Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w81 10/1 kr. 17-18
  • Ɔfã 10: Onyankopɔn Mfirihyia Apem Ahenni Abɛn

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔfã 10: Onyankopɔn Mfirihyia Apem Ahenni Abɛn
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nkwa Mu A Wɔba Wɔ Mfirihyia Apem No Awiei
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
w81 10/1 kr. 17-18

Ɔfã 10: Onyankopɔn Mfirihyia Apem Ahenni Abɛn

Nkwa Mu A Wɔba Wɔ Mfirihyia Apem No Awiei

29. Ahotefo no nsra ne kurow a wɔdɔ no no ananmusifo mmapɔmma no a Onyankopɔn ma kwan ma ɛtra hɔ no kyerɛ sɛ wɔayɛ wɔn dɛn?

29 Enti, asetra a enni awiei a anuonyam wom bɛn ara na ɛretwɛn adesamma! Hwɛ! Yehowa Nyankopɔn ma kwan ma “ahotefo nsra” no ne “kurow a wɔdɔ no” no ananmusifo mmapɔmma no fi “Gog ne Magog” ne Satan Ɔbonsam ne n’adaemone no sɛe ano mu! Dɛn na kyerɛw a Onyankopɔn kyerɛw wɔn din wɔ “nkwa nhoma” no mu anaasɛ ɔma wɔn din tra “nkwa nhoma” no mu no kyerɛ? Eyi kyerɛ sɛ wabu wɔn trenee, wabu wɔn bem, esiane sɛ wokuraa wɔn mudi mu maa no, na wɔne Onyankopɔn Ba Yesu Kristo ne 144,000 yɔnko adedifo no abom wɔ Ɔsorosoroni Nyankopɔn, nneɛma pa nyinaa Bɔfo, no amansan tumidi a wɔkamfo kyerɛ no mu nti. Bu a Yehowa Nyankopɔn bu wɔn trenee no kyerɛ sɛ ɔde daa nkwa wɔ wɔn paradise fie hɔ hokwan ama wɔn.

30. (a) Hena na wɔn a wodi sɔhwɛ a etwa to no mu nkonim no de no ka daa, na ɛhe na wobegyina daa? (b) Bere bɛn na ‘wɔbɛba nkwa mu’ ankasa?

30 Ɔsoro Hene, Ɔsɔfo ne Ɔtemmufo, Yesu Kristo, na, ɛdenam ɔdɔ kwan a ɔnam so ne adesamma dii wɔ mfirihyia apem no mu no so de wɔn a wɔpɛ na wɔyɛ osetie no aba trenee a ɛyɛ pɛ mu honam mu. Sɛ wanyɛ saa ansa na mfirihyia apem no reba awiei a, ɛnde anka ɔbɛtwentwɛn ne nan ase sɛ ɔbɛdan wɔn ama sɔhwɛ a etwa to a ɔtemmufo Kunini, Yehowa Nyankopɔn de bɛba no. Dɛn ntia? Efisɛ anka obehu sɛ, esiane sɛ wonni trenee a ɛyɛ pɛ nti, wɔrentumi nnyina sɔhwɛ a efi soro no ano nni nkonim na wɔanya daa nkwa. Enti, wogyina Yehowa “nokware ntamadan” anaa asɔrefi no asase so adiwo hɔ sɛ n’asɔrefo wɔ trenee a ɛyɛ pɛ ne honam a bɔne biara nni mu mu. Wɔbɛkɔ so agyina hɔ daa denam ɔsoro sɔhwɛ no mu nkonimdi wɔ mudi a ahohorabɔ biara nni mu ne nokwaredi a enhinhim ma Amansan Hene Yehowa mu no so. Wɔbɛkɔ so ade Onyankopɔn Ba, Yesu Kristo, a ɔdɔ mu no ɔma woduu trenee a ɛyɛ pɛ mu no ka sɛ́ wɔn Ponfo ne Ogyefo, Awurade Yesu no adwuma a wɔawie ho adanse. Enti, saa bere no, na wɔaba nkwa mu ankasa!

31. Enti, ebedu Yesu Kristo mfirihyia apem ahenni no awiei no, dɛn na “awufo nkae” no nya, na dɛn na ɛba owu a ɛnam Adam so bae no so?

31 Saa nokwasɛm yi mu no, yetumi hu teɛ a asɛm a ɛwɔ Adiyisɛm 20:5 teɛ no: “Na awufo nkae no de, wɔannya nkwa bio kosi sɛ mfirihyia apem no bewie du ansa.” Sɛ wɔannya Yesu Kristo ne ne yɔnko adedifo 144,000 a wonyaa “owusɔre a edi kan” no mu kyɛfa no ma wɔanyɛ wɔn ho adwuma wɔ mfirihyia apem no mu a, anka “awufo nkae” yi renyɛ pɛ wɔ mfirihyia apem no awiei. Saa bere no na ‘owu (a yenya fii Adam mu no) yii awufo a ɛwɔ mu no mae, na wɔtow owu kyenee ogyatare no mu ma wonyaa “owuprenu” anaasɛ woyi fii hɔ.’ (Adi. 20:13, 14) Afei nea wɔaka asie wɔ 1 Korintofo 15:25, 26 no bam: “Na etwa sɛ odi hene kosi sɛ ɔde atamfo no nyinaa begu ne nan ase. Ɔtamfo a odi akyiri a obetu no agu ne owu.”

32. Ɔkwan bɛn so na Adiyisɛm 21:3, 4 bam ankasa saa bere no?

32 Afei, ɛdefa owu a yenya fii ɔbɔnefo Adam mu no ho no, ɛbɛbam ampa sɛ: “Na Onyankopɔn ankasa ne wɔn bɛtra. Na ɔbɛpopa wɔn aniwam nusu nyinaa. Na owu nni bio, na awerɛhow ne su ne yaw bi nni hɔ bio, efisɛ kan nneɛma no atwam.”​—Adi. 21:3, 4.

33. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔn a wonya nkwa no bɛda wɔn ho adi sɛ wɔfata sɛ wɔma wɔn nkwa a enni awiei? (b) Ɔkwan bɛn so na wobehu nokware a Romafo 6:23 yɛ no wɔ wɔn ankasa mu saa bere no?

33 So wɔn a wɔaba nkwa mu wɔ pɛyɛ mu wɔ mfirihyia apem no awiei yi bɛpaw sɛ wobekura saa nkwa yi mu daa? Wobetumi ayɛ saa denam da a wɔbɛda wɔn ho adi sɛ wɔfata sɛ nkwa nyinaa Nsuti Kɛse, Yehowa Nyankopɔn, de daa nkwa hokwan ma wɔn no so. Esiane sɛ wodi nkonim wɔ ɔkra nyinaa mu a wofi kura mudi mu ho sɔhwɛ a edi mu yi mu nti, wɔde hokwan a ɛsom bo sɛ wɔbɛbɔ wɔn nkwa ho ban na wɔama atra hɔ daa wɔ anigye mu no ma gyidifo ne nokwaredifo yi sɛ akatua. Enti wobehu wɔ wɔn ankasa mu sɛ: “Onyankopɔn dom akyɛde ne daa nkwa, yɛn Awurade Kristo Yesu mu.” (Rom. 6:23) Sɛ ɛnyɛ Onyankopɔn dɔ Ba a ɔwoo no koro no a ɔde no dii dwuma a, anka eyi rentumi nyɛ yiye mma adesamma abusua no.

34, 35. (a) Dɛn ne yɛn anidaso wɔ “nnipakuw kɛse” a ansa na “ahohiahia kɛse” no reba mpo no na wɔhyehyɛ ntade fitaa resom wɔ Yehowa honhom mu asɔrefi hɔ no ho? (b) Nkate bɛn na na Kora mma no wɔ wɔ Yehowa adiwo ho a wɔn a “wɔnteɛ” a wonyan wɔn no mpo betumi anya?

34 Hwɛ abotɔyam ara a ɛbɛyɛ saa bere no sɛ wobɛsom na woasɔre Onyankopɔn a ne din de Yehowa no wɔ ne honhom mu asɔrefi no asase so adiwo hɔ! Mfirihyia apem a anuonyam wom no mfii ase mpo no, ɛyɛɛ nokware wɔ “nnipakuw kɛse” a wofii “ahohiahia kɛse” no mu kae no ho sɛ na “wɔahohoro wɔn ntade ama ahoa nguamma no mogya no mu. Eyi nti na wɔwɔ Onyankopɔn ahengua anim, na wɔsom no awia ne anadwo n’asɔredan mu.” (Adi. 7:9, 14, 15) Anidaso wɔ hɔ sɛ saa “nnipakuw kɛse” a wɔahohoro wɔn ntade ama ahoa yi bɛkɔ so atra Onyankopɔn honhom mu asɔrefi no adiwo hɔ wɔ mfirihyia apem no nyinaa mu ne mudi a ɛyɛ pɛ ma Amansan Hene Yehowa ho sɔhwɛ bere a mfirihyia apem no aba awiei no mu. Wɔde wɔn a wonyan wɔn fi adamoa mu wɔ mfirihyia apem no mu no bɛba Yehowa honhom mu asɔrefi no asase so adiwo hɔ na wɔabɛsom no wɔ hɔ. Bere a wɔde anisɔ a ɛfata fi Yehowa som ase wɔ hɔ no, wɔn a “wɔnteɛ” a wonyan wɔn no mpo bɛte nka te sɛ Lewini Kora mma no:

35 “Wo fi da koro di ye sen nna apem, mepɛ me Nyankopɔn fi nammɔnnampan mu tra mmom sen sɛ mɛtra abɔnefo ntamadan mu. Na owia ne kyɛm ne Yehowa Nyankopɔn. Yehowa ma ɔdom ne anuonyam, ɔmfa papa nkame wɔn a wɔnam tee no.”​—Dw. 84:11, 12.

36. Onyankopɔn asɔrefi ho anisɔ bɛn a David daa no adi na Wɔn a wɔabɔ wɔn tirim sɛ wobekura wɔn mudi mu no benya?

36 Wɔn a wɔasi gyinae sɛ wofi koma nyinaa mu bekura wɔn mudi mu ama nokware teasefo Nyankopɔn koro no benya honhom fam nneɛma ho anisɔ a Dawid daa no adi no, bere a ɔkae sɛ: “Ade biako na masrɛ Yehowa, ɛno na mepere ho: sɛ me nna a midi nyinaa mɛtra Yehowa ofi, na mahwɛ Yehowa animtew na madwen me tirim, n’asɔrefi.”​—Dw. 27:4.

37, 38. (a) Tebea bɛn na awiei koraa no wɔbɛma Yehowa “nan ntiaso” no aba mu? (b) So ɔhonam fam paradise mu anigye nko na wɔn a wɔbɛtra ne “nan ntiaso” no so no benya, na ɔkwan bɛn so na wɔbɛgye ɔfrɛ a ɛwɔ Dwom a etwa to no mu no so?

37 Asase nyinaa bɛyɛ baabi a wɔsom ne Bɔfo nwonwafo no. Ɛyɛ ne “nan ntiaso,” bere a ɔsoro yɛ “n’agua.” (Yes. 66:1) Ne soro ahengua no wɔ anuonyam; na wɔbɛma asase a ɛyɛ ne nan ase ntiaso no anya anuonyam na ayɛ beae a ɛfata ma n’anan. Asase so baabiara bɛdan paradise, te sɛ Eden Turo, te sɛ Yehowa Turo. (Gen. 2:8; 13:10) Ɛbɛyɛ ahomeka ne anigyebea, efisɛ ɛbɛyɛ anigye kɛse trabea ama n’asomfo a afei de ‘Onyankopɔn anuonyam mmɔɔ wɔn’ no nyinaa. Wobenya Onyankopɔn su horow ma aboro so na wɔne Onyankopɔn anya abusuabɔ pa a anigye wom, na enti ɛbɛma wɔate nka sɛ wɔwɔ honhom mu paradise ne asase so paradise mu nso. Ɔbɔfo Kɛse no ne nnepa a enni kabea nyinaa Mafo no ayeyi ho nkuran bɛn ara na eyi nyinaa yɛ! Wɔbɛka ɔsoro dɔm no ho agye ɔfrɛ a emu yɛ hyew a Dwom a etwa to a efi honhom mu no de ma no so daa:

38 “Munyi Onyankopɔn ayɛ, ne kronkronbea, munyi no ayɛ ne tumi wi no mu! Munyi no ayɛ, ne mmaninyɛ mu, munyi no ayɛ sɛ ne kɛse a ɛsõ no te! Munyi no ayɛ torobɛnto nne so, munyi no ayɛ ɔbɛnta sanku ne sankuten so! Munyi no ayɛ mpintin ne asaw so, munyi no ayɛ asankuhan ne atɛntɛbɛn so! Munyi no ayɛ nsambɔ nnawuru a ɛne sõ so, munyi no ayɛ nnawuta a egyigye dennen so! Momma nea ɛhome nyinaa nyi Yehowa ayɛ! Munyi Yehowa ayɛ.”​—Dw. 150:1-6.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena