Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w81 3/1 kr. 16-18
  • Onyankopɔn Mfirihyia Apem Ahenni Abɛn

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Onyankopɔn Mfirihyia Apem Ahenni Abɛn
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
  • Nsɛmti Nketewa
  • “MFIRIHYIA APEM” ANKASA
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
w81 3/1 kr. 16-18

Onyankopɔn Mfirihyia Apem Ahenni Abɛn

32. Kristofo a wonya owusɔre bɛn nkutoo na wonni “owuprenu” no “tumi” ase anaasɛ entumi nyɛ wɔn hwee?

32 Esiane eyi nti, “owusɔre a edi kan” no nyɛ sɛnkyerɛnne kwan so owusɔre a edi nsu mu asubɔ akyi a enti “owuprenu” no betumi aba nea wabɔ asu no so, na ɛwɔ ne so “tumi” no. Ɛyɛ owusɔre ankasa a, efi ɔdamoa mu ba nkwa mu sɛ Onyankopɔn honhom mu ba wɔ ɔsoro a aniwa nhu hɔ, faako a Yesu foro kɔe no. Yesu bɔhyɛ no fa eyinom ho: “Di nokware kodu wu mu, na mɛma wo nkwa abotiri. Nea ɔwɔ aso no ntie nea Honhom no ka kyerɛ asafo no: Nea odi nkonim no, owuprenu no renka no.” (Adi. 2:10, 11) “Owuprenu” no remma wɔn a wonya afa wɔ “owusɔre a edi kan” no mu no so, na wonni ne tumi ase efisɛ saa owusɔre yi mu no na wɔama wɔn nkwa a owu nni mu.​—1 Kor. 15:53, 54.

33. Akwan ahorow abien bɛn so na wobetumi afrɛ no “owusɔre a edi kan”?

33 Afei de yetumi hu nea enti a wɔfrɛ eyi “owusɔre a edi kan.” Nea enti a ɛte saa ne sɛ ɛyɛ owusɔre koro no ara a Yesu Kristo nyae ne wu akyi nnansa, owusɔre a ɛkɔ nkwa a edi mu mu, ma enti Yesu Kristo a wɔanyan no no bɛyɛɛ “awufo mu abakan” no bi. (Adi. 1:5; Kol. 1:18) Edi “awufo nkae” a “wɔba nkwa mu” no anim. Ɛnyɛ sɛ edi kan wɔ bere mu nko, na mmom “edi kan” efisɛ ɛno ne owusɔre a eye sen biara a awufo betumi anya. Ɛyɛ owusɔre a ɛde kɔ tebea a ɔporɔw nni mu mu, nkwa a owu nni mu mu sɛ́ Onyankopɔn honhom mu ba wɔ Onyankopɔn soro hɔ ankasa.

34. Ɔkwan bɛn so na wɔn a wonya afa wɔ “owusɔre a edi kan” no mu no yɛ kronkron?

34 Ɛnde, wobetumi aka ampa sɛ: “Nhyira ne kronkron ne nea onya afa ɔsɔre a edi kan no mu.” (Adi. 20:6) Wɔyɛ “kronkron” ampa efisɛ bɔne a ebetumi ama wɔafata “owuprenu” biara ntumi mma wɔ wɔn fam. Afei nso, ɛdenam saa owusɔre yi so no wonya hokwan bɛyɛ “Onyankopɔn ne Kristo asɔfo” wɔ soro na wɔne no di ahene “mfirihyia apem.” Satan ɔbonsam renyɛ wiase sodifo saa bere no.

“MFIRIHYIA APEM” ANKASA

35, 36. (a) Efi bere a wɔbɔɔ asu no, so Kristofo ahu Satan nkɛntɛnso a wɔabrɛ so ase esiane “tumi a ɛwɔ Kristo ogye no mu” nti no anaa? (b) Dɛn na Petro ne Paulo afotu ahorow no da no adi sɛ ɛbɛyɛ?

35 Enti Satan Ɔbonsam ne n’adaemone abɔfo a wɔkyekyere wɔn na wɔtow wɔn gu bun no mu no nkyerɛ nea New Catholic Encyclopedia no ka, a ɛne, Satan nkɛntɛnso a wɔbɛbrɛ no ase kɛse wɔ mprempren nneɛma nhyehyɛe yi mu no, saa brɛ a wɔbrɛ Satan nkɛntɛnso ase a ɛnam “tumi a ɛwɔ Kristo Ogye no mu” no so no. Ɛda adi sɛ nokware Kristofo a wɔwɔ asase so nhuu saa Satan nkɛntɛnso a wɔabrɛ no ase titiriw biara fi bere a wɔbɔɔ wɔn asu no. Mmom no, ɔrebɛn n’asase so asetra awiei no, ɔsomafo Petro huu hia a na ɛho hia sɛ ɔkyerɛw kɔkɔbɔ yi kɔma Kristofo no: “Mo ani nna hɔ, monwɛn, efisɛ mo tamfo bonsam no nam sɛ gyata a ɔbobom hwehwɛ nea obenya no amene.” (1 Pet. 5:8) Ade koro no ara nti ɔsomafo Paulo de afotu yi maa wɔn:

36 “Monhyɛ Onyankopɔn akode nyinaa, na moatumi agyina ne ɔbonsam nnɛɛdɛe adi asi, efisɛ ɛnyɛ yɛne mogya ne honam na anya, na mmom yɛne mpanyinni ne tumidi ne wiase yi sum mu atumfo ne ahonhommɔne a ɛwɔ ɔsoro hɔnom. Eyi nti momfa Onyankopɔn akode no nyinaa, na moatumi dɔm ano agyina, ɛda bɔne no mu, na, moyɛ ade nyinaa wie a, moagyina hɔ.”​—Efe. 6:11-13.

37. Sɛ ebia wɔakyekyere Satan sɛnkyerɛnne kwan so fi Kristo ogye dwumadi no so no, dɛn na Adiyisɛm 12:1-17 da no adi?

37 “Bio nso, wɔ Adiyisɛm 12:1-17 no, ɔsomafo Yohane ka Onyankopɔn Mesia ahenni no awo ne “ɔtweaseɛ kɛse no, ɔwɔ dedaw no a wɔfrɛ no ɔbonsam ne Satan,” no dwumadi ahorow ho asɛm sɛnkyerɛnne kwan so, bere a wɔtoo no kyenee yɛn asase so akyi no. Enti, sɛ́ kɔkɔbɔ titiriw ma afeha a ɛto so aduonu yi mu Kristofo, bere a eyinom sisi no, Yohane de ka ho sɛ: “Na ɔtweaseɛ no bo fuw ɔbea no, na okotuu n’asefo nkae a wodi Nyankopɔn ahyɛde so na wokura Yesu Kristo adanse no so sa.” (Adi.12:17) So eyinom nyinaa kyerɛ tumi ne nkɛntɛnso a Satan wɔ wɔ Kristofo so bere a wɔabɔ wɔn asu akyi no a wɔabrɛ no ase? So eyi yɛ Satan a wɔakyekyere no?

38. Wɔkyekyere Satan tow no kyene bun mu sɛnea ɛbɛyɛ a ɔnkɔ so nnaadaa henanom?

38 Nanso, ɛdenam nea ɔsomafo Yohane ka no so no, dɛn nti na wɔkyere Satan Ɔbonsam, kyekyere no na wɔtow no kyene bun no mu? Sɛnea ɛbɛyɛ “na wankɔdaadaa amanaman bio kosi sɛ mfirihyia apem no bewie du ansa.” (Adi. 20:1-3) Ɛdenam asɛmfua “amanaman” a ɔde dii dwuma no so no na Yohane nkyerɛ wɔn a wɔabɔ asu, Ahenni adedifo, 144,000 a wɔasra wɔn no, na mmom na ɔkyerɛ nnipa a wɔnyɛ Awurade Yesu Kristo nokware asuafo anaasɛ n’akyidifo. Bere a wotu Ɔbonsam fi soro no wɔka ne ho asɛm sɛ “Satan, nea ɔdaadaa amanaman nyinaa no.” (Adi. 12:9) Anokwafo 144,000 Ahenni adedifo no nka asase so “amanaman” a wɔdaadaa wɔn no ho. Enti, ɛnyɛ 144,000 a wonya kyɛfa wɔ “owusɔre a edi kan” no mu no, na mmom “amanaman” no a wɔbɛkɔ so adaadaa wɔn no na wɔbɛma agyae denam Satan ɔbonsam ne n’adaemone abɔfo a wɔkyekyere wɔn na wɔtow wɔn gu bun no mu no so.

39. Efi Pentekoste 33 Y.B. no, so amanaman a Satan daadaa wɔn no so atew, na dɛn na Adiyisɛm 12:12 ka sie?

39 Ɛnde, so amanaman a Satan Ɔbonsam daadaa wɔn no ano abrɛ ase, aba fam, wɔ bɛboro mfirihyia apem ahankron fi bere a wɔde Onyankopɔn honhom kronkron bɔɔ Kristofo asafo no asu Adapɛn Afahyɛ da no wɔ Yerusalem afe 33 Y.B. mu yi mu anaa? Wɔ asemmisa yi ho no, hena na n’ani afura na onnim nnipa abakɔsɛm a obebua sɛ Yiw? Nea ɛne eyi bɔ abira no ayɛ nokware. Ɛnnɛ, bere a nkɔanim kɛse aba wɔ adesamma nyansahu mu no, wɔredaadaa wiase “amanaman” no akosi baabi a wonhuu bi da, na nea ebefi mu aba no yɛ hu yiye. Dɛn ntia? Efisɛ amanaman nyinaa nnaadaa a Satan ne n’adaemone no de ba yi kyerɛ amanaman a wɔadaadaa wɔn yi nyinaa sɛe wɔ daakye a abɛn no mu. Nyansa wom sɛ “nne kɛse a efi soro” no kae bere a wotuu Satan ɔbonsam no sɛ: “Asase ne ɛpo nnue, efisɛ ɔbonsam asian aba mo nkyɛn, na wafa abufuw kɛse, efisɛ onim sɛ ne bere a ɔwɔ yɛ tiaa.”​—Adi. 12:10-12.

40, 41 (a) Ɛdefa mfirihyia apem a wɔkyekyere Satan ho no, asɛm a nyamesomfo ka bɛn na ada adi sɛ ɛyɛ atoro? (b) Dɛn na adesamma hwehwɛ sɛ ɛba wɔ ɔkwan a ani tua so, na hefo na wɔrenya Kristo mfirihyia apem ahenni no mu anidaso?

40 Enti ada adi sɛ akyinnye yi a Kristoman mu nyamesomfo gye sɛ “mfirihyia apem” a wɔtow Satan ɔbonsam kyene bun no mu no nkyerɛ mfirihyia apem ankasa, na mmom ɛfa ‘Asɔre no asetra bere nyinaa” wɔ asase so ho (bɛboro mfirihyia 1,900 a atwam) no yɛ atoro!

41 Sɛnea Bible mmerebu kyerɛ no, mfirihyia apem a ɛto so mpemnson a adesamma de bɛtra asase so no mfiase abɛn, wɔ awo ntoatoaso yi mu. Mprempren, Satan ɔbonsam a wɔbɛkyekyere no na wɔatow no akyene bun no mu wɔ ɔkwan a ani tua so no ho hia asase sotefo sen bere biara a atwam. Aka kakra na wiase nsɛm a ebedi eyi anim aba prɛko pɛ no aba, na wɔbɛsɔ adesamma tamfo ne nhyɛsofo kɛse no ano wɔ bun no mu mfirihyia apem. Kristo ne n’asafo a wɔanyan wɔn no mfirihyia apem ahenni nniso a asomdwoe ne nhyira wom ma adesamma abusua no ne emu nneɛma pa no nyinaa da yɛn anim! Nnipa a wogye Bible di a, wɔahyira wɔn ho so “nnipakuw kɛse” a wɔde wɔn werɛ rehyɛ Kristo mfirihyia apem ahenni no mu mprempren no wɔ ɔsoro anidaso sɛ wobegye wɔn afi owu mu na wɔahyɛn bere a nhyira wom sen biara wɔ adesamma abakɔsɛm mu no mu. Nhyira bɛn na wobenya sɛɛ yi!

42. Ɛdefa su a “nnipakuw kɛse” no wɔ wɔ wɔn mfirihyia apem no ho no, nsemmisa bɛn na ɛsɔre, na enti dɛn na bere adu sɛ yesusuw ho?

42 So ɛrenyɛ mfonoe mma “nnipakuw kɛse” no sɛ sodifo koro no ara bedi wɔn so mfirihyia apem? Ansa na saa bere no bɛba n’awiei no, so wɔrempɛ sɛ wɔbɛsakra nniso na wɔahwehwɛ sɛ wɔpaw sodifo ahorow foforo anaa? Anaa so wɔrensua sɛ wɔbɛdɔ ɔsoro asɔfo ne ahene a wodi wɔn so yi pii na wɔnna ho ase sɛ wobenya wɔn ma wɔakura dibea no mu ma Onyankopɔn bere a wɔahyɛ no nyinaa? Eyinom yɛ nsemmisa a anibere wom, efisɛ mfirihyia apem ahenni yi mu no “nnipakuw kɛse” yi benya hokwan atra ase bere tenten a saa ɔsoro nniso no kɔ so tra hɔ​—mfirihyia apem, na ɛno akyi atra hɔ mmere a enni awiei. Bere a yesusuw nsemmisa yinom ho no, ɛbɛyɛ bere a ɛfata ma yɛn sɛ yɛhwehwɛ ahene ne asɔfo ko a wɔbɛwo ho ne sɛnea wɔn dwumadi ahorow bɛsom bo ama adesamma nyinaa, ateasefo ne awufo a wonya nkwa no. (2 Tim. 4:1) Eyi ma ɛho hia sɛ yɛhwehwɛ wɔn kan asetra mu ne nea Ɔsorosoroni Nyankopɔn no ahwehwɛ afi wɔn hɔ sɛnea ɛbɛyɛ na wabu wɔn sɛ wɔfata sɛ wɔsom sɛ mfirihyia apem ahene ne asɔfo no mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena