Ɔsom Biako na Ɛbɛka
SƐ WƆKA nnipa a wɔwɔ asase so nyinaa bom wɔ ɔsom biako mu, wɔ ɔsom kronn a wɔde ma nokware Nyankopɔn koro no mu a, susuw nea anka ɛno bɛyɛ ho hwɛ. Hwɛ sɛnea anka ɛno bɛyɛ ade a ɛde biakoyɛ ba! Anka ɔsom mu nitan, ntawntawdi, anaa akodi befi hɔ. So eyi yɛ adaeso ara kwa? Dabi. Ɔsɛe a ɛbɛba aguaman no, wiase atoro som ahemman no so no a ɔsomafo Yohane hui wɔ anisoadehu mu no kyerɛ sɛ wɔ ne sɛe akyi no, ɔsom biako na ɛbɛka. Nea ɛwɔ he?
Ɛnne a Yohane te fii soro no boa yɛn ma yehu: “Na metee nne foforo fii ɔsoro sɛ: Me man, mumfi no mu, na moanyɛ ne nnebɔne no bi, na moannya ne haw no bi.” (Adiyisɛm 18:4) Ɛda adi wɔ ha sɛ Onyankopɔn ankasa na ɔrekasa akyerɛ ne man. Hyɛ no nsow sɛ ɔnhyɛ ne man sɛ wɔne aguaman no nni afra wɔ asɔre nkabom mu na aboa no ma wayɛ nsakrae abɔ ɔbra pa. Dabi, biribiara nni hɔ a wobetumi ayɛ de agye no. Enti, ɔhyɛ wɔn sɛ womfi ne mu mfi na wɔntwe wɔn ho sɛnea ɛbɛyɛ a wɔremfa ne nnebɔne no ngu wɔn ho fĩ na ama wɔakwati atemmu a awiei koraa ɛbɛba ne so no, na wɔansɛe no anka ne ho.
Ɔsoro ahyɛde a ɛne sɛ “mumfi no mu” no nso boa wɔn a wofi komam hwehwɛ nokware no ma wohu Onyankopɔn man. Ebia wobebisa wɔn ho sɛ, ‘Asase so ɔman bɛn na wɔatie ahyɛde yi nnɛ, denam wɔn ho a wɔatwe afi ɔsom bi, ahyehyɛde, anaa asomfo kuw bi a wɔne “Babilon Kɛse” no wɔ abusuabɔ mu? (Adiyisɛm 18:2) Ɛnde, nkurɔfo bɛn na ɛnnɛ, wɔatwe wɔn ho afi Babilonfo nkyerɛkyerɛ, gyidikasɛm, nneyɛe ahorow, ne amanne nyinaa ho?’ So ɛnyɛ Yehowa Adansefo nkutoo? Wɔ Adansefo bɛboro ɔpepem 5.2 a wɔwɔ nsase bɛboro 230 so mu no, wɔn a wɔnam awo anaa adwensakra so ne Babilon som abɔ abusua no agyae—a ɛmfa ho ɔkasatia ne ɔtaa a ɛtɔ mmere bi a abusuafo, nnamfo, ne nyamesom akannifo de ba wɔn so no.
Nhwɛso biako ne, Henry, ɔbarima bi a ofi South Africa a na ɔhwɛ n’asɔre a na ɔde ne ho abata ho denneennen sikasɛm so no. Nanso na ɔrehwehwɛ nokware no, na da koro bi ɔpenee so ne Yehowa Adansefo yɛɛ ofie Bible adesua a wontua hwee. Bere a osii gyinae bere bi akyi sɛ ɔpɛ sɛ ɔbɛyɛ Ɔdansefo no, ɔka kyerɛɛ ne sɔfo a na ɔne no te bɛn no sɛ ɔpɛ sɛ ogyae asɔre no.
Ɔsɔfo no ho dwiriw no, na akyiri yi ɔne asɔre mpanyimfo no guamtrani ne asɔremma foforo kɔsraa Henry. Wobisaa no nea enti a wagyae wɔn asɔre no akɔyɛ ɔsom bi a sɛnea wɔkae no, wonni Onyankopɔn honhom kronkron no, muni. Henry kae sɛ: “Mfiase no, na misuro sɛ meyi wɔn ano, efisɛ na wɔanya me so nkɛntɛnso kɛse bere nyinaa. Nanso mebɔɔ Yehowa mpae hwehwɛɛ mmoa, na ɔmaa mitumi yii me ho ano sɛ: ‘Amanaman mu som ahorow nyinaa mu no, nea ɛwɔ he nkutoo na ɛde Onyankopɔn din, Yehowa, di dwuma? So ɛnyɛ Yehowa Adansefo? So mususuw sɛ Onyankopɔn bɛma wɔde ne din ato wɔn ho so a ɔmma wɔn ne honhom kronkron?’” Asɔre mpanyimfo no antumi annyi ano, na seesei Henry yɛ Yehowa Adansefo no mu biako.
Enti sɛ ɛnne a efi soro ka sɛ: “Mumfi no mu” a, baabi wɔ hɔ a wobeguan akɔ. (Adiyisɛm 18:4) Nkurɔfo a wɔsom nokware Nyankopɔn, Yehowa, no wɔ hɔ a wubetumi aguan akɔ wɔn nkyɛn. Ɔpepem pii aguan. Sɛ́ Yehowa Adansefo no, wɔyɛ amanaman ntam Kristofo nuayɛkuw a wɔahyehyɛ wɔn wɔ asafo ahorow bɛboro 78,600 mu, na seesei wɔrenya nkɔanim a ɛsen biara wɔ wɔn abakɔsɛm mu. Wɔabɔ nnipa bɛboro 1,200,000 asu wɔ mfe anan a atwam no mu! Eyinom nyinaa yɛɛ Bible adesua a ɛhyɛ den wɔ honhom mu a ɛma wotumi fii wɔn pɛ mu sii gyinae sɛ wobetwa abusuabɔ biara a wɔne ɔsom biara wɔ mu, ansa na wɔrebɔ wɔn asu.—Sefania 2:2, 3.
Sɛ wonkɔɔ Yehowa Adansefo nhyiam a wɔyɛ wɔ wɔn Ahenni Asa so no bi da a, dɛn nti na wonnyɛ saa dapɛn yi? W’ani begye nea wubehu na wobɛte no ho. Na sɛ wopɛ sɛ wote Bible no ase a, dɛn nti na wonka nkyerɛ Yehowa Adansefo no mu biako na ɔne wo mmesua ade, sɛnea afoforo ɔpepem pii ayɛ dedaw no? Sɛ wo mpaebɔ ne sɛ wubenya Onyankopɔn Asɛm no mu ntease pa, ne asetra kwan a ɛne saa Asɛm no hyia a, wubenya wo mpaebɔ no ho mmuae.
[Kratafa 9 mfonini ahorow]
Ɔpepem pii redan abɛsom Yehowa Nyankopɔn