Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Sɛn Na Atoro Som Agu Onyankopɔn Din Ho Fĩ?
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
    • 6. Onyankopɔn pɛ sɛ ɔboa nnipa ma wɔtwe wɔn ho fi atoro som ho

      Kenkan Adiyisɛm 18:4.a Muwie a munsusuw asɛmmisa yi ho:

      • Sɛ wohwɛ sɛnea Onyankopɔn pɛ sɛ ogye nnipa fi atoro som mu no a, ɛma wote nka sɛn?

  • Kɔ So Di Yehowa Nokware
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
    • Sɛ yɛdɔ Yehowa a, yɛbɛtwe yɛn ho afi atoro som ho koraa. Enti ɛsɛ sɛ yɛhwɛ sɛ, adwuma a yɛyɛ ne atoro som nni hwee yɛ. Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ yɛkɔdɔm kuw bi anaa yɛyɛ biribi foforo biara a ɛne atoro som wɔ biribi yɛ. Yehowa bɔ yɛn kɔkɔ sɛ: “Mumfi [Babilon Kɛse] no mu, me man.”—Adiyisɛm 18:2, 4.

      SUA PII KA HO

  • Kɔ So Di Yehowa Nokware
    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma a Yɛde Bɔ Bible Mu Nkɔmmɔ
    • Hwɛ VIDEO yi.

      VIDEO: Twe Wo Ho Fi Babilon Kɛse No Ho! (5:06)

      Video a yɛato din ‘Twe Wo Ho Fi Babilon Kɛse No Ho!’ no mu mfoni bi. Bible suani bi agyae adwuma a na ɔyɛ wɔ asɔre bi mu, na ɔsɔfo no gyina hɔ rehwɛ no.

      Monkenkan Luka 4:8 ne Adiyisɛm 18:4, 5. Afei bisa wo ho sɛ:

      • Asɔre anaa ɔsom a na mewom no, makotwa me din afi mu anaa?

      • Medɔm kuw bi a ɛne ɔsom anaa asɔre bi wɔ biribi yɛ anaa?

      • Adwuma a meyɛ no, ɛboa ɔsom anaa asɔre bi wɔ ɔkwan bi so?

      • Mehwɛ m’abrabɔ mu a, metumi aka paa sɛ matwe me ho koraa afi atoro som ho, anaa meda so ara yɛ biribi a ɛkyerɛ sɛ mentwee me ho mfii atoro som ho?

      • Sɛ meda so ara ne atoro som wɔ biribi yɛ a, nsakrae bɛn na ɛsɛ sɛ meyɛ?

      Gyinae biara a wubesi no, ma ɛnna adi sɛ wudi Yehowa nokware. Afei hwɛ sɛ, gyinae biara a wubesi no, ɛremma wo tiboa mmu wo fɔ.

      Onuawa bi ne ne babarima akodi gua a wɔrekɔ fie. Wɔahu sɛ maame bi gyina hɔ a ɔregyigye sika de akɔboa asɔre a ɔwom no.

      Sɛ asɔre bi regyigye sika akɔyɛ nkurɔfo adɔe na wɔba wo nkyɛn a, dɛn na wobɛyɛ?

      EBINOM KA SƐ: “Ɛsɛ sɛ mihu nea awaefo ka fa Yehowa Adansefo ho, na matumi abɔ nsɛm a wɔka no agu.”

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena