-
Babilon Awiei ho Awerɛhodi ne AhurusidiAdiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
-
-
Mogya ho Afodi a Ɛyɛ Hu
14. Ɔbɔfo hoɔdenfo no kyerɛe sɛ dɛn nti na Yehowa atemmu no mu yɛ den saa, na dɛn na Yesu kae a ɛte saa ara bere a na ɔwɔ asase so no?
14 Awiei no, ɔbɔfo hoɔdenfo no ka nea enti a Yehowa bu Babilon Kɛse atɛn denneennen saa no. Ɔbɔfo no ka sɛ: “Na ɛno mu na wohuu adiyifo ne ahotefo ne wɔn a wɔakum wɔn asase so no nyinaa mogya.” (Adiyisɛm 18:24) Bere a Yesu wɔ asase so no, ɔka kyerɛɛ nyamesom akannifo a wɔwɔ Yerusalem no sɛ wobebu “mogya trenee a wɔahwie agu asase so nyinaa, efi Habel trenee mogya so” de rekɔ no ho akontaa. Enti, wɔsɛee saa awo ntoatoaso kɔntɔnkye no wɔ 70 Y.B. mu. (Mateo 23:35-38) Ɛnnɛ, nyamesomfo awo ntoatoaso foforo nso di mogya ho fɔ esiane Onyankopɔn nkoa a wɔtaa wɔn no nti.
15. Ɔkwan bɛn so na Katolek Asɔre a na ɛwɔ Nasi Germany no dii mogya ho fɔ wɔ nsɛm abien mu?
15 Guenter Lewy kyerɛw wɔ ne nhoma The Catholic Church and Nazi Germany no mu sɛ: “Bere a wɔbaraa Yehowa Adansefo wɔ Bavaria April 13 [1933] no, Asɔre no gyee adwuma a Nhomasua ne Nyamesom Asoɛe no de hyɛɛ wɔn nsa sɛ wɔmmɔ kuw no muni biara a ɔda so som ɔsom a wɔabara no ho amanneɛ no mpo too mu.” Enti ɛho asɛm da Katolek Asɔre no so sɛ ɛka ho ma wɔde Adansefo mpempem koguu nnadeban mu; Adansefo ɔhaha a wokunkum wɔn no mogya akeka ne nsa ho pɔtɔɔ. Bere a adansefo nkumaa, te sɛ Wilhelm Kusserow, kyerɛe sɛ wobetumi awu akokoduru mu wɔ tuo a wɔbɛtow wɔn anim no, Hitler sii gyinae sɛ tuo a wɔbɛtow akunkum wɔn a ahonim nti wɔsɔre tia no ye ma wɔn dodo, enti wotwaa Wilhelm nua Wolfgang a na wadi mfe 20 no ti. Bere koro no ara mu no, na Katolek Asɔre no rehyɛ Germany Katolekfo nkumaa nkuran sɛ wɔnkowuwu wɔ wɔn man asraafo dɔm no mu. Asɔre no mogya ho afodi no da adi pefee ma wohu!
16, 17. (a) Mogya ho afodi bɛn na ɛsɛ sɛ wɔde to Babilon Kɛse so, na ɔkwan bɛn so na Vatican bedii mogya ho fɔ Yudafo a wokunkum wɔn wɔ Nasi okunkɛse no mu no ho? (b) Ɔkwan biako bɛn so na wobenunu atoro som wɔ nnipa ɔpepem pii a wɔakunkum wɔn wɔ ɛnnɛ bere yi mu akodi ɔhaha mu no ho?
16 Nanso, nkɔmhyɛ no se ɛsɛ sɛ wɔde “wɔn a wɔakum wɔn asase so nyinaa mogya” ho asɛm to Babilon Kɛse so. Ɛno te saa ampa nnɛ mmere mu. Sɛ nhwɛso no, esiane sɛ Katolek anifere akwan na ɛboa ma Hitler bedii tumi wɔ Germany nti, Vatican nso di mogya ho fɔ a ɛyɛ hu wɔ Yudafo ɔpepem asia a wowuwui wɔ Nasi okunkɛse no mu no mu. Afei, wɔ yɛn bere yi mu no, wɔakunkum nnipa bɛboro ɔpepem ɔha koraa wɔ ɔko ahorow ɔhaha pii mu. Atoro som na eyi ho asɛm da no so anaa? Yiw, wɔ akwan abien so.
17 Ɔkwan biako ne sɛ ɔko ahorow pii yɛ nea ɛfa nyamesom mu akasakasa ho. Sɛ nhwɛso no, anuɔdensɛm a ɛkɔɔ so wɔ India wɔ Nkramofo ne Hindufo ntam wɔ 1946-48 mu no fi nyamesom. Wɔhweree akra ɔpehaha. Ɔko a na ɛda Iraq ne Iran ntam 1980 mfe no mu no yɛ nea na ɛfa akasakasa a ɛda ɔsom koro mu akuw ntam ho, na wokunkum nnipa ɔpehaha pii. Basabasayɛ a ɛda Katolekfo ne Protestantfo ntam wɔ Northern Ireland no akunkum akra mpempem pii. Ɔkyerɛwfo C. L. Sulzberger kae wɔ 1976 mu wɔ eyi mu a ɔhwehwɛe no ho sɛ: “Ɛyɛ nokwasɛm a ɛyɛ hu sɛ ebia ɔko a wɔko wɔ wiase nyinaa no mu fã anaa nea ɛboro saa yɛ nyamesom ko pefee anaa nea ɛfa nyamesom mu akasakasa ho.” Ampa, saa na ayɛ Babilon Kɛse ho abakɔsɛm a bagyabagyayɛ wom no nyinaa mu.
18. Ɔkwan a ɛto so abien a wiase nyamesom di mogya ho fɔ ne dɛn?
18 Ɔkwan a ɛto so abien no ne dɛn? Yehowa anim no, wiase nyamesom adi mogya ho fɔ efisɛ wɔnkyerɛkyerɛɛ wɔn akyidifo no nea Yehowa hwehwɛ wɔ n’asomfo ho no ho nokware a etu mpɔn. Wɔnkyerɛkyerɛɛ nkurɔfo yiye sɛ ɛsɛ sɛ Onyankopɔn nokware asomfo suasua Yesu Kristo na wɔkyerɛ afoforo ho dɔ ɛmfa ho sɛ ɔman bɛn mu na wofi. (Mika 4:3, 5; Yohane 13:34, 35; Asomafo no Nnwuma 10:34, 35; 1 Yohane 3:10-12) Esiane sɛ nyamesom ahorow a wɔbom yɛ Babilon Kɛse no ankyerɛkyerɛ nneɛma yi nti, wɔatwetwe wɔn a wɔde wɔn ho abata wɔn ho no akogu amanaman ntam akodi ahorow mu. Eyi daa adi yiye wɔ afeha a ɛto so 20 no fã a edi kan no mu wiase ko abien no mu, a n’abien nyinaa fii ase wɔ Kristoman mu, na ekowiee wɔn mfɛfo nyamesomfo a wɔne wɔn nyinaa wɔ ɔsom biako mu a wokunkum wɔn mu! Sɛ wɔn a wɔka sɛ wɔyɛ Kristofo no nyinaa de wɔn ho bataa Bible nnyinasosɛm ahorow ho a, anka saa ɔko ahorow no rentumi mma da.
19. Mogya ho afodi a ɛyɛ hu yiye bɛn na ɛda Babilon Kɛse so?
19 Yehowa de mogyahwiegu yi nyinaa ho asodi to Babilon Kɛse so. Sɛ nyamesom akannifo, titiriw no wɔn a wɔwɔ Kristoman mu no, kyerɛkyerɛɛ wɔn nkurɔfo Bible mu nokware a, anka mogyahwiegu bebree a ɛte saa amma. Ampa, ɛnde sɛ ɛyɛ tee anaasɛ ɛnyɛ tee no, ɛsɛ sɛ Babilon Kɛse—aguaman kɛse ne wiase atoro som ahemman—no yi n’ano wɔ “wɔn a wɔakum wɔn asase so no nyinaa mogya,” a ɛnyɛ “adiyifo ne ahotefo” a wɔataa wɔn na wɔakunkum wɔn no nko kyerɛ Yehowa. Ampa ara sɛ Babilon Kɛse so mogya ho afodi a ɛyɛ hu yiye. Eye dɛn ara sɛ wobeyi no hɔ bere a ne sɛe koraa ba no!
-
-
Babilon Awiei ho Awerɛhodi ne AhurusidiAdiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
-
-
[Kratafa 270 adaka]
Nsɛm mu a Wogyae Siesie ho Akatua
Guenter Lewy kyerɛw wɔ ne nhoma The Catholic Church and Nazi Germany no mu sɛ: “Sɛ German Katoleksom de ne ho bataa adeyɛ bi ho denneennen fi mfiase de sɔre tiaa Nasi tumidi no a, anka ebia ɛbɛsono ɔkwan a wiase abakɔsɛm faa so. Sɛ saa apereperedi yi antumi anni Hitler so ma asiw n’awudisɛm pii no nyinaa kwan mpo a, anka adwene yi bɛma Asɔre no din pa anya nkɔso kɛse. Akyinnye biara nni ho sɛ anka ɔsɔretia a ɛte saa no bɛma adesamma bebree ahwere wɔn nkwa, nanso anka afɔrebɔ a ɛte saa no bɛyɛ nea wɔabɔ ama adepa bi a ɛsen biara. Sɛ na Hitler ntumi mfa ne ho nto ne manfo so a, anka ɔremmɔ ne ho mmɔden sɛ ɔbɛkɔ akɔko ma enti anka wobegye akra ɔpepem pii nkwa. . . . Bere a wɔyɛɛ Germanfo mpempem a wɔsɔre tiaa Nasifo aninyanne ma wowuwui wɔ Hitler nnadeban ahorow mu, bere a wokunkum Polandfo adenimfo, bere a Rusiafo ɔpehaha wuwui esiane nea wɔde yɛɛ wɔn sɛ wɔyɛ Slaviafo Untermenschen [adesamma a wɔba fam] no nti, ne bere a wokunkum adesamma 6,000,000 sɛ ‘wɔnyɛ Aryanfo’ no, Katolek Asɔre no mu mpanyimfo a wɔwɔ Germany boaa nniso a edii awudisɛm ahorow yi. Paapa a ɔwɔ Roma a ɔne Roman Katolek Asɔre no honhom mu ti ne abrabɔ ho kyerɛkyerɛfo pumpuni no yɛɛ komm.”—Nkratafa 320, 341.
-