Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w81 6/1 kr. 8-13
  • “Aguaman Kɛse” No Sɛe Abɛn

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Aguaman Kɛse” No Sɛe Abɛn
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • TETE “BABILON KƐSE”
  • NEA ƐKYERƐ MA YƐN BERE YI
  • SƐNEA “NSU PII” NO REKƆ FAM
  • Atoro Som—Wohuu N’awiei a Ɛyɛ Nwonwa Siei
    Yesaia Nkɔmhyɛ No—Hann Ma Adesamma Nyinaa II
  • Adebɔne A Ɛreba Wiase Nyamesomfo Nyinaa So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
  • Wobetumi Aka Nea Ɛbɛba Daakye Asie!
    Nyan!—1981
  • “Me Man, Mumfi No Mu”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
w81 6/1 kr. 8-13

“Aguaman Kɛse” No Sɛe Abɛn

“Wɔbɛtan aguaman no, na wɔayɛ no pasaa, na wada adagyaw, na wɔadi ne nam, na wɔde gya ahyew no.”​—Adi. 17:16.

1, 2. Asɛm bɛn na Onyankopɔn ka kyerɛ ne nkoa, na dɛn ntia?

ƆBOADEƐ, Yehowa Nyankopɔn, nim nea ɛbɛba daakye no pɛpɛɛpɛ. Ɔno na ‘ofi mfiase ka awiei asɛm.’ (Yes. 46:10) Esiane sɛ ‘odi mu wɔ nimdeɛ mu’ nti, onim nneɛma nhyehyɛe yi “awiei” wɔ “ahohiahia kɛse” a ɛreba no mu no ho nsɛm nyinaa. (Hiob 37:16; Mat. 24:21) Esiane sɛ ɔyɛ ɔdɔ Nyankopɔn nti, ɔda saa nsɛm yi pii adi kyerɛ wɔn a wɔsom no nokwarem no sɛnea ɛbɛyɛ na wɔahu nea ɛreba, ɔhyɛ wɔn den na abɔ wɔn ho ban. Bible no ka sɛ: “Awurade Yehowa renyɛ biribi gye sɛ wayi n’agyina adi akyerɛ ne nkoa adiyifo no ansa.”​—Amos 3:7.

2 Enti, Onyankopɔn ma ne nkoa ahobrɛasefo nya nimdeɛ titiriw bi a afoforo nni. Sɛnea ɔsomafo Paulo kae no: “Na wiase atumfoɔ no biara anhu . . . na yɛn na Onyankopɔn nam ne honhom so ayi akyerɛ yɛn.” (1 Kor. 2:8-10) Bere a wɔadi kan anya nea ɛbɛba ho nimdeɛ afi Yehowa nkyɛn no, n’asomfo fata​—nokwarem no, Onyankopɔn de dwumadi hyɛ wɔn nsa​—sɛ wɔmmɔ saa nhyehyɛe yi awiei a ɛreba no ho kɔkɔ na wɔnka nhyehyɛe foforo no ho awerɛkyekye asɛm no nkyerɛ wɔ wiase nyinaa.​—Mat. 24:14.

3. So Yehowa nkoa behu bere a “ahohiahia kɛse” no afi ase ankasa no?

3 Esiane sɛ Yehowa ama ne nkoa anokwafo anya nhyehyɛe yi awiei ho nimdeɛ nti, so nsɛm a ɛbɛma wɔatumi ahu bere a “ahohiahia kɛse” no afi ase ankasa no ka ho? Yiw. Dɛn ne saa asɛm no? Ɛfa atemmu a Onyankopɔn de bɛba nea Bible frɛ no “Babilon Kɛse, asase so nguaman ne akyide nã” no ho. (Adi. 17:5) Na, yiw, mprempren mpo, nneɛma rekɔ so a ɛrebɔ kwan ama saa ɔsɛe no!

4. Dɛn nti na ɛho wɔ mfaso sɛ yehu nea ɛbaa tete Babilon so no?

4 Dɛn ne saa Kyerɛwnsɛm mu sɛnkyerɛnne kwan so aguaman yi? Ɔkwan bɛn so na wobetumi aka sɛ nneɛma a ɛde ne sɛe bɛba afi ase dedaw? Yebetumi asua saa nneɛma yi ho ade pii denam Babilon foforo, saa wiase ahemman a ɛwɔ tumi kɛse a na ɛwɔ hɔ bɛboro mfe mpem abien a atwam ni, no so a yɛbɛdan akɔ no so. Nea ɛbaa saa tete Babilon no so no nyɛ abakɔsɛm ara kwa. Ɛyɛ nea ɛbɛba yɛn bere so “aguaman kɛse” no so nnansa yi ara no ho nkɔmhyɛ mfonini.​—Adi. 17:1.

TETE “BABILON KƐSE”

5. Dɛn nti na ɛyɛɛ te sɛ nea na Nebukadnesar wɔ biribi a enti ɛsɛ sɛ ɔhoahoa ne ho?

5 “So ɛnyɛ Babel kɛse a makyekyɛ mayɛ ahenni gyinabea, me tumi denyɛ so, na ama m’anuonyam agye din no ni anaa?” (Dan. 4:30) Saa na Babilon hene, Nebukadnesar, hoahoaa ne ho, bɛboro mfe ahansia ansa na Yɛn Bere yi Reba. Na ɛte sɛ nea Nebukadnesar wɔ ntease pa a enti ɛsɛ sɛ ɔhoahoa ne ho, efisɛ na Babilon ne ne bere so kurow a ɛwɔ tumi sen biara, ná ɛyɛ ahemman a ɛwɔ tumi sen biara a wiase yi ahu pɛn no ahenkurow. Ná kurow kɛse no te sɛ nea atamfo ntumi nhyɛn mu, esiane sɛ na wɔde afasu akɛse abien atwa ho ahyia nti. Na afei nso na ɛda adi sɛ Asubɔnten Eufrate a ɛnam kurow no mu hɔ no nso yɛ ahobammɔ. Na afasu akɛse wɔ asubɔnten yi ano wɔ kurow no mu a apon deda ano ma wotumi tom de siw obiara a ɔpɛ sɛ ɔhyɛn mu no kwan.

6. Dɛn ho na na Nebukadnesar agye din?

6 Bere a na Babilon yɛ ɔman a ɛwɔ akodi mu tumi kɛse no, na wagye din kɛse wɔ ade foforo nso ho: Na ɛno ne beae a wodi atoro som ho dwuma titiriw wɔ tete wiase no mu. Wɔkyerɛ sɛ asɔredan dodow a wohu ananmu wɔ saa kurow a ayɛ amamfo no mu no boro 53. The World Book Encyclopedia se: “Ná Babilonfo mpow tete anyame, na enti anyame a na wɔsom wɔn no bɛyɛɛ mpempem pii. Na kurow biara wɔ n’anyame ne n’anyamewa, na na anyame ahorow wɔ hɔ ma nneɛma te sɛ owia, ɔsram ne nsoromma, wim-tebea, afum-nneɛma, asubɔnten ne asase no.” Na Babilon nyamesom nkɛntɛnso no mu yɛ den araa ma bere bi akyi no ɛkaa Kristoman mpo. Ɛde besi nnɛ no, ɛkame ayɛ sɛ wotumi hu atoro anyamesom gyidi ne nneyɛe horow a efii ase wɔ Nsuyiri no akyi Babilon no wɔ wiase nyamesom ahorow nyinaa mu.​—Gen. 11:1-9.

7. (a) Ná sintɔ kɛse bɛn na Babilon wɔ? (b) Ná dɛn na Yehowa bɛyɛ no?

7 Nanso, na Nebukadnesar kurow Babilon wɔ dimmɔne bi a ɛyɛ hu: Na ɛyɛ nokware Nyankopɔn, Yehowa, ne ne nkurɔfo tamfo kɛse bere tenteenten. Afei nso na ɛka mogya a edi bem gu. Bible se: “Babel nso, sɛ́ wɔmaa atɔfo hwee ase no, saa ara na Babel nso asase nyinaa so atɔfo hwehwee ase.” (Yer. 51:49) Esiane eyi nti, Yehowa kae sɛ: “Babel a ɛyɛ ahenni mu kunini, ne Kasdifo [anaasɛ Kaldeafo] kɛseyɛ anuonyam no, ɛbɛdan sɛ Sodom ne Gomora butu a Onyankopɔn butuu wɔn no. . . . ne bere abɛn sɛ ɛbɛba, na nna renkyɛ bio.” Yesaia kyerɛw nkɔmhyɛ yi bɛyɛ afe 732 A.Y.B. mu. (Yes. 13:19-22) Bɛyɛ mfe ɔha akyi no, Yeremia kae sɛ: “Yehowa abufuhyew nti obi rentra hɔ, na ne nyinaa bɛdan amamfo koraa; obiara a otwam Babel ho no ho bedwiriw no, na wɔbɔ ne bɔ [anaasɛ n’amanehunu] ho hwirema hwee hwee.” Yiw, “Babilon Kɛse” no a na ɛte sɛ nea wontumi nhyɛn mu no bɛba “abɛyɛ abo” akuwakuw ne sakraman trabea, . . . na obiara rentra hɔ.”​—Yer. 50:13; 51:37.

8. Asɛm bɛn na wɔde mae wɔ sɛnea na Babilon bɛhwe ase no ho?

8 Na Babilon bɛhwe ase dɛn? Yehowa de ɛho nsɛm no bi maa Yesaia ne Yeremia. Yesaia kyerɛwee sɛ Yehowa ne “nea ɔka kyerɛ ebun sɛ: Yow, na mɛma wo nsuten ayoyow.” (Yes. 44:27, Twi Bible Foforo) Yesaia kae nso sɛ: “Saa na Yehowa se nea wasra no, Kores, nea maso ne nifa sɛ mɛbrɛ amanaman ase n’anim, na masansan ahene abɔso, sɛ mebue apon n’anim, ne nkurow apon, na wɔantoto mu.” (Yes. 45:1) Yeremia ka siei sɛ: “Babel nnɔmmarima agyae ko wɔn mmaninyɛ atwa, wɔadannan mmea.” (Yer. 51:30) Enti na Asubɔnten Eufrate a ɛbɔ Babilon ho ban no ‘betwa’; na obi a Yehowa dii kan bɔɔ ne din ansa na wɔrewo no, “Kores” na obedi so nkonim; na ‘wɔrentoto’ apon a ɛwɔ asubɔnten no ano no ‘mu’; na Babilon asraafo ‘begyae ko.’

9. Ná dɛn nti na Belsasar apontow no yɛ abofono titiriw ma Yehowa?

9 October 5/6 wɔ afe 539 A.Y.B. mu no, saa nkɔmhyɛ ahorow no baa mu pɛpɛɛpɛ. Saa anadwo no, Babilon hene Belsasar a ɔyɛ ahantan no too pon maa ne mpanyimfo ne nnipa afoforo bɛyɛ apem. Ɔrema adan nyamesom afahyɛ sɛnea ɛbɛyɛ na obetumi agu Yehowa din ho fĩ no, ɔde nnwinne kronkron a Nebukadnesar fa fii Yerusalem asɔrefi hɔ wɔ afe 607 A.Y.B. mu no bae. Na Belsasar ne nnipa afoforo, a na ɔhene yerenom ne ne yefamnom ka ho de saa nnwinne a na anka Onyankopɔn nkurɔfo de di dwuma wɔ Yehowa som mu no nom nsa ahantan so hyɛɛ wɔn atoro anyame no anuonyam.​—Dan. 5:1-4.

10. Dɛn ne nsaano nkyerɛwee a epuee ban no ho no, na dɛn na Belsasar yɛe?

10 Nanso, na wɔrenkɔ so nsi Yehowa atwetwe bio! Na bere adu sɛ ɔkeka ne ho! “Dɔn no mu ara na onipa nsa so nsateaa fi bae bɛkyerɛw ahennan no fasu no akado so, . . . na ɔhene huu nsa a ɛkyerɛwee no.” (Dan. 5:5) Ehu kɛse kaa Belsasar na “ne nkotodwe ka bobɔɔm biribiri.” (Dan. 5:6) Akokoduru so no, Daniel kyerɛɛ nsateaa ano nkyerɛwee a efi Onyankopɔn nkyɛn no ase kyerɛɛ ɔhene no, sɛ: “Onyankopɔn akan wo ahenni, na watwa to; . . . wɔakari wo nsenia mu, na wɔahu wo sɛ wunnu; . . . wɔakyɛ w’ahenni mu de ama Mediafo ne Persiafo.”​—Dan. 5:26-28.

11. Ɔkwan bɛn so na Bible nkɔmhyɛ a ɛfa Babilon ho no nyaa mmamu koraa?

11 Babilon afasu no akyi no, Persiafo dɔm a na Kores ɔkɛseɛ no di wɔn anim, na Mediani Dario ka ne ho no, twaa kurow no ho hyiae. Bere a na Babilonfo no regye wɔn ani wɔ wɔn animtiaabu nyamesom afahyɛ no mu, na wɔn anyame ne wɔn akode tumi no nti wɔte nka sɛ wɔwɔ dwoodwoo asetra no, na Kores nso redi dwuma. Wɔ Babilon atifi fam no, n’adwumayɛfo no yii nsuka bi de dan Eufrate Asubɔnten no ani, ma afei de na nsu no nsen mma kurow no mu bio. Ankyɛ na nsu a ɛsen fa Babilon kurow no mu ne akyi no kɔɔ fam. Bere tiaa bi mu no, na nsu no akɔ fam araa ma asraafo dɔm a Kores di wɔn anim no tumi faa nsu bon no mu wɔ atifi fam ne keseefam na wɔnam mu baa Babilon mfinimfini. Nea ɛyɛ nwonwa no, Babilonfo a na wɔnhwɛ biribi a ɛte saa kwan anaasɛ wɔabobow no gyaw apon a na ɛwɔ asuten no ano wɔ kurow no mu no guu hɔ. Dario dɔm no de ahoɔden kɛse hyɛn Babilon kurow no mu. “Anadwo no ara mu na wokum Kaldeafo hene Belsasar.” (Dan. 5:30) Ná “Babilon Kɛse” no ahwe ase​—anadwo koro pɛ! Hwɛ ahodwiriw ara a ɛyɛe, na anyɛ amma Babilonfo nko, na mmom aman a wɔatwa ne ho ahyia nyinaa! Na n’awiei aba sɛnea Yehowa asomfo adi kan aka no pɛpɛɛpɛ. Na bere bi akyi no Babilon bɛyɛɛ abo “akuwakuw,” “amamfo koraa,” ‘a obiara nte hɔ.’

NEA ƐKYERƐ MA YƐN BERE YI

12. Dɛn na ɔsomafo Yohane ka wɔ “Babilon Kɛse” no ho wɔ Adiyisɛm ti 17?

12 Eyi kyerɛ dɛn ma yɛn bere yi? Ɛkyerɛ pii. Babilon hwee ase no akyi bɛboro mfe ahansia no, honhom kaa ɔsomafo Yohane ma ɔkyerɛw Adiyisɛm nhoma no. Emu no ɔkaa “Babilon Kɛse” foforo ho asɛm, na ɔkaa ne ho asɛm sɛ “asase so nguaman ne akyide nã.” (Adi. 17:5) Yohane kyerɛwee sɛ, “wiase ahene ne no abɔ aguaman, na n’aguamammɔ nsa no abobow wɔn a wɔtete asase so no.”​—Adi. 17:2.

13. (a) Dɛn nti na nnɛyi “Babilon Kɛse” ntumi nyɛ amammui tumi foforo ara kwa? (b) Dɛn nti na wɔfrɛ aguaman no “Babilon Kɛse”?

13 Esiane sɛ wɔka sɛ ahene ne no bɔɔ aguaman nti, ɛda adi sɛ saa “Babilon Kɛse” yi rentumi nyɛ “ɔhene” foforo ara kwa. Nea egyina hɔ ma ankasa ne nea na tete Babilon agye din wɔ mu no​—atoro anyamesom. Ɛno nti na nnɛyi aguaman no fa din koro no ara sɛ tete kurow no. Nokwarem no, atoro nkyerɛkyerɛ ne nneyɛe a wohu wɔ nnɛyi nyamesom Babilon mu no yɛ nea wotumi hu sɛ efii ase wɔ tete nyamesom Babilon. Enti, yɛn bere so aguaman “Babilon Kɛse” no gyina hɔ ma wiase nyinaa atorosom ahemman a mfehaha pii no apene so na ɛne wiase yi abɔ aguaman mmom sen sɛ ɔbɛkɔ so asom Onyankopɔn ahotew mu no. Afei nso, ɛreda ade foforo a ɛkyerɛ sɛ ɛyɛ nyamesom ahyehyɛde adi no, Adiyisɛm ka wɔ ne ho sɛ: “Na wɔde wo aduto [anaasɛ ahonhomsɛmdi, a ɛyɛ atorosom] adadaa amanaman nyinaa.”​—Adi. 18:23.

14. Nsɛdi foforo bɛn na ɛwɔ Babilon abien no ntam?

14 Kae sɛ na tete Babilon ayɛ Onyankopɔn ne ne nkurɔfo tamfo kɛse, na odii mogya bebrebe a wohwie gui wɔ n’akodi ahorow no mu no ho so. Saa pɛpɛɛpɛ na Bible no ka wɔ nnɛyi Babilon ho sɛ: “Ɛno mu na wohuu adiyifo ne ahotefo ne wɔn a wɔakum wɔn wɔ asase so nyinaa no mogya.” (Adi. 18:24) Saa aguaman yi ayɛ nnɛyi Yehowa nkurɔfo, n’adansefo, no tamfo titiriw. Afei nso, ɛdenam amanaman no akodi akyi a ogyina, na ɔhyɛ nnipa a wɔwɔ afa horow nyinaa ma wokunkum wɔn ho wɔn ho nti, wɔde “wɔn a wɔakum wɔn asase so nyinaa” no mogya ho asodi to no so.

15. Hena na ɔbɛsɛe aguaman no, na eyi begye bere tenten bɛn?

15 Esiane sɛ ne “nnebɔne atoatoa abedu soro” nti, ɔsɛe a Onyankopɔn de bɛba aguaman no so no bɛyɛ ntɛm. (Adi. 18:5, 21) Bible no se “ne haw bɛba da koro pɛ,” yiw, “dɔnhwerew biako mu”! (Adi. 18:8, 10) Ɛno bɛyɛ te sɛ nea ɛbaa tete Babilon a ɛhwee ase anadwo koro pɛ no so no! Na hena na ɔbɛsɛe aguaman no? Yehowa bɛma kwan na amammui nhyehyɛe horow a wɔne no abɔ aguaman no asɛe no. “Wɔn na wɔbɛtan aguaman no, na wɔayɛ no pasaa, na wada adagyaw, na wɔadi ne nam, na wɔde gya ahyew no.”​—Adi. 17:16.

16. Dɛn ne “nsu” a nnɛyi Babilon te so no, na nsɛdi bɛn na eyi ne tete Babilon wɔ?

16 Nsɛdi foforo nso da tete Babilon ne nnɛyi Babilon no ntam, nea ɛfa ɔkwan a wɔn sɛe nam so ba no ho. Na tete Babilon te nsu pii so, Eufrate Asubɔnten mu nsu no. Adiyisɛm 17:1 se nnɛyi Babilon no nso “ɔte nsu pii so.” Dɛn ne saa nsu yi? Onyankopɔn Asɛm bua sɛ: “Nsu a wuhui a aguaman no te so no yɛ nkurow ne nkurɔfo akuwakuw ne aman ne kasa horow.” (Adi. 17:15) Hyɛ no nsow sɛ Eufrate Asubɔnten no mu nsu a ɛtwee no dii Babilon asehwe no anim pɛ. So sɛnkyerɛnne kwan so nsu (nnipa) a wɔhyɛ nnɛyi Babilon ase no dodow nso rekɔ fam anaa? Yiw, ɛte saa, na ɛrekɔ so wɔ yɛn ani so ankasa!​—Adi. 16:1, 12.

SƐNEA “NSU PII” NO REKƆ FAM

17. Ɔkwan bɛn so na sɛnkyerɛnne kwan so “nsu” a ɛwɔ aguaman no ase no rekɔ fam?

17 Ɔkwan bɛn so na sɛnkyerɛnne kwan so “nsu pii” a ɛwɔ nnɛyi Babilon ase no rekɔ fam anaasɛ ɛreyoyow? Ɛne sɛ nnipa ɔpepem pii, a asɔfo ne adwumayɛfo ɔpedudu pii ka ho, agyae mmoa a na anka wɔde ma wɔn asɔre horow no, na eyi rebrɛ wɔn ase. Eyi te saa titiriw wɔ Kristoman a odi sõ kɛse esiane sɛ ɔka sɛ ɔsom Onyankopɔn ne Kristo nti no fam. Bere a ɛtɔ da bi a wɔka “ɔsesɛw” ho asɛm wɔ asɔre horow bi mu, titiriw nea ɛnkyɛe pii no mu no, mpɛn pii no ɛyɛ din mu ara kwa. Gye wɔn mu kakraa bi pɛ fam na ɛnte saa, efisɛ nea ɛrekɔ so wɔ baabiara no da adi pefee na wotumi hu wɔ nsɛm a wɔkeka wɔ wiase atesɛm nkrataa mu no mu, te sɛ nea edidi so yi:

“Biribi aba Kristoman so. Biribiara kyerɛ sɛ yɛahyɛn adesae tenteenten bi mu na yɛremfi mu . . .

“Tumi a na Kristosom ne Roma Katoleksom wɔ wɔ ɔman nhyehyɛe horow mu no afi hɔ dedaw. Yɛrehu Kristosom a wɔahyehyɛ no fekubɔ ne amammui kwan so no wu.”​—Katolek kyerɛwfo a wagye din Malachi Martin, wɔ Providence “Sunday Journal” mu, February 17, 1980.

“Asɔfo ne asɔfo mmea a wɔn ho ayɛ na wɔ Atɔefam no yɛ nea emu ayɛ den kɛse wɔ aman horow pii mu.”​—“Time,” August 21, 1978.

“Kristosom resan akyi ntɛmntɛm . . . ade a ɛyɛ gyidi a enni hɔ, adwenem basaayɛ ne nimdeɛ a wonni ho sɛnkyerɛnne. . . . Ɛrenyɛ nsɛm a wɔka ma ɛkɔ akyiri dodo sɛ yɛbɛka sɛ ɛkame ayɛ sɛ mmofra nyinaa nnim sɛnea Kristosom te ankasa ankasa.”​—London “Times,” September 25, 1978, bere a ɛreka amanneɛbɔ bi a Church of England Board of Education de mae ho asɛm no.

18, 19. Ma adanse foforo a ɛkyerɛ sɛ “nsu” pii no rekɔ fam.

18 Bere a Pope John Paul II kɔɔ France wɔ May 1980 mu no, New York Times (May 31) kae sɛ: “Asɔre no tumi ano rebrɛ ase ntɛmntɛm wɔ France. Nnansa yi nhwehwɛmu bi a wɔyɛe no daa no adi sɛ nnipa no ɔha biara mu dunnum pɛ na wɔyɛ Katolekfo ankasa, ɛwom sɛ wɔabɔ wɔn mu ɔha biara mu 85 asu wɔ asɔre no mu de.” Wɔ Brazil no, ɔsɔfopanyin Luciano Cabral Duarte kae sɛ: “Yɛn Katolekfo no ahoɔden ano rebrɛ ase na wɔrewuwu esiane wɔn mogya a asa wɔ honhom mu nti.” (Veja, January 30, 1980) Wɔ Nigeria no, Presbyterian asɔre no mu sɔfo gye toom sɛ: “Ɛnnɛ, ɛte sɛ nea asɔre no ayɛ basaa te sɛ obi a ne ti asɛe, na obisa sɛ ‘Mene hena,’ ne ‘Dɛn na mereyɛ wɔ ha’?” (Daily Star, September 11, 1978) Wɔ Greece no, atesɛm krataa bi kaa asɛm a edi so yi wɔ Greek Ortodoks asɔre a na wobu no yiye no ho:

“Ɛnnɛ, asɔre no, kyerɛ sɛ n’asɔfo no, titiriw asɔfo no mu mpanyimfo no taa keka nsɛm anaasɛ wɔyɛ nneɛma a nyansa biara nnim.

“Na akɔ so araa ma, bere kakra a atwam ni no, Greekfo fã kɛse no ara mmu asɔfo pii sɛ honhom mu adwumayɛfo a wodi wɔn ho ni, na mmom sɛ wɔn a wɔde basabasayɛ ba na wogu wɔn anim ase, ɔman anidanfo ne adifudepɛfo, bere a sɛ anka ‘wɔbɛkyerɛ wɔn nguankuw no kwan’ mmom no, wɔde aseresɛm ne anansesɛm gyigye wɔn ani.”​—“To Vima,” October 15, 1978.

19 Ɛdefa baabi a wodi Apueifam Ortodoks asɔre no ho dwuma titiriw wɔ Turkey no ho no, Time se: “Abakɔsɛm mu asɔredan kɛse a bere bi a atwam no na ɛyɛ Kristofo wiase no fã dwumadibea titiriw no rewu.” Amerikani sɔfo Alvin Reines ka wɔ Yudafo som no ho sɛ: ‘Amerika Yudasom wɔ tebea a emu yɛ den mu. Asɛm no ne sɛ Amerika Yudafo nnye tete Yudasom mu atetesɛm nkyerɛkyerɛ ntom.’ Wɔ Engiresi Aburokyiri no, wɔatoto asɔre horow pii mu mfe kakraa a atwam yi mu esiane kɔ a nkurɔfo nkɔ asɔre nti, na sɛnkyerɛwfo bi frɛɛ wɔn “akuw a asɛm ato wɔn.” Wɔ Germany no, nhwehwɛmu bi a wɔyɛe no daa no adi sɛ Germanfo a wonnii mfe 35 no ɔha biara mu 17 pɛ na wogye di sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. Wɔ Japan no, bere a wobisaa nkurɔfo sɛ, “Wowɔ nyamesom bi mu anaa?” no ɔha mu 60 buae sɛ “Dabi” na ɔha mu 7 nso de wɔamma mmuae biara. Wɔ aman horow so no, wiase yi nyamesom no tebea te sɛ nea atesɛm krataa a wɔfrɛ no The Age, wɔ Melbourne, Australia, ka no​—sɛ asɔre horow nyinaa “hwere nnipa a na anka wɔyɛ gyidifo.” Esiane sɛ ɛda adi pefee sɛ ‘wɔn a na anka wɔyɛ gyidifo,’ “nsu pii” a na anka ‘aguaman no te so’ no dodow rekɔ fam mprempren nti, so ne sɛe no wɔ akyirikyiri? Dabi.

20. Afotu a ɛho hia bɛn na Onyankopɔn Asɛm de ma nnipa a wɔdɔ trenee?

20 “Aguaman kɛse” no akyigyinafo a wɔn dodow rekɔ fam no ne nea Bible mu nkɔmhyɛ ka wɔ “nna a edi akyiri” yi ho no hyia, bere a ɛka sɛ nnipa bɛyɛ wɔn a “wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn, wɔkata wɔn anim kyerɛ onyamesompa, nanso wɔpa emu ahoɔden” no. Afei nkɔmhyɛ koro no ara tu fo sɛ: “Dan wo ho fi wɔn ho.” (2 Tim. 3:4, 5) Na, asɛm a wɔka kyerɛ nnipa a wɔdɔ trenee a wɔda so wɔ nnɛyi “Babilon Kɛse” mu ne sɛ: “Me man, mumfi no mu, na moamfra ne nnebɔne, na moannya ne haw no bi.”​—Adi. 18:4.

21. Adeyɛ a etwa to bɛn na ɛma Yehowa abufuw dɛw, na dɛn mu na ekowie?

21 Ɛrenkyɛ, wɔbɛsɛe “aguaman kɛse” no sɛ́ Onyankopɔn atemmu a etia no. Sɛnea ɛyɛe wɔ tete Babilon ho no, nnɛyi Babilon asehwe a ɛbɛba mpofirim no bɛma wiase no ho adwiriw no kɛse. (Adi. 18:9-19) Ne sɛe no ne ade a ɛbɛhyɛ “ahohiahia kɛse” no mfiase agyirae. Afei nso, nhyehyɛe horow a wokyi Nyankopɔn no bɛdan akɔ Yehowa asomfo so na wɔabɔ mmɔden sɛ wɔbɛsɛe wɔn. (Hes. 38:16) Nanso Yehowa ka kyerɛɛ ne nkoa anokwafo sɛ: “Nea ɔka mo no, waka m’aniwa kesua.” (Sak. 2:12 [2:8, Twi Bible Foforo]) Eyi ma Onyankopɔn ka ne ho ntɛm. Yehowa se: “Na ɛbɛba ɛda no, . . . sɛ m’abufuw mu yamgya bɛdɛw, na me ninkuntwe mu, m’anibere gya no mu, [mɛkasa].” (Hes. 38:18, 19) Bere a ɔreba abegye ne nkoa anokwafo no, Onyankopɔn de ahoɔhare ne tumi a ano yɛ den ba amanaman no so wɔ “Onyankopɔn, Ade Nyinaa so Tumfoɔ, da kɛse no mu ko” no mu, wɔ Harmagedon. Ɔnam saa kwan yi so bɛsɛe Onyankopɔn ne ne nkurɔfo atamfo, na wayi nsɛmmɔnedi nyinaa afi asase so.​—Adi. 16:14, 16; Mmeb. 2:22.

22. Akatua bɛn na wɔn a wodi Yehowa nokware no benya?

22 Harmagedon akyi no, nhyehyɛe foforo a ɛyɛ nwonwa no fi ase! Anokwafo a wofi “ahohiahia kɛse no mu” no nya nhyira kɛse. “Hwɛ Onyankopɔn ntamadan [wɔ] nnipa mu, ɔbɛtra mu wɔ wɔn mu, na wɔayɛ ne man, na Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtra, na wayɛ wɔn Nyankopɔn; na Onyankopɔn bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa; na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.”​—Adi. 21:3, 4.

23. (a) Nnɛyi tebea a emu yɛ den no nyinaa akyi no, dɛn nti na ɛsɛ sɛ yenya koma? (b) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛhyɛ nokware hwehwɛfo nkuran ma wɔyɛ?

23 Enti momma mo koma ntɔ mo yam, mo a modɔ trenee nyinaa! Munhu sɛ wɔakan “aguaman kɛse” no ne nneɛma nhyehyɛe yi amammui sodifo nhyɛsofo no nna, na ɛrenkyɛ Yehowa beyi wɔn afi hɔ. Esiane sɛ Onyankopɔn ‘ntumi nni atoro,’ nti, nya ahotoso sɛ ɔbɛma anidaso a wowɔ sɛ wobɛtra ase daa wɔ paradise nhyehyɛe foforo mu no ayɛ hɔ, baabi a ‘wubegye w’ani daa wɔ asomdwoe bebree mu.’ (Tito 1:2; Dw. 37:11) Ɛnkosi saa bere no, fa nsiesie horow a Yehowa ayɛ no di dwuma fa hyɛ wo ho den honhom mu ma mmere a emu yɛ den a ɛwɔ yɛn anim pɛɛ yi. Bere a woyɛ saa no, fi ɔdɔ mu susuw wɔn a ebia ‘trenee ho kɔm ne nsukɔm de wɔn’ no ho. Hyɛ wɔn a wɔte saa no nkuran ma wontie Bible mu afotu yi: “Monhwehwɛ Yehowa bere a ɔma wohu no no, momfrɛ no bere a ɔbɛn no.”​—Mat. 5:6; Yes. 55:6.

[Kratafa 10 mfoni]

Na tete Babilon wɔ Eufrate Asubɔnten no ho

[Kratafa 12 mfoni]

Eufrate Asubɔnten no mu nsu a ɛyowee no buee kwan maa dɔm a wɔyɛ atamfo no hyɛnee Babilon na wɔsɛee no

Sɛnkyerɛnne kwan so nsu bebree (nnipa) a wofi Babilon Kɛse no mu a ɛresa no di ne sɛe anim pɛɛ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena