Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w80 7/1 kr. 11-15
  • “Mmorɔdɔma” A Ɛma Onyankopɔn Mpo Ani Gye

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Mmorɔdɔma” A Ɛma Onyankopɔn Mpo Ani Gye
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • MMORƆDƆMA NKYERƐNKYƐ ABIEN NO
  • “MMORƆDƆMA BƆNE”
  • Obiara Bɛtra Ne Borɔdɔma Ase
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2003
  • Borɔdoma Dua A Wɔdomee No
    Nyan!—1982
  • Aba Pa ne Aba Bɔne
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1994
  • Ɔde Borɔdɔma Dua Yɛɛ Gyidi Ho Adesuade
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
w80 7/1 kr. 11-15

“Mmorɔdɔma” A Ɛma Onyankopɔn Mpo Ani Gye

Sɛ́ Awurade [Yehowa] Israel Nyankopɔn se ni: Sɛ́ mmorɔdɔma pa yi te no, saa na mɛkari Yuda tukɔfo a mema wofii ha yi kɔɔ Kaldeafo asase so no mayɛ wɔn yiye.”​—Yer. 24:5.

1. Ɛyɛɛ dɛn na borɔdɔma baa yɛn asetra mu osuahu mu?

BORƆDOMA DUA yɛ nea wobetumi ahu wɔ turo a edi kɔn a wɔyɛe wɔ yɛn asase yi so no mu. Yɛn awofo a wɔyɛ adesamma a wodi kan no dii saa aduaba a ɛyɛ dɛ yi, borɔdɔma no. So wɔmaa kwan na borɔdɔma dua no nso afifi wɔ saa turo a edi kan no akyi anaa? Yiw, na yɛn ani betumi agye wɔ eyi nti. Enti yɛn nso, ɛnnɛ yɛn ani gye wɔ saa aduaba ketewaa yi di mu. Nea ɛyɛ soronko ne sɛ, atade a edi kan a yɛn awofo a wodi kan, Adam na Hawa hyɛe wɔ bere tiaa bi mu na wɔde akata wɔn asen no yɛ nea wɔde borɔdɔma ahaban apompam. Eyi bae bere tiaa bi ansa na wɔretu wɔn afi wɔn Anigye Paradise no mu wɔ atua a wɔtew tiaa saa Eden turo yi Tɛwfo ne ne Wura no nti.​—Gen. 2:8; 3:1-7.

2. Ɔkwan bɛn na Yotam faa so de borɔdɔma dua no dii dwuma a ɛwɔ ntease a anigye wom ma yɛn wɔ ne mfatoho no mu?

2 Ɔtemmufo Gideon ba Yotam maa borɔdɔma dua kasae wɔ mfatoho bi a waka ato hɔ wɔ tete no mu. Ebisae sɛ: “So minnyaw me dɛ ne m’aba pa no, minkokyini nnua so anaa?” (Atem. 9:11) Wɔ Yotam mfatoho no mu no borɔdɔma dua no powee sɛ obegyaw ne nneɛma pa a ɛyɛ dɛ wɔ ne mu. Na ɛda so ara di atirimpɔw a ayamye wom a Onyankopɔn de bɔe no ho dwuma.

3. Yotam de borɔdɔma dua no dii dwuma de yɛɛ dɛn ho mfonini, nanso Yesu Kristo de dii dwuma de yɛɛ dɛn ho mfonini, wɔ ɛbɛ bɛn mu?

3 Yotam de saa borɔdɔma dua no yɛɛ obi, Israelni nokwafo bi, a ɔbɛpow sɛ wɔde no bedi kwasafo nniso a wɔafa ɔman no abatow so apaw no no ti. Wɔ akyiri bere bi mu no, Yesu Kristo de saa borɔdɔma dua no yɛɛ Israel man no ho mfonini. Ɔkae wɔ ɛbɛ bi mu sɛ:

“Obi wɔ borɔdɔma a wadua ne bobe turom; na ɔbae bɛhwehwɛɛ so aba, na wannya bi. Na ɔka kyerɛɛ turomhwɛfo no sɛ: Hwɛ, mfirihyia abiɛsa ni a maba mabɛhwehwɛ borɔdɔma yi so aba, na mannya bi. Twa kyene! Adɛn nti na agye asase no akɛntɛn so? Na obua see no sɛ: Owura, ma ensi hɔ afe yi nso nkosi sɛ mefumfunu ɛho, na megu ase sumina. Na ebia ɛbɛsow; na sɛ ansow ansa a, woatwa akyene.”​—Luka 13:6-9.

4. Ɔkwan bɛn so na ɔtɛwfo no anhu aduaba biara wɔ sɛnkyerɛnne kwan so borɔdɔma dua no so, bere a ne nanmusifo no de mfirihyia abiɛsa ne fa ayɛ ɔsom adwuma wɔ asase so no?

4 Yesu buu saa bɛ no wɔ bere a Yudafo no adi asesebɔ afahyɛ (Sukot) no akyi wɔ afe 32 Y.B. twa bere mu. Enti na ɛyɛ bere a ofii ne man mu som adwuma no ase wɔ Israel no akyi mfirihyia abiɛsa. Afei de na wahyɛn n’asɛmpatrɛw adwuma no afe a ɛto so anan no mu. Enti na ɛrennu asram asia na Israel man no apow no na wɔama wɔakum no wɔ asɛndua so wɔ Yerusalem afasu akyi. Nea onya fii ne mfirihyia abiɛsa ne fa adwuma wɔ Israelfo no mu ne asuafo ɔhaha kakraa bi a ɛte sɛ ne brɛ adwuma no mu aba a ɔsowee no. Ne soro Agya, Yehowa Nyankopɔn na ɔtɛw saa sɛnkyerɛnne kwan so Israel dua no. Enti na ɛteɛ sɛ wɔ mfirihyia abiɛsa ne fa a ɔde ayɛ wɔn mu adwuma titiriw na wahwɛ wɔn so no mu no, ne Ba a ɔyɛ ɔnanmusifo wɔ asase so no bɛhwɛ abasow bi kwan. Nanso, sɛ wɔde toto ho a, wanhu wɔn a wɔyɛ ne Ba a ɔyɛ Mesia no akyidifo biara. Ne Ba a ɔte sɛ “turomhwɛfo” wɔ ɛbɛ no mu no akɔ so ‘afumfunu’ sɛnkyerɛnne kwan so borɔdɔma dua no ho ne som adwuma bere no mu afe a ɛto so anan no mu fã mu. Nanso biribiara amfi mu amma.

5, 6. (a) Ɔkwan bɛn so na Yesu fa kyerɛe sɛ wobetwa sɛnkyerɛnne kwan so borɔdɔma dua no ato fam denam borɔdɔma dua ankasa bi a ɔde dii dwuma so? (b) Dɛn na ɛbae a ɛkyerɛ bere a wotwaa saa sɛnkyerɛnne kwan so borɔdɔma dua no too fam?

5 Saa afe a ɛto so anan yi mfinimfini mu na Yesu kyerɛe sɛ wobetwa “borɔdɔma dua a ɛnsow aba a ɛyɛ ɔman no afi hɔ. Dwowda, Nisan 10, afe 33 Y.B. mu, bere a Yesu nam kwan so rekɔ Yerusalem no na ɔkɔtoo borɔdɔma dua bi. Ɛwom sɛ na nhaban wɔ so de, nanso na aduaba bi nni so. Yesu domee saa borɔdɔma dua yi, kae sɛ: “Obiara renni wo so aba bio da.!” Dɛn na ɛbae? Yɛkenkan sɛ: “Na anɔpatutu a wɔretwam no, wohui sɛ borɔdɔma no awu fi ne ntini ase. Na Petro kaee ka kyerɛɛ no sɛ: Rabi, hwɛ, borɔdɔma a wodomee no no awu!”​—Marko 11:12-21.

6 Wiɛ, afei so na Yesu bo afuw dua a enni nyansa? Dabi, na mmom ɔde borɔdɔma dua a ɛnsow aba no redi dwuma sɛ mfatoho. Saa borɔdɔma dua no yɛɛ Israel man a Yehowa somaa no Ba sɛ ɔmmra wɔn mu na ɔmmɛboaboa aba a ɛyɛ nokware Mesia anaa Kristo no akyidifo ano no ho mfonini. Bere a ɔman no nam n’akwankyerɛfo a wɔn ne ɔsɔfo panyin no ne anyamesom akwankyerɛfo afoforo akwankyerɛ ase pow Yesu a ɔyɛ Onyankopɔn ahenni no nanmusifo no, nnipa nkorɛnkorɛ ɔhaha bebree a wɔpenee no so no bɛyɛɛ sɛ nnipa a wonsɛ hwee koraa. Saa sɛnkyerɛnne kwan so borɔdɔma dua no yɛ nea ɛfata sɛ wotwa to fam, te sɛ dua a agye asase akɛntɛn so a ɛsɛ sɛ wotua tow wɔ ho, efisɛ aba Onyankopɔn nnome ase. (Fa to Deuteronomium 28:15-68 ho.) Bere a wokum Yesu Kristo te sɛ obi a ɔyɛ atoro Mesia no akyi nnafua aduonum biako na wotwaa Israel “borɔdɔma dua” no too fam, efisɛ Onyankopɔn woo ɔman foforo Israel Kristofo, honhom mu Israel, na wɔabɛsow Ahenni aba. (Mat. 21:43; 1 Pet. 2:9; Gal. 6:16; Yak. 1:1) Wɔde “borɔdɔma dua” a wotwa too fam no too ogya mu hyew no wɔ Yerusalem sɛe no mu wɔ afe 70 Y.B. mu.

MMORƆDƆMA NKYERƐNKYƐ ABIEN NO

7. Ɔkwan bɛn na Yehowa faa so kaa sɛnkyerɛnne kwan so borɔdɔma dua bi ho asɛm wɔ anisoadehu a ɔde maa Yeremia no mu wɔ afe 617 A.Y.B. mu?

7 Babilonfo no asɛe Yerusalem pɛn wɔ Ɔhene Nebukadneser ase wɔ afe 607 A.Y.B. mu. Nanso, mfirihyia 10 ansa na saa ɔman amanehunu no reba, anaasɛ wɔ afe 617 A.Y.B. mu no, Onyankopɔn de borɔdɔma dua no yɛɛ Yuda man no ho mfonini. Eyi ne bere a ɔde anisoadehu bi a ɛkyerɛ biribi a ɛreba maa ne diyifo Yeremia na Yeremia kaa ho asɛm kyerɛɛ yɛn sɛ:

“Awurade [Yehowa] ma mehwɛe, na hwɛ, mmorɔdɔma nkyerɛnkyɛ abien a wɔde asisi Awurade [Yehowa] asɔredan anim ni, ɛbere a Babel hene Nebukadresar tuu Yuda hene Yekonia [anaasɛ, Yehoiakin] a ɔyɛ Yehoiakim ba ne Yuda asafohene ne adwumfo ne atomfo fii Yerusalem kɔɔ Babel no. Kyerɛnkyɛ biako mu no mmorɔdɔma pa ara a ɛte sɛ borɔdɔma a ɛbere kan, na kyerɛnkyɛ biako no mu wɔ mmorɔdɔma a enye koraa a oye a enye no nti wontumi nni.”​—Yer. 24:1, 2.

8. Ɔkwan bɛn na Yehowa faa so kyerɛkyerɛɛ nea mmorɔdɔma pa a ɛwɔ nkyerɛnkyɛ mu no kyerɛ no ase?

8 Bere a wobisaa no nea ohui wɔ anisoadehu no mu no ho asɛm no, Yeremia kyerɛkyerɛɛ nea ohui no mu pɛpɛɛpɛ. (Yer. 24:3) Nanso saa mmorɔdɔma no yɛ dɛn ho mfonini? Ɛyɛ Israelfo a ɛsɛ sɛ wotwa wɔn asu kɔ Babilon no. Yɛkenkan fa eyi ho sɛ:

“Sɛ Awurade [Yehowa] Israel Nyankopɔn se ni: Sɛ́ mmorɔdɔma pa yi te no, saa na mɛkari Yuda tukɔfo a mema wofii ha yi kɔɔ Kaldeafo asase so no mayɛ wɔn yiye; ma mede m’ani mɛhwɛ wɔn papa so, na mede wɔn masan maba asase yi so, na mede wɔn mesisi hɔ, na meremmruw wɔn, na medua wɔn, na merentutu wɔn. Na mɛma wɔn koma a wɔde behu me sɛ mene Awurade [Yehowa], na wɔadan me ɔman, na me nso mayɛ wɔn Nyankopɔn; na wɔde wɔn koma nyinaa bɛsan aba me nkyɛn.”​—Yer. 24:5-7.

9. Saa”mmorɔdɔma” no fi sɛnkyerɛnne kwan so dua bɛn so, na ɛhefo na wɔka ho?

9 Saa sɛnkyerɛnne kwan so “mmorɔdɔma” no fi sɛnkyerɛnne kwan so dua bi so. Efi “dua” bɛn so? Efi Israel man a Yehoiakim ba Yehoiakin dii wɔn so hene asram abiɛsa ne nnafua 10 pɛ no mu. (2 Be. 36:9, 10; Mat. 1:11, 12) Wɔn a wɔka wɔn a Babilon hene faa wɔn kɔɔ nnommumfa mu no ho ne Daniel, ne Hebrifo nnamfonom baasa, Hanania, Misael ne Azaria ne Hezekiel. (Dan. 1:11-17; Hes. 1:1-3) Enti, wɔ Yeremia nna mu tɔnn, na Yehowa de borɔdɔma dua no yɛɛ ne nkurɔfo a wapaw wɔn no man no ho mfonini. Bere a saa nnommumfa no bae no na Yeremia ahyɛ nkɔm mfirihyia 30.

10. Ɔkwan bɛn so na Yehowa fa dii n’atirimpɔw a wapae mu aka afa “mmorɔdɔma pa” no ho no ho dwuma, na ɔkwan bɛn so na wɔfa yii ‘sɛnea wɔyɛ dɛ fa’ no adi kyerɛɛ no?

10 Yehowa nam nea ɔka faa mmorɔdɔma pa no ho wɔ anisoadehu no mu no so kyerɛɛ mmere pa. Ɔkaa nneɛma pa a ɔbɛyɛ ama ne nkurɔfo a ɔne wɔn wɔ apam mu no mu nkaefo anokwafo no ho asɛm. Eyi bɛba wɔ “mfirihyia aduɔson” a ɔkaa ho asɛm siei mfirihyia ason ansa na ɛrefi ase no awiei. (Yer. 25:11, 12) Yehowa yɛ nokware Nyankopɔn, na abakɔsɛm mu kyerɛwtohɔ ahorow kyerɛ sɛ odii n’atirimpɔw a w’apae mu aka no ho dwuma wɔ afe 537 A.Y.B. mu. Ɔde Persiani Kores Ɔkɛseɛ no dii dwuma de butuw Babilon wɔ afe 539 A.Y.B. mu, na ɛno na afei ɔkanyan no ma ɔsan hyehyɛɛ sɛnkyerɛnne kwan so “mmorɔdɔma pa” no sii hɔ bio wɔ asase a, wofii hɔ kɔe a na wɔatew sɛnkyerɛnne kwan so dua no wɔ so nea edi kan no so. Ɛhɔ na wɔsan sii Yerusalem bio na wosii asɔredan foforo maa Yehowa som. Wɔnam nea wɔyɛe yi nyinaa so yii ‘sɛnea wɔyɛ dɛ fa’ te sɛ mmorɔdɔma pa no adi maa wɔn Nyankopɔn, wɔn man a ɛte sɛ dua no Tɛwfo no.

11, 12. (a) Hena din na nnɛ wɔde frɛ “mmorɔdɔma pa” no? (b) Dɛn na na ɛyɛ amammui Babilon wɔ tete mmere no mu, na dɛn na ɛyɛ Babilon Kɛse no?

11 So eyi kyerɛ biribi ma yɛn nnɛ da yi anaa? Yiw, Yehowa nkɔmhyɛ a ɔnam Yeremia so de mae no mmamu a etwa to abam wɔ ɔkwan a ɛsõ so wɔ yɛn ankasa afeha a ɛto so 20 yi mu. Eyi kyerɛ sɛ Kristofo wɔ hɔ a wogyina hɔ ma “mmorɔdɔma pa” no. Yeremia Nyankopɔn no nso ahwɛ eyinom “papa so.” Wagye wɔn afi Babilon Kɛse no mu. Wɔde Onyankopɔn ankasa din frɛ wɔn mprempren a ɛnyɛ sɛ eyi ne nea edi kan a wayɛ saa. Wɔ Yeremia bere mu tɔnn no na sɛnkyerɛnne kwan so “mmorɔdɔma pa” no yɛ Israelfo a wɔde ne Nyankopɔn no din frɛ wɔn. Odiyifo no din, Yeremia, no mpo yɛ nea ɛhyɛ din kronkron no mu, efisɛ ase ne “Yehowa Agow (Awotwaa no) Mu.” Babilon bɛyɛɛ wiase tumidi te sɛ amammui ahyehyɛde wɔ Yeremia nna mu. Edii tumi bɛboro mfirihyia 90, enti ɛmaa atoro som a efi Babilon a na ɛwɔ Nimrod nna mu no mu trɛwee. Ne fã a wohu wɔ ɔsom mu yi yɛ nea wɔma ɛdaa adi wɔ Bible mu nhoma a etwa to a ɛka Babilon Kɛse no ho asɛm no mu, na ɛyɛɛ no ɔbea a amammui tumidifo no ne no bɔ aguaman. Sɛnea tete Babilon gyinaa hɔ maa ahemman no, saa ara nso na Babilon Kɛse no gyina hɔ ma ahemman, wiase atoro som ahemman.

12 Tete amammui Babilon hwee ase na ɛyeraa koraa fii hɔ kɔe, nanso ɔsom Babilon Kɛse no akɔ so araa. Enti ɛda so ara yɛ wiase atoro som ahemman.​—Adi. 14:8; 17:1-8.

13. Ahyɛde bɛn na wɔde ama Onyankopɔn nkurɔfo a ɛfa Babilon Kɛse no ho, na ɔkwan bɛn so na adansefo no mogya “abow” no?

13 Nanso, so Babilon Kɛse no nso bɛhwe ase akɔ ɔsɛe mu anaa? Yiw, Bible mu nhoma a etwa to no aka eyi asie. Enti, wɔ Adiyisɛm 18:4, 5 no, ahyɛde a edidi so yi na wɔde maa Onyankopɔn nkoa a wɔatwa wɔn asu, Kristofo asafo no: “Me man, mumfi no mu, na moanyɛ ne nnebɔne no bi, na moannya ne haw no bi. Efisɛ ne nnebɔne atoatoa abedu soro, na Onyankopɔn akae n’amumɔyɛ.” Bere a ɛreda ne nnebɔne ahorow no bi adi no, Adiyisɛm 17:6 yɛɛ saa anyamesom ahemman a ɔyɛ aguaman yi ho mfonini sɛ obi a ɔyɛ ɔbea a “ahotefo mogya ne Yesu adansefo mogya abow no.” Odii fɔ wɔ Yehowa nkurɔfo a wɔahyira wɔn ho so ama no no mogya a ohwie gui wɔ Wiase Nyinaa Ko I (1914-1918) mu no nti, na ɔfaa wɔn mu pii nnommum sɛnea ɛbɛyɛ na ɔbɛma wɔagyae Onyankopɔn ahenni no ho asɛm a wɔka no.

14. Asi sɛnkyerɛnne kwan so “mmorɔdɔma pa” no yiye dɛn, wɔ Onyankopɔn ahyɛde a wotiei nti, na ɛhefo na wɔabɛka wɔn ho wɔ wɔn honhom mu atrae hɔ?

14 Wɔn a wɔhyɛ wɔn so a wɔfa wɔn nnommum wɔ Babilon Kɛse no mu no te sɛ “mmorɔdɔma pa” a wɔwɔ Yeremia anisoadehu no mu no. Bere a Wiase Nyinaa Ko I baa awiei pɛ na Yehowa bubuu Babilon Kɛse no tumi mu, na afei wɔ 1919 mu na obuee kwan maa wɔn na wɔadi ahyɛde yi ho dwuma: “Me man, mumfi no mu.” Wɔde honhom mu Israelfo a wotiee saa ahyɛde no na wɔtwee wɔn ho fii wɔn ho a wɔde bɔ Babilon Kɛse (a Kristoman ka ho) no ho koraa no san baa Yehowa dom mu bio na wɔde adwuma hyɛɛ wɔn nsa wɔ n’Ahenni no ho som mu. Wɔde ntɛmpɛ dii “ahenni no ho asɛmpa” a wɔka wɔ wiase nyinaa no mu akoten. Sɛnea Yesu aka asie wɔ Mateo 24:14 ne Marko 13:10 no. De besi nnɛ da yi Yehowa nhuu biribi a eye a obegyina so ama watutu wɔn afi honhom mu paradise asase a ɔde wɔn aba so no so. Nea ɛne eyi bɔ abira no, nnipa bɛboro 2,000,000 a wɔnyɛ honhom mu Israelfo atie Ahenni no ho asɛm a wɔka no na wɔapaw sɛ wɔde wɔn ho bɛbɔ Yehowa nkurɔfo a wasan ahyehyɛ wɔn wɔ wɔn honhom mu asase so no ho. Enti wɔabɛtra sɛnkyerɛnne kwan so borɔdɔma dua a ɛyɛ dɛ na eye ase wɔ nsase horow a ɛboro 200 so.

“MMORƆDƆMA BƆNE”

15, 16. (a) Ɛhefo na wɔkan wɔn kaa “sɛnkyerɛnne kwan so “mmorɔdɔma pa” no ho wɔ Yeremia bere no mu? (b) ‘Borɔdɔma’ bɛn na Ɔhene Sedekia bɛyɛe, na dɛn na Yehowa ka siei a ɛfa “mmorɔdɔma bɔne” no ho?

15 Wɔn a wɔka wɔn a wɔkan wɔn sɛ “mmorɔdɔma pa” kuw no ho wɔ Yeremia nna mu no ne Yuda Hene Yehoiakin (anaasɛ Yekonia) . Yesu Kristo bɛyɛɛ Ɔhene Yehoiakin aseni denam n’aseni a wagye din Serubabel a ɔyɛ ‘borɔdɔma pa’ no so. (1 Be. 3:17-19; Mat. 1:12; Luka 3:23-27) Wɔ afe 617 A.Y. B. mu akyi, bere a Ɔhene Yehoiakin de Yerusalem ahyɛ Babilon hene no nsam no akyi, na Nebukadneser de Sedekia, Yehoiakin wɔfa no sii agua so sɛ Yuda hene foforo, wɔ ntam a ɔkaa wɔ Yehowa anim sɛ ɔbɛsom Babilon hene no ase. Nanso Ɔhene Sedekia bɛyɛɛ ‘borɔdɔma bɔne.’ Enti Onyankopɔn a ɔkaa no ntam, Yehowa, de no too borɔdɔma a wontumi nni ho sɛ:

16 “Na sɛ́ mmorɔdɔma bɔne a oye a enye nti wontumi nni te no, sɛ Awurade [Yehowa] se no ni: Saa ara na meyi Yuda hene Sedekia ne n’asafohene ne Yerusalem nkae a wɔaka asase yi so [wɔ Yehoiakin nnommumfa no akyi] no ne wɔn a wɔte Misraim asase so no [faako a Yudafo no guan kɔ esiane sɛ wosuro Babiloniafo no nti no] mama, na mama wɔaguan wɔn ho ayɛ wɔn bɔne asase ahenni nyinaa mu, na wɔadannan ahohora ne akasabebui, mfefewayi ne nnome, baabiara a mesunsum wɔn makɔ; na mɛma afoa, ɔkɔm ne owuyare aba wɔn mu akosi sɛ wɔbɛsa koraa afi asase a mede memaa wɔn ne wɔn agyanom no so.”​—Yer. 24:8-10.

17. ‘Borɔdɔma’ a onye koraa bɛn na Sedekia bɛyɛe, na dɛn na efii mu bae?

17 Ɛda adi pefee sɛ Yehowa ani annye saa sɛnkyerɛnne kwan so“‘mmorɔdɔma bɔne” a wahyɛ sɛ ɔbɛsɛe wɔn na ɔde wɔn aba amanaman mu ahohorabɔ ne animtiaabu mu no ho. Hwɛ sɛnea Ɔhene Sedekia bɛyɛɛ nea onye koraa! Obuu ntam a waka no so na ɔtew atua tiaa Babilon, na esiane sɛ n’ahenemma no hyɛ no so nti, ɔma wɔde Yeremia too afiase te sɛ obi a ɔyɛ asiane ma ɔman no. Wɔ Babilonfo a wɔatwa wɔn ho ka no “afoa” ne ɔyaredɔm a na ɛwɔ Yudafo a wɔatwa wɔn ho ka no mu no ho no, ɔkɔm ankasa a ekum nnipa na ebubuu wɔn a wɔrebɔ Yerusalem ho ban no guu hɔ wɔ asram 18 a na wɔatwa wɔn ho ahyia no akyi. Ɔhene a odii wɔn so no ma wokunkum ɔman no mu mpanyimfo a wɔyɛ amansɛmdifo ne asɔfo no nyinaa. Sedekia a wɔakyere no no huu sɛnea wokunkum n’ankasa mma, na ɛno akyi na wofuraa n’ani na wɔde no kɔtoo afiase wɔ Babilon, na ɛhɔ na owui wɔ animguase mu.

18. Wɔ saa kɔkɔbɔ ho nhwɛso yi nti, dɛn na ehia a ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛafi “ahohiahia kɛse” a ɛreba no mu?

18 So yɛn a yɛte ase nnɛ no ho popo wɔ nneɛma a ɛyɛ hu a ebefi amu aba sɛnkyerɛnne kwan so “mmorɔdɔma bɔne” no so no nti? Ɛnde ɛmmra sɛ ɛbɛyɛ kɔkɔbɔ nhwɛso ama yɛn na yɛansuasua wɔn adeyɛ kwan no. Sɛ honhom mu Israelfo a wɔte ase nnɛ no antra ase sɛnea apam foforo no te, sɛ wɔammu Yehowa amansan tumidi no bem, na sɛ wɔannyina ne Ba Yesu Kristo Mesia ahenni no akyi a nea ebefi mu aba wɔn so no bɛyɛ sɛ nea ɛbaa tete “mmorɔdɔma bɔne” no so no wɔ “ahohiahia kɛse” a ɛreba no mu. (Mat. 24:21, 22) Ɛno na afei nso, Kristoman mu nnipa a wodi anyamesom akyi, na wɔboapa ka sɛ wɔyɛ honhom mu Israelfo no bɛba wɔn awiei wɔ ɔsɛe mu te sɛ “mmorɔdɔma bɔne.” Wɔ nokwarem no, ɛbɛyɛ nea mfaso wɔ so ama yɛn sɛ yɛbɛyɛ sɛ Yeremia ne ne kyerɛwfo Baruk ne ne nnamfonom kakraa bi a na wɔatu wɔn ho ama no no, nnipa a wodii Yehowa nokware a wonyaa nkwa wɔ Yerusalem sɛe no mu no.​—1 Kor. 10:11.

[Kratafa 14 mfoni]

Kristoman, a ɔte sɛ “mmorɔdɔma bɔne” no rehyia ɔsɛe a ɛte sɛ nea ɛbaa tete Yerusalem so no

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena