Aguaman A Ɔwɔ Dimmɔne No Ne Sɛe
“Haleluia! nkwagye ne anuonyam ne nidi ne tumi yɛ yɛn Nyankopɔn de; efisɛ n’atemmu yɛ nokware na ɛteɛ, sɛ obuu aguaman kɛse a ɔde n’aguamammɔ asɛe asase no atɛn, na odii ne nkoa mogya ho were wɔ ne nsam.”—ADIYISƐM 19:1, 2.
1. Ɔkwan bɛn so na aguaman kɛse no ne “asase so ahene” abɔ aguaman, na dɛn na afi eyi mu aba?
NEA yɛaka ho asɛm no nyinaa yɛ aniberesɛm yiye. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ Adiyisɛm 17:2 ka aguaman a aguaman kɛse no ne “wiase ahene” abɔ no nso ho asɛm. Ɛwom sɛ wahwe ase de, nanso ɔda so ara yɛ wiase no adamfo paa na ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛdaadaa wiase sodifo ahorow no na ama watumi adu ne botae ho. (Yakobo 4:4) Saa honhom mu aguamammɔ yi a ɛne Babilon Kɛse no ne amammui sodifo ntam abusuabɔ a ɛmfata no ama nnipa a wɔn ho nni asɛm ɔpepedudu pii ahyia ɔpatuwu! Ná ɛyɛ bɔne kɛse sɛ aguaman kɛse no gyinaa afanu no nyinaa akyi wɔ Wiase Ko I no mu. Nanso ne bɔne wɔ Wiase Ko II mu no ‘atoatoa akodu soro’ ampa! (Adiyisɛm 18:5) Dɛn nti na yɛka saa?
2. (a) Ɔkwan bɛn so na Franz von Papen boaa Adolf Hitler ma ɔbɛyɛɛ German sodifo, na German ɔman panyin bi a na odi kan kaa saa paapa somfo no ho asɛm dɛn? (b) Wɔ Nasi Ɔman no ne Vatican ntam Apam no mu no, emu nsɛm abien bɛn na wɔkataa so? (Hwɛ ase hɔ asɛm no.)
2 Wiɛ, sɛ nhwɛso biako no, ɔkwan bɛn so na otirimɔdenfo Adolf Hitler bɛyɛɛ Germany ɔmampanyin—ne katabaakofo? Ɛnam obi a na ɔyɛ paapa somfo a Germany ɔmampanyin a na odi Hitler anim, Kurt von Schleicher kaa ne ho asɛm sɛ “ɔfatwafo a sɛ wɔde no toto Yuda Iskariot ho a, na Yuda Iskariot yɛ ɔhotefo” no amammui mu nnɛɛdɛe so. Na oyi ne Franz von Papen a ɔboaboaa Catholic Action (a ɛyɛ Katolekfo kuw bi) ne nnwuma so mpanyin ano ma wɔsɔre tiaa komunism na ɔkaa Germany boom wɔ Hitler ase no. Sɛ́ ɔfatwa no fã no, wɔyɛɛ von Papen ɔmampanyin abadiakyiri. Hitler tuu abɔfo a von Papen tua wɔn ano sɛ wɔnkɔ Rome na wɔnkɔyɛ Nasi Ɔman no ne Vatican ntam apam ho nhyehyɛe. Paapa Pius XI kaa sɛnea n’ani agye sɛ “mprempren German nniso no wɔ ɔbarima bi a otua ano a ɔsɔre tia Komunism denneennen” no ho asɛm kyerɛɛ Germany ananmusifo no, na Ɔsɔfo Panyin Pacelli (a ankyɛ ɔbɛyɛɛ Paapa Pius XII no) de ne nsa hyɛɛ apam no ase July 20, 1933 mu wɔ guasodeyɛ kɛse bi ase wɔ Vatican.a
3. (a) Dɛn na abakɔsɛm kyerɛwfo bi kyerɛwee wɔ Nasi Ɔman no ne Vatican ntam Apam no ho? (b) Bere a wɔrehyɛ ɛho fã wɔ Vatican no, abasobɔde bɛn na wɔde hyɛɛ Franz von Papen anuonyam? (d) Dwuma bɛn na Franz von Papen dii wɔ gye a Nasifo gyee Austria no mu?
3 Abakɔsɛm kyerɛwfo bi kyerɛw sɛ: “Na Apam [a wɔne Vatican yɛe] no yɛ nkonimdi kɛse ma Hitler. Ɛno na ɛhyɛɛ no mpamden a edi kan a onya fii aman afoforo hɔ na na efi beae bi a ɛkorɔn sen biara.” Wɔ Vatican afahyɛ no ase no, Pacelli de paapa abasobɔde kɛse a ɛne Grand Cross of the Order of Pius maa von Papen.b Winston Churchill ka sɛnea von Papen de “ne din a ɔwɔ sɛ Katolekni pa no” dii dwuma bio de nyaa asɔre no mmoa maa Nasifo no ma wogyee Austria no ho asɛm wɔ ne nhoma The Gathering Storm a wotintimii wɔ 1948 mu no mu. Wɔ 1938 mu, wɔ Hitler awodadi mu no, Ɔsɔfo Panyin Innitzer de ahyɛde mae sɛ Austria asɔre ahorow nyinaa mfa swastika [Nasifo frankaa] no nsisi wɔn asɔredan so, wɔmmɔ wɔn dɔn ahorow na wɔmmɔ mpae mma Nasini katabaakofo no.
4, 5. (a) Dɛn nti na mogya ho afodi a ɛyɛ hu da Vatican so? (b) Ɔkwan bɛn so na German Katolek asɔfo mpanyin gyinaa Hitler akyi maa obiara hui?
4 Enti mogya ho afodi a ɛyɛ hu da Vatican so! Sɛ́ Babilon Kɛse no fã titiriw no, ɛboae kɛse wɔ tumi a wɔmaa Hitler bedii ne ‘mpamden a wɔhyɛɛ no’ no mu. Vatican kɔɔ anim bio denam Hitler atirimɔdenne no a ɛde kommyɛ penee so no so. Wɔ mfe du a Nasifo de yɛɛ ahude no mu no, Roma paapa no yɛɛ komm bere a Katolekfo asraafo ɔpehaha pii reko na wɔrewuwu de ahyɛ Nasi nniso no anuonyam ne bere a na wɔrekunkum afoforo ɔpepem pii a ansi wɔn yiye wɔ Hitler adan a wɔde mframa bɔne kunkum nnipa wom no mu no.
5 German Katolek asɔfo mpanyin no mpo boaa Hitler wɔ baguam. Ɛda a Japan, Germany adamfo wɔ ɔko no mu saa bere no mu kotuaa Pearl Harbor no ara no, The New York Times de amanneɛbɔ yi mae: “German Katolek Asɔfo Mpanyin Nhyiam a wɔyɛe wɔ Fulda no akamfo akyerɛ sɛ wɔmfa ‘ɔko mpaebɔ’ titiriw a wɔbɛkenkan no asɔre biara mfiase ne n’awiei nsi hɔ. Mpaebɔ no srɛ Ɔsoro Mmoa sɛ ɛde nkonimdi behyira German akode na abɔ asraafo no nyinaa nkwa ne wɔn akwahosan ho ban. Asɔfo mpanyin no hyɛɛ Katolek asɔfo bio sɛ wɔmma German asraafo ‘a wɔnam fam, po so, ne wim no ntra wɔn adwenem na wɔnkae wɔn Kwasida asɛnka titiriw bi mu anyɛ yiye koraa no pɛnkoro ɔsram biara.’”
6. Sɛ honhom mu aguamammɔ biara amma Vatican ne Nasifo no ntam a, anka ɛyaw kɛse ne atirimɔdensɛm bɛn na wiase no renhu?
6 Sɛ ná ayɔnkofa bi nni Vatican ne Nasifo no ntam a, anka ebia wiase renhu asraafo ne ɔmanfo mpempem pii a wokunkum wɔn wɔ ɔko no mu, Yudafo ɔpepem asia a wokunkum wɔn sɛ wɔnyɛ Aryanfo no nti, ne—nea ne bo yɛ den sen biara wɔ Yehowa anim no—n’Adansefo, wɔn a wɔasra wɔn ne “nguan foforo” no mufo ɔpepem pii a wohuu aninyanne kɛse mu amane na Adansefo no pii wuwui wɔ Nasifo nsraban ahorow mu no ho yawdi no.—Yohane 10:10, 16.
Aguaman no a Wɔbɛn no Hwɛ no Yiye
7. Ɔsomafo Yohane kaa aguaman kɛse no a ɔhwɛɛ no yiye no ho asɛm dɛn?
7 Anisoadehu a edi so wɔ Adiyisɛm nkɔmhyɛ no mu no fata dɛn ara! Sɛ yɛdan kɔ ti 17, nkyekyem 3 kosi 5 a, yehu sɛ Yohane ka ɔbɔfo no ho asɛm sɛ: “Na ɔde me nam honhom mu kɔɔ sare so. Na mihuu ɔbea bi a ɔte aboa kɔkɔɔ a abususɛm din ahyɛ no ma na ɔwɔ ti ason ne mmɛn du so. Na ɔbea no hyɛ atade afasebiri ne nkra nhoma, na ɔde sika ne aboɔden abo ne nhene pa ahyehyɛ ne ho, na okura sika kuruwa a akyide ne n’aguamammɔ fi ayɛ no ma. Na wɔakyerɛw din bi ne moma so sɛ: Ahintasɛm. Babilon kɛse no, asase so nguaman ne akyide nã.”
8. (a) Dɛn na aguaman kɛse no kura wɔ ne sika kuruwa no mu ma enti ɛkyerɛ nea ɔyɛ? (b) Ɔkwan bɛn so na sɛnkyerɛnne kwan so no, Babilon Kɛse no ‘hyɛ atade afasebiri ne nkra nhoma’ na “ɔde sika ne aboɔden abo ne nhene pa ahyehyɛ ne ho”?
8 Ɛha no, Yohane twiw bɛn Babilon Kɛse no hwɛ no yiye. Ampa ara sɛ sare so hɔ na ɛfata ɔbea no, wuram mmoa a wɔte hɔ no mfinimfini. Nea aguaman kɛse yi kura wɔ ne kuruwa no mu no na wɔde hu no pefee, ɛwom sɛ sɛ wohwɛ ho a ne bo yɛ den wɔ ɔkwan a ɛyɛ nnaadaa so de. Ɔnom afrasa bi a ɛyɛ akyide wɔ Onyankopɔn ani so. Wiase a ɛne no afa adamfo, n’atoro nkyerɛkyerɛ, n’abrabɔ a wɔma biriara ho kwan wom, ɔne amammui tumi horow no mpenatwe—Yehowa, “asase nyinaa Temmufo” no mpene eyinom mu biara so. (Genesis 18:22-26, NW; Adiyisɛm 18:21, 24) Oo, hwɛ sɛnea wahyehyɛ ne ho kɔsɔɔ fɛfɛɛfɛ! Wagye din wɔ n’asɔredan atenten a wɔasisi no fɛfɛɛfɛ ne emu mfɛnsere a wɔde nhwehwɛ a wɔahyɛ no aduru ahyehyɛ mu, n’apuei famfo asɔredan a atifi sorɔnsorɔn ne nea ɛkeka ho a wɔde nhene pa ahyehyɛ no kɔsɔɔ, n’asɔredan a akyɛ ne asɔrefi ne abosonnan ahorow ho. Sɛnea ahosiesie nhwɛso horow a aguaman kɛse no ayɛ no te no, n’asɔfo ne ne nkokorafo de ntade kɔkɔɔ, afasebiri, ne akokɔsrade yuu a ne bo yɛ den hyehyɛ wɔn ho.—Adiyisɛm 17:1.
9. Mogya ho afodi ho abakɔsɛm tenten bɛn na Babilon kɛse no wɔ, na Yohane wie ne ho nkyerɛkyerɛmu no yiye dɛn?
9 Nanso nea enye koraa sen ne nyinaa ne ne mogyapɛ no. Yehowa ne no wɔ akontaabu bi a akyɛ wɔ ɛno ho! Wagyina nnɛyi katabaakofo mogyapɛfo akyi, na ne mogyahwiegu ho abakɔsɛm a ɛyɛ akyide no san akyi ara kɔ mfehaha mu denam nyamesom akodi, Atirimɔden Asenni, Mmeamudua Akodi (Crusades) no so, yiw, ɛsan akyi ara kodu mogya adansefo wu a asomafo no bi hyiae ne Onyankopɔn ankasa Ba, Awurade Yesu Kristo a wokum no no ne nea ɛtra ɛno so. (Asomafo no Nnwuma 3:15; Hebrifo 11:36, 37) Fa eyi nyinaa ka Yehowa Adansefo a wokunkum wɔn nnansa yi mfe mu denam atuo a wɔbobɔ wɔn, sɛn a wɔsɛn wɔn, abonnua, afiri a wɔde twa nnipa ti, nkrante ne atirimɔdensɛm a wɔde di wɔn wɔ afiase ne nsraban ahorow mu so no ho. Ɛnyɛ nwonwa sɛ Yohane de eyi wie ne nkyerɛkyerɛmu no: “Na mihui sɛ ahotefo mogya ne Yesu adansefo mogya abow ɔbea no”!—Adiyisɛm 17:6.
‘ƆBEA NO NE ABOA NO HO AHINTASƐM NO’
10. (a) Ɔkwan bɛn so na aguaman kɛse no ataa Yehowa Adansefo abedu nnɛ? (b) Babilon Kɛse no asɔfo yɛ akwankyerɛfo bɛn?
10 Nea Yohane hui no yɛɛ no “nwonwa kɛse.” Ɛyɛ yɛn nso nwonwa nnɛ! Wɔ 1930 ne 1940 mfe no mu no, aguaman kɛse no de Catholic Action ne amammui nnɛɛdɛe dii dwuma ma wɔtaa Yehowa adansefo anokwafo na wɔbaraa wɔn. Ɛde bedu nnɛ no, baabiara a Babilon Kɛse no betumi anya nkɛntɛnso a ɛdɔɔso no, ɔkɔ so siw Yehowa Adansefo a wɔka Onyankopɔn Ahenni ho anuonyam anidaso no kyerɛ no kwan, osiw wɔn ano, na ɔka wɔn adwuma no ho nsɛm a ɛnyɛ nokware. Ɛdenam nnommum a aguaman kɛse no asɔfo afa nnipa ɔpepehaha pii aka wɔn ahyɛ nyamesom ahyehyɛde ahorow mu no so no, wodi dwuma te sɛ ‘anifuraefo a wɔkyerɛ anifuraefo kwan,’ na wɔde eyinom rekɔ ɔsɛe amoa mu. Aguaman a ɔwɔ dimmɔne yi rentumi ne ɔsomafo Paulo nka da sɛ: “Midi mo adanse sɛ me ho afi mo nyinaa mogya ho.”—Mateo 15:7-9, 14; 23:13; Asomafo no Nnwuma 20:26
11, 12. “Aboa kɔkɔɔ” a aguaman a ɔwɔ dimmɔne no te no so no ho ahintasɛm no ne dɛn, na ahintasɛm yi mu ntease bɛn na Yehowa Adansefo nyae wɔ 1942 mu?
11 Bere a ɔbɔfo no hui sɛ asɛm no ayɛ Yohane nwonwa no, osee no sɛ: “Adɛn nti na ayɛ wo nwonwa? Mɛka wo ɔbea no ne aboa a ɔso no a ɔwɔ ti ason ne mmɛn du no ho ahintasɛm no.” (Adiyisɛm 17:7) Dɛn ne “aboa” yi? Nea ɛboro mfe 600 ansa na eyi reba no, na odiyifo Daniel ahu anisoadehu mu mmoa bi, na wɔkyerɛkyerɛ mu kyerɛɛ no sɛ na eyinom gyina hɔ ma “ahene,” anaa amammui tumidi ahorow a ɛwɔ asase so ha. (Daniel 7:2-8, 17; 8:2-8, 19-22) Ɛha no Yohane hu tumidi a ɛtete saa a wɔaka abom wɔ anisoadehu mu—“aboa kɔkɔɔ.” Eyi ne Amanaman Apam a onipa ayɛ a epuei wɔ wiase 1920 mu nanso ɛtew hwee tumi a entumi nyɛ hwee bun mu bere a Wiase Nyinaa Ko II pae gui wɔ 1939 mu no. Nanso dɛn ne “ɔbea no ne aboa . . . no ho ahintasɛm no”?
12 Ɛdenam ɔsoro mmoa so no, Yehowa Adansefo nyaa saa ahintasɛm no mu ntease wɔ 1942 mu. Saa bere no na Wiase Ko II rekɔ so a adu ne pɔw so, na nnipa pii susuwii sɛ ɛbɛkɔ akowie Harmagedon mu! Nanso na ɛsono Yehowa adwene! Na adwuma pii da so wɔ hɔ ma n’Adansefo sɛ wɔyɛ! Wɔ wɔn Wiase Foforo Teokrase Nhyiam kɛse a wɔyɛe wɔ September 18-20, 1942 mu a wɔnam telefon so de nhyiam kurow kɛse a ɛne Cleveland, Ohio, tõaa mmeae afoforo 51 a ɛwɔ United States no mu ase no, Nathan H. Knorr, Ɔwɛn-Aban Asafo no titrani no maa baguam ɔkasa, “Asomdwoe—So Ebetumi Akyɛ?” Emu na ɔpɛɛpɛe Adiyisɛm 17:8 a ɛka “aboa kɔkɔɔ” no ho asɛm sɛ “da bi na ɛwɔ hɔ, na afei de, onni hɔ, na obefi bun no mu aba, na wabɛsen akɔ ɔsɛe mu” no mu. Ɔkyerɛɛ sɛnea na Amanaman Apam no ‘wɔ hɔ da bi’ efi 1920 kosi 1939 mu. Na afei ɛbaa “onni hɔ” bere no mu esiane sɛ wɔsɛee Apam no nti. Nanso Wiase Ko II akyi no, na aman ahorow a wɔaka abom yi bɛforo afi bun no mu aba. So saa asɛm a wogyinaa Bible so ka siei no baa mu? Ɛbaa mu ampa! Wɔ 1945 mu no amanaman ntam “aboa” no pue fii ne tumi a ontumi nyɛ hwee bun no mu sɛ Amanaman Nkabom.
13. Ɔkwan bɛn so na Babilon Kɛse no akɔ so ne Amanaman Nkabom “aboa” no afa n’aguamammɔ akwan no so?
13 Ɛwom sɛ Babilon Kɛse no asehwe no ama wayɛ mmerɛw de, nanso wakɔ so ne Amanaman Nkabom “aboa” no afa n’aguamammɔ akwan no so. Sɛ nhwɛso no, wɔ June 1965 mu no, wiase nyamesom atitiriw ason a wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Kristofo ne wɔn a wɔnyɛ Kristofo a wɔkyerɛ sɛ wogyina hɔ ma nnipa dodow a wɔwɔ wiase no mu fã no mu mpanyimfo hyiae wɔ San Francisco kodii Amanaman Nkabom no afe ɛto so 20.c Saa afe no ara mu no, Paapa Paul VI kaa Amanaman Nkabom no ho asɛm sɛ “biakoyɛ ne asomdwoe ho anidaso a edi akyiri,” na akyiri yi Paapa John Paul II daa n’anidaso sɛ “Amanaman Nkabom no bɛkɔ so ayɛ asomdwoe ne atɛntrenee ho nhyiambea a ɛkorɔn sen biara daa” no adi. Wɔ 1986 mu no, wiase atoro som ahemman no dii kan gyinaa Amanaman Nkabom no Amanaman Ntam Asomdwoe Afe no akyi. Nanso so nokware asomdwoe ne dwoodwoo asetra bae sɛ wɔn nyamesom mpaebɔ ahorow no ho mmuae? Amma saa koraa! Kɔ ara na amanaman a wɔyɛ Amanaman Nkabom no mufo no kɔ so kyerɛ sɛ wonni dɔ ankasa bi ma aguaman kɛse no.
Aguaman no a Woyi no Fi Hɔ
14. Dwuma titiriw bɛn na Amanaman Nkabom “aboa” no wɔ di, na Onyankopɔn bɔfo no ka eyi ho asɛm dɛn?
14 Wɔ bere a ɛsɛ mu no, ɛsɛ sɛ “aboa kɔkɔɔ” no ankasa nso fi hɔ kɔ ɔsɛe mu. Nanso ansa na eyi bɛba, ne ansa na saa Amanaman Nkabom aboa no bɛto ahyɛ Onyankopɔn nkurɔfo so nea edi akyiri te sɛ aboa bi no mpo no, ɔwɔ dwuma titiriw bi di. Yehowa de ‘n’adwene hyɛɛ aboa no ne n’abɛn a ɛde akode mia no koma mu.’ Dɛn na efi mu ba? Onyankopɔn bɔfo no bua sɛ: “Na mmɛn du a wuhui no, ne aboa no, wɔn na wɔbɛtan aguaman no, na wɔayɛ no pasaa, na wada adagyaw, na wɔadi ne nam, na wɔde ogya ahyew no.” “Ɔhyɛɛ ne ho anuonyam na odii taamu,” nanso afei de wɔadan eyi nyinaa ani. N’anyamesom adan akɛseakɛse ne n’agyapade pii no nyinaa rennye no nkwa. Sɛnea ɔbɔfo no ka no: “Eyi nti na ne haw bɛba da koro pɛ, owu ne awerɛhow ne ɔkɔm, na wɔde gya bɛhyew no, efisɛ [Yehowa] Nyankopɔn a obu no atɛn no yɛ ɔhoɔdenfo.”—Adiyisɛm 17:16, 17; 18:7, 8.
15. Aguaman no amammui mpenafo ne aguadifo akɛse no bɛyɛ dɛn wɔ ne sɛe no ho?
15 N’amammui mpenafo no bedi ne sɛe no ho nkɔmmɔ sɛ: “Due, due kurow kɛse Babilon, kurow a ɛyɛ den, efisɛ dɔnhwerew biako mu na w’atemmu aba.” Saa ara nso na aguadifo akɛse a wɔde no dii dwuma nyaa mfaso nsisi kwan so no ‘besu na wɔadi nkɔmmɔ sɛ: ‘Due, due, . . . efisɛ dɔnhwerew biako pɛ mu na saa ahonya no ayɛ pasaa yi.’—Adiyisɛm 18:9-17.
16. Onyankopɔn nkurɔfo bɛyɛ wɔn ade dɛn wɔ aguaman kɛse no sɛe no ho, na Adiyisɛm si eyi so dua dɛn?
16 Nanso, dɛn na Onyankopɔn ankasa nkurɔfo bɛyɛ? Eyinom nyinaa wɔ ɔbɔfo no nsɛm no mu: “Ɔsoro ne mo, ahotefo ne asomafo ne adiyifo, momma mo bo ntɔ mo yam wɔ ne ho, efisɛ Onyankopɔn abu no atɛn ama mo.” Ná wɔatow Babilon Kɛse no akyene hwii a ɔremmɔ Yehowa din kronkron no ahohora bio da nen. Aguaman kɛse no sɛe bɛma wɔahyɛ fã na wɔato nkonimdi dwom ayi Yehowa ayɛ. Sɛ́ haleluia nnwonto nnyeso ahorow mu nea edi kan no, dwom no begyigye sɛ: “Haleluia! nkwagye ne anuonyam ne nidi ne tumi yɛ yɛn Nyankopɔn de; efisɛ n’atemmu yɛ nokware na ɛteɛ, sɛ obuu aguaman kɛse a ɔde n’aguamammɔ asɛe asase no atɛn, na odii ne nkoa mogya ho were wɔ ne nsam.”—Adiyisɛm 18:20-19:3.
17. Bere a wɔayi aguaman kɛse no hɔ akyi no, Onyankopɔn atemmu no bɛkɔ so akodu awiei dɛn?
17 Onyankopɔn atemmu no bɛkɔ ntɛm akodu awiei bere a “ahene mu Hene ne’ awuranom mu Awurade,” Kristo Yesu tiatia “Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no, abufuw a ɛyɛ den no nsa-kyi-amoa” no so wɔ Harmagedon no. Ɛhɔ na obeyi atumfoɔ abɔnefo ne Satan ahyehyɛde a ɛwɔ asase so no nkae nyinaa afi hɔ. Nnomaa a wodi nam bɛsosɔw wɔn afunu. (Adiyisɛm 16:14, 16; 19:11-21) Anigye bɛn ara na ɛsɛ sɛ yenya sɛɛ yi sɛ Onyankopɔn bere a wahyɛ sɛ ɔde beyi biribiara a ɛho ntew, ɛyɛ fi na ɛporɔw afi yɛn asase fɛfɛ yi so no abɛn!
18. Adiyisɛm nhoma no awiei koraa ne dɛn?
18 So Adiyisɛm nhoma no awiei koraa ne no anaa? Dabi, ennui ɛ! Efisɛ bere a wɔanyan 144,000 no de wɔn kɔ soro no, Oguammaa no ayeforohyia no ba. Wɔde ‘n’ayeforo’ a wɔahyehyɛ no ama ne kunu no si hɔ “ɔsoro foforo” bi mu, na ofi hɔ sian, sɛnkyɛrenne kwan so, sɛ n’Ayeforokunu no boafo wɔ Yehowa atirimpɔw a ɛne sɛ ‘ɔbɛyɛ ade nyinaa foforo’ no ho dwumadi mu. Ayeforo no honhom mu ahoɔfɛ te sɛ kurow kronkron, Yerusalem Foforo a Yehowa Nyankopɔn, Ade Nyinaa so Tumfoɔ no de n’anuonyam ma ahyerɛn na Oguammaa no ne ne kanea no de. (Adiyisɛm 21:1-5, 9-11, 23) Enti ɛha na Adiyisɛm no du n’awiei koraa, bere a wɔasan Yehowa din ho na Oguammaa, Kristo Yesu, ne n’ayeforo Yerusalem Foforo no fi ase de daa nkwa wɔ asase so Paradise mu hyira adesamma asoɔmmerɛwfo no.
19. (a) Nea ɛka Babilon Kɛse no mu a wobefi ho no, dɛn nso na ehia ma nkwagye? (b) Ɔfrɛ a egye ntɛmpa bɛn na ɛda so wɔ hɔ, na ɛsɛ sɛ yegye so dɛn?
19 So w’ani aba wo ho so wɔ atoro som nnaadaasɛm no ho ma woafi Babilon Kɛse no mu afi anaa? Na so woatu wo nan bio sɛ wobɛfa Kristo Yesu so aba Yehowa Nyankopɔn nkyɛn wɔ ahosohyira a efi koma nyinaa mu a ɛde kɔ asubɔ mu mu? Eyi nso ho hia ma nkwagye! Bere a Yehowa atemmu a edi akyiri no rebɛn no, ɔfrɛ no de ntɛmpɛ a emu yɛ den gyigye sɛ: “Honhom no ne ayeforo no se: Bra!” Ɛmmra sɛ wɔn a wogye saa ɔfrɛ no so no nyinaa behyira wɔn nkwa so ama Yehowa na wɔde nsiyɛ aka akyerɛ afoforo nso sɛ ‘Mommra!’ Yiw, “na nea osukɔm de no mmra, na nea ɔpɛ no mmegye nkwa nsu no kwa.” (Adiyisɛm 22:17) Ɔfrɛ no da so ara wɔ hɔ. Sɛ wopaw wo gyinabea wɔ Onyankopɔn ne Oguamaa no ahengua no anim na wukura saa gyinabea no mu sɛ Yehowa nkurɔfo a wɔahyira wɔn ho so na wɔabɔ wɔn asu no mu biako a, w’ani begye ampa ara. Bere a wɔahyɛ no abɛn yiye sen sɛnea wubesusuw! Yiw, Adiyisɛm no awiei koraa no abɛn!
Sɛ́ nea wɔde wie dapɛn yi Ɔwɛn-Aban Adesua no, ɛsɛ sɛ ne ɔhwɛ so no ma wɔkenkan Tirimbɔ a edi so no ne nkyekyem edi akyiri no na wɔnam nsemmisa a wɔde ama no so tĩ eyinom mu. Eyi ne Tirimbɔ a wɔde mae wɔ wiase nyinaa wɔ Yehowa Adansefo “Ɔsoro Atɛntrenee” Ɔmantam Nhyiam no ase wɔ 1988 mu, wɔ ɔkasa “‘Aguaman’ a Ɔwɔ Dimmɔne No—N’asehwe ne ne Sɛe” no awiei no.
[Ase hɔ asɛm]
a Esiane ntease ahorow bi nti, wɔkataa Apam no mu afã abien bi so saa bere no, na na eyinom fa biakoyɛ bi a wɔde bɛko atia Rusia ne Katolek asɔfo a wɔbɛfa wɔn Hitler asraafo mu no nnwuma ho. Na fa a wɔbɛfa wɔn no yɛ Versailles Apam (1919) a na ɛda so ara kyekyere Germany no a wobu so: na anka saa ɔfã yi a ɛbɛda gua no betumi ahaw afoforo a wɔde wɔn nsa hyɛɛ Versailles Apam no ase no.
b Ná Franz von Papen ka Nasifo a wodii wɔn asɛm sɛ ɔko mu nsɛmmɔnedifo wɔ Nuremberg, Germany, wɔ 1940 mfe no awiei mu hɔ no ho. Wogyaee no nanso akyiri yi Germany asennibea bi a wɔde di Nasifo asɛm no twee n’aso dennen. Ne nyinaa akyi, wɔ 1959 mu no, wɔyɛɛ no Paapa Ankasa Somfo.
c Paapa Paul VI reka nhyiam yi ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Hwɛ sɛnea ɛteɛ na ɛfata ampa sɛ wɔde nyamesom asomdwoe nhyiam abɛka guasodeyɛ a wɔde rekae bere a wɔde nsa hyɛɛ Amanaman Nkabom Krataa no ase mfe aduonu a atwam ni no mu.”
[Adaka wɔ kratafa 11]
PAAPA NO KOMMYƐ
Wɔ H. W. Blood-Ryan nhoma Franz von Papen—His Life and Times a ɔkyerɛwee wɔ 1939 mu no mu no, ɔka anifere kwan ahorow a Paapa somfo no faa so maa Hitler bedii tumi na ɔhyehyɛɛ Vatican apam a ɔne Nasifo yɛe no ho asɛm fefeefe. Ɛdefa nnipakum ne ɔtaa a ɛyɛ hu nhyehyɛe a na Yudafo Yehowa Adansefo ne afoforo ho wom no ho no, ɔkyerɛwfo no se: “Dɛn nti na Pacelli [Paapa Pius XII] yɛɛ komm? Efisɛ wɔ German Atɔe Fam Roma Ahemman Kronkron ho adwene a von Papen nyae no mu no, ohuu daakye Katolek Asɔre bi a ɛyɛ den kɛse a Vatican asan abɛtra wiase tumidi agua so bio wom. . . Pacelli koro yi ara na mprempren odi akra ɔpepem pii so honhom mu katabaako tumi nanso wɔanka Hitler ntua ne ne ɔtaa no ho hwee. . . Bere a mekyerɛw nsɛm yi no, nnansa a wɔde kunkum nkurɔfo atwam nanso Vatican mmɔɔ mpae pɛnkoro mpo mmaa wɔn a wodi aperepere a wɔn mu fã mũ yɛ Katolekfo no akra. Akontaabu no bɛyɛ hu bere a nnipa yi a wɔama wɔn asase so nkɛntɛnso nyinaa afi wɔn nsa no begyina wɔn Nyankopɔn a ɔne wɔn bebu akontaa anim no. Dɛn na ebetumi ayɛ wɔn anoyi? Hwee nni hɔ!”
[Adaka wɔ kratafa 15]
VATICAN HO A ƐWOM
The New York Times a ɛbae March 6, 1988 mu no bɔɔ amanneɛ sɛ Vatican hwɛ kwan sɛ ne sika akontaabu bɛbɔ ka dɔla ɔpepem 61.8 wɔ 1988 mu a ɛne nea ɛsen biara. Krataa no kae sɛ: “Wogye di sɛ ka kɛse biako yɛ bɔ a wɔhyɛe wɔ 1984 mu sɛ wobetua nea aka kakraa bi ma adu dɔla ɔpepem 250 ama wɔn a Banco Ambrosiano de wɔn ka no. Ná Vatican ho wɔ Milan sikakorabea no nsɛm mu kɛse ansa na ɛregu wɔ 1982 mu no.” Ná Vatican ho wɔ saa aniwusɛm no mu araa ma nokwarem no, wɔapow pintinn sɛ wɔde Vatican mpanyimfo baasa, a Amerika ɔsɔfo panyin bi ka ho, bɛhyɛ ɔman mpanyimfo nsa ama Italia asennibea adi wɔn asɛm!
[Mfonini wɔ kratafa 12]
Mogya ho afodi a ɛyɛ hu da Vatican ne von Papen ne Hitler nyinaa so
[Mfonini Fibea]
UPI/Bettmann Newsphotos
UPI/Bettmann Newsphotos
[Mfonini wɔ kratafa 15]
Sɛ́ anka paapanom bɛkamfo Onyankopon Ahenni mmom no, wɔapaem aka sɛ Amanaman Nkabom no ne ‘asomdwoe ho anidaso a etwa to’
[Mfonini Fibea]
Insets: UN photos