Wubetumi Anya Awerɛkyekye Wɔ Ɔhaw Mmere Mu
ƐSƐ sɛ yebu ɔhaw ho nkate horow dɛn? Sɛ yɛahyira yɛn ho so ama Yehowa a, so ɛsɛ sɛ yebu no sɛ ɛyɛ nwonwa esiane anidaso a ɛyɛ nwonwa ne honhom fam nneɛma a yɛwɔ no nti? So nkate horow a ɛtete sɛɛ kyerɛ sɛ yɛmfata wɔ honhom fam mma Onyankopɔn som?
Osuani Yakobo kyerɛwee sɛ: “Elia yɛ onipa te sɛ yɛn ara.” (Yakobo 5:17) Ɛwom sɛ Onyankopɔn de Elia dii dwuma wɔ anwonwa kwan so de, nanso saa odiyifo nokwafo no mpo hawee. Elia teɛɛm bere bi sɛ: “Ɛdɔɔso afei, [Yehowa], fa me kra, na minye mensen m’agyanom.” (1 Ahene 19:4) Mudi mu kurafo Hiob, ɔbea nokwafo Hana, ne Yehowa nkoa anokwafo afoforo hawee. Odwontofo Dawid a osuro Nyankopɔn no mpo bɔɔ mpae sɛ: “Me koma mu ahohia so, yi me fi m’ahokyere mu.”—Dwom 25:17.
Nnipa a Yehowa de wɔn di dwuma wɔ ne som mu no mma wɔnyɛ wɔn a wonhyia ɔhaw biara. Wɔda so ara wɔ nnipa mmerɛwyɛ ne nkate, na sɛ wohyia sɔhwɛ a, wobetumi ahaw. (Asomafo no Nnwuma 14:15) Nanso, Onyankopɔn nkoa wɔ mmoa a eye sen afoforo wɔ nkate mu ɔhaw a wogyina ano no mu. Momma yɛnhwɛ Bible mu nhwɛso kakra na ama yɛahu nea ɛboaa nnipa bi ma wodii wɔn adwenemhaw ne haw a wɔhaw ho nkate horow no so.
Ɔsomafo a Wahaw Nya Awerɛkyekye
Na ɔsomafo Paulo nim sɛnea haw a wɔhaw no te. Ɔkae sɛ: “Na yɛbaa Makedonia no nso, yɛn honam annya ɔhome bi . . . yɛn ho a, ɔko, yɛn mu a ehu; nanso Onyankopɔn a ɔkyekye ahobrɛasefo werɛ no de Tito ba a ɔbae no kyekyee yɛn werɛ.” (2 Korintofo 7:5, 6) Tebea horow pii a ɛma adwennwene a ɛbae bere koro mu na ɛmaa Paulo hawee. Wohyiaa ‘ɔko a emfi wɔn mu’—ɔtaa a emu yɛ den a ɛde wɔn nkwa too asiane mu. (Fa toto 2 Korintofo 1:8 ho.) Afei nso, ‘ehu a efi wɔn ntam,’ a ɛyɛ asafo ahorow no ho dadwen, te sɛ nea ɛwɔ Korinto no wɔ hɔ.
Na Paulo akyerɛw ne krataa a edi kan no akɔma Korinto Kristofo no wɔ asram kakra a etwaam no mu. Na wakasa atia asafo no mu tebea bɔne akɛse pii, na ebia na odwen nea Korintofo no bɛyɛ wɔ ne nhoma no ho ho. Nanso, Paulo nyaa awerɛkyekye bere a Tito fii Korinto de nea wɔyɛe wɔ ho ho amanneɛbɔ pa bae no. Yehowa betumi ama ne nnɛyi nkoa no mu biako abɛka asɛmpa akyerɛ yɛn saa ara, na ama haw a yɛahaw no abrɛ ase.
Sɛnea Ɛsɛ sɛ Yebu Dwumadi a Onyankopɔn De Ma Yɛn
Kristofo binom tumi haw wɔ ɔkwan bi so wɔ wɔn som adwuma no mu. Nokwarem no, Yehowa nkoa binom anya adwene sɛ dwumadi ahorow a Onyankopɔn de ma no bɛyɛ den dodo sɛ wɔbɛyɛ. Sɛ nhwɛso no, Mose tee nka sɛ ɔmfata sɛ ɔyɛ Onyankopɔn nanmusifo ma Israelfo no wɔ Misraim. Nsɛm a ɔkae no bi ne sɛ ɔnyɛ ɔkasafo a n’ano atew. (Exodus 3:11; 4:10) Nanso esiane sɛ Mose de ne ho too Onyankopɔn so na onyaa Aaron sɛ ne kasamafo nti, okofii ne dwumadi no ase.
Bere tiaa bi akyi no, Mose amfa ne ho anto Aaron so bio. Saa ara na mfiase no ebinom bu Kristofo som adwuma no sɛ ɛyɛ den, nanso wɔtete wɔn na wɔbɛyɛ asɛmpakafo a wɔn ho akokwaw. Sɛ nhwɛso no. Yehowa Adansefo mmofra pii anyin abɛyɛ bere nyinaa asɛnkafo sɛ akwampaefo ne asɛmpatrɛwfo. Ɛyɛ awerɛkyekye bere a wohu sɛ wobetumi de wɔn ho ato Yehowa so bere nyinaa ma wɔafata sɛ Kristofo asomfo, na wɔama wɔn ahoɔden a wɔde bɛyɛ adwuma a Onyankopɔn de ma wɔn no.—Sakaria 4:6; 2 Korintofo 2:14-17; Filipifo 4:13.
Awerɛkyekye wɔ Bere a Yawdi Ama Yɛahaw Mu
Esiane yaw a yedi sɛ yɛnyɛɛ pii wɔ Onyankopɔn som mu nti no, ebia yɛbɛte abasamtu nka. Onuabarima bi a ogyaee nhyiam ne asɛnkakɔ san hyɛɛ asɛnka adwuma no ase bio. Ɛno akyi pɛɛ no, ɔyaree denneennen na ɔkaa mpa mu. Onuabarima a ne werɛ ahow no kae sɛ: “Mfiase a na anka metumi ayɛ pii no. mepow asɛyɛde. Mprempren a mepɛ sɛ meyɛ pii no mentumi nyɛ.”
So nyansa nnim sɛ yɛbɛyɛ nea yebetumi nyinaa nnɛ sen sɛ yɛbɛsɛe yɛn ahoɔden wɔ nea asi atwam no ho? Yesu honam fam nuanom a wɔne Yakobo ne Yuda ammɛyɛ gyidifo kosii ne wu ne ne wusɔre akyi ansa. Sɛ wodii eyi ho yaw bi a, ɛno ansiw wɔn kwan sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn nkoa ne Bible akyerɛwfo mpo.
Mmu W’ani Ngu Mpaebɔ So Da
Sɛ Onyankopɔn nkurɔfo haw a, ɛsɛ sɛ wɔbɔ mpae a emu yɛ den. Nokwarem no, mpae a wɔbɔɔ wɔ ɔhaw mmere mu pii wɔ Kyerɛwnsɛm no mu. (1 Samuel 1:4-20; Dwom 42:8) Ebia ebinom besusuw sɛ: ‘Mahaw araa ma merentumi mmɔ mpae.’ Ɛnde dɛn nti na wunsusuw Yona ho? Bere a na ɔwɔ apataa no yam no, ɔkae sɛ: “Me kra tɔɔ me mu piti no, mekaee [Yehowa], na me mpaebɔ duu wo nkyɛn, w’asɔrefi kronkron hɔ. . . . Mede aseda nne mɛbɔ wo afɔre, nea mahyɛ ho bɔ no, metua; nkwagye wɔ [Yehowa]!” (Yona 2:4-9) Yiw, Yona bɔɔ mpae, na Onyankopɔn kyekyee ne werɛ gyee no nkwa.
Ɛwom sɛ na onuawa bi a ɔwɔ Sweden de mfe pii ayɛ ɔkwampaefo de, nanso ɔtee nka mpofirim sɛ wabotow na wabrɛ wɔ ɔsom adwuma a asow aba nyinaa akyi. Ɔkaa sɛnea na wabotow no ho asɛm kyerɛɛ Yehowa wɔ mpaebɔ mu. Nna kakraa bi akyi no. onuabarima bi a ɔwɔ Ɔwɛn Aban Asafo no baa dwumadibea frɛɛ no wɔ telefon so. Obisaa no sɛ obetumi de bɛyɛ dakoro wɔ dapɛn biara mu abɛboa ɔdan a wɔresi aka Betel ho no mu anaa. Akyiri yi, onuawa yi kae sɛ: “Tebea a ɛwɔ Betel ne hokwan a minya de buu ɔdan foforo a wɔresi aka ho, ne emu kyɛfa a minyae no ma minyaa ahoɔden foforo a mihia no.”
Sɛ yɛahaw a, eye sɛ yɛbɛkae sɛ mpaebɔ ne ɔkwan biako a yɛbɛfa so ako atia haw a yɛahaw no. (Kolosefo 4:2) Ebia Yehowa bebue ɔpon a ɛkɔ adwuma kɛse mu wɔ ne som mu ama yɛn, anaa obehyira yɛn som adwuma no so ma asow aba pii, de abua yɛn mpaebɔ no. (1 Korintofo 16:8, 9) Sɛnea ɛte biara no, ‘Yehowa nhyira na ɛyɛ ɔdefo, na ɔmfa ɛyaw biara nka ho.’ (Mmebusɛm 10:22) Akyinnye biara nni ho sɛ eyi bɛkyekye yɛn werɛ.
So Adwenem Naayɛ Ama Woahaw?
Ɛtɔ mmere bi a, ebia Yehowa akoa bi adwenem bɛyɛ no naa. Sɛ ebi to yɛn a, ɛnsɛ sɛ yenya adwene ntɛm ara sɛ yɛahwere Onyankopɔn anim dom. Yesu ampow ɔsomafo Toma sɛ wannye ne Wura owusɔre ho amanneɛbɔ a wɔn a wɔde wɔn aniwa hui de mae no anni. Mmom no, Yesu fi ɔdɔ mu boaa Toma ma odii n’adwenem naayɛ no so. Na hwɛ anigye ara a Toma nyae bere a ohui sɛ Yesu te ase no!—Yohane 20:24-29.
Na “amumɔyɛfo” a wɔawiawia wɔn ho abɛhyɛ afeha a edi kan Kristofo asafo no mu no nam atoro nkyerɛkyerɛ, anwiinwii ne nea ɛkeka ho so rema ebinom anya adwenem naayɛ a ɛma wɔhaw. Enti, Yuda kyerɛwee sɛ: “Munhu wɔn mmɔbɔ, ebinom nso munhwim wɔn mfi gya mu nnye wɔn nkwa.” (Yuda 3, 4, 16, 22, 23) Sɛ wɔbɛkɔ so anya Onyankopɔn mmɔborohunu a, na ehia sɛ Yuda mfɛfo asomfo—ne titiriw asafo mu mpanyimfo—no yi mmɔborohunu adi kyerɛ wɔn a wɔfata no. (Yakobo 2:13) Na daa nkwa a wobenya ho asɛm wom, efisɛ na wɔwɔ asiane, “ogya” a ɛne daa ɔsɛe mu. (Fa toto Mateo 18:8, 9; 25:31-33, 41-46 ho.) Na hwɛ anigye a wonya bere a wofi ayamye mu boa mfɛfo gyidifo a wɔn adwenem ayɛ wɔn naa ma wɔbɛyɛ den wɔ honhom fam no!
Sɛ sɔhwɛ ahorow a emu yɛ den mma yennye nni sɛ Onyankopɔn ka yɛn ho a, ehia sɛ yɛka nneɛma pɔtee ho asɛm wɔ yɛn mpaebɔ mu. Wɔ tebea horow a ɛte sɛɛ mu no, momma yemmia yɛn ani mmɔ mpae mmisa nyansa mfi Yehowa hɔ. Ɛsɛ sɛ ‘yɛkɔ so bisa wɔ gyidi mu, a yennye biribiara ho kyim koraa,’ efisɛ nea ogye kyim no te sɛ “ɛpo asorɔkye a mframa bɔ de no redi akɔneaba” kɔ baabiara. Saa nnipa no nnya hwee mfi Onyankopɔn hɔ, efisɛ wɔn koma yɛ ntanta, ‘wohinhim’ wɔ mpaebɔ ne wɔn akwan nyinaa mu. (Yakobo 1:5-8) Enti momma yennya gyidi sɛ Yehowa bɛboa yɛn ma yɛanya adwene a ɛfata wɔ sɔhwɛ ahorow a yehyia no ho na yɛagyina ano. Ebia yɛn mfɛfo gyidifo anaa Bible adesua bɛtwe yɛn adwene asi Kyerɛwnsɛm no so. Nsɛm a ebesisi denam Onyankopɔn akwankyerɛ so no betumi aboa yɛn ma yɛahu nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ. Ebia abɔfo bɛma yɛn akwankyerɛ no bi, anaasɛ yɛn nsa bɛka akwankyerɛ afi honhom kronkron no hɔ. (Hebrifo 1:14) Ade titiriw a ɛsɛ sɛ yɛyɛ ne sɛ yɛbɛbɔ mpae abisa nyansa, a yɛwɔ yɛn Nyankopɔn a ɔdɔ yɛn no mu ahotoso a edi mu.—Mmebusɛm 3:5, 6.
Kae sɛ Yehowa ma Awerɛkyekye
Paulo nam mpaebɔ so de ne ho too Yehowa so, a na onim sɛ ɔyɛ Ɔwerɛkyekyefo. Ɔsomafo no kyerɛwee sɛ: “Ayeyi nka yɛn Awurade Yesu Kristo Nyankopɔn ne n’Agya a ɔyɛ mmɔborohunu Agya ne awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn a ɔkyekye yɛn werɛ yɛn ahohia nyinaa mu, na yɛatumi afa awerɛkyekye a Onyankopɔn de kyekye yɛn werɛ no so akyekye wɔn a wɔwɔ ahohia biara mu werɛ.”—2 Korintofo 1:3, 4.
Awerɛkyekye Nyankopɔn no nim ɔhaw a ne nkoa hyia, na ɔpɛ sɛ ɔma wɔn ho tɔ wɔn. Wɔ Korintofo no ho a Paulo dwen no mu no, onyaa ahotɔ denam ne yɔnko Kristoni Tito so. Eyi ne ɔkwan biako a wobetumi afa so akyekye yɛn werɛ nnɛ. Sɛ yɛhaw a, ɛnsɛ sɛ yɛtew yɛn ho. (Mmebusɛm 18:1) Yɛn mfɛfo Kristofo a yɛne wɔn bɛbɔ no yɛ ɔkwan biako a Onyankopɔn nam so kyekye yɛn werɛ. Ebia yebesusuw sɛ: ‘Mayɛ mmɔbɔmmɔbɔ araa ma minni ahoɔden a ɛbɛma me ne me Kristofo nnamfo abɔ.’ Nanso, ɛsɛ sɛ yɛko tia saa nkate horow no, na ɛnsɛ sɛ yɛde awerɛkyekye a yɛn mfɛfo gyidifo betumi de ama no kame yɛn ho.
Mpa Abaw!
Ebia yɛn mu binom nhyiaa sɔhwɛ a emu yɛ den kɛse a ɛma yɛhaw kɛse. Nanso, ɔyare a emu yɛ den, aware mu ɔhokafo wu, anaasɛ tebea a emu yɛ den foforo bi betumi ama yɛahaw. Sɛ ɛba saa a, ɛnsɛ sɛ yɛka ankasa sɛ yɛyare wɔ honhom mu. Obi a wahaw betumi afata yiye ama Onyankopɔn som, na obetumi aboa afoforo mpo wɔ honhom fam. Paulo hyɛɛ anuanom no sɛ ‘wɔnkyekye akra a wɔahaw no werɛ,’ na ɛnsɛ sɛ wonya adwene sɛ wɔayɛ bɔne bi, na wɔyare wɔ honhom mu. (1 Tesalonikafo 5:14) Ɛwom sɛ ɛtɔ mmere bi a, bɔne ne afɔdi na ɛma obi haw de, nanso ɛnte saa wɔ wɔn a wɔde koma a emu tew resom Onyankopɔn no fam. Yehowa ani sɔ wɔn som, ɛwom sɛ ebia wɔnam mmɔdenbɔ kɛse so na wɔde ma no de. Ɔdɔ wɔn na ɔde mmoa ne awerɛkyekye a wohia no ma wɔn.—Dwom 121:1-3.
Sɔhwɛ ahorow maa wɔn a wɔyɛ honhom fam Israel nkaefo no haw yiye wɔ afe 1918 mu. (Fa toto Galatifo 6:16 ho.) Ɛkaa kakraa bi na wɔsɛee wɔn asɛnka ahyehyɛde no, na wɔde binom too afiase ɔkwan a ɛnteɛ so, wɔn kan ahokafo no mu pii anni nokware, na wɔbɛyɛɛ awaefo a wɔsɔre tiaa wɔn. Afei nso, anokwafo a wɔasra wɔn no ante nea enti a Onyankopɔn maa eyinom nyinaa ho kwan ma esisii no ase. ‘Wɔde nusu guu aba,’ nanso wɔampa abaw. Wɔkɔɔ so som Yehowa, na wɔhwehwɛɛ wɔn ho mu nso. Dɛn na efii mu bae? ‘Wɔde anigye nteɛm bae, a wokura wɔn aba afiafi.’ (Dwom 126:5, 6) Afei nkaefo no hui sɛ Onyankopɔn maa sɔhwɛ a ɛtete saa no ho kwan na atew wɔn ho ma wɔayɛ wɔn amanaman ntam otwa adwuma a ɛrebɛn no.
Sɛ sɔhwɛ ahorow a yehyia nti, yɛhaw a, yebetumi anya nkaefo a wɔasra wɔn no osuahu no mu mfaso. Sɛ anka yɛbɛpa abaw mmom no, momma yɛnkɔ so nyɛ nea ɛteɛ, mpo sɛ ɛsɛ sɛ yɛde nusu yɛ saa a. Ɛrenkyɛ, yebenya ɔkwan a yɛbɛfa so afi yɛn sɔhwɛ ahorow no mu, na yɛde ‘anigye aba.’ Yiw, yebenya anigye—Onyankopɔn honhom kronkron no aba no bi—esiane sɛ yegyinaa yɛn sɔhwɛ ahorow no ano nti. Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa bɛyɛ “awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn” ama yɛn.