Adiyisɛm No Mu Mmoa No—Wogyina Hɔ Ma Dɛn?
MEMENEDA, June 15, 1985 no, owia no hyerɛn guu Amanaman Nkabom dan no so wɔ New York. Sɛnea wɔtaa yɛ no, nsrahwɛfo pii bɛhwɛɛ saa ɔdan fɛfɛ yi, na wɔn mu pii kaa nneɛma a ɛyɛ anigye a wohui no ho asɛm.
Nanso, Amanaman Nkabom no ne aman ahorow no a ɛbɛyɛ wɔn biako no ntam kwan ware. Sɛnea obi a na ɔrekyerɛ nsrahwɛfo no kwan kyerɛe saa awia no: “Efi Wiase Ko II so reba no, ɔko ahorow 150 aba ma wɔakunkum nnipa bɛboro ɔpepem 20. Wiase nyinaa nniso bi mmae ara ɛ. Ebia eyi ne nea abɛn ho sen biara.” Enti so wiase nyinaa nniso yɛ adaeso bi ara kwa’? Sẽ ɛyɛ nea wugye di anaasɛ wunnye nni no, wubetumi anya ho mmuae denam Adiyisɛm no mu mmoa no ho asɛm no mn a wobɛhwehwɛ no so.
Wɔn a wɔkyerɛkyerɛ Bible mu no mu binom ka sɛ ɛnyɛ nea Adiyisɛm nhoma no mu mmoa no gyina hɔ ma biribi wɔ nkɔmhyɛ mu. Mmom no, wɔde wɔn to nsɛm a esisii bere a na ɔsomafo Yohane te ase no ho. Sɛ nhwɛso no, The Catholic Encyclopedia no kaa wɔ Adiyisɛm no mu mmoa no ho sɛ: “Ɛyɛ ade a adiyisɛm akyerɛwfo no taa yɛ sɛ wɔbɛka sɛ wɔn anisoadehu no yɛ nkɔmhyɛ na wɔama ayɛ te sɛ nea aba dedaw.”
Nanso ɔsomafo Yohane kae sɛ: “Menam honhom mu wɔ Awurade da no mu.” (Adiyisɛm 1:10) Yiw ɛnyɛ tete abakɔsɛm na Adiyisɛm no dan adwene kɔ so na mmom daakye “da” no, bere a Awurade Yesu Kristo befi ase adi hene afi ɔsoro no. Sɛnea Adiyisɛm ti 6 kyerɛ no, “Awurade da no” ho agyiraehyɛde ne wiase ko, aduankɔm a ɛbɛba wiase nyinaa ne ɔyaredɔm. Nsɛm a asisi wɔ asase so wɔ afeha a ɛto so 20 yi mu no di adanse pefee sɛ yɛte “Awurade da no” mu fi 1914.—-Adiyisɛm 6:1-8.a
Yesu Kristo fii n’ahenni tumidi no ase wɔ saa afe soronko no mu. (Adiyisɛm 11:15, 18) Enti efi saa bere no reba no, ɛsɛ sɛ Adiyisɛm no mu mmoa no ho asɛm yɛ nea ehia titiriw. Ɛyɛ ampa sɛ saa mmoa yi yɛ Onyankopɔn atamfo a wosiw nnipa kwan a ɛmma wɔnhwehwɛ Onyankopɔn Ahenni no akyi kwan sɛ nhyehyɛe a ɛde asomdwoe ne ahotɔ a adesamma hwehwɛ no bɛba no ho mfonini. Saa atamfo yi mu bi ne ɔtweaseɛ no ne nkekaboa abiɛsa no. Ma yɛnhwehwɛ wɔn mu nhwɛ bere a wɔreba no.
Ɔtweaseɛ Kɛse No
Yohane se: “Na hwɛ,ɔtweaseɛ kakraka kɔkɔɔ a ɔwɔ ti ason ne mmɛn du.” Ɔtweaseɛ kɛse yi yɛ dɛn ho mfonini? Yohane ankasa kyerɛkyerɛ mu sɛ ogyina hɔ ma Satan Ɔbonsam. Sɛnea Yohane anisoadehu no kyerɛ no, ɔtweaseɛ yi sɔre tiaa Onyankopɔn soro Ahenni no awo wɔ 1914 mu no denneennen. Dɛn na efii mu bae? “Enti wotuu drako kɛse no, mfitiase ɔwɔ no, nea wɔfrɛ no ɔbonsam ne Satan, nea ɔdaadaa asase a wɔte so nyinaa [sofo] no, fii hɔ tow no kyenee asase so, na wɔtow n’abɔfo kaa no ho gui.”—Adiyisɛm ‘12:3, 7-9, NW.
Yohane kyerɛ sɛ eyi bɛka adesamma kɛse. “Eyi nti mo ɔsoro ne mo a motete mu no, momma mo bo ntɔ mo yam. Asase ne ɛpo nnue, efisɛ ɔbonsam asian aba mo nkyɛn, na wafa abufuw kɛse, efisɛ onim sɛ ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa.” (Adiyisɛm 12:12) Ɛwom sɛ wɔaka no ahyɛ wɔ asase so de, nanso Satan da so ara de ne ho gyigye Onyankopɔn Ahenni a wɔde asi hɔ no nsɛm mu. Ɔyɛ eyi denam nkekaboa abiɛsa no a ɔde wɔn di dwuma de daadaa adesamma no so. Susuw sɛnea Yohane kyerɛkyerɛɛ eyinom mu nea odi kan no mu no ho hwɛ.
Aboa a Ofi Po Mu No
“Na mihuu aboa bi a ɔwɔ mmɛn du ne ti ason sɛ ofi po mu sɔree, . . . Na aboa a mihuu no no te sɛ ɔsebɔ, na n’anan te sɛ osisi anan, na n’ano te sɛ gyata ano. Na ɔtweaseɛ no de ne tumi ne n’ahengua ne n’ahoɔden kɛse maa no.”-Adiyisɛm 13:1, 2.
Saa aboa a ne ho yɛ hu yi yɛ dɛn ho mfonini? Bere a honhom kaa Yohane no, ɔde ho adwene bi a ɛho hia mae, sɛ: “Na wɔmaa no mmusuakuw ne nkurɔfo ne kasa horow ne aman nyinaa so tumi.” (Adiyisɛm 18:7) Dɛn na enya tumi wɔ onipa biara a ɔte asase so so no? Ade biako pɛ: wiase nyinaa amammui nniso nhyehyɛe no. So nhyehyɛe yi nya tumi ankasa fi Satan, “ɔtweaseɛ no,” hɔ? Bible no bua sɛ yiw. Sɛ nhwɛso no, ɔsomafo Yohane kae sɛ: “Wiase nyinaa da ɔbɔne no mu.” Ɛnde ɛnyɛ nwonwa sɛ bere a Satan resɔ Yesu ahwɛ wɔ sare no so no, ɔde “wiase ahenni nyinaa” so tumi kyerɛɛ no na ɔkae sɛ: “Wɔde [tumi] ahyɛ me nsa.”—-1 Yohane 5:19; Luka 4:5, 6.
Saa atiri ason no yɛ dɛn ho mfonini? Woyii aboa foforo a ne ho yɛ hu adi kyerɛɛ Yohane a ɔte sɛ nea odii kan huu no yi. Ɔno nso wɔ atiri ason. Wɔkyerɛkyerɛ aboa yi atiri no mu sɛ egyina hɔ ma “ahene baason” anaasɛ wiase tumi a emu “baanum agu, obiako wɔ hɔ, ɔfoforo no nnya mmae ɛ.” (Adiyisɛm 17:9, 10) Wiase tumi ahorow anum betwaam kɔe wɔ Bible abakɔsɛm mu ansa na Yohane reba: Misraim, Asiria, Babilonia, Medo-Persia ne Hela. Bere a na Yohane te ase no na Roma a ɛyɛ nea ɛto so asia no da so ara redi tumi.
Ná dɛn ne ti a ɛto so ason no? Esiane sɛ anisoadehu no yɛ nea ɛfa “Awurade da no” ho nti, ɛsɛ sɛ ɛyɛ nea ɛfa wiase nyinaa tumi a egyina Roma tumi no ananmu wɔ saa nna a edi akyiri a efii ase 1914 mu yi ho. Abakɔsɛm da no adi sɛ eyi yɛ wiase nyinaa tumi a ɛbɔ ho abien a ɛyɛ Britania ne Amerika. Ansa na 1914 reba no, na Britania akyekyere wiase ahemman bi a ebi mmae da. Wɔ afeha a ɛto so 19 no mu no ɔne United States yɛɛ amammui ne aguadi apam a emu yɛ den. Saa aman abien yi boom de biakoyɛ koe wɔ Wiase Ko I ne II mu na wɔn ntam ayɔnkofa no akɔ so abedu nnɛ. Wɔ 1982 mu no, United States ɔmampanyin Reagan kasa kyerɛɛ Britania mmarahyɛ bagua no wɔ “adamfofa a ɛyɛ nwonwa a ɛda yɛn aman abien yi ntam no ho.” Nnansa yi ara, wɔ February 1985 mu no, Britania ɔmam-panyin no kasa kyerɛɛ United States mmarahyɛ bagua akuw abien no sɛ: “Ɛmmra sɛ yɛn aman abien yi bɛkɔ wɔn anim wɔ biakoyɛ ne abusuabɔ mu. . . . atirimpɔw a esi hɔ pintinn mu, gyidi koro mu, . . . bere a yɛbɛn mfe mpem abiɛsa wɔ Kristofo mmere yi mu no.”
Esiane tumi kɛse a Anglo-Amerika wiase tumi a ɛbɔ ho abien no wɔ wɔ wiase nsɛm mu nti, wɔyɛ ne ho mfonini soronko wɔ Adiyisɛm nhoma no mu. Ɔkwan bɛn so? Denam Adiyisɛm no mu aboa a ɔto so abien no so.
Asase So Aboa No
Yohane kyerɛw sɛ: “Na mihuu aboa foforo bi a ofii asase mu bae, na ɔwɔ mmɛn abien sɛ oguammaa, na ɔkasa sɛ ɔtweaseɛ.” Esiane sɛ ɛka sɛ ɛyɛ Kristoni a ɛyɛ n’ade bɔkɔɔ nti, Anglo-Amerika wiase tumi no yɛ ne ho te sɛ oguammaa. Nanso wayɛ n’ade te sɛ ɔtweaseɛ ankasa. Ɔkwan bɛn so? Ɛde- nam aman pii a odi wɔn so tumi ne asase mu nneɛma pa a ofi adifudepɛ mu tu no so. Bio nso, “ɔma asase ne wɔn a wɔtete so kotow aboa a odi kan a wɔasa ne wupira no. Na . . . [ɔka] kyerɛ asase sotefo no sɛ wɔnyɛ ohoni mma aboa a nkrante apira no na ɔte ase bio no.” (Adiyisɛm 13:3, 11-15) Ɔkwan bɛn so na eyi nyaa mmamu?
Satan wiase nyinaa amammui nhyehyɛe no piraa ‘owupira’ wɔ wiase nyinaa ko a edi kan no mu. Sɛnea ɛbɛyɛ a wobesiw eyi ano na amma bio no, Britania ne Amerika maa amammui nhyehyɛe no “som” no kɔɔ so. Wɔyɛɛ eyi denam amanaman no a wɔka kyerɛɛ wɔn sɛ “wɔnyɛ ohoni mma aboa” no so. Ɛyɛɛ dɛn na eyi bae?
Bere a wiase nyinaa ko a edi kan reba n’awiei no, United States ɔmampanyin Wilson fii ɔsatu bi ase a ɛpene Amanaman Apam ho nhyehyɛe foforo no so. Eyi nti, ɔka kyerɛɛ Paris Asomdwoe Nhyiam no baguafo no wɔ 1919 mu sɛ: “United States baguafo no gyina saa nhyehyɛe kɛse yi akyi ma Amanaman Apam no. Yebu eyi sɛ nhyehyɛe no nyinaa ti a ɛda yɛn atirimpɔw adi . . . wɔ ɔko yi mu. . . . Ne tiawa mu no, yɛaba abehyiam wɔ ha sɛnea ɛbɛyɛ a yebeyi nea ɛde ɔko yi bae no afi hɔ.” Bere a Ɔmampanyin Wilson wiee ne kasa no, Britania ɔman no baguafo panyin Lloyd George, ne nea odi ‘hɔ a ɔsɔree, na ɔkae sɛ: “Migyina saa mpaemuka yi akyi. Bere a United States ɔmampanyin no awie ne kasa dɛdɛ no, mete nka sɛ biribiara ho nhia bio ansa na yɛa- kamfo saa mpaemuka yi akyerɛ Baguafo no, na metumi . . . asi so dua sɛ nnipa a wɔwɔ Britania ɔman no mu gyina nhyehyɛe yi akyi.” Wɔ eyi akyi wɔ saa afe no mu wɔ nhyiam bi a wɔyɛe wɔ London a wɔde hyɛɛ Amanaman Apam no mu den ase no, wɔkenkan krataa bi a efi Britania Hene no hɔ a ese: “Yɛadi nkonim wɔ ɔko no mu. Eyi yɛ adwuma kɛse a yɛayɛ. Nanso ɛnnɔɔso. Yɛako sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya asomdwoe a ɛtra hɔ daa, nanso ɛyɛ yɛn asɛyɛde kɛse sɛ yɛbɛfa ɔkwan biara so abɔ eyi ho ban. Sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛyɛ eyi no, biribiara nni hɔ a ɛho behia asen Amanaman Apam a ɛtra hɔ daa. . . Mekamfo saa kwan yi kyerɛ Ɔman yi mufo nyinaa, sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa koma pafo nyinaa nam ne mmoa so bɛhyehyɛ asomdwoe aban denneennen a ɛde ayeyi ma Onyankopɔn. . . . ”
Wɔhyehyɛɛ Amanaman Apam no wɔ January 16, 1920 mu a aman 42 na ɛwom. Bere a eduu 1934 no na emufo no adu aman 58. Asase so aboa a ɔwɔ mmɛn abien no adi nkonim ‘wɔ ohoni a wɔbɛyɛ ama aboa no’ mu. Wɔdaa saa ohoni anaa nea egyina hɔ ma Satan wiase nyinaa amammui nhyehyɛe yi adi denam Adiyisɛm no mu aboa a otwa to no so.
Aboa Kɔkɔɔ No
Ɛha na Yohane kyerɛ sɛnea aboa a otwa to no te: “Akekaboa kɔkɔɔ bi a abususɛm din ahyɛ no ma na ɔwɔ ti ason ne mmɛn du.” Wɔkaa aboa yi ho asɛm kyerɛɛ Yohane sɛ: “Akekaboa a wuhuu no no, na ɔwɔ hɔ nanso onni hɔ, na obefi bun no mu aba, na wabɛsen akɔ ɔsɛe mu. . . . Ɔno ara nso ne nea ɔto so awotwe.”(Adiyisɛm 17:3, 8, 11, NW) Sɛnea wɔakyerɛkyerɛ mu no, Amanaman Apam no bɔɔ mmɔden sɛ ɛbɛyɛ n’ade sɛ wiase nyinaa tumi wɔ wiase no nsɛm mu. Nanso, antumi ansiw Wiase Ko II a efii ase wɔ 1939 mu no ano. Aboa no yerae, ɔkɔɔ ebun no mu.
Wɔ Wiase Ko II no mu no, Anglo-Amerika wiase tumi no yɛɛ adwuma denneennen sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛma amanaman ntam ahyehyɛde yi so agyina hɔ. Wɔ 1941 mu no, Britania ɔmampanyin Winston Churchill ne United States ɔmampanyin Franklin Roosevelt kaa kokoam nsɛm bi wɔ hyɛn bi mu wɔ Atlantik po no so. Wɔyɛɛ nkabom apam bi a ɛkyerɛ “wɔn anidaso wɔ daakye yiyedi ho ma wiase nyinaa” ne “amansan nyinaa dwoodwoo asetra a ɛtra hɔ daa a wɔbɛhyehyɛ ato hɔ.” Wɔ afe a edi hɔ no mu wɔ Washington, D. C. no, aman 26 de wɔn ho hyɛɛ saa Anglo Amerika tirimbɔ a wɔato din sɛ “Amanaman Nkabom Mpaemuka” no ase. Eyi ma wɔde Amanaman Nkabom ahyehyɛde no sii hɔ wɔ October 24, 1945 mu. Aboa kɔkɔɔ no afi adi afi ne bun no mu a okura edin foforo. Aman 159 akɔka ahyehyɛde yi ho a wɔn anidaso ne sɛ wɔbɛma adesamma amammui nniso a ɛwɔ hɔ nnɛ no atra hɔ daa.
Nanso eyinom nyinaa nsusuw Onyankopɔn Mesia Ahenni a wɔde sii hɔ wɔ ɔsoro wɔ 1914 mu no ho. Ɛsɛ sɛ onipa biara a ɔte asase so no paw nea obedi akyi, sɛ́ ɛyɛ Onyankopɔn nniso anaa onipa nniso. Ɛrenkyɛ na aboa” kɔkɔɔ yi ne adesamma nniso horow no nyinaa ne Onyankopɔn Hene, Yesu Kristo, a wɔde no asi ahengua so no ahyia wɔ ɔko bi mu. Dɛn na ebefi mu aba? “Na oguammaa [Yesu Kristo] no bedi wɔn so nkonim,—efisɛ ɔyɛ awuranom mu awurade ne ahene mu hene.” Yiw, aboa kɔkɔɔ so ne adesamma nniso horow no nyinaa ‘bɛkɔ ɔsɛe mu.’—Adiyisɛm 17:11, 14; hwɛ Daniel 2:44 nso.
Hwɛ nhyira kɛse ara a ɛbɛyɛ saa bere no sɛ woamma ɔtweaseɛ no ne ne mmoa abiɛsa no annaadaa wo! Wɔn a wɔda wɔn ho adi sɛ wɔyɛ Onyankopɔn Ahenni no nkoa anokwafo no benya wɔn ti adidi mu na wɔabɛyɛ “asase foforo” no fã. Na Onyankopɔn “bɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne ɛyaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.” (2 Petro 3:13; Adiyisɛm 21:3, 4) Enti brɛ wo ho ase hyɛ Onyankopɔn Ahenni a ɛno nkutoo ne wiase nniso a ebetumi ayɛ adwuma yiye no ase. Bere a woayɛ eyi no, wonso wubenya emu nhyira a enni awiei no bi.
[Ase hɔ asɛm]
a Wɔkaa eyi ho asɛm pii wɔ January 1 ne January 15 Watchtower no mu.