-
Asomdwoe, Ahotɔ, ne ‘Aboa no Honi No’Ɔwɛn-Aban—1986 | February 1
-
-
6. (a) Na aboa no mmɛn no kyerɛ dɛn? (b) Ɔkwan bɛn so na na “wonnyaa ahenni ɛ”?
6 Kae nso sɛ na aboa no wɔ mmɛn du. Ɛdefa eyi ho no, ɔbɔfo no kae sɛ: “Mmɛn du a wuhui no ne ahene du a wonnyaa ahenni ɛ, nanso wɔne aboa no benya ahoɔden sɛ ahene dɔnhwerew biako.” (Adiyisɛm 17:12) Bible mu no, akontaahyɛde a ɛyɛ du no gyina hɔ ma biribi a edi mũ a ɛfa asase so nneɛma ho. Enti, saa mmɛn yi yɛ nniso ahorow a ɛwɔ tumi wɔ wiase nyinaa a egyina aboa no akyi bere tiaa bi (“dɔnhwerew biako”) wɔ “Awurade da no” mu ho sɛnkyerɛnne Nea ɛka ho nso ne wiase tumi a ɛto so ason no ne nnɛyi nniso horow a asɔre afi ‘aboa no ti’ asia no mu no, ɛwom sɛ asia yi nyɛ wiase tumi bio de. Ná saa “ahene” yi nni hɔ wɔ Yohane bere so.a Afei a wɔanya ahoɔden yi, “wɔde wɔn tumi ne wɔn ahoɔden bɛma aboa no.”—Adiyisɛm 17:13.
-
-
Asomdwoe, Ahotɔ, ne ‘Aboa no Honi No’Ɔwɛn-Aban—1986 | February 1
-
-
a Amammuisɛm mu tebea a ɛwɔ hɔ nnɛ no yɛ soronko wɔ Yohane bere so de no ho. Aman a wɔwɔ Amanaman Nkabom no mu no kakraa bi na na wɔwɔ hɔ saa bere no. Enti, ɛyɛ nokware sɛ wɔbɛka sɛ na “wonnyaa ahenni ɛ.” Kakraa bi te sɛ Egypt nka ho. Nanso wɔ nsase yi so mpo no, sɛnea tumidi a na ɛwɔ hɔ no te no asakra wɔ mfehaha no mu araa ma ɔbɔfo no asɛm no da so ara yɛ nokware: Na nniso ahorow a ɛredi tumi wɔ hɔ mprempren no ‘nnyaa ahenni ɛ.’
-