-
“Satan Nneɛma a Emu Dɔ” a YebekyiAdiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
-
-
8. (a) Yesu atemmusɛm a ɛfa “Isebel” a ɔwɔ Tiatira no ho ne dɛn? (b) Wɔate mmea nkɛntɛnso a ɛmfata nka nnɛ mmere yi mu dɛn?
8 Yesu kɔ so ka kyerɛ mpanyimfo a wɔwɔ Tiatira no sɛ: “Na memaa no bere sɛ ɔmfa nsakra n’adwene, na ɔmpɛ sɛ ɔsakra n’adwene fi n’aguamammɔ no mu. Hwɛ! Merebɛtow no makyene ɔyare mpa so, na mede wɔn a wɔne no sɛe aware no magu ahohia kɛse mu, gye sɛ wɔsakra wɔn adwene wɔ ne nnwuma ho.” (Adiyisɛm 2:21, 22, NW) Ɛda adi pefee sɛ, sɛnea mfiase Isebel dii Ahab so tumi, na afei otwaa Onyankopɔn brafo, Yehu, mpoa no, saa na ebia mmea nkɛntɛnso yi rebɔ mmɔden adaadaa okununom ne mpanyimfo no. Ɛte sɛ nea mpanyimfo a wɔwɔ Tiatira no rema Isebel nkɛntɛnso bɔne yi ho kwan. Ɛha no, Yesu de kɔkɔbɔ bi a emu yɛ den rema wɔne Yehowa nkurɔfo asafo a ɛwɔ asase so nyinaa nnɛ no nso. Nnɛ mmere yi mu no, mmea a wɔn asɛm yɛ den saa no bi ahyɛ wɔn kununom ma wɔadan awaefo mpo, na wɔama wɔasamana Yehowa nkoa anokwafo.—Fa toto Yuda 5-8 ho.
-
-
“Satan Nneɛma a Emu Dɔ” a YebekyiAdiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
-
-
10. (a) Dɛn nti na Isebel ne ne mma nya atemmu? (b) Asiane tebea bɛn mu na wɔn a wɔbɛyɛ Isebel mma no wɔ, na dɛn na ɛsɛ sɛ saafo no yɛ?
10 Yesu reka “saa ɔbea Isebel no” ho asɛm no, ɔkɔ so se: “Na mede [owuyare] mekum ne mma, na asafo no nyinaa ahu sɛ mene nea ɔhwehwɛ asabo ne koma mu, na mɛma mo mu biara sɛnea mo nnwuma te.” (Adiyisɛm 2:23) Na Yesu ama Isebel ne ne mma no bere sɛ wɔmfa nsakra wɔn adwene, nanso wɔkɔ so fa ɔbrasɛe akwan no so, ma enti ɛsɛ sɛ wonya atemmu. Nkrasɛm a tumi wom wɔ ha ma Kristofo nnɛ. Wɔn a wosuasua Isebel, sɛ wɔyɛ mmarima anaa mmea, ma enti wɔbɛyɛ ne mma denam tiyɛ ne Bible abrabɔ pa ho nnyinasosɛm ahorow sobu so anaasɛ wɔn ti yɛ den ma enti wobu ani gu teokrase nhyehyɛe pa so no, yare denneennen honhom mu. Ampa, sɛ obi a ɔte saa frɛ asafo no mu mpanyimfo ba ne nkyɛn ma wɔbɛbɔ no so mpae a, “gyidi mpaebɔ no bɛma ɔyarefo no ho ayɛ no den na Yehowa bɛma no so”—sɛ ɔde ahobrɛase yɛ n’ade ma ɛne saa mpaebɔ ahorow no hyia a. Nanso mma obiara nsusuw sɛ ɔnam ɔbrasɛe nneyɛe a ɔbɛbɔ mmɔden de ahintaw so anaasɛ ɔsom adwuma mu mmɔdenbɔ a ɔde bɛkyerɛ no so betumi adaadaa Onyankopɔn anaa Kristo.—Yakobo 5:14, 15, NW.
-
-
“Satan Nneɛma a Emu Dɔ” a YebekyiAdiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
-
-
13. Dɛn na ɛbɛba wɔn a wogyaa mu ma mmea nkɛntɛnso a enye no so?
13 Sɛ Yehowa Bɔfo ne Temmufo no, Onyankopɔn Ba no yɛ ade ɔkwan a ɛteɛ so de kyerɛ onii a nnɛyi Isebel yɛ, na ɔka no to ɔyare mpa so, efisɛ ne honhom mu yare no ano nni aduru ampa. (Malaki 3:1, 5) Wɔn a wɔama saa mmea nkɛntɛnso bɔne yi anya wɔn no nso benya ahohia kɛse—awerɛhow a ɛbɛto wɔn sɛ wɔatu wɔn afi asafo mu, wɔatwa wɔn afi Kristofo asafo no ho te sɛ nea wɔawu. Gye sɛ eyinom sakra wɔn adwene, dan wɔn ho, na wɔsan gye wɔn ba asafo no mu bio, anyɛ saa a honam fam owu nso da hɔ ma wɔn denam “owuyare” so—akyɛ koraa no, ahohiahia kɛse no mu. Ansa na saa bere no bedu no, sɛ wonu wɔn ho koraa wɔ wɔn nneyɛe bɔne no ho a, wobetumi asan agye wɔn.—Mateo 24:21, 22; 2 Korintofo 7:10.
-