɔ Noa bere so nsuyiri no mu. Enti ɔsoro atemmu ho dwuma a wobedi atia amumɔyɛfo a wogu honam ho fĩ no yɛ nea akyinnye biara nni ho. Na Yehowa Adansefo betumi ahwɛ kwan sɛ wobehu atemmu a ɛte saa ara ho dwumadi saa bere yi. Enti, akyinnye biara nni ho sɛ, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn nneyɛe ne yɛn kasa yiye na yɛasɔ Onyankopɔn ani na yɛakwati ɔsɛe.
20. Ɛsɛ sɛ Yehowa asomfo bu nnipa “amumɔyɛfo” anwiinwii ne akasakasa no dɛn?
20 Ɔretwe adwene akɔ su afoforo a ɛmfata so no, Yuda kyerɛwee sɛ:
Saa nnipa yi yɛ anwiinwiifo, nnebɔfo a wɔn kyɛfa wɔ asetra mu nsɔ wɔn ani, wodi wɔn ankasa akɔnnɔ akyi, na wɔn ano ka ahupoosɛm, bere a wɔn ankasa mfaso nti wɔdɛfɛdɛfɛ nnipa.” (Yuda 16, New World Translation)
Wotu Yehowa adansefo Kristofo fo sɛ ‘wonkwati huhuhuhu.’ (Filipifo 2:14, 15) Nanso ná saa “amumɔyɛfo” no yɛ “anwiinwiifo” te sɛ Israelfo a wonwiinwii hyɛɛ Mose ne Aaron na awiei koraa no wowuwui wɔ sare no so esiane sɛ wonwiinwii hyɛɛ Onyankopɔn ankasa nti no. (Numeri 14:1-38; 1 Korintofo 10:10) Na nnipa a wɔte sɛ mmoa no nso yɛ “nnebɔfo a wɔn kyɛfa wɔ asetra mu nsɔ wɔn ani,” sɛnea ebia ahiafo a wɔwɔ wiase benwiinwii esiane sɛ wɔnyɛ adefo, ne ade, nti no. Nanso, te sɛ Yuda bere so nokware Kristofo no, Yehowa Adansefo a wɔwɔ hɔ nnɛ de wɔn ho to ɔsoro nyansa ne Onyankopɔn honhom ne mmoa so na wɔatumi agyina tebea horow a emu yɛ den ano. Mommma yɛnnyɛ sɛ Yuda nna no mu anwiinwiifo amumɔyɛfo no!
21. (a) Ɔkwan bɛn so na “amumɔyɛfo” no ‘dii wɔn ankasa akɔnnɔ akyi’? (b) Ɔkwan bɛn so na saa atuatewfo no ‘dɛfɛdɛfɛ nnipa bi esiane wɔn ankasa mfaso nti,’ na dɛn nti na na ɛno yɛ mfomso?
21 Saa atuatewfo no ‘dii wɔn ankasa akɔnnɔ akyi,’ maa wɔn akɔnnɔ bɔne no dii wɔn so na ɛnyɛ ahyɛde a Onyankopɔn anaasɛ ne Ba no de mae no. (Fa toto Yakobo 4:1-3 ho.) Na bere a ‘wɔn ano ka ahupoosɛm,’ anaasɛ “wɔka akokurokosɛm” (Jerusalem Bible) no, wɔpaw ebinom a wɔyɛɛ sɛnea wɔn ani gye wɔn ho. (Fa toto Dwom 140:11; Tito 1:10, 11; 2 Petro 2:18, 19 ho.) Saa ahohwibɔfo no ‘dɛfɛdɛfɛɛ nnipa ahorow bi esiane wɔn ankasa mfaso nti.’ Wɔhwehwɛ adefo, atitiriw, anaasɛ afoforo anim dom ne wɔn mmoa, a na wɔhwɛ kwan sɛ wobenya honam fam anaa asetra mu mfaso bi. Nanso na eyi yɛ pɛsɛmenkominya adeyɛ na efuraa saa nnebɔneyɛfo no ani wɔ botae pa a ɛkorɔn a ɛne Yehowa dom a wɔbɛhwehwɛ no ho. Enti, wɔamfa obu amma ɔtemmufo Kɛse no na enti wɔbaa ne sɛe atemmu ase.
22. Baabi a yɛasusuw ho abedu yi, dɛn na Yuda ada no adi ma ɛho aba yɛn mfaso, na dɛn na ɛka ne nsɛm a ɔde wie no ho?
22 Yuda maa n’asɛm no mu daa hɔ pefee bere a ɔrehyɛ ne mfɛfo gyidifo nkuran sɛ ‘wɔmpere gyidi no ho denneennen’ no. Ɔtwee adwene kɔɔ Kyerɛwsɛm mu kɔkɔbɔ ahorow a etia ahohwibɔ, atuatew ne anwiinwii so, na osii ɔsoro atemmu a ɛbɛba so dua yiye. Hwɛ fata ara a ɛfata saa bere yi sɛ Yehowa Adansefo susuw saa nsɛm yi ho! Sɛnea yebehu no, nsɛm a Yuda de wiei, a adesrɛ a efi komam ankasa ka ho no nso ho wɔ mfaso kɛse ma Yehowa asomfo.
So wubetumi abua nsemmisa yi?
□ Ná dɛn ne “Kain kwan” no, na dɛn nti na ɛsɛ sɛ Yehowa nkurɔfo kwati?
□ Henanom na ‘wotuu mmirika kɔfaa Bileam kwammɔne no so,’ na dɛn nti na wobɛtwe wo ho afi ho?
□ Kɔkɔbɔ nhwɛso bɛn na yɛwɔ wɔ Lewini Kora asɛm no mu?
□ Ɔkwan bɛn so na “amumɔyɛfo” a Yuda ka wɔn ho asɛm no te sɛ nnua a aba nni so a “awu mprenu” na ‘wotutui’?
□ Dɛn ho nkɔm na Henok hyɛe, na dɛn na ɛsɛ sɛ n’asɛm no ka yɛn ma yɛyɛ?
□ Esiane Yuda afotu no nti, su bɛn na ɛsɛ sɛ yenya wɔ anwiinwii ne ‘nnipa ho anigye a yɛbɛkyerɛ esiane yɛn ankasa mfaso nti’ ho?
[Kratafa 11 mfoni]
Ɔsɛe baa atoro akyerɛkyerɛfo a wɔankyerɛ ahonu so, sɛnea wotutuu nnuaba a ɛnsow aba no