Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w86 2/1 kr. 15-20
  • Asomdwoe, Ahotɔ, ne ‘Aboa no Honi No’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asomdwoe, Ahotɔ, ne ‘Aboa no Honi No’
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Aboa No Honi No Nnɛ
  • Aboa No Sotefo No
  • Ɛnyɛ Tumi A Ɛde Asomdwoe Bɛba
  • Nneɛma Ahorow A Ɛho Hia Sɛ Wɔyɛ Wɔ Asomdwoe Ho
  • Bere A Ɛsɛ Sɛ Obiara Paw Nea Ɔpɛ
  • Nkekaboa Abien a Wɔne Wɔn Di Asi
    Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
  • Adiyisɛm Nhoma No Mu Nsɛm—Ɛfa Onyankopɔn Atamfo Ho Sɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2022
  • Adiyisɛm No Mu Mmoa No​—Wogyina Hɔ Ma Dɛn?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
  • Wɔsɛe Babilon Kɛse No
    Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1986
w86 2/1 kr. 15-20

Asomdwoe, Ahotɔ, ne ‘Aboa no Honi No’

“Na ɔde me nam honhom mu kɔɔ sare so. Na mihuu ɔbea bi a ɔte aboa kɔkɔɔ a abususɛm din ahyɛ no ma na ɔwɔ ti ason ne mmɛn du so.”​—ADIYISƐM 17:3.

1. Dɛn nti na Yohane anisoadehu a ɛfa aboa a ɔwɔ ti ason ne mmɛn du ho no ho asɛm hia yɛn?

ƆSOMAFO Yohane huu aboa a ne ho yɛ hu yi wɔ ɔsoro anisoadehu bi mu. Nanso ɛnyɛ Yohane nkutoo ne obi a wahu no. Ebetumi aba sɛ wo nso woahu no, anaasɛ anyɛ yiye koraa no woakenkan ne ho asɛm wɔ atesɛm nkrataa mu. So wuhuu nea ɔyɛ?

2, 3. Mmoa ahorow bɛn na Yohane hui wɔ n’anisoadehu no mu?

2 Ɛwom, yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ hu aboa yi a ɔnte sɛ nea Yohane kaa ne ho asɛm no. Nea Yohane hui no yɛ biribi a ɛbɛyɛ nea ɛwɔ asase so “Awurade da no” ho sɛnkyerɛnne (Adiyisɛm 1:10) Yehu ne mmamu nnɛ. Aboa a ne ho yɛ abofono a Yohane hui no da Yehowa adwene wɔ nea egyina hɔ ma no ho adi​—ɛyɛ akyide ma No! Na Yohane adi kan ahu wɔ n’anisoadehu no mu sɛ wɔatow Satan ɔbonsam akyene asase so na “wafa abufuw kɛse, efisɛ onim sɛ ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa.” (Adiyisɛm 12:12) Afei nso na wahu aboa bi a ne ho yɛ hu a ɔwɔ ti ason ne mmɛn du a ɔresɔre afi “po” a ɛyɛ adesamma abusua no mu a wɔde no agyina hɔ ama Satan wiase no amammui nhyehyɛe ahorow no. (Adiyisɛm 13:2; 17:15; Yesaia 57:20; Luka 4:5, 6) Saa aboa yi nyaa tumi wɔ adesamma nyinaa so, na ɔhyɛɛ nkurɔfo ma wogyee ‘aboa no agyirae’ wɔ wɔn nsa nifa so anaa wɔn momaso de kyerɛɛ gyina a wogyina n’akyi.​—Adiyisɛm 13:7, 16, 17.

3 Yohane hui sɛ nnipa ayɛ aboa yi honi. (Adiyisɛm 13:14, 15) Ohoni yi na ohui wɔ anisoadehu a ɛwɔ atifi hɔ a wɔaka ho asɛm wɔ Adiyisɛm ti 17 no mu no. Saa “ohoni” a ɔwɔ ti ason ne mmɛn du yi bedi dwuma titiriw bi wɔ daakye nsɛm a ebesisi mu; enti ɛho hia sɛ yebehu nea ɔyɛ. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ saa?

Aboa No Honi No Nnɛ

4, 5. Na aboa a ɔwɔ anisoadehu no mu ti no gyina hɔ ma dɛn?

4 Ɔbɔfo bi kaa asɛm bi kyerɛɛ Yohane a ɛboa yɛn. Ɔkae sɛ: “Ti ason no yɛ mmepɔw ason a ɔbea no te so, na ɛyɛ ahene baason. Baanum agu, obiako wɔ hɔ, ɔfoforo no nnya mmae ɛ, na ɔba a, etwa sɛ ɔtra hɔ kakraa bi.” (Adiyisɛm 17:9, 10) “Ahene” ne “mmepɔw” din a wɔabɔ​—a wɔ Bible mu no wɔtaa de gyina hɔ ma amammui tumi ahorow​—no kyerɛ sɛ aboa no ti ahorow no gyina hɔ ma nniso ahorow. (Yeremia 51:25) Nniso ahorow ason bɛn na wɔn ho wom?

5 Wiɛ, na baanum agu dedaw wɔ Yohane bere so, na biako da so ara wɔ hɔ, na obiako nnya mmae ɛ. Wɔ Bible abakɔsɛm mu no, ahemman akɛse anum sɔresɔree na wɔhyɛɛ Onyankopɔn nkurɔfo so a ne nyinaa gui ansa na Yohane bere no reba: Misraim, Asiria, Babilon, Medo-Persia, ne Hela. Bere a na Yohane te ase no, na Roma ahemman no na ɛredi tumi. Yohane wu akyi mfehaha pii no, Roma Ahemman no fii hɔ sɛ wiase tumi kɛse na awiei koraa no Britania ahemman no besii n’ananmu. Ankyɛ koraa na ahemman yi aman a wɔhyɛ n’ase wɔ atɔe fam no nyaa ahofadi na wɔne Britania kaa boom kɛse de Anglo-Amerika wiase tumi no sii hɔ. Oyi ne “ɔhene” a na ‘onnya mmae’ wɔ Yohane bere so no. Abusuabɔ bɛn na na ɛda aboa a Yohane hui no ne ahemman ahorow ason a na ne ti ahorow no gyina hɔ ma no ntam? ‘Ɔne nea ɔto so awotwe, na ofi ason no mu.’​—Adiyisɛm 17:11.

6. (a) Na aboa no mmɛn no kyerɛ dɛn? (b) Ɔkwan bɛn so na na “wonnyaa ahenni ɛ”?

6 Kae nso sɛ na aboa no wɔ mmɛn du. Ɛdefa eyi ho no, ɔbɔfo no kae sɛ: “Mmɛn du a wuhui no ne ahene du a wonnyaa ahenni ɛ, nanso wɔne aboa no benya ahoɔden sɛ ahene dɔnhwerew biako.” (Adiyisɛm 17:12) Bible mu no, akontaahyɛde a ɛyɛ du no gyina hɔ ma biribi a edi mũ a ɛfa asase so nneɛma ho. Enti, saa mmɛn yi yɛ nniso ahorow a ɛwɔ tumi wɔ wiase nyinaa a egyina aboa no akyi bere tiaa bi (“dɔnhwerew biako”) wɔ “Awurade da no” mu ho sɛnkyerɛnne Nea ɛka ho nso ne wiase tumi a ɛto so ason no ne nnɛyi nniso horow a asɔre afi ‘aboa no ti’ asia no mu no, ɛwom sɛ asia yi nyɛ wiase tumi bio de. Ná saa “ahene” yi nni hɔ wɔ Yohane bere so.a Afei a wɔanya ahoɔden yi, “wɔde wɔn tumi ne wɔn ahoɔden bɛma aboa no.”​—Adiyisɛm 17:13.

7, 8. (a) Dɛn ne aboa a Yohane hui a wɔaka ne ho asɛm wɔ Adiyisɛm ti 17 no? (b) Ɔkwan bɛn so na ɛfa ti ne mmɛn no ho?

7 Woahu aboa no afei? Yiw, ɛno ara ne “akyide a ɛbɔ ɔman” a efii ase sɛ Amanaman Apam a ɛwɔ hɔ mprempren sɛ Amanaman Nkabom no. (Mateo 24:15; Daniel 12:11) Ɔkwan bɛn so na ahyehyɛde yi ‘fii wiase tumi ason no’ mu? Ɛne sɛ, ahyehyɛde a ɛte sɛ aboa no nyinaa, te sɛ wiase tumi a ɛto so awotwe no, yɛ nea ɛnam nniso ahorow a ɛwɔ hɔ dedaw no so na ɛbae a Anglo-Amerika wiase tumi no ne n’akyigyinafo ne ne boafo titiriw.

8 Bio nso, sɛnea ɔbɔfo no ka kyerɛɛ Yohane no, “mmɛn du” no nyinaa de ‘tumi ne ahoɔden ma aboa no.’ (Adiyisɛm 17:13) Nokwarem no, sɛ ɛnyɛ mmoa a efi nniso horow a ti ahorow ne mmɛn no gyina hɔ ma no no hɔ a, anka aboa no bɛyɛ nea onni tumi biara. Dɛn ntia? Efisɛ ɛyɛ ohoni ara kwa. (Adiyisɛm 13:14) Te sɛ ahoni ahorow nyinaa no, ɛno ankasa nni tumi biara. (Yesaia 44:14-17) Nkwa biara a ɛwɔ no yɛ nea efi n’aboafo no hɔ. (Adiyisɛm 13:15) Ɛtɔ bere bi a eyinom mu binom si gyinae ahorow a emu yɛ den denam Amanaman Nkabom no so, sɛ nhwɛso no, sɛnea wɔyɛe wɔ Korea ko no mu no.

9. Ɔkwan bɛn so na wosi hu a yehu nea aboa no yɛ no so dua?

9 Nea aboa yi yɛ a yɛahu no yɛ nea asɛm foforo a ɔbɔfo no kae si so dua: “Aboa a wuhuu no no, da bi na ɔwɔ hɔ, na afei de, onni hɔ, na obefi bun no mu aba, na wabɛsen akɔ ɔsɛe mu.” (Adiyisɛm 17:8) Eyi fã anya mmamu dedaw. Wiase nyinaa ko a ɛto so abien no maa Amanaman Apam no gui koraa. Bere a Yehowa Adansefo tee nkɔmhyɛ yi ase pefee wɔ 1942 mu no, na ɛyɛ nea wobetumi aka Apam​—aboa no ho asɛm sɛ: “Onni hɔ.”b Nanso wɔ 1945 mu no, ‘ɔforo fii bun no mu’ sɛ Amanaman Nkabom ahyehyɛde. So ebetumi adi ne botae a ɛne sɛ ɛde asomdwoe ne ahotɔ bɛba no ho dwuma? Nkɔmhyɛ no ka sɛ dabi. Mmom no, ‘obefi akɔ ɔsɛe mu.’

Aboa No Sotefo No

10, 11. (a) Hena na na ɔte aboa no so wɔ Yohane anisoadehu no mu? (b) Ɔkwan bɛn so na anisoadehu no fã yi nya mmamu wɔ nnɛ bere yi mu?

10 So wohyɛɛ biribi foforo nsow wɔ aboa no ho? Na “ɔbea” bi te ne so. Wɔda no adi sɛ wiase atoro som ahemman, “Babilon Kɛse no, asase so nguamman ne akyide na.” (Adiyisɛm 17:3-5, 15) So wiase nyamesom ahorow no ‘atra’ ahyehyɛde ahorow abien no so na abɔ mmɔden sɛ ɛbɛkyerɛ wɔn kwan? Yiw, Kristoman asɔre ahorow no titiriw.

11 Sɛ nhwɛso no, Dutchni sɛnkyerɛwfo Pierre van Paassen kaa “biribi a ɛte sɛ nyamesom mu anigye” ho asɛm a ɛfa Protestant asɔre ahorow a ɛwɔ Amerika, Britania, ne Scandinavia aman ahorow no so no ananmusifo a wɔkɔɔ Amanaman Apam nhyiam ahorow ase no ho. Wɔ 1945 mu no, Federal Council of the Churches of Christ a ɛwɔ Amerika no kae sɛ: “Yɛasi yɛn bo sɛ yɛbɛbɔ mmɔden ama dwuma a Amanaman Nkabom ahyehyɛde no di de ama nneɛma ayɛ ‘yiye no mu akɔ so atrɛw.” Wɔ 1965 mu no, Paapa Paul VI kae sɛ, wɔ ahyehyɛde no mu no, ohu “Onyankopɔn dɔ ne ne su a wonhu a ɛda adi ma adesamma abusua a ɛwɔ asase so no nkɔso​—biribi a yehu sɛ asɛmpa a ɛyɛ soro de no ba bɛyɛ asase so de wom no.” Ampa, nyamesom asɔfo ama “abususɛm din ahyɛ” ahyehyɛde no ma.​—Adiyisɛm 17:3; fa toto Mateo 24:15; Marko 13:14 ho.

Ɛnyɛ Tumi A Ɛde Asomdwoe Bɛba

12. Abusuabɔ a ɛda Amanaman Nkabom ahyehyɛde no akyigyinafo ne Onyankopɔn Ahenni no ntam no te dɛn?

12 Amanaman Nkabom no ne Onyankopɔn Ahenni no nni abusuabɔ pa. Nokwarem no, n’akyigyinafo no sɔre tia Ahenni no. Ɔbɔfo no ka kyerɛɛ Yohane sɛ “[Mmɛn du no] ne oguammaa no bɛko, na oguammaa no bedi wɔn so nkonim,​—efisɛ ɔyɛ awuranom mu awurade ne ahene mu hene,​—ɔne wɔn a wɔka ne ho a wɔafrɛ wɔn na wɔapaw wɔn na wodi no nokware no.” (Adiyisɛm 17:14) Sɛnea nkɔmhyɛ no ka ampa no, amanaman no akɔ so ‘ne oguammaa no ako’ wɔ awiei bere yi nyinaa mu na wɔasɔre atia wɔn a wɔyɛ Ahenni no ahemmɔfo no na wɔataa wɔn nso. Nanso wɔrentumi oguammaa no, na saa ara na wɔrentumi n’asomfo a wɔwɔ asase so a wɔkɔ so ara ka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa no a bara a wɔbara wɔn, afiase a wɔde wɔn gu, ne owu mpo mfa ho.​—Mateo 10:16-18; Yohane 16:33; 1 Yohane 5:4.

13. Dɛn nti na ‘Amanaman Nkabom no rentumi nyɛ tumi a ɛde asomdwoe ankasa ba?

13 Nokwarem no, Amanaman Nkabom no rentumi nyɛ tumi a ɛde asomdwoe ankasa bɛba. Nea ɔte no so, “Babilon Kɛse” no yɛ atirimɔdenfo a wɔde ɔko aba wɔ abakɔsɛm mu sen biara no mu biako, na “ahotefo mogya ne Yesu adansefo mogya abow” no. (Adiyisɛm 17:6) Aman ahorow a wogyina saa ahyehyɛde no akyi no akodi ahorow no ama mogya ayɛ asase so ma. (Mateo 24:6,7) Na tumi a ɛhyɛ wɔn akyi, Satan Ɔbonsam, “Ɔtweasɛe Kɛse no” nyɛ obi a ɔpɛ asomdwoe (Adiyisɛm 12:9, 17; 13:2) Bere dodow a eyinom wɔ hɔ no de, adesamma rennya ahotɔ da. Ɛsɛ sɛ woyi wɔn fi hɔ.

Nneɛma Ahorow A Ɛho Hia Sɛ Wɔyɛ Wɔ Asomdwoe Ho

14. (a) Dɛn na ɛbaa aboa no sotefo no so wɔ Yohane anisoadehu no mu? (b) Ɔkwan bɛn so na eyi bɛbam?

14 Nea ɛsɛ sɛ edi kan kɔ wɔ ɔkwan a wɔnhwɛ kwan koraa so ne atoro som. Sɛnea ebesi ni: “Mmɛn du a wuhui no, ne aboa no, wɔn na wɔbɛtan aguaman no, na wɔayɛ no pasaa, na wada adagyaw, na wɔadi ne nam, na wɔde ogya ahyew no.” Hwɛ sɛnea adesamma ho bedwiriw wɔn! (Adiyisɛm 17:16; 18:9-19) Ɛyɛ “mmɛn” a edi Amanaman Nkabom ahyehyɛde no mu akoten a ɛyɛ ɔsɛefo ne ɔmampɛfo no na ɛbɛsɛe no. Hwɛ sɛnea eyi kae yɛn Yesu nkɔmhyɛ a ese “akyide” no na ɛbɛsɛe “Yerusalem” no kɛse! (Marko 13:14-20; Luka 21:20) Nanso bere a amanaman no na wɔyɛ eyi no, ɛyɛ nea wɔredi Onyankopɔn atemmu ho dwuma ankasa wɔ “aguaman kɛse” no so a Kristoman ka ho. Dɛn na ebefi mu aba? Atoro som “bɛyɛ nea wɔrenhu bio koraa.”​—Adiyisɛm 17:1; 18:21.

15, 16. (a) Dɛn ne “ahohiahia kɛse” no? (b) Dɛn na ɛde bɛba? (d) Ɔkwan bɛn so na wobesiw Satan kwan ma wansɛe adesamma asomdwoe ho anidaso no?

15 Yesu kae sɛ Kristoman sɛe no bɛyɛ “ahohiahia kɛse a efi wiase asefi de besi nnɛ ebi mmae da nanso ɛremma da” no mfiase. (Mateo 24:15, 21) Bere a ahohiahia no kɔ so no, Onyankopɔn Ahenni de atemmu bɛba Satan ahyehyɛde no fã a ɛyɛ amammui ne aguadi no nyinaa so. (Daniel 2:44) Afei Yohane hu sɛ Ɔhene no ani abere: “Mihui sɛ ɔsoro abue, na hwɛ, ɔpɔnkɔ fitaa bi ni, na nea ɔte no so no, wɔfrɛ no nea ɔsɛ gyidi no ɔnokwafo, na obu atɛn na otu sa trenee mu.” Wɔn a wɔasiesie wɔn ho sɛ wobehyia no ne asase so amammui aman no a ‘aboa no honi no’ ka ho. Dɛn na ebefi ɔko no mu aba? Wɔbɛsɛe wɔn a wɔsɛe asomdwoe no!​—Adiyisɛm 19:11, 19-21.

16 Ɛno bɛma aka asomdwoe ho kwansifo kɛse biako pɛ: Satan Ɔbonsam ankasa. Yohane kɔ so ka adesamma tamfo kɛse yi a wɔbɛkyekyere no ho asɛm: “Mihuu ɔbɔfo bi a ofi soro resian a okura ebun no ano safe ne nkɔnsɔnkɔnsɔn kɛse bi. Na ɔkyeree ɔtweasɛe, ɔwɔ dedaw a ɔne ɔbonsam no kyekyeree no mfirihyia apem.”​—Adiyisɛm 20:1-3.

Bere A Ɛsɛ Sɛ Obiara Paw Nea Ɔpɛ

17. Dɛn na ɛsɛ sɛ ankorankoro a wɔpɛ sɛ wonya asomdwoe ankasa no yɛ mprempren?

17 Nsakrae bere bɛn ara na ɛbɛyɛ ama adesamma sɛɛ yi! Nanso bere a woyi ahyehyɛde ne nniso ahorow fi hɔ no, nea ɛba ankorankoro so no gyina nea wɔn ankasa paw so kɛse. Wɔ ne dɔ adi a oyi kyerɛ mu no, Yehowa hyɛe sɛ: “Etwa sɛ wɔka asɛmpa no kyerɛ amanaman nyinaa kan,” ansa na ahohiahia kɛse no aba. (Marko 13:10) Wɔto nsa frɛ wɔn a wɔdɔ asomdwoe sɛ ‘womfi’ Babilon Kɛse no mu. (Adiyisɛm 18:4) Wɔka kyerɛ wɔn a wɔwɔ Kristoman mu no sɛ ‘wonguan nkɔ mmepɔw so.’ (Luka 21:21) Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔde wɔn ho hyɛ Onyankopɔn Ahenni ase no pow sɛ wobegye ‘aboa no agyirae.’ (Adiyisɛm 14:9-12; Yohane 17:15, 16) Koma pafo a wɔte sɛɛ a wɔyɛ nnipakuw kɛse ‘befi ahohiahia kɛse no mu.’ (Adiyisɛm 7:9-14) Nokwarem no, ɛho nhia sɛ obi bɛma wɔasɛe no aka Satan nhyehyɛe no ho.​—Mmebusɛm 2:21, 22.

18, 19. (a) Dɛn na wobetumi aka wɔ bere a ahohiahia kɛse no bɛba ho? (b) Ɔkwan bɛn so na Kristofo resiesie wɔn ho ama saa bere no mprempren?

18 Bere bɛn na nsɛm a ɛwosow asase yi besisi? Wiɛ, “asɛmpa” no yɛ nea wɔate wɔ wiase nyinaa nnɛ. “Akyide” no abegyina hɔ. (Mateo 24:14-16) Nokwarem no, ‘aboa no honi’ a wakɔ aba nea ɛto so abien dedaw no yɛ nea bere adu sɛ ‘obefi akɔ ɔsɛe mu.’ (Adiyisɛm 17:8) “Sɛnkyerɛnne” no mmamu kyerɛ sɛ ɛyɛ nea yɛatra ase wɔ bere a Yesu asanaba no mu mfirihyia 71, efi 1914. (Mateo 24:3) Yesu kae sɛ: “Sɛ muhu eyinom nyinaa a, munhu sɛ abɛn, na adu apon ano! Nokware mise mo sɛ, awo ntoatoaso yi rentwam, gye sɛ eyinom nyinaa aba mu ansa.” (Mateo 24:33, 34) Enti, ɛsɛ sɛ “ahohiahia kɛse” no yɛ nea abɛn pɛɛ. So yebetumi akyerɛ bere pɔtee no asen saa? Ɛnyɛ saa bere yi.

19 Ɔsomafo Paulo ka siei sɛ: “Bere a wɔbɛka sɛ yɛwɔ asomdwoe ne ahotɔ, no, ɛnde mpofirim na ɔsɛe bɛba wɔn so.” (1 Tesalonikafo 5:3) Enti ahohiahia kɛse no bɛma adesamma nyinaa ho adwiriw wɔn kɛse. Nanso, ɛrenyɛ Kristofo nwonwa. Wonim sɛ ɛreba na wodi Yesu afotu no akyi: “Enti monwɛn na monsrɛ daa na moanya ahoɔden de aguan afi nneɛma a ɛrebɛba yi nyinaa mu.”​—Luka 21:36.

20. Dɛn nti na Kristofo rentumi nka bere a ahohiahia kɛse no bɛba saa bere yi?

20 Nanso Kristofo rentumi nni kan nkyerɛ bere pɔtee a ahohiahia kɛse no bɛba. Yehowa nnaa “da no ne dɔn no” adi. (Marko 13:32; Mateo 24:42) Enti sɛ nhwɛso no, bere a Amanaman Nkabom no ka sɛ afe 1986 yɛ “Amanaman Ntam Asomdwoe Afe” no, Kristofo de anigye hwɛ nsɛm a ɛresisi no. Nanso wɔrentumi nni kan nka sɛ ebia eyi bɛyɛ Paulo asɛm a yɛaka wɔ atifi hɔ no mmamu. Nanso, wɔda Yehowa ase sɛ wama wɔatumi ate nea ‘aboa no honi no’ ne “akyide a ɛbɔ ɔman” no kyerɛ no ase. Enti wohu ahyehyɛde yi te sɛ nea Yehowa hu no no na wɔmma mmɔden a ɛbɔ sɛ ɛde asomdwoe bɛba no nnaadaa wɔn.

21. (a) Asomdwoe bɛn na Kristofo nya mprempren no? (b) Dɛn na wobetumi de ahotoso ahwɛ kwan?

21 Wɔn a ‘wɔwɛn’ na wɔde wɔn ho hyɛ Onyankopɔn Ahenni no ase no nya asomdwoe mprempren. Yehowa, “asomdwoe Nyankopɔn” no ne wɔn wɔ hɔ na ɔma wɔn “Onyankopɔn asomdwoe a ɛtra adwene nyinaa so no.” (Filipifo 4:7, 9) Bio nso wɔhwɛ bere a ɛbɛba nnansa yi ara no kwan, bere a asase nyinaa benya Yesaia nkɔmhyɛ dɛdɛ no mmamu mu anigye no: “Trenee no nneyɛe bɛyɛ asomdwoe, na trenee no aba ayɛ kommyɛ ne ahotoso akosi daa; na me man bɛtra asomdwoe fi, ne ahotɔ trabea, ne kommyɛ homebea.” (Yesaia 32:16-18) Eyi bɛyɛ wiase nyinaa ahotɔ. (Yesaia 11:9) Na ɛbɛyɛ asomdwoe ankasa efisɛ Yehowa ankasa na ɔde bɛba.

[Ase hɔ nsɛm]

a Amammuisɛm mu tebea a ɛwɔ hɔ nnɛ no yɛ soronko wɔ Yohane bere so de no ho. Aman a wɔwɔ Amanaman Nkabom no mu no kakraa bi na na wɔwɔ hɔ saa bere no. Enti, ɛyɛ nokware sɛ wɔbɛka sɛ na “wonnyaa ahenni ɛ.” Kakraa bi te sɛ Egypt nka ho. Nanso wɔ nsase yi so mpo no, sɛnea tumidi a na ɛwɔ hɔ no te no asakra wɔ mfehaha no mu araa ma ɔbɔfo no asɛm no da so ara yɛ nokware: Na nniso ahorow a ɛredi tumi wɔ hɔ mprempren no ‘nnyaa ahenni ɛ.’

b Bere a na Wiase Ko II rekɔ so denneennen no. Ɔwɛn Aban Asafo no titrani no maa ɔkasa bi kyerɛɛ Yehowa Adansefo a na wɔwɔ Wiase Foforo Teokrase Nhyiam ase no wɔ September 20, 1942 mu, na na ne ti ne “Asomdwoe​—So Ebetumi Akyɛ?” Emu na ofi Adiyisɛm ti 17 kyerɛe sɛ nea ɛne nea nnipa pii hwɛ kwan bɔ abira no, Wiase Ko II remma awiei wɔ Harmagedon mu. Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ ‘asomdwoe aboa’ no sɔre fi ebun a ontumi nyɛ hwee wom no mu na ɔne amammui tumi ahorow no bedi so wɔ sɛnkyerɛnne kwan so “dɔnhwerew biako” mu.

So Wokae?

◻ Aboa a ɔwɔ Adiyisɛm ti 17 no su ahorow no bi ne nea ɛwɔ he?

◻ Dɛn na aboa yi gyina hɔ ma?

◻ Dɛn nti na sɛnkyerɛnne kwan so aboa yi rentumi mfa asomdwoe mma da?

◻ Ɔkwan bɛn so na awiei koraa no Onyankopɔn Ahenni de asomdwoe ne ahotɔ bɛbrɛ adesamma?

◻ Ɔkwan bɛn so na eyi a ankoroankoro behu no ho betumi aba wɔn mfaso?

[Asɛm a wɔafa aka wɔ kratafa 17]

Paapa Paul VI huu “Onyankopɔn dɔ ne ne su a wonhu a ɛda adi ma adesamma abusua no nkɔso” wɔ Amanaman Nkabom no mu

[Kratafa 20 adaka]

“Nokware mise mo sɛ: Awo ntoatoaso yi rentwam, gye sɛ eyinom aba ansa. Ɔsoro ne asase betwam, na me nsɛm de, ɛrentwam da. Na da no ne dɔn no de, obi nnim, abɔfo a wɔwɔ ɔsoro nso nnim, ɔba no nso nnim, agye agya no. Monhwɛ yiye, monwɛn na mommɔ mpae! Na munnim da ko a bere no du. . . Enti monwɛn! Na munnim da ko a ofiwura no bɛba, anadwofa anaa ɔdasum anaa akokɔbɔnee anaa anɔpa, na wammefi mo mpofirim ammehu mo sɛ moadeda. Na nea mise mo yi, meka mekyerɛ nnipa nyinaa! Monwɛn!”​—Marko 13:30-37.

[Kratafa 19 mfoni]

Wɔka kyerɛ wɔn a wɔdɔ asomdwoe sɛ ‘womfi’ Babilon Kɛse no mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena