-
Munyi Yah Ayɛ wɔ N’atemmu Ahorow Ho!Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
-
-
1. Nsɛm bɛn na Yohane te, te “sɛ nnipakuw kɛse nne a ɛyɛ den ɔsoro”?
BABILON Kɛse no nni hɔ bio! Eyi yɛ anigyesɛm ampa. Ɛnyɛ nwonwa sɛ ɛno nti na Yohane te ayeyi ho anigye nteɛm wɔ ɔsoro no! “Eyinom akyi no metee biribi a ɛte sɛ nkurɔfo pii nne kɛse ɔsoro sɛ: Haleluia!a nkwagye ne anuonyam ne nidi ne tumi yɛ yɛn Nyankopɔn de; efisɛ n’atemmu yɛ nokware na ɛteɛ, sɛ obuu aguaman kɛse a ɔde n’aguamammɔ asɛe asase no ntɛn, na odii ne nkoa mogya ho were wɔ ne nsam. Na wɔkae bio sɛ: Haleluia!b na ne wusiw foro soro daa daa.”—Adiyisɛm 19:1-3.
2. (a) Asɛmfua “Haleluia” no kyerɛ dɛn, na te a Yohane te no mprenu wɔ ha no da dɛn adi? (b) Hena na Babilon Kɛse a wɔsɛe no no hyɛ no anuonyam? Kyerɛkyerɛ mu.
2 Haleluia ampa! Saa asɛm no ase ne “Munyi Yah Ayɛ,” “Yah” yɛ Onyankopɔn din, Yehowa a wɔatwa no tiaa. Ɛha no, wɔkae yɛn odwontofo no afotu a ese: “Momma nea ɛhome nyinaa nyi Yah ayɛ. Munyi [Yah] ayɛ!” no. (Dwom 150:6) Te a Yohane te sɛ ɔsoro nnwontofo anigyefo no to “Haleluia!” mprenu wɔ Adiyisɛm mu ha no kyerɛ sɛ nokware a wofi ɔsoro da no adi yi kɔ so daa. Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no Nyankopɔn no ara ne Hebri Kyerɛwnsɛm a edii anim no Nyankopɔn no, na Yehowa ne ne din. Onyankopɔn a ɔmaa tete Babilon hwee ase no abu Babilon Kɛse no ntɛn na wasɛe no afei. Monhyɛ no anuonyam saa ade a wayɛ no nti! Tumi a ɛmaa aguaman no hwee ase no fi ɔno mmom na emfi amanaman a ɔde wɔn dii dwuma sɛ n’adwinnade de yɛɛ no amamfõ no. Yehowa nkutoo na ɛsɛ sɛ yebu no sɛ nkwagye fi no.—Yesaia 12:2; Adiyisɛm 4:11; 7:10, 12.
-
-
Munyi Yah Ayɛ wɔ N’atemmu Ahorow Ho!Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
-
-
4. Dɛn ho sɛnkyerɛnne na nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wusiw a efi Babilon Kɛse mu no “foro soro daa daa” no yɛ?
4 Wɔato Babilon Kɛse mu gya te sɛ kurow a wɔadi so nkonim, na wusiw a efi mu no kɔ so “foro soro daa daa.” Bere a asraafodɔm a wɔadi nkonim ahyew kurow bi ankasa no, bere dodow a ɔhyew wɔ nsõ no mu no, wusiw kɔ so foro soro. Amamfõ a ɛrehyew no bɛhyehyew obiara a ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛsan akyekye kurow no bere a ɛda so ara fi wusiw no. Esiane sɛ Babilon Kɛse no wusiw bɛkɔ so aforo soro “daa daa” sɛ n’atemmu a ewie koraa no ho sɛnkyerɛnne nti, obiara rentumi nsan nkyekye kurow bɔne no bio da. Atoro som afi hɔ koraa. Haleluia, ampa!—Fa toto Yesaia 34:5, 9, 10 ho.
-