Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w81 7/1 kr. 8-14
  • So Onyankopɔn Aweredi Da No Abɛn?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Onyankopɔn Aweredi Da No Abɛn?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • YIW! YEHU NO PEFEE
  • ONYANKOPƆN AWEREDI​—SO ƐFATA?
  • AWERƐHOW DƆƆSO
  • “AGUAMAN A WAGYE DIN” A YEBEHU NO
  • “ME MAN, MUMFI NO MU”
  • Ɔhene no Ko Wɔ Harmagedon
    “W’Ahenni Mmra”
  • Dɛn Nti Na Ɔdɔ Nyankopɔn Bedi Were?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
  • Onyankopɔn Aweredi Da No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • “Asomdwoe ne Ahotɔ!”​—Afei ‘Mpofirim Ɔsɛe’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1982
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
w81 7/1 kr. 8-14

So Onyankopɔn Aweredi Da No Abɛn?

‘Yehowa wɔ aweredi da.’​—Yes. 34:8.

1. So Luka 21:25, 26 nya ne mmamu nnɛ?

YESU KRISTO ka siei sɛ ‘amanaman ahoyeraw, a wonhu nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ’ esiane nsɛm a emu yɛ den a ɛhaw adesamma nti no bɛhyɛ bere a Onyankopɔn bedi were no nsow. Ɔkae sɛ “ehu ne nneɛma a wɔhwɛ a ɛreba wiase no bɛma nnipa atotɔ beraw.” (Luka 21:25, 26) So yehu saa tebea yi wɔ 1981 mu?

YIW! YEHU NO PEFEE

2. (a) Dɛn na ɛkyerɛ sɛ Adiyisɛm 11:15, 18 fii ase nyaa ne mmamu 1914 mu? (b) Saa nneɛma yi di dɛn anim?

2 Mprempen wiase nsɛm tebea a emu yɛ den no yɛ nea efi ɔhaw ahorow a adɔɔso wɔ adesamma mu fi bere a aman horow de wɔn ho hyɛɛ wiase nyinaa akodi mu nea edi kan wɔ afe 1914 mu no mu aba. Sɛnea nkɔmhyɛ a ɛwɔ Adiyisɛm ti 11 kyerɛ no, saa afe 1914​—bere a ‘amanaman no bo fuwii’​—no nso hyɛɛ bere a ‘wiase ahenni bɛyɛɛ yɛn Awurade [Yehowa] ne ne Kristo no de’ sɛnea ɛfata no agyirae. (Adi. 11:15, 18) Kristo a wɔde no sii ahengua so sɛ onni tumi no yɛ mfitiase adeyɛ a ebue kwan ma aweredi no.

3. Ɛhe na Kristoman asɔre horow no gyina wɔ Onyankopɔn asɛm a ɛfa aweredi ne awerɛkyekye ho no fam?

3 Ɛnnɛ, so obi wɔ hɔ a Onyankopɔn honhom ahyɛ no sɛ ɔmmɔ Yehowa aweredi da no ho dawuru na ɔnkyekye nkɔmmɔdifo werɛ anaa? Yiw, nanso ɛnyɛ Kristoman asɔre horow no. Wonni awerɛkyekye asɛm biara, na wɔmpɛ Yehowa sɛ wɔn Nyankopɔn nso. Ɛnyɛ Yehowa din no nkutoo na wɔmfa nni dwuma, na mmom wɔtaa nokware Kristofo a wɔhyɛ saa din no anuonyam no nso.

4. Dɛn nti na yɛn ani betumi agye?

4 Nanso, Yehowa Adansefo ani gye sɛ wɔde Onyankopɔn din, din a ɛso sen biara wɔ amansan nyinaa mu no, bɛto wɔn ho so! Wɔn ani gye sɛ wɔbɛfrɛ wɔn Yehowa Adansefo. Wɔn ani agye kɛse sɛ, fi bere a wɔde Ahenni no sii hɔ wɔ 1914 afe titiriw no mu no, wɔanya hokwan aka Yehowa “aweredi da” no ho asɛm wɔ asase so nyinaa. Nokwarem no, wɔabɔ wɔn tirim, sɛnea Mika 4:5 ka no, sɛ ‘wɔbɛnantew Yehowa wɔn Nyankopɔn din mu de akosi daa’! Na n’ani gye sɛ nkɔmmɔdifo ɔpepem pii a wɔatie wɔn asɛm no anya awerɛkyekye na wɔabegyina Onyankopɔn ahenni a ɛreba no afã.

ONYANKOPƆN AWEREDI​—SO ƐFATA?

5. (a) Dɛn na “mmere a emu yɛ den” yi yɛ ne fã a etwa to? (b) Wɔ Paul nkɔmhyɛ a ɛfa “nna edi akyiri” no ho no mmamu mu no, tebea horow bɛn na yehu wɔ Kristoman mu nnɛ?

5 Nanso, so nnɛ wiase yi asɛe araa ma ɛfata sɛ ehyia Onyankopɔn abufuhyew? Tie ɔsomafo Paulo nsɛm a efi honhom mu no. Ɔkae sɛ: “Hu eyi sɛ, nna a edi akyiri no mu mmere a emu yɛ den bɛba.” Mmere a emu yɛ den no ne ade a etwa to a ɛbɛba, ade a etwa to a ebefi nokware no a wɔka kyerɛ a nkurɔfo ntie mu aba no. (2 Tim. 2:23-26) Wɔ Kristoman mu mpo no, yehu amumɔyɛ ne basabasayɛ, mmusua asetra a ɛsɛe, obu a enni hɔ mma tumidi ne ɔbrasɛe a ɛkɔ anim kɛse. Nea ɛhyɛ eyi nyinaa akyi ne pɛsɛmenkominya ne adifudepɛ, ɔdɔ ankasa a enni hɔ. Paulo kɔ so sɛ: “Nnipa bɛyɛ ahopɛfo, sikapɛfo, . . . wɔn a wɔmpɛ papa, . . . wɔdɔ anigyede sen Nyankopɔn.” (2 Tim. 3:1-5) Na, so yehu sɛ saa nkɔmhyɛ yi renya mmamu asase nyinaa so nnɛ anaa? Yiw, ɛrenya mmamu wɔ ɔkwan biara so.

6. Tebea bɛn na aba wɔ Mateo 24:12 mmamu mu?

6 Yesu ankasa, bere a ɔrehyɛ nkɔm a ɛfa nea ɛbɛyɛ ‘nneɛma nhyehyɛe yi awiei ho sɛnkyerɛnne’ no ho no, ɔkae sɛ: “Na sɛ amumɔyɛ rebɛdɔɔso nti, wɔn mu dodow no ara dɔ ano bedwudwo.” (Mat. 24:3, 12) Hwɛ sɛnea eyi yɛ nokware wɔ Kristoman mpo fam, ne wiase yi nyinaa fam nnɛ! Buronya bere biara no, wɔka ɔdɔ, asomdwoe ne adwempa ho asɛm pii wɔ Kristoman mu, nanso so aman horow a wɔwɔ Kristoman mu no da su a ɛte saa adi? Asɛm a Britania ɔman soafo panyin kae dapɛn biako ansa na 1979 Buronya reba no fata yiye. Ɔkae sɛ: “Yɛrehyɛn mfe du foforo mu​—mafrɛ no ‘mfe du a emu yɛ hu’​—a ɛda adi sɛ, yɛn ahotɔ ne yɛn asetra ho nsɛm mu bɛyɛ den wɔ mu asen sɛnea na ɛte wɔ 1970 mfe no mu no.”

7, 8. (a) Ɔsɛe tebea bɛn na yɛhu mprempren? (b) Awerɛkyekyesɛm bɛn na Onyankopɔn de ma, na ɔkwan bɛn so na “ɔdɔ” ne “aweredi” wɔ eyi mu?

7 Dɛn na amanaman no reyɛ wɔ nsɛm a emu yɛ den yi ho? Ɛdenam akodi ho ahosiesie kɛse a wɔyɛ so. Susuw ho hwɛ! Saa wiase a enni dɔ yi sɛe bɛyɛ dɔlar ɔpepem biako simma koro biara wɔ akodi ho, bɛboro dɔlar ɔpepepem 500 afe biara! Eyi nyinaa ma asiane a ɛwɔ hɔ a wiase yi ntumi nyɛ ho hwee no mu yɛ den kɛse. Sɛnea asɛm bi a nnuruyɛfo kuw, abɔde ho nyansahufo ne afoforo daa no adi wɔ March 2, 1980, New York Times mu no kyerɛ no, sɛ nuklea akodi bi fi ase ɔkyena a, ebetumi asɛe nkwa a ɛwɔ asase so no fã kɛse no ara​—nnipa ɔpepepem pii​—wɔ dɔnhwerew biako pɛ mu. Nanso amanaman no rebɔ mmɔden sɛ wobenya akode afoforo a ɛyɛ hu mpo sen nea wɔwɔ mprempren no.

8 Na afei, so yɛn Nyankopɔn a ɔwɔ dɔ, asase fɛfɛɛfɛ yi Bɔfo no, bɛma amanaman no kwan ma wɔahyew no dwerɛbee anaa? Dabida! Efisɛ ɔka no pefee wɔ n’Asɛm mu sɛ: “Na sɛ Yehowa a ɔbɔɔ soro no se ni, ɔne Nyankopɔn, nea ɔnwenee asase na ɔyɛe no, ɔno na ɔde sii hɔ, wammɔ no hunu, ɔnwenee sɛ wɔntra so: Mene Yehowa, na obi nni hɔ bio!” Ne din Yehowa a ɛsõ sen din biara no si so dua sɛ ɔno, sɛ Ɔbɔadeɛ a ɔwɔ ɔdɔ ne amansan nyinaa hene no, ɔremma wɔnsɛe asase yi nyinaa. Ɔsoro dɔ hwehwɛ sɛ Onyankopɔn abufuhyew ba wɔn a wogu asase ho fĩ na wɔpɛ sɛ wɔtɔre n’abɔde adesamma ase no so.​—Yes. 45:18; Yer. 10:10-12.

9. Esiane sɛ amanaman no mpɛ sɛ wɔde wɔn akode gu hɔ nti, dɛn na Yehowa abɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ, na dɛn ntia?

9 Efi bere a wiase nyinaa ko a edi kan no bae wɔ 1914 mu no, wɔahwie nnipa ɔpepem a wɔnyɛɛ hwee mogya agu wɔ asase so. Na, Wiase Nyinaa Ko II nkutoo kunkum nnipa ɔpepem 55! Na mprempren nuklea akodi a ebetumi aba no yɛ hu kɛse mpo. Enti, esiane sɛ amanaman no mpɛ sɛ wɔde wɔn akode gu hɔ nti, yɛn Nyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ no da no adi sɛ ɛrenkyɛ obegye wɔn akode afi wɔn nsam, ɔbɛyɛ saa wɔ n’ankasa ne kwan a etu mpɔn na edi mu so. Ose: ‘Mommra mmɛhwɛ Yehowa nnwuma, ɔsɛe ko a wama aba asase so. Ɔma akodi gyae kosi asase ano.” (Dw. 46:9, 10[nky. 8, 9, Twi Bible Foforo]) Yiw, ɛyɛ Yehowa atirimpɔw a ɔdɔ wom sɛ ɔbɛyɛ nea amanaman no renyɛ da no​—sɛ ɔbɛsɛe akode nyinaa, na wasɛe wɔn nuklea bɛmma ahorow no nyinaa mpo. Sɛnea Yehowa ka no: “Me na aweredi wɔ me, me ara metua ka.” (Rom. 12:19; Sef. 3:8, 9) So ɛbɔ a yɛn Nyankopɔn a ɔwɔ da no hyɛ sɛ obedi were no mma yɛn ani nnye anaa? Ɛsɛ sɛ ɛma yɛn ani gye!

AWERƐHOW DƆƆSO

10. Afeha yi mu akodi ahorow no de nneɛma a ɛyɛ ahodwiriw bɛn na aba?

10 Ɔko ahorow a wɔako fi 1914 no aboa ma nneɛma horow a ɛyɛ awerɛhow aba. Eyinom mu bi ne aguamammɔ mmoroso a ɛde babaso a abɛdan ɔyaredɔm ne nyinsɛn a wɔmpɛ aba. Saa nyinsɛn ahorow a wɔmpɛ yi nso de yafunu ahorow a wotu gu aba. Wobu akontaa mprempren sɛ, wɔ wiase nyinaa no, wokum mmofra a wɔnwoo wɔn bɛyɛ ɔpepem 30 kosi 40 afe biara! Ɛno ne nnipa a wodɔɔso sen biara a wɔnyɛɛ hwee a wodi wɔn awu a wiase yi ahu pɛn, na ɛma nnipa dodow a ɛkɔ soro sen biara a wɔakunkum wɔn akodi mu wɔ afe biako mu no yɛ nea esua koraa

11. Ɔkwan bɛn so na ‘nnipa bɔne asisifo rekɔ wɔn anim wɔ bɔne mu’?

11 Afei nso, yɛn bere so no, yɛahu nnubɔne a wode di dwuma, awaregu, asoɔden ne basabasayɛ ahorow nyinaa a akɔ anim kɛse. Ɛnnɛ, mmarima a wɔne wɔn ho da no tumi ka no ahantan so sɛ wɔyɛ ɔpepem 20 wɔ Amerika nkutoo. Nnansa yi, ɔbarima bi a ɔte saa kunkum mmerante 33 a na ɔne wɔn ada, ade a obiara nyɛɛ bi saa da. Nanso, mmarima a wɔne wɔn ho da no yɛ ɔbrasɛe kɛse a ɛrekɔ so wɔ Kristoman mu ne asase so nyinaa no fã biako pɛ. Ɛte sɛ nea Timoteo Nhoma a Ɛto so Abien ti 3 ka wɔ saa “nna a edi akyiri” yi ho no, sɛ “nnipa bɔne . . . bɛkɔ wɔn anim wɔ bɔne mu”​—Nky. 13.

12. Dɛn na ɛwɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ wiase bɔne yi adu n’awiei?

12 Esiane wiase a aporɔw a atwa yɛn ho ahyia no nti, ɛma yɛteɛm sɛ: Hwɛ sɛnea ɛte sɛ Noa bere so! Sɛnea ɛte sɛ Sodom ne Gomora bere so! Hwɛ sɛnea ayɛ sɛ Kanaanfo a na wɔasɛe ne Israelfo atuatewfo no! Bere a mprempren wiase yi de ne ho hyɛ ɔbrasɛe mu kɛse no, wɔkae yɛn kɔkɔbɔ a ɔsomafo Paulo de mae no, sɛ ‘wɔn a wɔyɛ nneɛma a ɛtete sɛɛ yi fata owu.’ (Rom. 1:18, 26-32) Dabi, ɔdɔ Nyankopɔn no remma nsɛmmɔnedi bebrebe a ɛrekɔ so wɔ nneɛma nhyehyɛe yi mu no nkɔ so bio. Mmom no, ɔbɛsɛe wɔn a wɔyɛ afĩde wɔ n’asase yi so no.​—Adi. 11:18.

“AGUAMAN A WAGYE DIN” A YEBEHU NO

13. Dɛn na ‘honhom mu aguamammɔ’ kyerɛ?

13 Nanso, Bible no ka honhom mu aguamammɔ nso ho asɛm. Wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔsom nokware som nanso wɔde wɔn ho hyehyɛ Satan wiase yi nsɛm mu no na wɔyɛ eyi. Bible se: “Awaresɛefo, munnim sɛ wiase adamfofa ne Onyankopɔn tan? Enti obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ wiase adamfo no gyina hɔ sɛ Onyankopɔn tamfo.” (Yak. 4:4) Adamfofa a ɛte saa​—honhom mu aguaman​—a wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔyɛ Onyankopɔn asomfo bɔ no nso yɛ ade foforo a enti ɛsɛ sɛ Yehowa aweredi ba. Dɛn nti na yɛka saa?

14. Kyerɛ “aguaman a wagye din” no ne “nsu pii” a ɔte so no.

14 Ɛyɛ nea wɔaka wɔ Adiyisɛm 17 no nti. Ɛhɔ no yɛkenkan ‘aguaman a ɔte nsu pii so’ ho asɛm. Dɛn na eyi kyerɛ? Wɔada no adi pefee ama yɛn wɔ nkyekyem 15 sɛ “nsu pii’ no kyerɛ “nkurɔfo akuwakuw ne aman ne kasa horow.” Nanso hena ne “aguaman” kɛse yi a odi nkurɔfo so tumi no? The Jerusalem Bible a ɛyɛ Katolek nkyerɛase, ka ne ho asɛm sɛ “aguaman a wagye din.” Dɛn na wayɛ a ama wagye din saa? Adiyisɛm 17:5 ma yehu eyi, sɛ: “Wɔakyerɛw edin bi ne moma so se: Ahintasɛm: Babilon Kɛse no, asase so nguaman ne akyide nã.”

15. Dɛn na ɛbaa Babilon so, nanso dɛn na ogyawee?

15 Enti “aguaman a wagye din” no wɔ din ankasa, “Babilon Kɛse.” Eyi ma ɔne tete abakɔsɛm mu Babilon a na ɛwɔ hɔ wɔ ɔhene Nebukadnesar bere so, a abakɔsɛm da no adi sɛ na agye din wɔ nguaman som ne ahohwibɔ mu no nya nkitahodi. (Dan. 4:28-30) Ɛnnɛ, Nebukadnesar bere so Babilon nni hɔ bio. Faako a na ɛwɔ hɔ wɔ nnɛyi Iraq no yɛ amamfo “te sɛ bere a Onyankopɔn sɛee Sodom ne Gomora no.”(Yes. 13:19-22) Nanso, tete Babilon gyaw biribi maa adesamma. Na ɛyɛ dɛn? N’ahonisom no​—ne nyamesom no!

16 (a) Ɛyɛɛ dɛn na atorosom wiase ahemman no bae? (b) Atemmu bɛn na Onyankopɔn de ba Babilon Kɛse no so, na dɛn ntia?

16 Efi teteete wɔ nsuyiri no akyi no, atorosom bɛbataa Babilon ho. Ɛhɔ na wɔ Yehowa anim atuatew mu no, nnipa kyekyee kurow na wɔtoo nyamesom aban tenten bi a n’atifi kɔ soro. Na bere a Yehowa yɛɛ wɔn kasa basabasa no, Babilon na wofi petẽe asase nyinaa ani, na wɔde wɔn atoro nyamesom no kɔe. Afeha a ɛto so anan no mu no, Kristofo a wɔawae afi gyidi no ho no de Babilon nkyerɛkyerɛ ne wɔn som mu nneyɛe horow bɛhyɛɛ nyamesom nhyehyɛe horow a ɛwɔ hɔ de besi nnɛ wɔ Katolek ne Protestant akuw ahorow mu no mu. Enti atoro som wiase ahemman bi aba, “Babilon Kɛse,” anyamesom akuw a wɔfrɛ wɔn ho “Kristofo” ne wɔn a wɔnyɛ Kristofo nyinaa ka ho. “Babilon Kɛse” no anya ɔtaa, basabasayɛ ne abakɔsɛm mu wiase akodi ahorow mu kyɛfa araa ma Onyankopɔn de atemmu ba no so, sɛ: “Ɛno mu na wohuu adiyifo ne ahotefo ne wɔn a wɔakum wɔn asase so nyinaa no mogya.”​—Adi. 17:5, 6; 18:24; Gen. 10:8-10; 11:1-9.

17. Dɛn ne “aboa kɔkɔɔ” no, na ɔkwan bɛn so na ama nkɔmhyɛ anya mmamu?

17 Aguamammɔ kwan so ‘adamfofa a Babilon Kɛse ne wiase yi wɔ’ no kɔ akyiri sen saa mpo. Nea ɛka ho ne abusuabɔ a ɔne sɛnkyerɛnne kwan so “aboa” no wɔ no. Efisɛ wɔka ne ho asɛm wo Adiyisɛm 17:3 sɛ “ɔte aboa kɔkɔɔ a abususɛm din ahyɛ no ma” nso so. Bible mu no, wɔtaa de “mmoa” di dwuma de gyina ho ma amammui aman horow. (Dan. 7:2-8; 8:5-8, 20, 21; Adi. 13:1-18) Nanso ɛha no nkɔmhyɛ no ka “aboa” a ɔwɔ “ti ason ne mmɛn du” ho asɛm. Nnɛyi abakɔsɛm da no adi sɛ “aboa” yi dii kan puei wɔ 1920 mu. Na ɛyɛ aman ahorow a wɔaka abom​—Amanaman Apam no. Ɛkɔɔ fam bere tiaa bi a na enni dwuma wɔ Wiase Nyinaa Ko II mu. Nanso​—wɔ nkɔmhyɛ mmamu mu no​—ɛsan puei bio sɛ Amanaman Nkabom wɔ 1945 mu. Ɛno akyi bere tiaa mu no, “ɛkɔ ɔsɛe mu.”​—Adi. 17:8-11.

18. Babilon Kɛse no anyamesom ne amammui fekubɔ no bɛba awiei dɛn?

18 Atoro som, “Babilon Kɛse no,” abɔ mmɔden sɛ ɛbɛkyerɛ Amanaman Apam ne Amanaman Nkabom no kwan. Nanso Onyankopɔn asɛm da no adi sɛ ɛrenkyɛ na nyamesom ne amammui kwan so nkitahodi a paapanom ne nyamesom mpanyimfo afoforo de wɔn ho hyɛ mu yi nyinaa aba awiei. Bere a “aguaman a wagye din” yi susuw sɛ ɔte hɔ fɛfɛɛfɛ ma ne ho atɔ no no, Onyankopɔn bɛma Amanaman Nkabom “aboa” no sɛnkyerɛnne kwan so “mmɛn du” no adan wɔn akodi tumi no aba no so. Wɔbɛtow no akyene afi wɔn akyi, ayɛ no pasaa, na wasɛe no koraa, te sɛ nea wɔde ogya ahyew no.​—Adi. 17:16, 17.

“ME MAN, MUMFI NO MU”

19. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn da ne dɔ adi nnɛ kyerɛ nnipa anokwafo a wɔpɛ nyamesom nyinaa?

19 Bere a saa atemmu bere no rebɛn no, ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn reda ne dɔ adi? Wɔ saa kwan yi so: Onyankopɔn ka asɛm a wɔakyerɛw no Adiyisɛm 18:4, 5 a ɛho hia no kyerɛ Katolekfo, Protestantfo, Budhafo, Hindufo anokwafo nyinaa​—nnipa a wɔwɔ atoro som mu a wɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa​—sɛ: “Me man, mumfi [Babilon Kɛse] no mu, na moamfra ne nnebɔne, na moannya ne haw no bi; efisɛ ne nnebɔne atoatoa abedu soro, na Onyankopɔn akae n’amumɔyɛ.”

20. Dɛn nti na bere adu sɛ wɔtwe wɔn ho fi Babilon Kɛse no ho?

20 Ankyinnye biara nni ho, bere a Onyankopɔn bedi n’atemmu ho dwuma no abɛn! Aman a wɔmpɛ nyamesom biara no anya tumi kɛse dedaw wɔ Amanaman Nkabom no mu. Aman a wohia petrol a wɔpɛ akodi no ani rebere Islam wiase no ne aman a bere bi a atwam no na wobu wɔn sɛ atitiriw wɔ Kristoman som mu no so. Ɛno nti na bere adu sɛ wɔn a wɔdɔ nokware ne trenee nyinaa twe wɔn ho fi “aguaman a wagye din” no ho, yiw, na woguan kɔ Onyankopɔn ahenni no afã no.

21. Dɛn ne Harmagedon, na bere bɛn na amanaman no behu wɔn ho wɔ hɔ

21 Dɛn na ebedi “Babilon Kɛse,” atoro som wiase ahemman, no sɛe no akyi aba? Kyerɛwnsɛm no kyerɛ sɛ “aboa” no “mmɛn du” no bɛdan akɔ nokware som, a Yehowa Adansefo kura mu wɔ asase so no so. Na sɛ eyi ba a, saa aman no behu sɛ wɔreko atia Onyankopɔn wɔ Harmagedon! Na Harmagedon nyɛ Palestina asase no fã ketewaa bi. Mmom no, Harmagedon yɛ wiase tebea a ɛma aweredi ho hia wɔ “Onyankopɔn, Ade Nyinaa so Tumfoɔ no, da kɛse no mu ko,” ɔko a ɛso sen biara a aba pɛn, mu no!​—Adi. 16:14, 16; 17:12-14.

22. Ɔkwan bɛn so na Kyerɛwnsɛm no da Harmagedon adi sɛ ɛyɛ ɔko a ɛteɛ?

22 Bible se Onyankopɔn de Kristo Yesu ne ne soro dɔm no ‘bu atɛn na odi ako trenee mu.’ Yiw, Harmagedon bɛyɛ ɔko a ɛteɛ. Nea ɛteɛ? Ɔkwan bɛn so? Efisɛ ɛde aweredi a ɛfata bɛba amanaman ne nnipa a wɔwɔ asase so a wɔapaw sɛ wɔrenhu Onyankopɔn na wɔsɔre tia ne tumidi no so. Ɛrensɛe nnipa nyinaa. Paulo se ɛbɛsɛe abɔnefo, nanso, ɛde nkwagye bɛbrɛ wɔn a ‘wotie yɛn Awurade Yesu Kristo asɛmpa no’ nyinaa. Enti, Harmagedon bɛma Onyankopɔn aweredi ne Onyankopɔn dɔ no akari pɛ.​—2 Tes. 1:8; Dw. 145:20; Adi. 19:11-21.

23. (a) Yehowa yɛ Onyankopɔn bɛn, sɛnea Dwom 145:17-21 kyerɛ no? (b) Ɛnde, dɛn nti na ‘ɔdɔ Nyankopɔn’ yi de aweredi ba? (d) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ aweredi da a ɛreba no ho?

23 Ɛnde, so yentumi nhu nea enti a ɛsɛ sɛ ‘ɔdɔ Nyankopɔn’ no yɛ aweredi Nyankopɔn anaa? Nea enti a ɛte saa ne sɛ ɔdɔ trenee na okyi bɔne, na saa ara na ɛsɛ sɛ yɛyɛ. (Dw. 145:17-21) Hwɛ hia a ɛho hia sɛ wɔsan Yehowa din kɛse ne n’atirimpɔw ahorow no ho! Hwɛ hia ara a ɛho hia sɛ wɔpopa mogya ho asodi, ɔporɔw ne ahohwibɔ a asɛe Onyankopɔn adebɔ fɛfɛ yi mfe mpempem a atwam no mu no fi hɔ! Eyi a wɔbɛyɛ no nkutoo na ɛbɛma asase yi adan paradise a Onyankopɔn bɔɔ ne tirim wɔ ho maa adesamma no. Enti, nea edi kan no, ɛsɛ sɛ ‘ɔdɔ Nyankopɔn’ a obiara ne no nsɛ no bue kwan no denam aweredi a ɔde bɛba n’atamfo so no so. So ɛnyɛ yɛn anigye sɛ saa aweredi da yi abɛn mprempren anaa? Ɛnde, momma yɛnka wɔn a wogye ɔfrɛ a Yehowa fi ɔdɔ mu de ma no tom no ho: “Amanaman, mommɔ me man anigyese! . . . na ɔde aweredi betua n’atamfo ka.”​—Deut. 32:43.

[Kratafa 10 adaka]

SƐNEA NNEƐMA TE WƆ WIASE

“DE KƆ AKODI MU: WIASE. Sika a wɔsɛe no wɔ akode ho no da so kɔ soro kɛse . . . mprempren . . . ɛyɛ nea na wɔde di dwuma mfe du a atwam ni no mmɔho. . . . Sika a wiase yi sɛee no wɔ ɔsraani biako ho wɔ 1966 mu no yɛ nea wɔsɛee no wɔ abofra biara a ɔkɔ sukuu ho no mmɔho 60.”​—“To the Point,” November 3, 1978

“. . . FRANSE HU ƆSƐE A ƐREBA. Ɔhaw a yebehyia daakye ne ɛho hũ no nyɛ agodi. Nnipa bi adu baabi a wɔka asetra mu ahokyere kɛse anaasɛ ɔko anaasɛ n’abien nyinaa a ɛbɛba ho asɛm, na ɛkame ayɛ sɛ wɔn nyinaa gye tom sɛ hwee nni hɔ a wobetumi ayɛ wɔ ho na mmom wɔhwɛ ɔsɛe a ɛbɛba no kwan ara.”​—New York “Times,” November 17, 1979

“ATƆEFAM GERMANFO SURO HARMAGEDON. Ɔko ho hũ asan rehaw Atɔefam Germany bio bere a amanaman ntam tebea no reyɛ adu baabi a wɔyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye no. . . . Nnansa yi nhwehwɛmu bi a wɔyɛe no kyerɛ sɛ, ɛkame ayɛ sɛ nnipa ɔha biara mu aduosia gye di sɛ ɔko betumi afi ase bere biara, anaasɛ anyɛ yiye koraa no wɔ mfe abiɛsa a ɛreba no mu.”​—“The Times,” London, April 23, 1980

“Wiase yi sɛe bɛboro dɔlar ɔpepepem 500 afe biara wɔ akodi nneɛma ho, anaasɛ bɛyɛ dɔlar ɔpepem biako simma biara. Te sɛ nea sika bebrebe yi nnɔɔso no, ɛrenkyɛ sika a wɔsɛe no wɔ sraadi ho no bɛkɔ anim kɛse bio.”​—World Press Review,” August, 1980

[Kratafa 13 adaka]

ABA A “NNA A EDI AKYIRI” YI SOW

“Los Angeles Polisifo Dwumadibea bɔ amanneɛ sɛ mmofra 25,000 a wɔadi mfe 17 anaasɛ wonnuu saa wɔ saa kurow no mu nkutoo no abɛyɛ mmerantewa a wɔde wɔn ho ma mmarima afoforo ma wɔne wɔn da gye sika. Wɔkaa abofra bi a afei na wadi mfe 12 pɛ ho asɛm sɛ nea ɔnam eyi so nya dɔlar 1,000 da koro.”​—Indianapolis Sunday Star,” June 17, 1979

“Wɔkyekyeree tuutuufo bɛyɛ 1,000 wɔ Denver afe a etwaam no mu, na na wɔn mu 400 yɛ mmarima. Ebia dodow no bɛkɔ anim mpo asen eyi afe yi, na nea edi kan no ebia mmarima tuutuufo a wɔbɛkyere wɔn no bɛdɔɔso asen mmea.”​—“Rocky Mountain News,” July 8, 1979

“United Methodist asɔre no bagua kunini no akyerɛ sɛ obi a wonim no sɛ ɔyɛ ɔbarima a ɔne mmarima da no . . . betumi akɔ so ayɛ Washington Square Church a ɛwɔ New York Kurom no mu sɔfo.”​—The New York “Times,” November 3, 1979

[Kratafa 13 adaka]

AMANAMAN NKABOM NO ANAASƐ ONYANKOPƆN AHENNI​—NEA ƐWƆ HE?

Nyamesom bɔ mmɔden sɛ ɛbɛtra Amanaman Nkabom no so na adi ne nhyehyɛe so. Ebi a wɔyɛe nnansa yi ne Pope John Paul II a okogyinaa Amanaman Nkabom Bagua Kɛse no anim October 2, 1979 wɔ osebɔ kɛse mu no. Paapa no kae sɛ: “Ade a enti mabegyina ha nnɛ no ne nkitahodi hama titiriw a ɛka Asɔre no ne Amanaman Nkabom Ahyehyɛde no bom no. . . . Mewɔ anidaso sɛ Amanaman Nkabom no bɛkɔ so ayɛ ahyehyɛde titiriw a edi asomdwoe ne atɛntrenee ho dwuma, nokware ahyehyɛde a ɛde ahofadi brɛ aman ne nnipa nkorɛnkorɛ wɔ daakye a eye a wɔhwehwɛ no mu.” Nanso Paapa no anhu sɛ ɛfata mpo sɛ ɔbɔ Onyankopɔn nhyehyɛe a ɔnam so de asomdwoe, atɛntrenee ne ahofadi bɛba no din​—Ahenni a Yesu bɔɔ n’agya mpae wɔ ho sɛ: “W’ahenni mmra; nea wopɛ nyɛ asase so, sɛnea ɛyɛ ɔsoro” no. (Mat. 6:10; Adi. 11:15) Aman a wɔwɔ tumi na wɔmpɛ nyamesom a wɔwɔ Amanaman Nkabom no mu no ma “atoro som wiase ahemman” no daakye yɛ hũ yiye.​—Adi. 17:16, 17.

[Kratafa 11 mfoni]

Sɛnea ɛbɛyɛ na Nhyehyɛe Foforo no anya kwan aba no, ɛsɛ sɛ woyi dedaw no fi hɔ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena