Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Wɔreboaboa Wɔn Ano Mprempren Ama Mfirihyia Apem A Ɛbɛba No
    Ɔwɛn-Aban—1989 | September 1
    • 3, 4. (a) Yehowa ahenni a Yesu Kristo bedi so no bɛyɛ bere tenten ahe ankasa? (b) Asɛmfua bɛn na wɔde gyina hɔ maa saa bere no, na ɔkwan bɛn so na na ɛda adi wɔ Ɔwɛn Aban Asafo no nhoma ahorow bi din mu?

      3 Wɔkaa bere tenten a Yehowa Ahenni a ɛnam Yesu Kristo ne n’asuafo 144,000 a wɔahyɛ wɔn anuonyam no so benya ho asɛm siei sɛ ɛbɛyɛ mfirihyia apem. Ɔsomafo akwakoraa Yohane kyerɛw saa Mfirihyia Apem Ahenni no ho asɛm sɛ: “Na mihuu nhengua bi, na wɔn a wɔtratraa so no, wɔde atemmu maa wɔn. Na mihuu wɔn a Yesu adanse ne Nyankopɔn asɛm nti wotwitwaa wɔn ti no akra ne wɔn a wɔankotow aboa no anaa ne honi na wɔannye agyirae no wɔ wɔn moma ne wɔn nsa so no. Na wonyaa nkwa bio, na wɔne Kristo dii ahene mfirihyia apem. Na awufo nkae no de, wɔannya nkwa bio kosi sɛ mfirihyia apem no bewie du ansa. Owusɔre a edi kan ne no. Nhyira ne kronkron ne nea onya afa ɔsɔre a edi kan no mu. Saafo no so na owuprenu no nni tumi, na mmom wɔbɛyɛ Onyankopɔn ne Kristo asɔfo, na wɔne no bedi ahene mfirihyia apem.”​—Adiyisɛm 20:4-6.

      4 Esiane sɛ saa bere no yɛ mfirihyia apem (millennium) nti, wɔfrɛ no Kristo Mfirihyia Apem Ahenni (Christ’s Millennial Reign). Ɛtɔ bere bi a, wɔfrɛ wɔn a wogye Bible nkyerɛkyerɛ yi tom na wɔde kyerɛkyerɛ no sɛ Mfirihyia Apemfo, sɛnea Hela asɛmfua ma “Apem” kyerɛ no. Nea ɛyɛ anigye no, mfiase no na wɔfrɛ Studies in the Scriptures (a anka Ɔwɛn Aban Bible ne Kratawa Asafo tintim bere bi no) se “Millennial Dawn.” Na wɔato Nnwom nhoma a anka Amanaman Ntam Bible Asuafo de di dwuma no sɛ Hymns of the Millennial Dawn.

  • Wɔreboaboa Wɔn Ano Mprempren Ama Mfirihyia Apem A Ɛbɛba No
    Ɔwɛn-Aban—1989 | September 1
    • 7. Dɛn na Bible no kyerɛ wɔ Yesu Kristo Mfirihyia Apem Ahenni no ne sɛnea ɛte ho?

      7 Sɛnea Kyerɛwnsɛm no kyerɛ no, Yesu Kristo Mfirihyia Apem Ahenni no mmae. Bible nkɔmhyɛ nnɛyi mmamu kyerɛ sɛ abɛn yiye. Mfirihyia apem ankasa no mu no, wɔde Satan ne n’adaemone bɛhyɛ bun mu ampa, na Yesu Kristo ne ne mfɛfo adedifo 144,000 bedi adesamma nyinaa so ahene a Ɔbonsam ahyehyɛde no remfa ne ho nnyigye mu. Daa nhyira a adesamma a wɔanya ogye benya na ama apam a Yehowa ne ‘n’adamfo’ Abraham yɛe no anya mmamu no befi ase afi “nnipakuw kɛse” a wobenya nkwa wɔ “ahohiahia” a ebi mmae da a ɛde nhyehyɛe bɔne yi bɛba awiei no mu no so, na atrɛw aka nnipa ɔpepepem pii a “oguammaa” Yesu Kristo, “no mogya” agye wɔn no. (Yakobo 2:21-23; Adiyisɛm 7:1-17; Genesis 12:3; 22:15-18; Mateo 24:21, 22) Enti wobenyan eyinom afi wɔn owu nna no mu wɔ nkae ada mu ma wɔaba nkwa mu wɔ asase so.​—Yohane 5:28, 29.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena