Ɔfã 2: Onyankopɔn Mfirihyia Apem Ahenni Abɛn
9. (a) Dɛn na sɛnkyerɛnne kwan so aboa no ti nson no yɛ ho mfonini? (b) Hefo na ɔde ne “mmɛn du” no adi dwuma atia wɔn?
9 Wɔ mfe mpempem a atwam nyinaa mu no sɛnkyerɛnne kwan so aboa yi ne n’ammamui nhyehyɛe no mufo adi dwuma sɛ wiase tumi a edi so. Ɛno nti na Adiyisɛm, ti dumiɛnsa, yɛ sɛnkyerɛnne kwan so aboa yi ho mfonini sɛ ɔwɔ ti nson, de gyina hɔ ma wiase tumi horow ason a ɛba nnidiso nnidiso a ɛne, (1) Misriam, (2) Asiria, (3) Babilonia, (4) Medo-Persia, (5) Hela, (6) Roma, ne (7) Britania ne Amerika wiase tumi a ɛbɔ ho abien no. Aboa a ne ti ason yi de ne sɛnkyerɛnne kwan so “mmɛn du,” no awowɔ, de asisi na ɔde asunsum Yehowa Nyankopɔn asomfo, a Onyankopɔn Ba, Yesu Kristo akyidifo anokwafo ka ho, fi bere a Israel mma kɔɔ nkoasom mu wɔ Misraim de abesi nnɛ. Ɛnde, ɛnyɛ nwonwa sɛ Adiyisɛm 19:19 yɛ “asase so ahene ne wɔn dɔm” ho mfonini sɛ wɔne “aboa” no aboaboa wɔn ho ano na wɔne ɔsoro abɔfo dɔm ne “nea ɔte pɔnkɔ so,” Yesu Kristo adi ako!
10. (a) Dɛn ne “atoro diyifo” no a ɔka asase so ahene a wodi ako no ho no, na dɛn na ɛhyɛ ho nkɔm? (b) Dɛn ne “aboa no honi” a ɛka sɛ wɔnyɛ no?
10 Adiyisɛm 19:20 ka sɛ “atoro diyifo a ɔyɛ sɛnkyerɛnne wɔ [aboa] no anim na ɔdaadaa wɔn a wogyee aboa no agyirae no ne wɔn a wɔsom ne honi” ka “asase so ahene ne wɔn dɔm” no ho. Eyi nyɛ nyamesom diyifo a ɛyɛ Babilon Kɛse no de, na mmom amammui diyifo. Saa amammui ahyehyɛde koro no ara na wɔyɛ ne ho mfonini wɔ Adiyisɛm 13:11-17 no. Wɔ ɛhɔ no ɛda adi sɛ aboa a ɔwɔ mmɛn abien a ɔno na ɔde aboa no honi a wɔbɛyɛ ho adwene bae na ɔmaa aboa no nyaa ahoɔden na otumi kasaa tumi so no. Saa aboa a ɔwɔ mmɛn abien yi ne Britania ne Amerika, wiase tumi a ɛbɔ ho abien, anaasɛ Wiase Tumi a Ɛto so Ason no, na nnɛyi amammui kwan so aboa a ɔwɔ ti nson “honi” no ne Amanaman Nkabom no, ahyehyɛde ma wiase asomdwoe ne dwoodwoo asetra no. Wiase no nyinaa nim nnɛ sɛ Wiase Tumi a Ɛto so Ason, Britania ne Amerika, bɔ mmɔden sɛ wɔbɛka na wɔahyɛ nkɔm a ɛfa nnipa daakye ho akyerɛ adesamma wiase no. Nanso ɔnyɛ Yehowa Nyankopɔn diyifo, a Ɔde ne honhom aka no. Ɛyɛ “atoro.”
11, 12. (a) Tumi bɛn na ɛkanyan ahene ne wɔn dɔm nna wokodi ako wɔ Harmagedon? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ nea efi ɔko no mu ba yɛ nea akyinnye biara nni ho, na nea efi mu ba bɛn na Yohane kyerɛ wɔ nea ohui wɔ ho no mu?
11 Sɛnkyerɛnne kwan so aboa no anya nkɔanim yiye, fi bere a onyaa ne ti a ɛto so ason no, wɔ afe 1763 Y.B. mu no. Ɛde besi nnɛ no yɛanya Amanaman Nkabom no a atra hɔ bɛboro mfe aduonu anum (sɛ yɛrenka nea obedii n’ade, Amanaman Apam no ho asɛm a) . Wɔ tumi a wɔwɔ a epia wɔn ma wodi nea wɔn man hwehwɛ akyi na wɔde wɔn ankasa man atumfoɔ sisi hɔ de sɔre tia Onyankopɔn ahenni sɛ́ nniso a ɛfata ma asase yi ase no, asase nyinaa so ahene aboaboa wɔn ho ano, ama “Onyankopɔn, Ade Nyinaa So Tumfoɔ no, da kɛse no mu ko no. Ɛsɛ sɛ bere a wɔde bɛko ɔko a ɛyɛ hu wɔ Harmagedon, a ɔsomafo Yohane hui sɛnkyerɛnne kwan so no yɛ nea abɛn, abɛn sen sɛnea wiase yi mu nnipa a wɔde wɔn ho ato wɔn ankasa ho so susuw no! Bere a Ade Nyinaa So Tumfoɔ Nyankopɔn ne n’ahene mu Hene yɛ wɔn a asase so ahene ne wɔn dɔm” di ako no, nea ebefi mu aba bɛyɛ nea akyinnye biara nni ho, fi ne mfiase. Enti, yebetumi anya ahotoso sɛ nea ɔsomafo Yohane ka wɔ ne nkɔmhyɛ nkyerɛkyerɛmu a ɛfa ɔko no ho no yɛ nokware, sɛnea edi so no:
ƆKO WƆ HAR-MAGEDON
12 “Na mihuu aboa no ne asase so ahene ne wɔn dɔm sɛ wɔaboaboa wɔn ho ano, na wɔne nea ɔte ɔpɔnkɔ fitaa no so no ne ne dɔm bedii ako. Na wɔkyeree aboa no ne atoro diyifo no nso a ɔyɛɛ n’anim nsɛnkyerɛnne de daadaa wɔn a wogyee aboa no agyirae ne wɔn a wɔkotow ne honi no kaa ne ho: wɔtow wɔn baanu yi animono guu ogya tare a sufre dɛw mu no mu. Na wɔde nea ɔte pɔnkɔ no so no afoa a efi n’anom no kunkum wɔn a aka no, na nnomaa nyinaa dii wɔn nam mee.”—Adiyisɛm 19:19-21.
13. (a) Ɔtamfo no ahyehyɛde no fã bɛn na Ade Nyinaa so Tumfoɔ, Nyankopɔn no ne no ko? (b) Bere a ɔreyɛ dɛn na wɔkyere “aboa no,” na hena na ɔbrɛ no ase?
13 Ɔko yi ho asɛm si so dua sɛ Onyankopɔn, Ade Nyinaa So Tumfoɔ no, ne sɛnkyerɛnne kwan so ɔtweaseɛ, “ɔwɔ dedaw no a wɔfrɛ no ɔbonsam ne Satan” no ahyehyɛde a aniwa hu no nyinaa ko. Wɔ mmoa a ɔde ma wiase nyinaa ahyehyɛde a aniwa hu no mu no, nea aboa a ne ti nson yɛ ne ho mfonini no kɔ wɔn a wɔwɔ n’afã nyinaa, a ɛyɛ “asase so ahene ne wɔn dɔm,” asafohene, atumfoɔ, apɔnkɔ sotefo, adehye ne nkoa, nketewa ne akɛse nkyɛn. “Atoro diyifo” no nso yɛ asase so nhyehyɛe a aniwa hu, efisɛ ɛno ne Britania ne Amerika wiase tumi a ɛbɔ ho abien, wiase ahyehyɛde a aniwa hu a edi tumi no. Wiase nyinaa nhyehyɛe no nnim nyansa pii a ɔde bekwati ɔsoro atemmu a ɛba ne nneyɛe bɔne no nyinaa ne atirimɔden kwan a ɔde adi nnipa so no so no. “Wɔkyere” sɛnkyerɛnne kwan so aboa no, a n’atoro diyifo no ka ho, yiw, wɔkyere no bere a ɔredi ne bɔne a etwa to a etia Yehowa Nyankopɔn asomfo anokwafo no. Ahene mu Hene, Yesu Kristo, ne nea ɔbrɛ aboa no ase. Te sɛ aboa a ɔtetew nnipa mu no, wɔsɛe no.
14. “Aboa no” ne “atoro diyifo” no a wɔtow wɔn gu no bɛkyerɛ dɛn ama wɔn?
14 Ɛremma bio da sɛ wiase amammui nniso nhyehyɛe a ɛte sɛ aboa yi, a n’amammui “atoro diyifo” ka ne ho no bedi adesamma so atirimɔden so. Ɛrenyɛ te sɛ amammui nhyehyɛe horow a awu, anaasɛ enni dwuma, na mmom, sɛnea Adiyisɛm 19:20 ka no, “wɔtow wɔn baanu yi animono guu ogya tare a sufre dɛw mu no mu.” Wɔremfi “ogya tare” yi mu nnya nkwa, ɔko no mu a wowu no nyɛ owu a ɔbɔnefo Adam de baa nnipa a wɔyɛ n’asefo so no. “Ogya tare” no yɛ owu foforo bi ho mfonini, daa owu a owusɔre nni mu. Adiyisɛm ankasa (20:14) kyerɛkyerɛ mu, ɛka sɛ: “Ogya tare no, eyi ne owuprenu no.” Mmɔden nyinaa a nnipa nam ɔmanpɛ so bɛbɔ ahwehwɛ sɛ wɔbɛma amammui nhyehyɛe yi atra hɔ daa na adi nnipa nsɛm ho dwuma no renyɛ yiye!
15. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ ebia ahene ne nkurɔfo a wodii wɔn so a wokunkum wɔn wɔ Harmagedon no benya owusɔre?
15 Ɛnde, so nnipa afoforo, wɔn a sɛ́ sodifo no wɔko ma sɛnkyerɛnne kwan so aboa no ne atoro diyifo no de tia Onyankopɔn ahenni a ɛwɔ n’ahene mu Hene no nsam no benya owusɔre? Wobeyi wɔn afi hɔ koraa. Ahene mu Hene a odi ako no anom asɛm, a epue te sɛ afoa tenten nnamnam no, hyɛ sɛ wonkunkum wɔn nyinaa, na ɔsoro abɔfo dɔm no di n’ahyɛde no so. Enti wokum wɔn a wɔboapa sɔre tia Onyankopɔn Mesia ahenni no nyinaa fi hɔ. Wommu wɔn sɛ wɔawu wɔ nidi mu, sɛ “afɔrebɔ a ɛkorɔn” ma ɔman ne nniso. Wɔrensie wɔn nkae ada mu, wɔ ɔman no asraafo amusiei ahorow a wɔakora so a wɔbɛsra no afe biara wɔ Nkae Da no. Sɛ́ wɔn a owusɔre mfata wɔn no, wɔyɛ wɔn ho mfonini sɛ wɔma wɔn afunu deda hɔ wɔ nea wɔkoo Harmagedon ɔko no, na wɔn amu a ɛreporɔw twetwe wim nnomaa. “Na nnomaa nyinaa dii wɔn nam mee.” Wodidi mee yiye wɔ “Onyankopɔn adidi kɛse no ase.”—Adi. 19:17-21.
16. Ɛdefa nea ebefi mu aka wɔ Harmagedon ko no mu ho no, dɛn na yɛbɛka wɔ (a) asase no ho, (b) nnomaa no ho, ne (d) wɔn a wɔnnka wɔn a wɔsom aboa no ho no?
16 Ɛsɛ sɛ wɔhyɛ no nsow sɛ kyerɛwtohɔ no nka sɛ wɔbɛhyew yɛn asase no ankasa a “ahene” no adi so no. Dabi, na mmom asase no fi “Onyankopɔn, Ade Nyinaa So Tumfoɔ no da kɛse no mu ko” wɔ Harmagedon no mu ka. Afei nso, “nnomaa a wotu wim nyinaa” fi mu ka, na wodi nam a abɔ apete asase so no. Na nnipa a wofi mu ka wɔ asase so wɔ “Onyankopɔn, Ade Nyinaa So Tumfoɔ da kɛse no mu ko no” mu no nso wɔ hɔ. Wɔnkyerɛ eyi wɔ asɛm a ɛfa ɔko no ho no mu wɔ ha. Nanso saa na ɛbɛyɛ! Dɛn ntia? Efisɛ ɛnyɛ asase sotefo nyinaa na bere a wɔreko no “atoro diyifo” no daadaa wɔn. Ebinom renkã ho, ɛwom sɛ wosua de, sɛ wode wɔn toto “wɔn a wogyee aboa no agyirae ne wɔn a wɔkotow ne honi no” ho a. (Adi. 19:20) Na “nnipakuw kɛse” a Yohane dii kan huu wɔn wɔ anisoadehu no mu a na wogyinagyina Onyankopɔn ahengua no anim ne Oguammaa Yesu Kristo anim no nso ɛ? Wɔnnka wɔn a wɔko tia Onyankopɔn Mesia ahenni no ho wɔ Harmagedon.
17. Ɛdefa su a “nnipakuw kɛse” no kura wɔ Onyankopɔn ne ne Mesia ahenni no ho no, dɛn na Adiyisɛm, ti ason kyerɛ?
17 Ɔreka eyinom ho asɛm akyerɛ no, Yohane se: “Na wɔde nne kɛse teɛɛm sɛ: “Nkwagye no yɛ yɛn Nyankopɔn a ɔte ahengua no so ne oguammaa no dea.” Obisaa eyinom ho asɛm akyi no, mpanyimfo aduonu-anan a wɔwɔ ɔsoro no mu biako ka kyerɛ Yohane sɛ: “Eyinom ne wɔn a wofi ahohia kɛse no mu, na wɔahohoro wɔn ntade ama ahoa oguammaa no mogya mu.” (Adi. 7:9-11) Ná nnipakuw kɛse yi a “wofi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu no” nnsɔre nntia Onyankopɔn Mesia ahenni no. Wɔpowee sɛ wobegye “aboa no agyirae” na ‘wɔakotow ne honi no.’
18. Dɛn nti na asase renna hɔ kwa a onipa nte so bere a Kristo mfirihyia apem ahenni no fi ase no?
18 Enti “nnipakuw kɛse” no renka nnipa a wokunkum wɔn wɔ Harmagedon no ho, na mmom ‘wobefi ahohiahia kɛse’ a ɛba awiei wɔ “Onyankopɔn, Ade Nyinaa So Tumfoɔ no, da kɛse no mu ko” no mu no mu. Bere a wofi “ahohiahia kɛse” no mu ka na woyi Yehowa Nyankopɔn ne Oguammaa Yesu Kristo nkonimdifo no ayɛ no, “nnipakuw kɛse” no, sɛ́ wɔn a wokurakura berɛw no, de anigye bɛhwɛ mfirihyia apem a ɛreba no kwan. Enti asase no renna hɔ kwa bere a Kristo mfirihyia apem ahenni a anuonyam wom no fi ase no.