Babilon Kɛse No Ahwe Ase Na Wɔabu No Ntɛn
“BABILON kɛse no ahwe ase, ahwe ase, efisɛ wama amanaman nyinaa anom n’aguamammɔ abufuw nsa no bi.” “Babilon kɛse no ahwe ase, na adan ahonhommɔne trabere ne ahonhom fi nyinaa atɛwee ne nnomaa a wɔyɛ fĩ na wokyi wɔn nyinaa atɛwee.”—Adiyisɛm 14:8; 18:2.
Nkɔmhyɛ nwonwaso bɛn ara ni! “Babilon kɛse no ahwe ase.” Sɛnkyerɛnne kwan so asɛm yi akanyan Bible asuafo anigye mfehaha pii ni. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ w’ani gye ho? Efisɛ sɛnea Bible kyerɛ no, ɛrenkyɛ nea ɛbɛba Babilon Kɛse no so no bɛka adesamma nyinaa. Sɛnea yɛahu dedaw wɔ nsɛmma nhoma yi a wotintimii April 1 ne April 15 mu no, wɔada aguaman a ɔwɔ nkɛntɛnso yi adi pefee sɛ ɔne Satan wiase nyinaa atoro som ahemman no.a
Nanso wahwɛ ase wɔ ɔkwan bɛn so? Na bere bɛn?
Babilon Ahwe Ase nanso Wɔnsɛee No Ɛ
Sɛ yɛbɛte nea Babilon Kɛse no asehwe kyerɛ ase awie koraa a, ɛsɛ sɛ yɛte nea esii bere a tete Babilon hwee ase wɔ 539 A.Y.B. mu no ase. Saa bere no na Onyankopɔn man, Israel, atra nnommumfa mu bɛyɛ mfe 70. Afei na wɔhwɛ ogye kwan ma ɛne wɔn adiyifo nsɛm ahyia. (Yeremia 25:11, 12; 29:10) Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ wɔn ani gyei bere a Persiani Kores maa Babilon hwee ase na ogyaee Yudafo no ma wɔsan kɔɔ wɔn kurow kronkron, Yerusalem, mu no!—Yesaia 45:1-4.
Nanso ɛwom sɛ tumi a na Babilon wɔ wɔ Yudafo no so no baa awiei de, nanso ɛno ankyerɛ tete Babilon awiei. Abakɔsɛm kyerɛwfo Joan Oates kyerɛw wɔ ne nhoma Babylon no mu sɛ: “Kores hyɛn Babilon wɔ nkonimdi mu na ɔbarae sɛ ɛnsɛ sɛ wɔfow nneɛma na ɔpaw amrado bi a na ɔyɛ Persiani na wamfa ne nsa anka nyamesom ne amammui ahyehyɛde no. . . . Nokwarem no, sɛ wohwɛ no aniani a, na ɛte sɛnea Babilonfo ankorankoro asetra sakrae kakraa bi wɔ Persia nniso ase. Wɔkoraa nyamesom mu nneyɛe so na aguadi kɔɔ so yiye.” Enti, Babilon kɔɔ so traa hɔ wɔ n’asehwe nyinaa akyi, nanso na nsonsonoe kɛse biako da adi—Onyankopɔn man, Israel nyɛ dommum bio. Wɔsan baa Yerusalem na wɔde nokware som san sii hɔ.
Bere a Helani ɔsahene Aleksanda Ɔkɛseɛ hyɛn Babilon bɛyɛ 331 A.Y.B. no, kurow no mufo de anigye kɛse maa no akwaaba. Ɔbɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛpɛ sɛ ɔdan kurow no yɛ n’apuei fam ahenkurow, nanso owui ansa na watumi adu ne botae yi ho. Eyi kyerɛ sɛ na Babilon da so ara wɔ hɔ saa bere no.
Enti, Babilon asehwe wɔ 539 A.Y.B. mu no ankyerɛ sɛ kurow no bɔe. Ɛkɔɔ so traa hɔ mfehaha pii. Ɔkwan bɛn so na eyi ada adi wɔ Babilon Kɛse no ho nkɔmhyɛ nnɛyi mmamu no mu?
Babilon Kɛse no Hwe Ase
Ne nsɛso wɔ sɛnkyerɛnne kwan so Babilon Kɛse a ɛne wiase nyinaa atoro som ahemman no asehwe no mu. Ansa na 1919 reba wɔ yɛn afeha 20 yi mfiase mu hɔ pɛɛ no, na ɛsɛ sɛ woyi Bible asuafo a na wonim wɔn sɛ Yehowa Adansefo saa bere no, fi honhom mu nnommum bi a na wɔayɛ ama atoro som nsusuwii ne nneyɛe no mu. Ɛwom sɛ na wɔapow atoro nkyerɛkyerɛ te sɛ Baasakoro ne ɔkra a enwu da no de, nanso na Babilon nneyɛe bi da so ara ama nkeka wɔ wɔn ho. Na wɔn mu pii bu wɔn ankasa ho sɛ atreneefo. Na ebinom repagyaw abɔde ahorow, wɔsom nnipa a wɔwɔ din a na etwe adwene si Charles T. Russell so, Ɔwɛn Aban Bible ne Nkratawa Asafo no titrani a odi kan. Na wodi awoda ne Buronya a na enni Bible nnyinaso biara. Na wɔda so ara dwen mmeamudua no ho titiriw. Na ebinom mpo bɔ mmeamudua ne ahenkyɛw badge, bere a na afoforo hwehwɛ obu a wɔde ma Kristoman no bi. Afei bere tiaa bi wɔ Russell wu akyi wɔ 1917 mu no, nsakrae titiriw bi bae.
Ɔwɛn Aban Asafo no tintim Adiyisɛm ho nkyerɛkyerɛmu a wɔtoo din sɛ The Finished Mystery wɔ saa afe no mu. Saa nhoma yi paa Kristoman asɔfo ne wɔn ho a wɔde hyɛɛ Ɔko Kɛse a na ɛrekɔ so wɔ Europa mu no ho ntama. Protestantfo asɔfo bi a wɔyɛ Babilon Kɛse no ananmusifo wɔ Canada no mu binom de emu nsɛm yi kɔmaa wɔn amammui nnamfo a na wɔyɛ Canada aban no mufo na wɔkasa tiaa Bible Asuafo no sɛ wotutu ɔman no ase. Wɔbaraa Ɔwɛn Aban Asafo no wɔ Canada wɔ February 12, 1918 mu.
United States asɔfo suasuaa wɔn Canada anuanom nhwɛso no ntɛm ara. Wogyee Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma ahorow fii wɔn nsam wɔ Los Angeles, California, U.S.A. wɔ nna kakraa bi ntam. Afei, wɔde tumi nhoma mae wɔ May 1918 mu sɛ wɔnkɔkyere J. F. Rutherford, Ɔwɛn Aban Asafo no titrani foforo no ne Ɔwɛn Aban Asafo no mufo afoforo baason. Wɔde saa Kristofo mmarima yi kɔɔ asennibea na wobuu wɔn fɔ ntɛm ara wɔ June mu ma ɛyɛɛ ahodwiriw. Wɔde baason too afiase mfe 20 na wɔde obiako too mu mfe 10. Dɛn na asɔfo no yɛe? Martin Marty ka wɔ ne nhoma Modern American Religion: The Irony of It All no mu sɛ: “Asɔfo no sɔre tiaa Russellfo [akyiri yi wɔbɛfrɛɛ wɔn Yehowa Adansefo] no na wodii ahurusi bere a wɔtee sɛ wɔde Yehowa Adansefo akannifo a wɔabu wɔn fɔ no bɛto afiase mfe aduonu no.” Na Babilon Kɛse no ananmusifo reserew. Wɔn werɛ fii nokwasɛm a ɛyɛ sɛ, sɛ wopɛ sɛ dua mmu mmɔ ɔkwakuo a, . . .
Enti wɔ 1918 mu no, sɛnkyerɛnne kwan so nnommum ma Babilon no dan afiasenna ankasa maa Yehowa nkurɔfo binom. Wɔtaa Bible asuafo no wɔ United States, Canada, ne aman afoforo mu. Asɔfo a wɔyɛ ɔmampɛfo boaboaa nnipadɔm ano ma wɔpam wɔn fii nkurow mu. Wohwiee ama guu Bible Asuafo no ho de ntakra tuatua wɔn ho na wɔde mporibaa boroo wɔn. Wobuu Kristofo komapafo kakraa bi yi atɛnkyea a ɛyɛ aniwu.b
Afei wɔ 1919 mu no, nsɛm a esisii no sakrae a na wɔnhwɛ kwan. Na Ɔko Kɛse no aba awiei wɔ November 1918 mu. Wɔde asotwe a wɔde maa Ɔwɛn Aban Asafo mpanyimfo no kɔdan asennibea foforo sɛ wɔabu wɔn atɛnkyea. Woyii Rutherford ne n’ahokafo no fii afiase ma wɔn ɔsom mu atamfo nsa sii fam. Sɛnea Marty ka no: “Tete asɔre no mufo anni ahurusi.” Awiei koraa no, wobuu wɔn a wɔbɔɔ wɔn sobo no nyinaa bem koraa. Katolekni temmufo Martin T. Manton a na ɔhwɛ nnipa anim a akyiri yi Paapa Pius XI bɔɔ n’aba so “Ɔhotefo Gregory Ɔkɛseɛ ahyehyɛde no muni” no ampene so sɛ ɔbɛma wɔagyina Adansefo baawɔtwe no akyi ma wɔayi wɔn, na ɔnam saayɛ so ma wɔde wɔn koguu afiase asram akron wɔ ɔkwan a ɛnteɛ so. Wɔdaa sɛnea ɔte ankasa adi akyiri yi wɔ 1939 mu bere a wɔde no kɔtoo afiase sɛ ogye adanmude no!
Bere a woyii Rutherford ne n’ahokafo fii afiase wɔ 1919 mu no, wɔsan kɔɔ Ɔwɛn Aban Asafo no Brooklyn dwumadibea ti hɔ. Afei wofii ase san yɛɛ Ahenni asɛnka ɔsatu kɛse a ɛsen biara a wiase no ahu pɛn ho nhyehyɛe. Na Bible Asuafo no abubu onipa ho suro mpokyerɛ no mu, na afei wohuu sɛnea ɛsɛ sɛ wɔne atoro som nyinaa di no pefee. Babilon Kɛse no yɛ wɔn daa tamfo na na ɛsɛ sɛ wɔpa ne ho ntama sɛ wahwe ase. Na ɛsɛ sɛ wɔde nokware som san si hɔ wɔ amanaman no mu.
Saa Kristofo akokodurufo no hyɛɛ wɔn afie afie som adwuma no mu den. Wotuu aprenten wɔ baguam nso na wɔde nkrataa a wɔakyerɛw so sɛ: “Nyamesom Yɛ Afiri ne Nnaadaa” ne “Som Onyankopɔn ne Ɔhene Kristo” no paa atoro som ho ntama. Atoro som da so ara wɔ hɔ na ɛkɔ so te sɛnea na ɛte wɔ tete Babilon no, nanso wɔ Yehowa Adansefo fam no, Babilon Kɛse no hwee ase wɔ 1919 mu. Wɔdee wɔn ho fii Babilon anohyeto mu.
Babilon Nkɛntɛnso Ano a Ɛrebrɛ Ase No
Mprempren, wɔ mfe 70 akyi no, yebetumi ahu sɛ Babilon Kɛse no nkɛntɛnso ano abrɛ ase wɔ asase no afã horow pii. Ɛwom, ɛte sɛ nea nyamesom da so ara renya nkɔanim wɔ United States, faako a TV so asɛnkafo ne nyamesom ho adwene ho animdefo sisi ɔmanfo a wɔn nkate ano yɛ den kɛse no. Nanso wɔapa nnaadaafo a wɔyɛ honam fam adedodowpɛfo yi mu binom ho ntama na wɔagu wɔn anim ase nnansa yi. Ɛte sɛ nea nyamesom renya nkɔanim wɔ Republic of Korea a Kristoman asɔre ahorow de wɔn ho ahyɛ amammuisɛm mu fee no. Ɛda adi sɛ ɛwom sɛ Babilon Kɛse no “ahwe ase” de, nanso ɔda so ara wɔ hɔ.
Nanso, esiane wiase nyinaa ako ahorow no nti, tete nyamesom ahwere n’akyidifo pii wɔ aman te sɛ Germany, Denmark, Sweden, ne Britain mu. Wɔahu sɛ nkurɔfo regyae Katolekfo tete nneyɛe a ɛne bɔne mpaemuka ne Mass kɔ wɔ Katolek aman te sɛ Italy, Spain ne France mpo mu. Wɔn a wosua asɔfodi dodow so ahuan kɛse. Na nokwasɛm a ɛyɛ sɛ mprempren paapa no te nka sɛ ɛho hia sɛ otu akwan kokyinkyin wiase sen paapa foforo biara wɔ abakɔsɛm mu no yɛ asɔre a ɔhaw wom ho sɛnkyerɛnne.
Afei nso, fi 1917 reba no, sohyialist aman pii mmu nyamesom ahe biara na wɔagye amammui mu nkɛntɛnso a na ɔwɔ kan no afi ne nsam. Ɛda so ara yɛ tete nyamesom na ɛno na ɛma nitan ne mogyahwiegu pii ba wiase nyinaa ma enti nnipa pii a wodwen nneɛma ho no atwe wɔn ho afi nyamesom biara ho, sɛ ebia ɛyɛ Atɔe Fam anaa Apuei Fam de. Yiw, sɛnkyerɛnne kwan so nsu a Babilon Kɛse no te so no reyow. Wɔrebu Babilon Kɛse no atɛn na ne sɛe abɛn.—Adiyisɛm 16:12; 17:1, 15.
Babilon—Nea Enti a Ɛsɛ sɛ Wobu no Atɛn
Nnyinaso bɛn na Yehowa wɔ nti a ɛsɛ sɛ obu wiase nyinaa atoro som ahemman no ntɛn? Ɛwom, ebinom besusuw sɛ ɛsɛ n’ani sɔ sukuu, ayaresabea ahorow, ne ayamye nnwuma a nyamesom ahorow ama anya nkɔso nyinaa no. Nanso ɔkwan bɛn so na eyi nyinaa ne atɛn a Yehowa bu wiase nyamesom no bɔ abira? Ma yɛmpɛɛpɛe saa sobo no ne nyamesom kyerɛwtohɔ mu tiawa.c
“Na abɔfo baason a wokurakura nkuruwa ason no mu biako bae ne me bɛkasae sɛ: Bra na menkyerɛ wo aguaman kɛse a ɔte nsu pii no so no atemmu. Ɔno na wiase ahene ne no abɔ aguaman, na n’aguamammɔ nsa no abobow wɔn a wɔtete asase so no.” (Adiyisɛm 17:1, 2) Sɛnea wɔakyerɛw pefee wɔ nsɛmma nhoma yi a wotintim no April 1 ne 15, 1989 mu no, wobetumi de biako a nyamesom ne aman sodifo, “wiase ahene,” yɛ ma epira ɔmanfo wɔ abakɔsɛm mu no atoto aguaman ɔhopɛfo a ɔbɔ aguaman ho. Nanso wɔtoa ne sobobɔ no so sɛ.
“Na mihui sɛ ahotefo mogya ne Yesu adansefo mogya abow ɔbea no.” “Na ɛno mu na wohuu adiyifo ne ahotefo ne wɔn a wɔakum wɔn asase so no nyinaa mogya.” (Adiyisɛm 17:6; 18:24) Ɛsɛ sɛ wɔbɔ Babilon Kɛse no sobo sɛ wadi mogya ho fɔ efisɛ wakunkum nokware Kristofo a wɔn a wɔbɔɔ mmɔden sɛ wɔbɛkyerɛ Bible no ase akɔ kasa a nnipa a wɔba fam ka no mu ne pii a wɔbɔɔ mmɔden sɛ wobenya Bible no bi na wɔakenkan wɔ mfehaha pii a atwam no mu nso ka ho. Babilon Kɛse no adi mogya ho fɔ nso esiane nokware Kristofo a wɔakunkum wɔn nnansa yi ara wɔ afiase ne adwumayɛban mu nti, sɛ ebia wɔ Nasistfo, Fasistfo anaa kankabi nniso afoforo ase no. Hyɛ no nsow sɛ sobobɔ no twe adwene si “wɔn a wɔakum wɔn asase so no nyinaa,” a nnipa ɔpepehaha pii a wɔawuwu wɔ wiase nyinaa wɔ ako ne mmusua ntam ako ahorow a nnipa a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ nyamesomfo ako wɔ abakɔsɛm mu nyinaa ka ho no so.—Fa toto Mateo 23:34-36; 2 Timoteo 3:5 ho.
Atɛn a Onyankopɔn rebu Babilon Kɛse no ka n’afodi no fã foforo ho asɛm. Atemmu no ka sɛ: ‘Wode w’ahonhonsɛmdi nneyɛe adaadaa amanaman nyinaa.’ (Adiyisɛm 18:23) Nea eye anigye no, ‘ahonhonsɛmdi nneyɛe’ na ɛkyerɛ Hela phar·ma·kiʹa, nea “ɛkyerɛ aduru, nnubɔne, kaberɛkyere; afei awuduru a wɔde ma obi; afei abayisɛm titiriw a wɔde di dwuma” no ase.d Wɔ honhom fam no, atoro nyamesom ama amanaman no awuduru anom na wadaadaa wɔn ma wɔagye atoro anyame ne nkyerɛkyerɛ a atwe wɔn adwene afi Yehowa ne amansan tumidi ɔsɛmpɔw no so no adi. Atoro som nam n’atoro nkyerɛkyerɛ a ɛfa ɔkra a enwu da ho no so ato nhyɛase ama ahonhonsɛm ne abayisɛm biara, na ahyɛ awufo ho suro ne nananom a wɔawuwu som ho nkuran. Bu a Onyankopɔn bu Babilon Kɛse no fɔ no teɛ yiye. Sɛnea Yohane kyerɛwee no: “Ne nnebɔne atoatoa abedu soro, na Onyankopɔn akae n’amumɔyɛ.”—Adiyisɛm 18:5.
Dɛn na Ɛsɛ sɛ Yɛyɛ?
Esiane sɛ Babilon Kɛse no ahwe ase na wɔabu no atɛn nti, dɛn na ɛsɛ sɛ nnipa komapafo a wɔdɔ nokware no yɛ mprempren? Yesaia nkɔmhyɛ a ɛfa tete Babilon ho no fa atoro som ho kɛse nnɛ mpo: “Montwe mo ho, montwe mo ho mfi hɔ nkɔ, monnka ade a ɛho ntew; mumfi adi mfi ne mu, montew mo ho, mo a mosoa [Yehowa] nnwinne no.” (Yesaia 52:11) Saa ɔfrɛ a egye ntɛmpɛ yi ne nea ɛwɔ Adiyisɛm 18:4 no sɛ: “Na metee nne foforo fii soro sɛ: Me man, mumfi [Babilon Kɛse] no mu, na moanyɛ ne nnebɔne no bi, na moannya ne haw no bi.”
Yiw, bere adu sɛ yɛne atoro som twa abusuabɔ biara a yɛne no wɔ no mu, Nanso sɛ yefi Babilon Kɛse no mu a, ɛhe na ɛsɛ sɛ yɛkɔ? Ɛsɛ sɛ yɛkɔ Yehowa nokware som mu na yɛne n’adansefo kɔbɔ fekuw. Nnipa ɔpepem pii a wofi amanaman nyinaa mu resen yuu aba sɛnkyerɛnne kwan so “[Yehowa] bepɔw” no so dedaw. Yɛreto nsa afrɛ wo sɛ wo ne Yehowa Adansefo nsua Bible no na fa wo ho kɔbɔ saa nokware som yi ho.—Yesaia 2:2-4; 43:10-12.
Afei aka asemmisa yi, Sɛ Babilon Kɛse no ahwe ase na wɔabu no atɛn a, dɛn na edi hɔ a ɛsɛ sɛ yesusuw ho? Dɛn na ɛbɛba Satan wiase nyinaa atoro som ahemman no so? Nsɛmma nhoma yi a ɛbɛba a ɛyɛ May 15 de no bɛhwehwɛ saa asemmisa no mu ma ɛne Bible nkɔmhyɛ ahyia.
[Ase hɔ asɛm]
a Babilon Kɛse no rentumi nyɛ amammui ne nnwuma akɛse ho sɛnkyerɛnne, efisɛ wɔkyerɛe sɛ na wɔrebɔ n’asehwe ho abubuw. (Adiyisɛm 18:9-11) Satan wiase no mu ade titiriw foforo biako pɛ a aka no ne nyamesom. Abusuabɔ a ɛne ahonhonsɛmdi wɔ no si so dua sɛ ɛyɛ nyamesom.—Adiyisɛm 18:23.
b Sɛ wopɛ ɔtaa yi ho nsɛm pii a, hwɛ 1975 Yearbook of Jehovah’s Witnesses no nkratafa 94-119.
c Sɛ wopɛ a asɛm yi ho nkyerɛkyerɛmu a edi mu a, hwɛ Revelation—Its Grand Climax At Hand! nhoma a Ɔwɛn Aban Bible ne Kratawa Asafo no tintimii wɔ 1988 mu no nkratafa 235-71.
d W. E. Vine Expository Dictionary of New Testament Words. Po IV, nkratafa 51-2.
[Mfonini wɔ kratafa 7]
Ɛwom sɛ Babilon hwee ase wɔ 539 A.Y.B. mu de, nanso ɛkɔɔ so traa hɔ sɛ kurow mfehaha pii