-
“Adɔfo, Momfa . . . Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu”Ɔwɛn-Aban—1983 | March 1
-
-
“Na mo, adɔfo, momfa mo ho nsi mo gyidi kronkron no so mmɔ mpae honhom kronkron mu, mfa mo ho nsie Onyankopɔn dɔ mu, na montwɛn yɛn Awurade Yesu Kristo mmɔborohunu nkɔ daa nkwa mu.” (Yuda 20, 21)
-
-
“Adɔfo, Momfa . . . Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu”Ɔwɛn-Aban—1983 | March 1
-
-
10. Sɛnea ɛbɛyɛ na ‘wɔde wɔn ho asie Onyankopɔn dɔ mu’ no, na dɛn na ɛsɛ sɛ Yuda mfɛfo gyidifo no yɛ?
10 Sɛnea ɛbɛyɛ na ‘wɔakɔ so atra Onyankopɔn dɔ mu’ no, ná ɛsɛ sɛ Yuda mfɛfo gyidifo no di Yehowa ne ne Ba no ahyɛde horow so. (Yohane 15:10; 1 Yohane 5:3) Onyankopɔn dɔ mu a obi bɛkɔ so atra no hwehwɛ ɔkasa ne abrabɔ a ɛsɔ Yehowa ani. Esiane sɛ yɛnyɛ pɛ na bɔne wɔ yɛn ho nti, sɛnea ɛbɛyɛ na wakɔ so atra Onyankopɔn dɔ mu no, anokwafo no bɛkɔ so ahwehwɛ Yehowa mmɔborohunu a ɛnam Yesu Kristo so na egyina wɔn Awurade no ogye afɔre no so no. (Romafo 5:8; 9:14-18; 1 Yohane 4:9, 10) Ɔsoro mmɔborohunu a Yesu nokware akyidifo kɔ so nya no kowie daa nkwa mu.—Yohane 3:16.
-