Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w83 3/1 kr. 13-17
  • “Adɔfo, Momfa . . . Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Adɔfo, Momfa . . . Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔkaa Fɛwdifo Ho Asɛm Siei
  • Ɔkwan A Yɛbɛfa So Atra Onyankopɔn No Mu
  • Hia A Ɛho Hia Sɛ Yehu Afoforo Mmɔbɔ
  • Momfa Anuonyam, Kɛseyɛ, Ahoɔden Ne Tumi Mma Onyankopɔn
  • Tie Yuda Asɛm No!
  • ‘Mompere Gyidi No Ho Denneennen’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • ‘Monko Mpere Gyidi no’!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Ɛsɛ Sɛ Yɛyere Yɛn Ho Paa Na Yɛatumi Akɔ So Atena Nokware No Mu
    Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2019
  • “Hwɛ! Yehowa Ne N’akronkronfo Huhaa No Bae”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
w83 3/1 kr. 13-17

“Adɔfo, Momfa . . . Mo Ho Nsie Onyankopɔn Dɔ Mu”

“Adɔfo, momfa mo ho nsi mo gyidi kronkron no so mmɔ mpae honhom kronkron mu, mfa mo ho nsie Onyankopɔn dɔ mu.”​—Yuda 20, 21.

1, 2. Kɔkɔbɔ ahorow akyi no, afotusɛm bɛn na yehu wɔ Yuda nhoma no mu?

YEHOWA dom da adi wɔ ɔne wɔn a wɔdɔ no no nsennii mu. Ɛdenam n’Asɛm a efi honhom mu no so no ɔkyerɛ nea ɔhwehwɛ afi wɔn nkyɛn. Na aseda bɛn ara na yebetumi de ama sɛ Onyankopɔn Asɛm no fã, Yuda nhoma no, de kɔkɔbɔ ahorow ma a ebetumi aboa yɛn ma yɛne Yehowa Nyankopɔn anya abusuabɔ pa bere nyinaa!

2 Nanso, kɔkɔbɔ a ɛho hia a ɔde ma akyi no, Yuda kyerɛ nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛanya ahoɔden honhom mu na ‘yɛatra Onyankopɔn dɔ mu.’ Enti, ɛho bɛba yɛn mfaso kɛse sɛ yebesusuw Yuda nhoma no fã a edi akyiri no ho.

Wɔkaa Fɛwdifo Ho Asɛm Siei

3, 4. Yesu asomafo no “nsɛm” bɛn na Yuda twee adwene kɔɔ so?

3 Ɔde nkaebɔ bi a ɛho hia rema no, Yuda kyerɛwee sɛ:

“Na mo, adɔfo, monkae nsɛm a yɛn Awurade Yesu Kristo asomafo aka ato hɔ no, sɛ wɔka kyerɛɛ mo sɛ: ɛbere a edi akyiri no mu no, fɛwdifo bɛba a wobedi wɔn ankasa amumɔyɛ akɔnnɔ akyi. Eyinom ne wɔn a wɔde mpaapaemu ba, honam akyidifo a wonni honhom.” (Yuda 17-19)

Yuda kaa nsɛm pii de paa “amumɔyɛfo” a wowiawiaa wɔn ho bɛhyɛɛ asafo no mu no ho ntama. Afei, ɔretu mfɛfo gyidifo a na ɔwɔ ayamhyehye kɛse ma wɔn no fo no, Yuda hyɛɛ wɔn nkuran sɛ wɔnkae nsɛm a na Yesu asomafo no adi kan aka no. Anka ɛsɛ sɛ saa nsɛm no a wɔbɛkae no kanyan nokware Kristofo nyinaa ma ‘wɔpere gyidi no ho denneennen.’

4 Ɔsomafo Paulo bɔɔ mfɛfo ahwɛfo kɔkɔ sɛ wɔn ankasa mu na nnipa “bɛsɔre a wɔbɛkeka nkontomposɛm de atwe asuafo no adi wɔn akyi.” (Asomafo no Nnwuma 20:29, 30) Ɔka kyerɛɛ Timoteo sɛ ‘akyiri yi nna no mu no ebinom bɛwae afi gyidi no ho.’ (1 Timoteo 4:1, 2) Na ɔsomafo Petro hyɛɛ da bɔɔ kɔkɔ sɛ ‘nna a edi akyiri no mu no fɛwdifo bɛba, abɛka sɛ: Ne ba ho bɔhyɛ no wɔ he?’​—2 Petro 3:1-4.

5. Ɛbɛyɛ sɛ “amumɔyɛfo” a na wɔawiawia wɔn ho abɛhyɛ asafo no mu no yɛɛ Kristofo anokwafo dɛn, nanso na nnipa a wɔwɔ Onyankopɔn suro bɛyɛ wɔn ade dɛn wɔ ho?

5 Enti, na wɔn a wɔn nsa bɛka Yuda nhoma no wɔ ntease pa a enti wobetumi ahwɛ kwan sɛ “fɛwdifo” bepue wɔ bere a edi Yudafo nneɛma nhyehyɛe no awiei anim pɛɛ no mu. Ebetumi aba sɛ na “amumɔyɛfo” a wɔawiawia wɔn ho abɛhyɛ asafo no mu no redi gyidifo a wodii Yehowa trenee gyinapɛn ahorow akyi na wɔamfa wɔn ho ammɔ “anuanom atorofo” no ho wɔ ahohwibɔ mu no ho fɛw. Nanso na ɛho hia sɛ nnipa anokwafo ‘pere gyidi no ho denneennen,’ ɛwom mpo sɛ ebia atoro akyerɛkyerɛfo a ‘wodii wɔn ankasa amumɔyɛ akɔnnɔ akyi’ na epiapiaa wɔn no dii wɔn ho fɛw de.​—Fa toto 2 Korintofo 11:26; Galatifo 2:4, 5 ho.

6. Ɛwom sɛ Onyankopɔn hwɛ maa biakoyɛ traa wɔn a wɔdɔ no no ntam de, nso dɛn na fɛwdifo amumɔyɛfo no bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ?

6 Bere a Onyankopɔn nam ne honhom no so hwɛ maa biakoyɛ traa wɔn a wɔdɔ no ntam no, fɛwdifo amumɔyɛfo no bɔɔ mmɔden sɛ wɔde “mpaapaemu” anaasɛ “nyiyimu” bɛba, na wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛyɛ mpaapaemu adwuma wɔ Yehowa nkurɔfo mu. (Yuda 19; Dwom 133:1-3; 1 Korintofo 1:10) Ɛwom sɛ fɛwdifo no kasa tiaa nnipa anokwafo mmɔdenbɔfo a wɔwɔ asafo no mu no, nanso amumɔyɛfo no kyerɛɛ nnipa a wobetumi anya wɔn ho mfaso no ho anigye. (Yuda 8, 16) Te sɛ Farisifo no, wobuu asafo no mufo anokwafo a wɔba fam no animtiaa. Sɛ́ anka wɔne Awurade bɛbom aboaboa ano no, wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛhwete mu. Ɛnnɛ mpo, ebinom bɔ mmɔden sɛ wɔbɛtwe wɔn a wɔn ase ntimii no akɔhyehyɛ wɔn akuw nketewa, a wɔkyerɛ sɛ ɛyɛ “Bible adesua” akuw no mu. Eyi rentumi mma Onyankopɔn, Kristo ne Kristofo asafo no ho dɔ nkɔ anim.​—Luka 11:23.

7. Dɛn nti na wɔkaa “amumɔyɛfo” no ho asɛm ma ɛfatae sɛ ‘wɔte sɛ mmoa’?

7 Wɔkae sɛ saa nnipa no ‘te sɛ mmoa’ ma ɛfata, efisɛ na wɔyɛ abɔde a wonni adwene a wodi ɔhonam mu nkate ahorow ne akɔnnɔ horow akyi. (Fa toto Kingdom Interlinear Translation, nkyekyem 19 ho.) Ɛwom sɛ na wobu wɔn ho sɛ wɔakɔ anim honhom mu de, nanso Yuda kaa wɔn ho asɛm sɛ ‘wonni honhom mu nkɔso biara,’ anaasɛ “wonni honhom.” Nokwarem no, na saa nnipa a ‘wɔte sɛ mmoa’ no nni Yehowa honhom, ná wontumi nte honhom mu nneɛma ase na na wɔsen mmoa a wonni adwene kakraa bi pɛ. Sɛ yɛwɔ Yehowa honhom na yɛte ‘Onyankopɔn nneɛma a emu dɔ’ ase a, ɛsɛ sɛ yɛda yɛn soro Agya no ase kɛse.​—1 Korintofo 2:6-16.

Ɔkwan A Yɛbɛfa So Atra Onyankopɔn No Mu

8. Ɛbɛyɛ sɛ na asɛm “gyidi kronkron” no fa dɛn ho?

8 Afei Yuda dan kɔɔ adesrɛ a anibere wom so, kae sɛ:

“Na mo, adɔfo, momfa mo ho nsi mo gyidi kronkron no so mmɔ mpae honhom kronkron mu, mfa mo ho nsie Onyankopɔn dɔ mu, na montwɛn yɛn Awurade Yesu Kristo mmɔborohunu nkɔ daa nkwa mu.” (Yuda 20, 21)

Yuda fi ɔdɔ mu kyerɛɛ ɔkwan a ne mfɛfo gyidifo a ɔwɔ ayamhyehye ma wɔn no betumi afa so atra Yehowa dɔ mu. Ná nea ɛka n’afotu no akyidi ho ne gyidi a wobenya, a ɛyɛ Onyankopɔn honhom no aba. (Galatifo 5:22, 23) Nanso esiane nea na Yuda adi kan aka wɔ ‘gyidi a wɔde ama ahotefo’ no ho a wɔbɛpere (nky. 3) nti, na asɛm “gyidi kronkron” no betumi ayɛ nea ɛfa Kristofo nkyerɛkyerɛ no nyinaa, a nkwagye asɛmpa no ka ho, no ho. Ná nokware gyidi a ɛte sɛɛ nnyinaso ne Kristo, na wɔfrɛɛ no “kronkron” efisɛ ɛde ani sii Onyankopɔn a ɔyɛ kronkron no so, na na egyina n’Asɛm a ɛyɛ kronkron no so nkutoo.​—Asomafo no Nnwuma 20:32; 1 Korintofo 3:10-15.

9. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ dɛn na ‘yɛde yɛn ho asi yɛn gyidi kronkron no so’?

9 Sɛnea ɛbɛyɛ na Kristofo ‘de wɔn ho asi wɔn gyidi kronkron no so’ anaasɛ wɔahyɛ no den no, ɛsɛ sɛ wosua Onyankopɔn Asɛm no yiye wɔ kokoam ne asafo mu. Kyerɛwnsɛm no ho nkɔmmɔ a yɛne Yehowa adansefo Kristofo bɛbɔ, ne asɛmpa no a yɛbɛka akyerɛ afoforo no bɛma nea Bible ka no akɔ yɛn koma mu yiye. Nanso eyinom mu biara nni hɔ a yebetumi ayɛ a mpaebɔ a anibere wom nka ho. Obi de ‘honhom kronkron bɔ mpae’ bere a ɔbɔ mpae wɔ ne nkɛntɛnso ase na ne mpaebɔ no ne nneɛma a ɛwɔ Yehowa Asɛm mu hyia no. Bio no, Kyerɛwnsɛm a wɔkyerɛw no Onyankopɔn honhom no akwankyerɛ ase no kyerɛ yɛn sɛnea ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae ne nea ɛsɛ sɛ yebisa wɔ yɛn mpaebɔ mu. Sɛ nhwɛso no, yebetumi de ahotoso abɔ mpae sɛ Onyankopɔn honhom nhyɛ yɛn ma. Sɛ yɛde ‘honhom kronkron bɔ mpae’ a, yɛn mpaebɔ bɛda komam tebea pa, a Onyankopɔn ani gye ho, adi. Eyi bɛbɔ yɛn ho ban afi nkɛntɛnso horow a ɛmfata ho, a nnipa “amumɔyɛfo” biara a ebia wɔawiawia wɔn ho aba asafo no mu no adwenhorow ka ho.​—Luka 11:13; Romafo 8:9, 26, 27.

10. Sɛnea ɛbɛyɛ na ‘wɔde wɔn ho asie Onyankopɔn dɔ mu’ no, na dɛn na ɛsɛ sɛ Yuda mfɛfo gyidifo no yɛ?

10 Sɛnea ɛbɛyɛ na ‘wɔakɔ so atra Onyankopɔn dɔ mu’ no, ná ɛsɛ sɛ Yuda mfɛfo gyidifo no di Yehowa ne ne Ba no ahyɛde horow so. (Yohane 15:10; 1 Yohane 5:3) Onyankopɔn dɔ mu a obi bɛkɔ so atra no hwehwɛ ɔkasa ne abrabɔ a ɛsɔ Yehowa ani. Esiane sɛ yɛnyɛ pɛ na bɔne wɔ yɛn ho nti, sɛnea ɛbɛyɛ na wakɔ so atra Onyankopɔn dɔ mu no, anokwafo no bɛkɔ so ahwehwɛ Yehowa mmɔborohunu a ɛnam Yesu Kristo so na egyina wɔn Awurade no ogye afɔre no so no. (Romafo 5:8; 9:14-18; 1 Yohane 4:9, 10) Ɔsoro mmɔborohunu a Yesu nokware akyidifo kɔ so nya no kowie daa nkwa mu.​—Yohane 3:16.

Hia A Ɛho Hia Sɛ Yehu Afoforo Mmɔbɔ

11. Dɛn na Yuda kae wɔ mmɔborohunu ho, na bere a wɔda eyi edi no, henanom na ɛho hia sɛ wohu?

11 Ɛdefa hia a ɛho hia sɛ yeyi mmɔborohunu adi kyerɛ ho no, Yuda kae sɛ:

“Na akyinnyegyefo nso, munhu wɔn mmɔbɔ, ebinom nso munhwim wɔn mfi gya mu nnye wɔn nkwa, ebinom nso momfa osuro nhu wɔn mmɔbɔ, na montan atade a honam nkekae akeka mu nso.” (Yuda 22, 23)

Sɛ ná Yuda mfɛfo gyidifo bɛkɔ so anya ɔsoro mmɔborohunu a, na ɛsɛ wohu afoforo a wɔn daa nkwa ho aba asɛm no mmɔbɔ. (Yakobo 2:13) Nanso, sɛnea ɛbɛyɛ na anokwafo no atumi ‘akɔ so ahu akyinnyegyefo mmɔbɔ no’ na ɛho hia sɛ wohu wɔn a wɔfata mmɔborohunu no, ne “adaesofo” no.

12. (a) Esiane sɛ na “amumɔyɛfo” no akɛntɛn wɔn so nti, dɛn na ebetumi aba sɛ ebinom adwenem yɛɛ wɔn naa wɔ ho? (b) Ɔkwan bɛn so na ebetumi ayɛ yiye sɛ ‘wobehwim ebinom afi ogya no mu’?

12 Ɛdenam wɔn atoro nkyerɛkyerɛ, wɔn anwiinwii, wɔn akasakasa, ne ade, no so no, na “amumɔyɛfo” no rema wɔn a wɔn ase ntimii honhom mu no adwene mu ayɛ wɔn nãa. Bere a ebia atoro akyerɛkyerɛfo no ahupoosɛm no ahaw wɔn no, ebia akyinnyegyefo no adwene mu bɛyɛ wɔn nãa sɛ ebia Kristofo a wɔahyira wɔn ho so yɛ Yehowa nkurɔfo ampa anaa, na ebia na wɔagyae som a wɔne wɔn bom som ne asɛmpaka adwuma a wɔne wɔn yɛ no. Ná wɔn a wɔte saa a wɔn ase ntimii no wɔ “ogya,” anaasɛ daa ɔsɛe, ho asiane mu. (Fa toto Mateo 18:8, 9; 25:31-33, 41-46 ho.) Nanso ɛdenam honhom mu afotu ne mpaebɔ a wɔde bɛboa wɔn ntɛm so no, Kristofo a wɔn ase atim, titiriw asafo mu ahwɛfo no, betumi agye wɔn, ‘ahwim wɔn afi ogya no mu.’​—Galatifo 6:1; Yakobo 5:13-20.

13. (a) Ɔkwan bɛn so na ebinom ‘de nkekae ayɛ wɔn atade mu’? (b) Ɔkwan bɛn so na wobetumi ‘agye’ wɔn a wɔhyehyɛ ntade a ‘nkekae wɔ mu’?

13 Ebetumi aba sɛ ebinom kodii wɔn a wogu honam ho fi no akyi na wɔne wɔn nyinaa de wɔn ho kɔhyɛɛ ahohwibɔ mu anaasɛ honhom fam awaresɛe mu. (Yakobo 4:4) Ɛdenam mmoadeyɛ hokwan a wɔmae so no, na ɛte sɛ nea ‘wɔama nkekae akeka wɔn atade mu.’ Na wɔama nkekae aba wɔn nipasu sɛ nokware Kristofo, a ɛte sɛ atade a wɔhyɛ no mu. (Fa toto Adiyisɛm 3:4, 5 ho.) Yehowa adansefo anokwafo hwɛɛ wɔn ho so yiye wɔ nkekae a wɔbɛma aba wɔn ankasa Kristofo nipasu atade no mu saa kwan so no ho efisɛ eyi nsɔ Yehowa Nyankopɔn ani na ebetumi akowie ɔsɛe mu. Nanso, nnipa a wɔwɔ Onyankopɔn suro, titiriw mpanyimfo a wɔapaw wɔn no, fi mmɔborohunu mu bɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛboa wɔn a wɔn ase ntimii a wɔhyɛ ‘ntade a nkekae wɔ mu’ no ma wɔasan aba nkwagye kwan no so. Sɛ wɔn a wɔafom kwan no da nokware ahonu adi a, wobetumi “agye wɔn” afi wu a wobewu wɔ Onyankopɔn abufuw mu, ade a ɔkwan a ɛho ntew so a wɔbɛfa betumi de aba wɔn so no mu.​—Mmebusɛm 28:13.

Momfa Anuonyam, Kɛseyɛ, Ahoɔden Ne Tumi Mma Onyankopɔn

14, 15. (a) Hena na otumi soo Yuda mfɛfo asomfo a wɔasra wɔn no mu na wɔanhintiw, na dɛn mu na obi betumi akɔhwe? (b) Ɔkwan bɛn so na wobetumi de Yehowa adansefo a wɔasra wɔn ‘asi Onyankopɔn anim a wonni dɛm’? (d) Dɛn na “nnipakuw kɛse” no hwɛ kwan?

14 Awiei no, Yuda de n’akenkanfo hyɛɛ Onyankopɔn nsa, sɛ:

“Na nea obetumi aso mo mu na moanhintiw, na ɔde mo asi anuonyam anim, sɛ nnipa a wonni dɛm wɔ ahosan mu no, Onyankopɔn koro a ɔnam yɛn Awurade Yesu Kristo so yɛ yɛn agyenkwa no, ɔno na anuonyam ne kɛseyɛ ne ahoɔden ne tumi nka no mmeresanten ne afei ne daa nyinaa. Amen.” (Yuda 24, 25)

Bere a ɔde kɔkɔbɔ a efi honhom mu ne afotu pa ama akyi no, na ɛsɛ sɛ Yuda de mfɛfo gyidifo a wɔwɔ asiane mu wɔ honhom mu no hyɛ Onyankopɔn nsa. Ná Yehowa nkutoo na obetumi aboa wɔn ma wɔako atia “amumɔyɛfo” a wɔwɔ wɔn mu no. Enti, nea ɛfata no, Yuda de ne krataa no baa awiei, a na ɔde ayeyi rema Ɔsorosoroni no.

15 Ná Yuda mfɛfo asomfo a wɔasra wɔn no betumi anya ahotoso wɔ Yehowa mu sɛ ‘nea obetumi asó wɔn mu na wɔanhintiw.’ Ná Onyankopɔn betumi abɔ wɔn ho ban na wɔanhwe ase wɔ bɔne mu na wɔamma ahohwibɔ a amumɔyɛfo a wogu honam ho fĩ rehyɛ ho nkuran no ho sɔhwɛ anni wɔn so nkonim. Ampa, na Yehowa betumi abɔ anokwafo no ho ban na ‘wɔanhintiw’ ankɔyɛ bɔne a anibere wom na ɔsɛe a ɛretwɛn atoro Kristofo a wɔte sɛ mmoa a wɔnkyerɛ ahonu no amma wɔn so. Afei nso, Yehowa tumi de n’adansefo anokwafo no ‘sii n’anuonyam anim,’ anaasɛ ‘ɔno onuonyamfo no anim.’ (NW, 1950 de no) Wobetumi agyina a wonni nkekae honhom mu esiane Onyankopɔn dom nti. (Efesofo 2:1-7; Kolosefo 1:21-23) Yehowa adansefo anokwafo a wɔasra wɔn pɛ sɛ Yesu Kristo nyan wɔn na ɔde wɔn kɔ Onyankopɔn a ɔyɛ “onuonyamfo” no anim wɔ honhom mu pɛyɛ mu. (Yohane 5:25; 11:24, 25) Nokwarem no, eyi bɛkɔ akowie “ahosan” kɛse mu ama wɔn. Saa ara nso na “nnipakuw kɛse” no hwɛ kwan sɛ wɔbɛkora wɔn so wɔ “ahohiahia kɛse” no mu na wɔanya “ɔsom kronn” mu hokwan afoforo bere a wonya nkɔso wɔ ɔdesani pɛyɛ mu wɔ asase so ha no.​—Adiyisɛm 7:9, 10, 14-17.

16. (a) Dɛn nti na wobetumi afrɛ Yehowa “Onyankopɔn koro a ɔnam yɛn Awurade Yesu Kristo so a yɛn agyenkwa”? (b) Yuda kyerɛe sɛ dɛn nka Onyankopɔn, na dɛn nti na ɛfata saa?

16 Yehowa yɛ, sɛnea Yuda kae no, “Onyankopɔn koro a ɔnam yɛn Awurade Yesu Kristo so yɛ yɛn agyenkwa.” Mpɛn pii wɔ Kyerɛwnsɛm no mu no, wɔka Yehowa ho asɛm sɛ Agyenkwa. (Dwom 106:21; Yesaia 43:3; Yeremia 14:8; Luka 1:46, 47) Ɔno na ɔyɛ nkwagye ho nsiesie denam Awurade Yesu Kristo so. (Mateo 20:28; Yohane 3:16, Romafo 5:8; 1 Yohane 4:9, 14) Nea ɛfata no, Yehowa na Yuda kyerɛe sɛ “anuonyam” (Hela, doxa) nka no. (Fa toto Dwom 29:1, 2 ho.) Onyankopɔn na ɔkyerɛe sɛ “kɛseyɛ” (Hela, megalosyne) , a ɛkyerɛ ɔhene “kɛseyɛ,” wɔ no. Eyi yɛ Yehowa tumi kɛse sɛ “Mmeresanten Hene” no a wogye tom ma ɛfata (1 Timoteo 1:17) Ɔkyerɛe sɛ Kratos, anaasɛ “ahoɔden” nso wɔ Yehowa, na ɛda adi sɛ ɛka no tumidi, anaasɛ ne nniso, wɔ ɔsoro anaasɛ asase so ho asɛm. (Fa toto Daniel 4:25; Adiyisɛm 11:16-18 ho.) Afei Yuda kyerɛe sɛ “tumi” (Hela, exousia) wɔ Onyankopɔn, efisɛ Yehowa wɔ tumi sɛ ɔyɛ nea ɔpɛ.​—Daniel 4:34, 35.

17. Dɛn nti na abodin a Yuda de ma Onyankopɔn no bɛyɛ nea ɛfata (a) ‘mmeresanten a atwam nyinaa’? (b) ‘mprempren’? (d) “daa nyinaa”?

17 Nea ɛfata no, Yuda kae sɛ anuonyam, kɛseyɛ, ahoɔden ne tumi nka Yehowa “mmeresanten,” anaasɛ “bere a atwam nyinaa,” sɛnea nnipa betumi ahu, efisɛ Yehowa ne Onyankopɔn a “ofi daa kɔ daa.” (Yuda 25, NW; Dwom 90:2) Yehowa asomfo bɛka “afei,” kyerɛ sɛ bere a Yuda kyerɛwee no ne nnɛ, ma afata sɛ saa nneɛma yi wɔ no. Bio nso, saa abodin yi fata Yehowa de kosi “daa nyinaa,” efisɛ ɔrenwu na obenya ayeyifo anokwafo daa nyinaa. (Habakuk 1:12; Dwom 148) Yuda asɛm a ɛte sɛ mpaebɔ no awiei no, ɔde kaa ho sɛ “Amen,” “Ɛnyɛ hɔ.” Na Yehowa adansefo anokwafo nyinaa gye n’ayeyisɛm no tom anigye so.

Tie Yuda Asɛm No!

18. Wɔ Yuda nhoma no mu no, dɛn na yɛasua fa eyinom ho (a) atoro akyerɛkyerɛfo? (b) “ahohwibɔ”? (d) gyidi a wonni? (e) obu ma tumidi? (ɛ) anwiinwii ne akasakasa? (f) afoforo ho anigye a wɔkyerɛ esiane pɛsɛmenkominya mfaso bi nti?

18 Yuda nhoma no som bo ma Yehowa Adansefo nnɛ. Ɛsɛ sɛ yekura Onyankopɔn Asɛm no mu na yɛtwe yɛn ho fi atoro akyerɛkyerɛfo ho koraa. (Hiob 13:16; 27:8, 9; Yeremia 17:13; Yuda 4, 19) Ɛsɛ sɛ anokwafo no ko tia mmɔden biara a wɔbɔ sɛ wɔbɛdaadaa wɔn ma wɔde wɔn ho ahyɛ “ahohwibɔ” mu. (Yuda 3, 4; Genesis 39:7-12) Na ɛnsɛ sɛ yɛbɛyɛ wɔn a wonni gyidi, efisɛ ebetumi ama daa nkwa abɔ yɛn. (Hebrifo 3:12; Yuda 5) Ɛsɛ sɛ Yuda asɛm no ka yɛn ma yɛkyerɛ obu ma tumidi a wofi ɔsoro ahyehyɛ na yɛko tia sɔhwɛ biara a ɛbɛma yɛakasa atia wɔn a wɔde nokwaredi di asafo mu asɛyɛde ahorow ho dwuma no. (Hebrifo 13:17; Yuda 8, 9) Sɛ́ anka yebenwiinwii na yɛakasakasa no, ɛsɛ sɛ Yuda nhoma no ka yɛn ma yɛda ɔdɔ adi ma Yehowa Nyankopɔn ne yɛn mfɛfo gyidifo. (Mateo 22:37-40; Yohane 13:34, 35; Romafo 13:8-10; Yuda 16) Yuda nsɛm no nso boa yɛn ma yɛkwati nnipa akyi a yebedi esiane pɛsɛmenkominya mfaso bi nti no, efisɛ eyi ka nneɛma ahorow a ebetumi ama yɛabɛyɛ Yehowa akyide no ho.​—Mmebusɛm 3:32; Yuda 16.

19. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yetie Yuda asɛm a efi honhom mu no?

19 Enti, sɛ́ Yehowa ne ne Dɔba no adansefo Kristofo a yɛahyira yɛn ho so no, momma yɛn nyinaa ntie osuani Yuda asɛm a emu yɛ duru na efi ɔdɔ mu no. (Fa toto Yesaia 43:10-12; Asomafo no Nnwuma 1:8 ho.) Ne nsɛm no ma yenya ahotoso kɛse mpo bere a yɛnantew “nkwa kwan no so” no. (Dwom 16:11) Momma ‘yɛnhwɛ yɛn ho so sɛnea Yehowa asɛm se,’ a Yuda nhoma no ka ho. (Dwom 119:9-16) Saa kwan no so no, yebetumi ‘apere gyidi no ho denneennen,’ na ɛdenam ɔsoro mmoa so no, ‘yɛatra Onyankopɔn dɔ mu.’

Wokae nsɛntitiriw yi?

□ Henanom na wɔbɔɔ kɔkɔ sɛ ‘nna a edi akyiri no mu no fɛwdifo bɛba,’ na dɛn nti na Yuda twee adwene kɔɔ eyi so?

□ Ná dɛn ne “gyidi kronkron” no, na ɔkwan bɛn so na yebetumi de yɛn ho asi so?

□ Ná ɔkwan bɛn na Yuda mfɛfo gyidifo betumi afa so ‘atra Onyankopɔn dɔ mu’?

□ Dɛn nti na na ebinom a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo hia mmɔborohunu, na na ‘ogya mu a wobehwim wɔn afi’ no kyerɛ dɛn?

Ná dɛn nti na ɛfata sɛ Yuda kae sɛ anuonyam, kɛseyɛ, ahoɔden ne tumi nka Yehowa Nyankopɔn?

□ Ɛsɛ sɛ yetie Yuda asɛm no efisɛ ɛboa yɛn ma yetumi di nsɛm bɛn a emu yɛ den ho dwuma?

[Kratafa 14 mfoni]

Afeha a edi kan no mu Yehowa adansefo anokwafo ‘peree gyidi no ho denneennen,’ ɛwom mpo sɛ ebia atoro akyerɛkyerɛfo dii wɔn ho fɛw de

[Kratafa 15 mfoni]

‘Fa honhom kronkron bɔ mpae’

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena