-
Yesu Din Mu a Wobekura DennenAdiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
-
-
‘Mana a Ahintaw ne Ɔbo Fitaa’
17. Akatua bɛn na ɛda hɔ ma Kristofo a wɔasra wɔn a ‘wodi nkonim no,’ na dɛn na na ehia sɛ Kristofo a wɔwɔ Pergamo no di so nkonim?
17 Akatua kɛse da hɔ ma wɔn a wotie Yesu afotu a wɔnam Yehowa honhom kronkron akwankyerɛ so de ma no nyinaa. Tie! “Nea ɔwɔ aso no ntie nea honhom no ka kyerɛ asafo no: Nea odi nkonim no, mɛma no mana a ahintaw no bi adi, na mɛma no ɔbo fitaa, na ɔbo no so na wɔakyerɛw din foforo a obiara nnim, sɛ nea onya no.” (Adiyisɛm 2:17) Enti, wɔhyɛ Kristofo a wɔwɔ Pergamo nkuran sɛ ‘wonni nkonim,’ te sɛ Kristofo a wɔwɔ Smirna no. Sɛ wobedi nkonim a, na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔwɔ Pergamo, baabi a Satan ahengua si no kwati abosonsom. Ɛsɛ sɛ wodi ɔbrasɛe, ɔsom mu mpaapaemu ne ɔwae a ɛbata Balak, Bileam ne Nikolaisom ho no so nkonim. Ɛdenam saayɛ so no, wɔbɛto nsa afrɛ saa Kristofo a wɔasra wɔn no sɛ wommedi “mana a ahintaw no” bi. Eyi kyerɛ dɛn?
18, 19. (a) Na dɛn ne mana a Yehowa de maa Israelfo no? (b) Mana bɛn na wɔde hintawee? (d) Dɛn ho sɛnkyerɛnne na wɔde mana a ahintaw no di yɛe?
18 Mose bere so no, Yehowa de mana mae na awowaw Israelfo wɔ wɔn sare so akwantu no mu. Wamfa saa mana no anhintaw, efisɛ anɔpa biara—gye homeda nkutoo—epue anwonwa kwan so te sɛ fam bosu kyenkyenee kata asase ani. Ɛyɛ aduan a efi soro, a na ɛbɛma Israelfo no atra nkwa mu. Sɛ nkaede no, Yehowa hyɛɛ Mose sɛ ɔmfa “abodoo” yi bi nhyɛ sika kuruwa mu nsi apam adaka kronkron no mu Israel “awo ntoatoaso nyinaa mu.”—Exodus 16:14, 15, 23, 26, 33; Hebrifo 9:3, 4.
19 Sɛnkyerɛnnede a ɛfata bɛn ara ni! Wɔde mana yi hintawee wɔ ntamadan no mu Kronkron mu Kronkronbea hɔ, faako a anwonwa kwan so hann a ɛkata Adaka no mmuaso so no yɛɛ wɔ a Yehowa ankasa wɔ hɔ ho sɛnkyerɛnne no. (Exodus 26:34) Wɔamma obiara kwan sɛ ɔnkɔ saa Kronkronbea hɔ nkodi mana no bi. Nanso, Yesu se n’akyidifo a wɔasra wɔn a wodi nkonim no bedi “mana a ahintaw no.” Te sɛ Kristo a odii wɔn kan no, wɔankɔhyɛn “Kronkronbea a wɔde nsa yɛe a ɛyɛ Kronkronbea ankasa no ho sɛnkyerɛnne no mu, na mmom . . . ɔsoro ankasa.” (Hebrifo 9:12, 24) Wɔn wusɔre mu no, wɔhyɛ nea ɛmporɔw ne daa nkwa a owu nni mu—Yehowa nsiesiei a ɛyɛ nwonwa, a wɔde “mana a ahintaw” a ɛnsɛe da, a wɔde ma wɔn no na ɛyɛ ho mfonini. Hokwan bɛn ara na saa kuw ketewa nkonimdifo no nya sɛɛ yi!—1 Korintofo 15:53-57.
20, 21. (a) Dɛn ho sɛnkyerɛnne na ɔbo fitaa a wɔde ma Kristofo a wɔasra wɔn no yɛ? (b) Esiane sɛ abo fitaa 144,000 pɛ na ɛwɔ hɔ nti, anidaso bɛn na nnipakuw kɛse no wɔ?
20 Eyinom nso nsa ka “ɔbo fitaa bi.” Wɔ Roma asennibea no, na wɔde mmoba na ebu ntɛn.b Ɔbo fitaa kyerɛ bembu, bere a ɔbo tuntum kyerɛ afobu, mpɛn pii no owu. “Ɔbo fitaa” a Yesu de ma Kristofo a wɔwɔ Pergamo no bɛkyerɛ sɛ wabu wɔn bem, sɛ wɔyɛ kronn na wɔn ho tew. Nanso Yesu nsɛm no betumi akyerɛ biribi foforo bio. Romafo mmere mu no, wɔde mmoba nso dii dwuma sɛ tekit a ɛma obi tumi kɔ nneyɛe titiriw bi ase. Enti, na ɔbo fitaa no betumi akyerɛ biribi titiriw bi ama Kristoni a ɔredi nkonim a wɔasra no no—kwan a wɔbɛma no ma wakɔ baabi a nidi wɔ wɔ ɔsoro wɔ Oguammaa no ayeforohyia ase. Mmoba a ɛte saa 144,000 pɛ na wɔde ma.—Adiyisɛm 14:1; 19:7-9.
21 So eyi kyerɛ sɛ, sɛ woyɛ mfɛfo asomfo nnipakuw kɛse no mu biako a, wɔagyaw wo a wommu wo ho akontaa anaa? Dabida! Bere a wo nsa renka ɔbo fitaa a ɛbɛma wo kwan ma woakɔ soro no, sɛ wuhu amane tɔ wo bo ase a, wubetwa ahohia kɛse no na woayɛ Paradise a ɛbɛsan aba asase so ho adwuma a anigye wom no bi. Wɔn a wɔne wo benya eyi mu kyɛfa no bɛyɛ anokwafo a wɔtraa ase ansa na Kristofo mmere no reba, ne nguan foforo no mufo a ebia wowuwui nnansa yi a wɔanyan wɔn afi awufo mu no. Awiei no, wɔde owusɔre bɛdom awufo afoforo nyinaa a wɔagye wɔn aba nkwa mu wɔ asase so Paradise bi mu.—Dwom 45:16; Yohane 10:16; Adiyisɛm 7:9, 14.
22, 23. Edin a wɔkyerɛw wɔ ɔbo a wɔde ma Kristofo a wɔasra wɔn no so no kyerɛ dɛn, na nkuranhyɛ bɛn na ɛsɛ sɛ eyi de ma?
22 Dɛn ne din foforo a wɔakyerɛw wɔ ɔbo no so no? Edin yɛ ɔkwan a wɔfa so hu onipa bi, na ɛma onii no da nsow wɔ afoforo ho. Kristofo a wɔasra wɔn yi nsa ka ɔbo no bere a wɔawie wɔn asase so adwuma sɛ nkonimdifo no akyi. Ɛnde, ɛda adi pefee sɛ edin a ɛwɔ ɔbo no so no fa hokwan a wobenya aka Yesu ho wɔ ɔsoro no ho—adehye ɔsom dibea bi a ɛsen biara a wɔn a wonya ɔsoro Ahenni no di no nkutoo na wonya na wɔkyerɛ ho anisɔ kɛse. Enti, ɛyɛ din bi, anaa nea ɛka ne dibea ho asɛm, “a obiara nnim, sɛ nea onya no.”—Fa toto Adiyisɛm 3:12 ho.
23 Nea ɛsɛ sɛ ɛka Yohane kuw no ma etie “nea honhom no ka kyerɛ asafo ahorow no,” na ɛde adi dwuma bɛn ara ni! Na nkuranhyɛ bɛn ara na eyi yɛ ma wɔn ahokafo, nnipakuw kɛse no sɛɛ yi, na wɔne wɔn asom nokwaredi mu bere a wobetumi ne wɔn anya ayɔnkofa wɔ asase so ha na wɔne wɔn anya Yehowa Ahenni a wɔbɛma wɔahu no mu kyɛfa!
-
-
Yesu Din Mu a Wobekura DennenAdiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
-
-
[Kratafa 45 mfonini ahorow]
Wɔde mana no fã bi siee apam adaka no mu. Nea sɛnkyerɛnne kwan so mana a wɔde ma no kyerɛ ma nkonimdifo a wɔasra wɔn no ne sɛ wɔn nsa ka daa nkwa a owu nni mu
[Mfonini wɔ kratafa 45]
Wɔde ɔbo fitaa no ma wɔn a wɔma wɔn kwan kɔ Oguammaa no ayeforohyia no ase no
-