Onyankopɔn Mfirihyia Apem Ahenni Abɛn
Mfirihyia Apem No Akyi Sɔhwɛ A Ɛba Adesamma Nyinaa So
1. Mfirihyia apem Atemmu Da no awiei no, dɛn ne ade a etwa to a ebehia sɛ adesamma a wɔasan de wɔn aba pɛyɛ mu no yɛ, na enti dɛn na Ɔtemmufo Abadiakyiri Yesu Kristo de yɛ wɔn?
ATEMMU DA a ne tenten yɛ mfirihyia apem no awiei no ná adesamma a wɔabu wɔn trenee no gyina wɔn Temmufo ne Ogyefo Yesu Kristo anim wɔ pɛyɛ mu. Nanso na wonnya nkyerɛe sɛ wɔfata daa nkwa wɔ paradise asase no so. Ɛsɛ sɛ wogyina Ɔsorosoroni Nyankopɔn, Yehowa Amansan Hene no Asennibea Kunini no anim. Nea ɛne saa ahwehwɛde a etwa to yi hyia no, ɛsɛ sɛ Yesu Kristo, Ɔtemmufo Abadiakyiri, no de adesamma abusua a afei wotumi di trenee ho dwuma wɔ pɛyɛ mu no ma ne Nyankopɔn ne n’Agya no ma osi gyinae wɔ wɔn a, sɔhwɛ mu no, wɔbɛda wɔn ho adi sɛ wɔfata ma daa nkwa akyɛde a ɛsom bo no wɔ asomdwoe ne anigye mu anaasɛ wɔmfata no ho. Pɛ a wɔyɛ no nyinaa akyi no, wɔda so yɛ nnipa a wotumi sɛe wɔn.
2. Ebedu saa bere no na dɛn na aba owu a ɛnam Adam so bae no so, na enti dɛn na Yehowa bɛhwɛ wɔ adesamma ankorankoro ho?
2 Owu a ɛbata adesamma ho esiane bɔne a wɔn desani agya a odi kan Adam yɛe wɔ Eden nti no afi hɔ, wɔasɛe no, te sɛ nea wɔatow akyene “ogya tare” mu ma ɛno ankasa awu no. (Adi. 20:14, 15) Nanso, so adesamma a afei wɔagye wɔn afi Adam owu ne sintɔ mu no befi wɔn ankasa pɛ mu ayɛ biribi a ɛfata owu a enni awiei wɔ Yehowa atemmu ase anaa? Henanom na wɔbɛda wɔn ho adi sɛ wɔn fata “owuprenu”? Eyi ne nea ɛsɛ sɛ Yehowa, Ɔtemmufo Kɛse no si ho gyinae sɛ Ɔtemmufo a Otwa To.
3. Sɛnea 1 Korintofo 15:24-28 kyerɛ no, nsakrae bɛn na ɛba?
3 Afei na ɔsomafo Paulo asɛm a ɔka siei wɔ 1 Korintofo 15:24-28 no bam: “Na awiei no . . . ɔde ahenni no bɛhyɛ Agya Nyankopɔn nsa, ɛda a obetu ahenni ne ahoɔden ne tumi nyinaa agu no. Na etwa sɛ odi hene kosi sɛ ɔde atamfo no nyinaa begu ne nan ase. Ɔtamfo a odi akyiri a obetu no agu no ne owu. Na ‘ɔde ade nyinaa agu ne nan ase.’ Na sɛ ɔka sɛ ɔde ade nyinaa agu ne nan ase a, emu da hɔ pefee sɛ nea ɔde nneɛma nyinaa gu ne nan ase [a ɔne Yehowa Nyankopɔn] no mfra mu bi; na sɛ onya de nneɛma nyinaa gu ne nan ase a, ɛno na Ɔba no ankasa nso de ne ho bɛhyɛ nea ɔde nneɛma nyinaa guu ne nan ase no ase, na Onyankopɔn ayɛ ade nyinaa mu ade nyinaa.”
4. Dɛn na ebehia sɛ Amansan Hene Yehowa hu wɔ adesamma a wɔayɛ pɛ no ho, na ɔbɛyɛ eyi wɔ ɔkwan bɛn so?
4 Esiane sɛ Ɔba no dan ahenni no ma ne Nyankopɔn ne n’Agya nti, ahenni no bɛyɛ Yehowa Nyankopɔn de. Enti na ahenni foforo biara nni Ɔsorosoroni Awurade Yehowa ne adesamma ntam. Na afei, adesamma bɛyɛ wɔn ade dɛn wɔ Onyankopɔn ahenni a edi wɔn so tẽe no ho? So wɔn nyinaa bɛda wɔn ho adi sɛ ne nkoa anokwafo de akosi daa anaa? Sɛ́ ankorankoro no, so wɔn nyinaa bɛkyerɛ sɛ ɔno na wɔpaw no sɛ wɔn Nyankopɔn daa anaa? Obi a wobebu no trenee denam ɔno ankasa ne nneyɛe so na wɔama no daa nkwa hokwan no yɛ aniberesɛm, a egye nokwaredi a edi mu wɔ onii a ne nsa bɛka hokwan a ɛsom bo yi fam. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn nam bɛkyerɛ wɔn a wɔn din bɛtra “nkwa nhoma” no mu no? Ɛbɛyɛ koma mu nokwaredi ne mudi mu kura ho sɔhwɛ, sɛnea ɛyɛe wɔ agyapanyin Hiob a ɔtraa Us asase so no asɛm no mu no.
5. Ɔkwan bɛn so na sɔhwɛ a wɔde bɛba adesamma a wɔayɛ pɛ so saa bere no ne Hiob de no behyia, na dɛn na ɛbɛma ada adi?
5 Mfirihyia apem wɔ Onyankopɔn Ba no ahenni no ase no, adesamma anya Onyankopɔn ayamye mu anigye na afei wɔwɔ paradise asase a ɛyɛ fɛ so. Sɛnea na ɛte wɔ Hiob asɛm no mu no, asemmisa no ne sɛ, So nneɛma pa a wayɛ ama wɔn no nkutoo nti na wɔdɔ Onyankopɔn na wɔsom no anaasɛ esiane nea ɔyɛ ankasa, nokware teasefo Nyankopɔn koro ne amansan Hene a Ɔfata, nti anaa? Wɔ Hiob asɛm no mu no, wɔsɔɔ ne mudi wɔ Yehowa Nyankopɔn mu no hwɛe denam Satan Ɔbonsam a wɔmaa no kwan ma ɔhaw no araa ma nea ɛkae ara ne sɛ obekum no no so. Enti afei, ɛdenam Satan ɔbonsam a wɔma no kwan ma ɔsɔ adesamma a wɔasan de wɔn aba pɛyɛ mu no hwɛ kosi baabi a Ade Nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn no ma ho kwan no so no, obetumi ama adesamma a wɔayɛ pɛ no ada wɔn ankorakoro nokwaredi ma Onyankopɔn adi wɔ pɛyɛ mu. Sɔhwɛ a ɛte saa bɛhwehwɛ sɛ woyi Satan ne n’adaemone no fi wɔn mfirihyia apem afiasenna wɔ bun mu no mu. Eyi ne nea ɛbɛba.
6. Adiyisɛm 20:7-10 ka nea ɛbɛba wɔ Kristo mfirihyia apem ahenni no awiei no ho asɛm dɛn?
6 Adiyisɛm 20:7-10 ka nea ɛba wɔ Yesu Kristo ne ne mfɛfo adedifo 144,000 no mfirihyia apem ahenni no awiei no ho asɛm kyerɛ yɛn, sɛ: “Na sɛ mfirihyia apem no wie du a, wɔbɛsan Satan afi n’afiase, na obefi adi akɔdaadaa amanaman a wɔwɔ asase afanan mu, Gog ne Magog no, akɔboaboa wɔn ano akɔ ɔsa, wɔn na wɔn ano dɔɔso sɛ mpoano anhwea. Na wɔforo kogyinaa asase tɛtrɛtɛ no so, na wotwaa ahotefo no ne kurow a wɔdɔ no no ho nsraban hyiae. Na ogya fi soro guu fam bɛhyew wɔn. Na Ɔbonsam a ɔdaadaa wɔn no, wɔtow no kyenee ogya ne sufre tare no mu, nea aboa no ne atoro diyifo no wɔ, na wɔbɛyɛ wɔn ayayade awia ne anadwo daadaa.”
7. Sɛ wogyaa no a, dɛn nti na Satan ne n’adaemone no nya ahotoso wɔ adesamma a wɔayɛ pɛ no ho, na dɛn asɛm na wɔbɛsan agye ho akyinnye?
7 Satan ne n’adaemone no a wobegyaa wɔn afi bun no mu no kyerɛ asase yi mpɔtam baabi a wɔbɛsan aba, faako a wobetumi anya adesamma a wogyaa wɔn ho mu ma wɔn no so tumi no. Adwene mu, abrabɔ mu, honhom mu ne honam mu pɛyɛ a adesamma anya nyinaa akyi no, Satan Ɔbonsam bɛkɔ so anya n’ankasa mu ahotoso. Ampa, odii nkogu wɔ agyapanyin Hiob asɛm no mu de, nanso odii kan dii nkonim bɛboro mfeha aduonu anan a atwam wɔ Adam ne Hawa asɛm no mu, bere a na wɔwɔ ɔdesani pɛyɛ mu wɔ Eden turo no mu no. Nanso, nsɛm abien no nyinaa mu no, akyinnyegyesɛm no yɛ biako, ɛne fata a Yehowa Nyankopɔn tumidi, a ɛhwehwɛ osetie koraa a abɔde adesamma bɛyɛ ama Onyankopɔn mmara ne n’ahyɛde horow no fata.
8. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔda no adi wɔ ha sɛ ɔsɛmpɔw a wɔde hyɛ adesamma nyinaa so ne nea ɛfa amansan tumidi ho no? (b) Henanom ne “ahotefo” no, na dɛn ne “kurow a wɔdɔ no” no?
8 Sɛ́ asɛm koro no ara na wɔde bɛba adesamma nyinaa so wɔ mfirihyia apem no awiei no da adi wɔ nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wɔn a Satan ne n’adaemone no daadaa wɔn no foro kogyina asase no so na “wotwa ahotefo nsra ne kurow a wɔdɔ no no” ho hyia no mu. Yiw, saa bere no na “ahotefo” wɔ asase so. Satan ne n’akyidifo a wɔwɔ asase so no twa eyinom ho hyia esiane sɛ wɔmma Satan ne n’adaemone no nnaadaa wɔn nti. Saa “ahotefo” yi ne adesamma a wɔasan de wɔn aba pɛyɛ mu a wokura wɔn mudi ma Onyankopɔn mu wɔ sɔhwɛ a etwa to yi mu no. Wɔte sɛ akofofo wɔ wɔn nsra mu a atamfo dɔm atow ahyɛ wɔn so. Wɔma nsonoe da “ahotefo” no ne “kurow a wɔdɔ no” no ntam. Wonni kurow no mu, na mmom wɔwɔ “nsraban” mu. Ɛnde, ɛda adi sɛ, saa “kurow” yi nyɛ kurow bi a wɔakyekye no asase so sɛ wiase nyinaa ahenkurow. Ɛsɛ sɛ eyi yɛ kurow a Yesu Kristo a wɔahyɛ no anuonyam no kaa ho asɛm kyerɛɛ n’akyidifo wɔ Adiyisɛm 3:12 no, na ɔfrɛ no “’me Nyankopɔn kurow a ɛyɛ Yerusalem foforo a efi soro ba fam fi me Nyankopɔn nkyɛn.”
9. Kurow a “wɔdɔ no” no yɛ henanom de, na ɔkwan bɛn so na esian fi soro Onyankopɔn nkyɛn?
9 “Kurow” yi yɛ nea Onyankopɔn ne “ahotefo” no “dɔ.” Yesu Kristo yɔnko adedifo 144,000 no akyerɛw “Yerusalem foforo” yi din ato wɔn so. Enni asase so te sɛ kurow bi a aniwa tua, na mmom ɛyɛ ɔsoro kurow a ɛnam ne nkɛntɛnso ne tumi mu a ɛtrɛw ma ɛka asase sotefo no so sian ba.
10. So Satan a wɔnsan no no tumi kɔ “kurow a wɔdɔ no no” so tẽe anaa, na enti, dɛn ne atirimpɔw a enti wɔtow hyɛ so no?
10 Saa “kurow” yi nyɛ basaa anaasɛ wɔnsɛe no wɔ ne mfirihyia apem tumidi wɔ adesamma so no akyi, na mmom nneɛma pa a afi mu aba no bɛkɔ so atra asase so wɔ “ahotefo” no mu. Ɛdenam ɔko a ɔde ba “kurow a wɔdɔ no” yi so no so no, Satan ɔbonsam bɔ mmɔden sɛ ɔbɛsɛe nneɛma pa a Yerusalem Foforo no ayɛ yi nyinaa. Ɔmpɛ sɛ mfaso horow yi tra hɔ ma adesamma daa. Esiane sɛ wɔaka no ahyɛ asase so, a ontumi nkɔ ɔsoro faako a wofi tow ɔne n’adaemone no gui bio nti, ne nsa ntumi nka “kurow a wɔdɔ no” a ɛwɔ soro hɔ no ankasa. Enti ɔko tia no sɛnea obetumi na ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛma trenee a wɔama aba asase so no nyinaa ayɛ hunu.
11. (a) Ɔkwan bɛn so na “ɔko” no bɛkɔ so afei? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔma ɛda adi sɛ ɔsɛmpɔw no nyɛ nea ɛfa Ade Nyinaa so Tumfoɔ a Onyankopɔn yɛ ho, na mmom fata a n’amansan tumidi fata?
11 Obiara ntumi nhwɛ kwan sɛ saa “ɔko” yi yɛ nea wɔde akode ahorow a nyansahufo ayɛ te sɛ nuklea ɔtopae, ne afeha a ɛto so aduonu yi mu akode ahorow bɛko. Nnipa a wɔbɛtra asase so wɔ mfirihyia apem no mu no remmoaboa akode a ɛte sɛɛ ano na wɔrensua akodi a ɛte saa bio. (Yes. 2:2-4) Ɛrenyɛ asraafo ntam akodi. Ebetumi aba sɛ atosɛm, nnaadaa, amansan tumidi no ho asoɔdenyɛ ho nkuran a wɔhyɛ ne akode atitiriw a wɔde bedi dwuma de anya nkurɔfo. Sɛ́ ɔsɛmpɔw no bɛyɛ nea ɛfa fata a Yehowa amansan tumidi fata ho mmom sen otumfoɔ a Onyankopɔn yɛ ho no da adi wɔ Satan a wɔde no to afiase mfirihyia apem wɔ bun no mu na afei woyi no a ɛkyerɛ tumi a Onyankopɔn wɔ sen Satan Ɔbonsam no mu. Esiane sɛ ɔda so ara yɛ Yehowa tumidi ho otuatewfo nti, ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛma adesamma ayɛ atuatewfo saa ara.
FAAKO A MFIRIHYIA APEM AKYI ATUATEW NO KODU
12. Ka a wɔka sɛ wɔn a Satan daadaa wɔn no “te sɛ mpoano anhwea” no kyerɛ dɛn?
12 Wɔkyerɛ sɛ nnipa dodow a Satan ne n’adaemone no tumi daadaa wɔn wɔ ɔsɛmpɔw titiriw yi ho no “te sɛ mpoano anhwea,” kyerɛ sɛ wonni ano. (Adi. 20:8) Eyi nkyerɛ sɛ ɛyɛ adesamma fã kɛse no ara. Sɛ nhwɛso no, wɔkae sɛ asraafo a wɔboom ko tiaa ɔtemmufo Yosua no dɔɔso te sɛ mpoano anhwea. (Yos. 11:4) Na wɔka atamfo a wobetuu Israel asase no so sa wɔ Yoas ba Gideon nna no mu ho asɛm sɛ: “Enni ano, wɔn dodow te sɛ mpoano anhwea.” (Ate. 7:12) Saa nso na wɔn a Satan bɛdaadaa wɔn no, ɛwom sɛ wɔnkyerɛ wɔn dodow, nanso wɔbɛdɔɔso sɛnea ɛsɛ ma ayɛ te sɛ nea wɔyɛ nnipakuw kɛse. Enti nkonim a Satan Ɔbonsam di no yɛ kakraa bi.
13. So pue a “wɔn a wɔwɔ asase afanan mu, Gog ne Magog” pue wɔ Paradise asase no so no nam owusɔre so anaa?
13 Wɔka wɔn a Satan tumi daadaa wɔn no ho asɛm sɛ “wɔn a wɔwɔ asase afanan mu, Gog ne Magog.” Pue a wopue wɔ Paradise asase no so no nyɛ nea ɛnam awufo a wonyan wɔn a “wɔn a wɔnteɛ” ka ho no so, na mmom efi adesamma a wɔasan de wɔn aba pɛyɛ mu no mu dodow bi a wɔnna no adi a Satan daadaa wɔn no so.
14. Ɛnde, ɔkwan bɛn so na wobetumi afrɛ wɔn “aman,” na ɔkwan bɛn so na wobetumi aka sɛ wɔwɔ “asase afanan mu”?
14 Wɔ mfirihyia apem Atemmu Da no mu no na adesamma a wɔbɛpaapae wɔn mu ayɛ wɔn aman ahorow biara mmae, na ná atɛn a wobu nkurɔfo no nyɛ nea egyina ɔman a wofi mu so. Nokwasɛm a ɛyɛ sɛ wɔfrɛ wɔn a Satan a wɔagyaa no no daadaa wɔn no “aman” no kyerɛ sɛ, te sɛ Satan no, wonnye Yehowa amansan tumidi ntom, na mmom wɔpaw sɛ wɔde wɔn ankasa asase so ahenni besi hɔ, te sɛ ɔman tumidi. Ebia wɔrennya nkabom nniso wɔ wɔn so, nanso esiane mpaapaemu a ɛwɔ wɔn mu nti, ebia wobenya akuw tumidi ahorow. Frɛ a wɔfrɛ wɔn “wɔn a wɔwɔ asase afanan mu” no de adwene no ba sɛ wɔmmɛn “kurow a wɔdɔ no” no. Enti, wɔ suban a wɔwɔ wɔ tumidi ho fam no, wɔn a wɔadaadaa wɔn no atwe wɔn ho afi Yehowa Nyankopɔn tumidi ho koraa. Wɔn fam no, Yehowa Nyankopɔn mmɛyɛ “ade nyinaa mu ade nyinaa.”
15, 16. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔadaadaa wɔn na wɔpɛ amansɛmdi no te sɛ “Gog ne Magog” wɔ bere a wodi dwuma ne wɔn a wɔsɔre tia wɔn no ho? (b) Ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔdaadaa wɔn no te sɛ Gog wɔ sɛnea Yehowa dannan wɔn wɔ wɔn ntua no mu no mu?
15 Wɔfrɛ wɔn a wɔadaadaa wɔn yi a wɔpɛ amansɛmdi yi “Gog ne Magog” ma ɛfata yiye. Ɛdefa mfitiase “Gog a ofi Magog asase so,” sɛnea wɔka siei wɔ Hesekiel nkɔmhyɛ mu, no ho no, awiei koraa no ɔtow hyɛɛ Yehowa Nyankopɔn asomfo so. Ɔyɛɛ eyi bere a wɔde saa asomfo yi kogyinaa wɔn gyinabea a ɛfata wɔ asase so a ná wɔn asase abɛyɛ te sɛ “Eden turo” no. (Hes. 36:35) Na na wɔte “asase a ano da hɔ” so ma “wɔwɔ hɔ komm a wɔte hɔ dwoodwoo, wɔn nyinaa tete hɔ a wonni ɔfasu” na wonni “apon akɛse ne akyiri adaban” mpo. (Hes. 38:11) Afei nso, nkurɔfo a wɔwɔ “Magog asase so” no gyinaa wɔn hene no akyi wɔ Yehowa asomfo a wɔtow hyɛɛ wɔn so te sɛ nea wonni ahobammɔ biara no mu. Nanso Gog fi akyirikyiri ankasa na ɔba bɛtoa wɔn, efisɛ, sɛnea Yehowa aka no: “Mɛdannan wo, na mede kɔtɔkorɔ mawuwura w’afono mu, na mayi wo ne wo dɔm nyinaa, mfe a edi akyiri no mu, wobɛba asase a wɔadan ɛsofo . . . de wɔn abesi hɔ.”—Hes. 38:4-8, Twi Bible Foforo.
16 Wɔn a Satan Ɔbonsam daadaa wɔn bere a mfirihyia apem Atemmu Da no aba awiei no bedi ɔbirɛmpɔn a aniwa nhu no a Yehowa Nyankopɔn yii no fii bun mu nkyɛe no akyi ma wɔatow ahyɛ adesamma a wɔasan de wɔn aba pɛyɛ mu no so. Ɛdenam yi a woyi wɔn fi bun no mu no so no, wɔma Satan Ɔbonsam ne n’adaemone no tow hyɛ asase yi so bio na wɔbɛn adesamma a wɔwɔ Paradise asase a mprempren ɛte sɛ Eden Turo so no. Enti tow a ɔtow hyɛ wɔn so yi mu no, Satan Ɔbonsam a wɔagyaa no yi te sɛ nea wɔde akɔtɔkorɔ awurawura n’afono mu retwe no wɔ Yehowa akwankyerɛ ase. Na te sɛ ɔno no, wɔde kɔtɔkorɔ wurawura wɔn a Satan Ɔbonsam daadaa wɔn saa bere yi no afono mu twe wɔn ma wɔkɔtow hyɛ ‘ahotefo no nsraban ne kurow a wɔdɔ no’ no so. (Adi. 20:7-9) Enti wobetumi de din Gog ne Magog no aka adesamma mu nnipa a wɔpɛ amansɛmdi a wɔtow hyɛ wɔn a wɔde nokwaredi gyina Yehowa Nyankopɔn amansan tumidi no akyi no so na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛsɛe wɔn no ho asɛm ma ɛfata yiye.
17, 18. (a) So nkurɔfo a wɔadaadaa wɔn yi betumi atow ahyɛ “kurow a wɔdɔ no” no so tẽe anaa, na ɔkwan bɛn so na wodi wɔn ntua no ho dwuma? (b) Kristo mfirihyia apem ahenni no awiei no, dɛn na ebehia sɛ ne mmapɔmma a wɔwɔ asase so no yɛ, na dɛn ntia?
17 Adesamma mufo bi a wɔadaadaa wɔn, a wɔyɛ nnipa ara kwa wɔ asase so no rentumi ntow nhyɛ ɔsoro Yerusalem Foforo no so tẽe, nsen nea wɔn kannifo a aniwa nhu no, Satan Ɔbonsam betumi ayɛ no. Nanso wobetumi abɛn wɔn a wogyina ɔsoro Mesia nniso no ananmu asase so nokwaredi mu, a wɔyɛ “asase no so mmapɔmma” no. Eyinom a Daa Agya Yesu Kristo, Yerusalem Foforo no Hene no paw wɔn sɛ mmapɔmma no, wɔasom sɛ “kurow a wɔdɔ no” no ananmusifo a aniwa hu wɔn. Na bere a ne mfirihyia apem ahenni awiei no, Onyankopɔn Ba a ɔyɛ ɔhene no ‘de ahenni no hyɛ Agya Nyankopɔn nsa’ no, ɛho behia sɛ asafohene a wɔwɔ asase so no yɛ ade a ɛte saa ara. Ɛsɛ sɛ wosuasua Onyankopɔn Ba a “ɔde ne ho bɛhyɛ nea ɔde nneɛma nyinaa guu ne nan ase no,” ne soro Agya, “no ase” no.
18 Enti Daa Agya Yesu Kristo “mma” asafohene yi suasua no ma ɛfata na wɔde wɔn ho hyɛ ne Nyankopɔn ne n’Agya no ase sɛ Nea ɔfata sɛ odi amansan nyinaa so tumi no ase. Sɛ́ anka wɔde ahantan bɛsɔre atia nsakrae yi no, wɔyɛ wɔn ade sɛ Kristo na wɔde wɔn ho hyɛ Yehowa amansan tumidi no ase. Wɔn a Satan Ɔbonsam adaadaa wɔn no de akyinnyegye ne nhyɛso sɔre tia wɔn na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛsakra “kurow a wɔdɔ no” no ananmusifo a wɔwɔ asase so no adwene, nanso eyinom gyina pintinn. Wokura wɔn mudi ma Ɔsorosoroni Nyankopɔn no mu, na wɔde nokwaredi gyina ne tumidi a ɛfata wɔ asase nyinaa so ne amansan nyinaa mu no akyi. Ntɛm ara wɔpaw sɛ wɔbɛma Yehowa Nyankopɔn ayɛ “ade nyinaa mu ade nyinaa” wɔ wɔn ankasa fam.—1 Kor. 15:24-28.
“GOG NE MAGOG” NE WƆN DAADAAFO PANYIN NO A WOYI WƆN FI HƆ
19. Bere a wɔn a wɔadaadaa wɔn no atow ahyɛ wɔn so no, ɔkwan bɛn so na ɛnyɛ Onyankopɔn mu gyidi nko na nokwaredifo no da no adi, na mmom wɔda wɔn mudi ma n’amansan tumidi no nso adi?
19 Wɔ saa “ɔko” a Satan Ɔbonsam aboaboa ne nkurɔfo a wadaadaa wɔn wɔ asase so no ano ama no mu no, ‘ahotefo nsraban’ ne “kurow a wɔdɔ no” no ananmusifo a wɔwɔ asase so no mfa honam fam akode ne wɔn nko Na, wɔrentumi nkum Satan Ɔbonsam ne n’adaemone abɔfo a wontumi nhu wɔn anaasɛ nnu faako a wɔwɔ no. Na, ɛwom sɛ wohu wɔn a wɔadaadaa wɔn a wɔbom yɛ “Gog ne Magog” no wɔ asase so de, nanso anokwafo a wɔpaw Yehowa amansan tumidi no nkunkum wɔn a wɔadaadaa wɔn yi mfi hɔ, na wonni dwuma saa kwan yi so sɛ abrafo wɔ wɔn a wɔadaadaa wɔn no so. Bere a wɔapaw sɛ wobegyina Yehowa Nyankopɔn afã no, wɔma ɔda n’amansan tumidi no adi kyerɛ wɔn a wɔadaadaa wɔn no. Wɔma ɔko no yɛ Yehowa de, na enti wɔmmɔ mmɔden sɛ wobedi dwuma sɛ n’abrafo dɔm na wɔde akode a edi awu ako. Ɛnyɛ gyidi nko na eyi da no adi wɔ wɔn fam, na mmom, ɛda nokwaredi a ɛyɛ pɛ ma Yehowa Nyankopɔn ne n’amansan tumidi no adi. Ma Ɔno ankasa nye wɔn, na Ɔnsɛe wɔn a wonni nokware no! Ahotoso mu no, wogyina hɔ komm hwɛ “Yehowa nkwagye” wɔ wɔn fam—2 Be. 20:15-17.
20. (a) Wɔ ɔsoro ahobammɔ ase no, dɛn na nokwaredifo no benya ho kwan ahu (b) Dɛn na saa ɔsoro adeyɛ yi kyerɛ ma wɔn a wonni nokware no?
20 Bere a wɔte “Tweaduampɔn nwini ase” no, wɔn a wokura wɔn nokwaredi ma Yehowa amansan tumidi mu no, ɛnyɛ wɔn ani nko na wɔde ‘bɛhwɛ na wɔahu abɔnefo akatua.’ (Dw. 91:1, 8) , Wobehu nea wɔka siei wɔ Adiyisɛm 20:9 a ɛfa mfirihyia apem no akyi “Gog ne Magog” ho no mmamu: “Na wɔforo kogyinaa asase tɛtrɛtɛ no so, na wotwaa ahotefo no ne kurow a wɔdɔ no no ho nsraban hyiae. Na ogya fi soro guu fam bɛhyew wɔn.” Adesamma mu nnipa a wonni nokware yi benya ogya asubɔ a ɛkyerɛ wɔn daa ɔsɛe. Onyankopɔn mmu wɔn bem anaasɛ ommu wɔn trenee na wɔakyerɛw wɔn din wɔ “nkwa nhoma” no mu. (Rom. 8:33) Eyi nyɛ Yehowa amansan tumidi no a ɔde redi dwuma sɛnea ɛnsɛ, na mmom ɛho dwuma a ɛfata a odi wɔ n’atamfo so.
21. (a) Ná wobeyi Satan afi bun no mu bere tenten bɛn, na so adi n’atirimpɔw ho dwuma afei? (b) Na bun no mu a wɔbɛsan de no akɔ no bɛkyerɛ dɛn?
21 Nanso, daa ɔsɛe a ɛba nsɛmmɔnedifo a wɔmpɛ papa so no nyi Satan Ɔbonsam ne n’adaemone abɔfo no mfi asase so. Afei de na bere tenten a wɔde atra ase fi bere a woyii no fii bun no mu no adɔɔso sɛnea ɛsɛ. Adi Onyankopɔn atirimpɔw a enti ogyaa no no ho dwuma awie; ntease foforo biara nni hɔ a enti ɛsɛ sɛ wɔma ɔne n’adaemone no kɔ so nenam hɔ. Yɛkae sɛ wɔakyerɛw wɔ tow a wɔbɛtow no akyene bun no mu mfirihyia apem no ho sɛ: “Na ɛno akyi no etwa sɛ wogyaa no kakra.” (Adi. 20:3) Bere “kakra” a emu na Satan Ɔbonsam abɔ mmɔden sɛ ɔbɛdaadaa adesamma a wɔasan de wɔn aba pɛyɛ mu no dodow a obetumi ma wɔanya adwene sɛ Yehowa redi ne tumi wɔ asase so no wɔ ahantan ne ɔkwan a ɛnteɛ so no asõ. Afei dɛn? So wɔsan tow Satan ne n’adaemone no gu bun mu bio anaa? Saa a wɔbɛyɛ no bɛkyerɛ sɛ wɔbɛsan agyaa wɔn bio, sɛnea woyii Yesu Kristo ankasa fii bun bi mu, na wɔmaa sɛnkyerɛnne kwan so mmoadabi no fii bun mu bae, na “aboa” a Babilon Kɛse no te no so no fi bun mu bae no.—Rom. 10:7; Adi. 9:1-3; 17:8; fa toto Adi. 11:7 ho.
22, 23. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔabua asɛm a Satan kae wɔ nnipa ho no, na hena na odi nkonim wɔ saa ɔsɛmpɔw a atra hɔ bere tenten a wobua yi mu? (b) Dɛn na ɛba Satan ne n’adaemone no so afei?
22 Ná nkɔnsɔnkɔnsɔn a wɔde kyekyere Satan Ɔbonsam ne n’adaemone no de wɔn guu afiase no yɛ bere tiaa mu ahohiahia bi ma wɔn. So bun no mu a wɔbɛsan de wɔn akogu no bɛyɛ bere tiaa mu ahohiahia bio ama wɔn, anaasɛ ɛbɛkɔ so daa? Dɛn na ɛba wɔn so bere a wɔahu sɛ wɔde ɔsɛe a ɛte sɛ ogya aba wɔn a wɔdaadaa wɔn wɔ asase so no so no akyi? Afei de na Satan anya asɛm a wagye ho akyinnye bere nyinaa no ho mmuae, a ɛne sɛ nnipa a wɔwɔ asase so som Yehowa Nyankopɔn esiane nea wonya fi ne nkyɛn kwa nti, ne sɛ onipa biara nni hɔ a ɔbɛkɔ so adi Yehowa nokware esiane nokware dɔ a ɔwɔ ma no nti, wɔ sɔhwɛ a emu yɛ den a Satan Ɔbonsam de ba mu. Saa mmarima ne mmea nokwaredifo a wɔka asase so bere a wɔasɛe wɔn a wɔanni nokware no yɛ Satan akyinnyegye no ho mmuae ankasa, ma ɛda adi sɛ n’asɛm a ɔka no nyɛ nokware, ne sɛ, ɔyɛ ɔtorofo. Akyinnyegye a akɔ so mfirihyia mpem ason no aba awiei nkonimdi mu ama nokware Nyankopɔn no, enti ntease biara nni hɔ sɛ Satan ɔbonsam ne n’adaemone no bɛkɔ so atra ase. Onyankopɔn abodwokyɛre ma wɔn no aba awiei. Esiane eyinom nti, ɔnsan mfa abɔfo atuatewfo yi nkogu bun no mu bio. Enti dɛn na ɛba wɔn so?
23 “Na ɔbonsam a ɔdaadaa wɔn no, wɔtow no kyenee ogya ne sufre tare no mu, nea aboa no ne atoro diyifo no wɔ hɔ, na wɔbɛyɛ wɔn ayayade awia ne anadwo daadaa.”—Adi. 20:10.
24, 25. (a) Dɛn na ogya tare no mu a wɔtow Satan ne n’adaemone no gu no kyerɛ ma wɔn? (b) Dɛn nti na eyi yɛ owu soronko?
24 Ayayade a wɔyɛ Satan Ɔbonsam wɔ ogya ne sufre ɔtare no mu no kyerɛ ade koro no ara ma ɔno ne n’adaemone no sɛnea ɛkyerɛ ma sɛnkyerɛnne kwan so aboa no ne atoro diyifo no. Na ɛne dɛn? Daa ɔsɛe. (Adi. 19:20) Satan Ɔbonsam ne n’adaemone no rentra hɔ bio, na sɛnkyerɛnne kwan so aboa no ne atoro diyifo no nso rentra hɔ bio. Wɔnkyerɛw wɔn din wɔ ɔsoro “nkwa nhoma” biara mu. Nkwa biara yɛ nkwa, sɛ ɛkɔ so anigye mu o, amanehunu mu o. Enti sɛnkyerɛnne kwan so “ogya ne sufre tare” no mu a wɔde wɔn gu no nkyerɛ sɛ wɔrekora wɔn so nkwa mu ma wɔahu amane wɔ wɔn nipadua mu ne adwene mu.
25 Sɛnkyerɛnne kwan so “ɔtare” no nkyerɛ nea wɔfrɛ no “teaseawu” no. Egyina hɔ ma owu foforo, a ɛsono no wɔ owu a adesamma nyinaa nam awo so nya fii abɔnefo Adam ne Hawa mu, a ɛda adi sɛ ɛne owu a edi kan a ɛbaa adebɔ mu abɔde a wɔbɔɔ wɔn Onyankopɔn suban so mu no ho. Ɛda adi sɛ owu a yenya fii awo mu yi nyɛ nea ɛtra hɔ daa, bere a wɔma ɛyɛ te sɛ “nna” denam owusɔre a Yesu Kristo wu nie ne wusɔre no de ba no so.—1 Kor. 15:20-22.
26. Dɛn nti na wɔfrɛ owu soronko yi”owuprenu” ma ɛfata, na wɔnkyerɛw nnipa a eyi ba wɔn so no din wɔ he?
26 Owu a wɔde “ogya ne sufre tare” no yɛ ho sɛnkyerɛnne no yɛ soronko wɔ owu a adesamma nya fii Adam mu no ho efisɛ ɛnte sɛ nna a etumi ba awiei denam nyan a onii nyan so, na mmom ɛyɛ ɔsɛe koraa, owu a enni awiei. Owu a yenya fii Adam mu no ne ‘owu a edi kan.’ Enti wɔfrɛ owu soronko yi a wɔde ‘ogya ne sufre tare’ yɛ ho mfonini sɛ “owuprenu” ma ɛfata. Eyi ne nea ɛkyerɛ ma nnipa a wɔwɔ asase so a wɔhyɛn mfirihyia apem Atemmu Da no mu, nanso akyiri yi wɔnkyerɛw wɔn din wɔ Onyankopɔn “nkwa nhoma” no mu no. Kyerɛwnsɛm a efi honhom mu no da nea “ogya tare” no kyerɛ ma eyinom a wɔmfata mma daa nkwa no adi, sɛ: “Na wɔtow owu ne asaman guu ogya tare no mu; eyi ne owuprenu no. Na obiara a wɔanhu no sɛ wɔde no ahyɛ nkwa nhoma no mu no, wɔtow no kyenee ogya tare no mu.”—Adi. 20:14, 15.
27, 28. (a) Dɛn nti na Satan ne n’adaemone no betumi awu “owuprenu” no? (b) Ɛnde, dɛn na yɛ a wɔyɛ wɔn ayayade wɔ ogya tare no mu daa no kyerɛ?
27 Saa nkyerɛkyerɛmu a efi soro a ɛfa nea “ogya tare” no yɛ ho sɛnkyerɛnne no yɛ nea wodi ho adanse a ɛto so abien wɔ nkyekyem kakraa a edi akyiri no mu, faako a yɛkenkan sɛ: “Nea odi nkonim no benya eyinom adi, na mɛyɛ no Onyankopɔn, na ɔno nso ayɛ me ɔba. Na ahufo ne wɔn a wonnye nni ne akyideyɛfo ne awudifo ne nguamammɔfo ne adutofo ne abosonsomfo ne atorofo nyinaa benya wɔn kyɛfa wɔ ɔtare a ogya ne sufrɛ dɛw mu no mu, ɛne owuprenu no.” (Adi. 21:7, 8) Esiane sɛ nkyerɛkyerɛmu ahorow a wɔde ama wɔ “ogya tare”, no ho no nyinaa hyia, wɔ asɛm koro no ara mu wɔ Adiyisɛm ti 19-21 nti, ɛnde na nea “ogya tare” kyerɛ ma nnipa a wɔankyerɛw wɔn din wɔ “nkwa nhoma” no mu no, saa nso na ɛkyerɛ ma Satan Ɔbonsam ne n’adaemone no. Ɛkyerɛ “owuprenu.” Ɛnkyerɛ kyenkyen ara sɛ onii wu mprenu, na mmom sɛ owu owu a ɛto so abien a Bible ka ho asɛm no, na ɛno yɛ owu a enni awiei.
28 Enti, Satan ne n’adaemone no betumi awu saa owu yi, ɛwom sɛ wonwui da de. Ná nkwa biara nni owu a edi kan a ɛnam onipa a odi kan no bɔne so bae no mu. Na saa ara nso na nkwa ketekete mpo nni “owuprenu” a ɛyɛ asotwe ma wɔn a wofi wɔn pɛ mu yɛ Onyankopɔn so asoɔden, na mpo wɔsɛe wɔn pɛyɛ wɔ eyi a wɔyɛ mu no mu. Enti, Kyerɛwsɛm mu nnyinasosɛm ahorow nyinaa ma ɛda adi sɛ Satan ne n’adaemone no amanehunu wɔ ogya ne sufre tare no mu daa no kyerɛ sɛe a wɔbɛsɛe wɔn, ayi wɔn afi hɔ koraa, atɔre wɔn ase afi honhom mu asetra mu daapem. Ne saa nti, Onyankopɔn benya amansan a adaemone biara nni mu, a ɔremma kwan mma adaemone biara mma mu bio.