Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w89 4/1 kr. 7-9
  • Babilon​—Atoro Som Fibea

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Babilon​—Atoro Som Fibea
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Babilon​—Nokware Som Tamfo a Ɔyɛ Ahantan
  • Wɔakasa Atia Babilon na Wɔahyɛ No Aniwu
  • Babilon Kɛse No Ahwe Ase Na Wɔabu No Ntɛn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Wɔasɛe Kurow Kɛse No
    Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
  • Dɛn Ne Babilon Kɛse?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • “Aguaman Kɛse” No Sɛe Abɛn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
w89 4/1 kr. 7-9

Babilon​—Atoro Som Fibea

“AHWE ase oo! Babel ahwe ase! Na n’anyame ahoni nyinaa, wɔabubu wɔn agu fam.” Na Babilon a Yesaia hyɛɛ ho nkɔm no yɛ kurow bɛn? Ɛno ne nnyinasode titiriw a ɛbɛma yɛate nea nnɛyi “Babilon Kɛse” kyerɛ no ase.​—Yesaia 21:9.

Tete Babilon gyee din esiane n’abosom anyame ne anyamewa a na ɛsom wɔn nti. Ɔbenfo S. H. Hooke ka wɔ ne nhoma a wɔfrɛ no Babylonian and Assyrian Religion no mu sɛ: “Babilon ne kurow a na Marduk kura dibea titiriw wɔ anyame afoforo a na wɔsom wɔn wɔ hɔ no mu. . . . Wɔ Babilon wɔ Nebukadnesar II bere so no, na abosonnan aduonum awotwe a ɛyɛ anyame a wonim wɔn de na ɛwɔ hɔ, sɛ yɛrenka abosonnan afoforo a na onyame biara din nna so ho asɛm a. Enti wobetumi ahu sɛnea akɔmfo kuw no nyaa nneɛma mu kyɛfa kɛse wɔ kurow a na agye din no mu.” Wɔka sɛ na abosonnan afoforo 55 wɔ Marduk abosonnan a ɛwɔ Babilon no mu. Hwɛ sɛnea ɛne nnɛyi asɔre adan ahorow a asɔre adan nketewa a wɔasisi ama anyame nketewa, ahotefo ne Ɔbabun Maria ahoni wom no sɛ!

Ná Babilon yɛ beae titiriw ma ahonisom wɔ anyame a na wɔsom wɔn no mu. Kyerɛwtohɔ biako ka sɛ na akɔmfo ne anokwafo no “taa ma wɔn ani ku wɔn ahoni kronkron no ho kɛse, na na wobu ahoni no sɛ wɔne anyame no ntamgyinafo. Na wɔde aboɔden ntade, kɔnmuade, nkapo ne kaa ahorow ahyehyɛ wɔn; na wɔdeda aboɔden mpa so na wɔfa wɔn de wɔn nantew, de wɔn tra nteaseɛnam ne wɔn ankasa ahyɛmma mu de wɔn tu aprenten wɔ asase ne nsu so.”a Hwɛ sɛnea ɛte sɛ ɔsom a wɔde ma anyame, ahotefo, ne Ɔbabun Maria ahoni wɔ nnɛyi Hindusom, Budasom ne Katoleksom a wɔde wɔn ahoni tu aprenten fa mmorɔn ne nsubɔnten ne po so saa ara no mu!

Sɛ ade a ɛkyerɛ sɛ tete Babilon ne nnɛyi nyamesom sɛ ho nhwɛso foforo no, susuw nkyerɛkyerɛmu a efi nhoma koro no ara mu a edi so yi ho: “Ne gyidifo anokwafo de din ahorow a ɛyɛ dɛ na ɛfrɛ no: Ɛnyɛ sɛ ɔyɛ onyamewa ne awuraa nko na mmom ɛna a ɔwɔ mmɔborohunu, mpaebɔ tiefo, odimafo nso . . . nea wama amansan no ne adesamma abusua nkwa.” Fa eyi toto mpaebɔ a edi so a efi El Santo Rosario (Rosary Kronkron) mu yi ho: “Yɛda wo ase, Amansan Hemmaa, wɔ ɔdom ahorow a w’ayamye nsa no ma yenya da biara no ho; Awuraa, kɔ so yi ayamye kɛse adi kyerɛ sɛnea ɛbɛyɛ a wobɛyɛ ahobammɔ ne hintabea ama yɛn nnɛ ne daa nyinaa.”

Nkyerɛkyerɛmu ne mpaebɔ yi fa hena ho? Nnipa pii bɛka ntɛm ara sɛ “Ɔbabun Maria.” Saa mmuae no fã bi pɛ na ɛteɛ. Maria na wɔbɔ no mpae no. Nanso, sɛnea Las Grandes Religiones Ilustradas bɔ yɛn amanneɛ no, asɛm a edin kan a wɔafa aka no yɛ Istar “Ɔdɔ Awuraa,” Babilonfo awo, ɔdɔ ne ɔko nyamewa ho nkyerɛkyerɛmu. Ɛtɔ bere bi a wɔyɛ n’ahoni sɛ “ɛna bi a ɔrema ne ba abarimaa nufu.”b Nea ɛkyerɛ sɛ nnɛyi nyamesom te sɛ tete Babilon de no ho nhwɛso foforo nen.

Yebetumi de tete Babilon ne ne ɔdesani kra ne n’anyame baasakoro nkyerɛkyerɛ no atoto nnɛyi nyamesom mu ɔkra a enwu da ne anyame baasakoro nkyerɛkyerɛ a ɛte saa ara no ho. Adanse no hyɛ ntease a yɛwɔ sɛ “Babilon Kɛse” yɛ Satan wiase nyinaa atoro som ahemman no ho sɛnkyerɛnne a ɛfata no mu den.

Babilon​—Nokware Som Tamfo a Ɔyɛ Ahantan

Na Babilon nso yɛ Yehowa tete nkurɔfo, Israel tamfo a ɔyɛ ahantan, nea obuu wɔn nokware som animtiaa nso. Babilon sɛee asɔrefi a na ɛwɔ Yerusalem no wɔ 607 A.Y.B. mu, na wɔfaa Yehowa som nnwinne a ɛsom bo no nyinaa kɔe na woguu nnwinne yi ho fĩ wɔ Belsasar apontow ase.​—Daniel 5:3, 4.

Saa ara nso na Babilon Kɛse no akɔ so asɔre atia nokware som wɔ nnɛ bere yi mu. Wɔ nsɛm pii a ɛfa ɔtaa a wɔde aba Yehowa Adansefo so ho no mu no, asɔfo na wɔmaa ɔtaa no bae, mpɛn pii no denam nnamfo a wɔne amammui sodifo yɛ no so.

Ɔsɔretia a asɔfo ma ɛbae ho nhwɛso a ɛda adi pefee sii wɔ 1917 mu tɔnn, na wɔakɔ so ayɛ eyi mpɛn pii. Saa afe no, Amanaman Ntam Bible Asuafo, sɛnea na wonim Adansefo no saa bere no, tintim The Finished Mystery nhoma no. Canada ne Amerika asɔfo a na wɔn aman no de wɔn ho ahyɛ Wiase Ko I mu no kyerɛkyerɛɛ nhoma no nkratafa kakraa bi mu sɛ etutu ɔman ase. Wɔkɔkaa nhoma yi ho asɛm kyerɛɛ wɔn amammui mu adɔfo ntɛm ara. Dɛn na efii mu bae? Sɛnea Ɔbenfo Martin Marty kyerɛ wɔ ne Modern American Religion​—The Irony of It All nhoma no mu no: “Asɔfo no sɔre tiaa Russellfo [Adansefo] no na wodii ahurusi bere a wɔtee sɛ wɔde Yehowa Adansefo akannifo a wɔabu wɔn fɔ [sɛ wɔatew ɔman no atua] no bɛto afiase mfe aduonu no.”

Nanso asɔfo no yɛɛ wɔn ade dɛn bere wɔ asram kakraa bi akyi no wobuu saa akannifo no bem wɔ sobo ahorow a wɔbɔɔ wɔn no ho no? “Tete asɔre no mufo no anni ahurusi.” Adansefo no nkutoo na wogyina hɔ maa Bible nnyinasosɛm “kosii sɛ wɔhyɛɛ aban no abufuw wɔ wɔn som no ho.” Adansefo no nnyaa ɔpɛ da na wɔmpɛ sɛ wɔbɛyɛ wɔn a wɔde obu ntraso ma amammui sodifo, wɔanyɛ saa mpo wɔ Nasifo nniso ase wɔ Germany anaa Fasistfo nniso ase wɔ Italy, Spain ne Portugal.

Wɔakasa Atia Babilon na Wɔahyɛ No Aniwu

Ɛnde hwɛ sɛnea ɛfata sɛ Adiyisɛm ka sɛ “ahotefo mogya ne Yesu adansefo mogya abow” Babilon Kɛse na “ɛno mu na wohuu adiyifo ne ahotefo ne wɔn a wɔakum wɔn asase so no nyinaa mogya.” Wobetumi ahu mogya ho fɔ a wiase nyamesom adi no wɔ mfehaha pii a atwam no mu esiane ne ho a ɔde hyehyɛ ɔko ne nokware Kristofo a wɔtaa wɔn no mu anaasɛ ɔpene so nti no.​—Adiyisɛm 17:6; 18:24.

Babilon Kɛse, wiase nyinaa atoro som ahemman no anya afɛfɛde ne tumi wɔ abakɔsɛm mu. Nanso ɔbɔfo bi bɔɔ Yohane kɔkɔ sɛ aguaman kɛse no da bɛba. Kyerɛwtohɔ no ka kyerɛ yɛn sɛ: “Na ɔde nne a emu yɛ den teɛɛm sɛ: Wahwe ase, Babilon kɛse no ahwe ase, na adan ahonhommɔne trabere ne ahonhom fi nyinaa atɛwee ne nnomaa a wɔyɛ fĩ na wokyi wɔn nyinaa atɛwee.”​—Adiyisɛm 18:2.

Bere bɛn na Babilon bɛhwe ase? Anaa, ahwe ase dedaw? Ɔhwe ase wɔ ɔkwan bɛn so? Na ɛno ka wo dɛn? Wobebua eyi ne ho nsemmisa afoforo wɔ yɛn Ɔwɛn-Aban a ɛbɛba no mu.

[Ase hɔ asɛm]

a Las Grandes Religiones Ilustradas (Wɔakyerɛkyerɛ Nyamesom Akɛse No Mu): Asirio-Babilonica, Po 20, Mateu-Rizzoli, Barcelona, Spain, 1963, kratafa 53.

b Po 19, nkratafa 19, 20.

[Mfonini wɔ kratafa 8, 9]

Babilon Kɛse fi tete Babilon nyamesom mu

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena