Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w99 3/1 kr. 18-23
  • Yehowa Nhyira Ma Yɛn “Asase” Yi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa Nhyira Ma Yɛn “Asase” Yi
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asubɔnten Bi Sen Asase a Wɔayɛ no Foforo no So
  • Nhyira Pii a Ɛsen
  • Nsu no Ma Wonya Nkwa!
  • Asubɔnten no Sen Fa Paradise Mu
  • “Baabiara a Asubɔnten No Bɛkɔ No, Biribiara a Ɛwɔ Hɔ Benya Nkwa”
    Nokware Som—Yehowa Ama So Bio!
  • Hesekiel Nhoma no Mu Nsɛntitiriw—II
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • “Fa Wo Koma To” Onyankopɔn Asɔrefie No So!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • “Ka Asɔrefi No Ho Asɛm”
    Nokware Som—Yehowa Ama So Bio!
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
w99 3/1 kr. 18-23

Yehowa Nhyira Ma Yɛn “Asase” Yi

“Baabiara a asu a ɛboro so yi bɛkɔ hɔ benya nkwa.”—HESEKIEL 47:9.

1, 2. (a) Nsu ho hia dɛn? (b) Asubɔnten a ɛwɔ Hesekiel anisoadehu no mu yɛ dɛn ho mfonini?

NSU yɛ biribi a ɛho hia. Asase so abɔde nyinaa nkwa gyina so. Yɛn mu biara ntumi ntra ase bere a ɔnnom nsu. Ɛno ara nso na yɛde tew nneɛma ho, efisɛ nsu tumi hohoro fĩ. Enti, yɛde guare, horo yɛn ntama, na yɛde hohoro yɛn aduan ho mpo. Saa a yɛbɛyɛ no betumi agye yɛn nkwa.

2 Bible de nsu yɛ Yehowa honhom fam nsiesiei a ɛma nkwa no ho mfonini. (Yeremia 2:13; Yohane 4:7-15) Nea ɛka saa nsiesiei ahorow yi ho ne ne nkurɔfo a ɔnam Kristo agyede afɔrebɔ so tew wɔn ho, ɛne Onyankopɔn ho nimdeɛ a ɛwɔ N’asɛm mu no. (Efesofo 5:25-27) Wɔ Hesekiel anisoadehu no mu no, anwonwakwan so asubɔnten a ɛsen fi asɔrefie hɔ no yɛ saa nhyira a ɛma nkwa no ho sɛnkyerɛnne. Nanso bere bɛn na saa asubɔnten no sen, na dɛn na ɛkyerɛ ma yɛn nnɛ?

Asubɔnten Bi Sen Asase a Wɔayɛ no Foforo no So

3. Dɛn na Hesekiel hui a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Hesekiel 47:2-12 no?

3 Sɛ́ nnipa a wɔafa wɔn nnommum kɔ Babilon no, na Hesekiel nkurɔfo no hia Yehowa nsiesiei ankasa. Ɛnde, hwɛ abotɔyam a na ɛyɛ sɛ Hesekiel hui sɛ nsu ketewa bi fi asɔrefie hɔ resen wɔ anisoadehu no mu no! Ɔbɔfo bi susuw asuten no, na ɔma ntam kwan no yɛ ahinasa 1,000. Emu dɔ fi ne nan ase kɔ ne kotodwe kɔka n’asen mu, na ɛdan asu kɛse a wotumi guare mu. Asubɔnten no ma nkwa, na ɛma nnɔbae yɛ yiye. (Hesekiel 47:2-11) Wɔka kyerɛ Hesekiel sɛ: “Asu no kɔn so ha ne ha na nnua a wodi ahorow nyinaa befifi.” (Hesekiel 47:12a) Bere a asu no bɔ Po a Awu—asu a nkwa nnim mu—no, nkwa ba mu! Mpataa kyinkyin mu. Wofi ase yi mu mpataa.

4, 5. Ɔkwan bɛn so na Yoel nkɔmhyɛ a ɛfa asubɔnten ho no te sɛ Hesekiel de no, na dɛn nti na eyi ho hia?

4 Ɛbɛyɛ sɛ nkɔmhyɛ a ɛyɛ anigye yi maa Yudafo a wɔwɔ nnommum no kaee nkɔmhyɛ foforo a na wɔadi kan ayɛ ho kyerɛwtohɔ bɛboro mfeha abien no: “Ɛda no, mmepɔw bɛsosɔ nsamono, na nkoko asen nufusu, na nsu asen Yuda abon nyinaa mu; na nsuaniwa befi [Yehowa, NW] fi asen na akɔfɔw [Ɔkanto Nnua, NW] bon no.”a (Yoel 3:18) Yoel nkɔmhyɛ no, te sɛ Hesekiel de no, ka siei sɛ asubɔnten bi bɛsen afi Onyankopɔn asɔrefie hɔ, na ama asasenini asow aba.

5 Ɔwɛn-Aban fi bere tenten akyerɛkyerɛ mu sɛ Yoel nkɔmhyɛ no renya mmamu wɔ yɛn bere yi mu.b Ɛnde, akyinnye biara nni ho sɛ, saa ara na Hesekiel anisoadehu a ɛte sɛ ɛno no renya mmamu. Yehowa nhyira asen ampa wɔ Onyankopɔn nkurɔfo asase a wɔasiesie so nnɛ no so te sɛ tete Israel de no ara pɛ.

Nhyira Pii a Ɛsen

6. Dɛn na ɛbɛyɛ sɛ mogya a wɔde petee anisoadehu mu afɔremuka no so no maa Yudafo no kaee?

6 Ɛhe na Onyankopɔn nkurɔfo a wɔasan de wɔn aba no nhyira no fi? Wiɛ, hyɛ no nsow sɛ nsu no sen fi Onyankopɔn asɔrefie hɔ. Saa ara na nnɛ, nhyira no fi Yehowa hɔ denam ne honhom fam asɔrefie kɛse—nhyehyɛe a wayɛ ama nokware som—no mu. Hesekiel anisoadehu no kyerɛkyerɛ biribi foforo a ɛho hia mu. Wɔ fam abangua no so no, asuten no sen fa afɔremuka no ho, anafo fam pɛɛ. (Hesekiel 47:1) Anisoadehu mu asɔrefie no mfinimfini pɛɛ na afɔremuka no si. Yehowa ka ho asɛm pefee kyerɛ Hesekiel, na ɔhyɛ sɛ wɔmfa afɔrebɔ mogya mpete so. (Hesekiel 43:13-18, 20) Ná saa afɔremuka no kyerɛ biribi titiriw ma Israelfo nyinaa. Ná wɔahyɛ wɔne Yehowa ntam apam no mu den dedaw ansa na Mose de mogya petee afɔremuka no so wɔ Bepɔw Sinai ase. (Exodus 24:4-8) Enti ɛbɛyɛ sɛ mogya a wɔde pete anisoadehu mu afɔremuka no so no kaee wɔn sɛ bere tenten a wɔasan aba wɔn asase a wɔasan de ama wɔn so no, sɛ wɔkɔ so di apam a wɔne Yehowa yɛe no so a, wobenya ne nhyira.—Deuteronomium 28:1-14.

7. Sɛnkyerɛnne kwan so afɔremuka no kyerɛ dɛn ma Kristofo nnɛ?

7 Saa ara na wɔnam apam bi—nea ɛkyɛn kan de no, apam foforo no—so ahyira Onyankopɔn nkurɔfo nnɛ. (Yeremia 31:31-34) Wɔnam Yesu Kristo mogya so ahyɛ ɛno nso mu den bere tenten ni. (Hebrifo 9:15-20) Ɛnnɛ, sɛ́ yɛyɛ wɔn a wɔasra wɔn a wɔwɔ saa apam no mu, anaasɛ yɛyɛ “nguan foforo” a wɔrenya mu mfaso no, yɛte sɛnkyerɛnne kwan so afɔremuka no ase yiye. Ɛyɛ Onyankopɔn apɛde a ɛfa Kristo afɔrebɔ ho no ho sɛnkyerɛnne. (Yohane 10:16; Hebrifo 10:10) Sɛnea sɛnkyerɛnne kwan so afɔremuka no wɔ honhom fam asɔrefie no mfinimfini pɛɛ no, saa ara na Kristo agyede afɔrebɔ no so na nokware som gyina. Ɛso na wogyina de yɛn bɔne firi yɛn, na enti ɛno so na yɛn daakye ho anidaso nyinaa gyina. (1 Yohane 2:2) Enti yɛbɔ mmɔden sɛ yɛde mmara a ɛbata apam foforo no ho, “Kristo mmara,” no bɛtra ase. (Galatifo 6:2) Sɛ yɛyɛ saa a, yebenya Yehowa nkwa nsiesiei no so mfaso.

8. (a) Dɛn na na enni fam abangua no so wɔ anisoadehu mu asɔrefie no mu? (b) Ɔkwan bɛn so na na asɔfo a wɔwɔ anisoadehu mu asɔrefie no mu no bɛtew wɔn ho?

8 Mfaso a ɛte saa no biako ne gyinabea pa a yebenya wɔ Yehowa anim. Wɔ anisoadehu mu asɔrefie no mu no, na biribi a ɛho hia yiye wɔ fam abangua no so wɔ ntamadan no mu ne Salomo asɔrefie hɔ—asankasɔn kɛse a akyiri yi, wɔbɛfrɛɛ no po a na asɔfo no hohoro wɔn ho wom—no nni hɔ. (Exodus 30:18-21; 2 Beresosɛm 4:2-6) Dɛn na na asɔfo a wɔwɔ Hesekiel anisoadehu mu asɔrefie mu no de bɛhohoro wɔn ho? Hwɛ, saa anwonwakwan so asuten no sen fa fam abangua no so! Yiw, Yehowa de ɔkwan a wɔnam so benya gyinabea a ɛho tew, anaa ɛyɛ kronkron behyira wɔn.

9. Ɔkwan bɛn so na wɔn a wɔasra wɔn ne nnipakuw kɛse no wɔ gyinabea a ɛho tew nnɛ?

9 Saa ara na nnɛ, wɔn a wɔasra wɔn no wɔ gyinabea pa wɔ Yehowa anim. Yehowa bu wɔn kronkron, na obu wɔn atreneefo. (Romafo 5:1, 2) Na “nnipakuw kɛse” a mmusua a wɔnyɛ asɔfo no yɛ wɔn ho mfonini no nso ɛ? Wɔsom wɔ fam abangua no so, na asuten koro no ara na ɛsen fa anisoadehu mu asɔrefie no fã yi mu. Ɛnde, hwɛ sɛnea ɛfata sɛ ɔsomafo Yohane huu nnipakuw kɛse no sɛ wɔhyɛ ntade fitaa a ani tew bere a wɔsom wɔ honhom fam asɔrefie no abangua no so no! (Adiyisɛm 7:9-14) Ɛmfa ho nea wɔde yɛ wɔn biara wɔ wiase a ne bra asɛe yi mu no, wobetumi anya awerɛhyem sɛ bere tenten a wɔkyerɛ Kristo agyede afɔrebɔ no mu gyidi no, Yehowa bu wɔn sɛ nkurɔfo a wɔn ho tew, na wɔyɛ kronkron. Ɔkwan bɛn so na wɔda wɔn gyidi adi? Ɛdenam Yesu anammɔn akyi a wodi ne agyede afɔrebɔ no mu ahotoso koraa a wonya no so.—1 Petro 2:21.

10, 11. Sɛnkyerɛnne kwan so nsu no ho ade biako a ɛho hia ne dɛn, na ɔkwan bɛn so na eyi fa asubɔnten no ntrɛwmu kɛse no ho?

10 Sɛnea yɛadi kan aka no, sɛnkyerɛnne kwan so nsu yi ho ade titiriw foforo wɔ hɔ—nimdeɛ. Wɔ Israel a wɔasan anya ahofadi mu no, Yehowa hyira ne nkurɔfo denam asɔfo no a ɔma wɔde Kyerɛwnsɛm no kyerɛkyerɛɛ wɔn no so. (Hesekiel 44:23) Wɔ ɔkwan a ɛte saa ara so no, Yehowa nam “ahene asɔfokuw” no so ma ne nkurɔfo nya N’asɛm mu nokware ho nkyerɛkyerɛ pii. (1 Petro 2:9) Yehowa Nyankopɔn, n’atirimpɔw ma adesamma, ne titiriw no, Yesu Kristo ne Mesia Ahenni no ho nimdeɛ abu so wɔ nna a edi akyiri yi mu. Hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yɛn nsa ka honhom fam anonne pii yi!—Daniel 12:4.

11 Sɛnea asubɔnten a ɔbɔfo no susuwii no yɛɛ kɛse nkakrankakra no, saa ara na Yehowa nhyira a ɛma nkwa no ayɛ kɛse paa na asõ nnipa pii a wɔreba yɛn honhom fam asase a wɔahyira so no so. Sanba ho nkɔmhyɛ foforo ka siei sɛ: “Nea osua koraa no bɛdan apem, na akumaa adan ɔman a ɛyɛ den. Me, [Yehowa, NW], mɛyɛ no ntɛm ne bere mu.” (Yesaia 60:22) Saa nsɛm yi anya ne mmamu—nnipa ɔpepem pii asen yuu abɛka yɛn ho wɔ nokware som mu! Yehowa ama wɔn a wɔba ne nkyɛn no nyinaa anya “nsu” pii. (Adiyisɛm 22:17) Ɔhwɛ ma n’asase so ahyehyɛde no kyekyɛ Bible ne Bible ho nhoma wɔ wiase nyinaa wɔ kasa horow ɔhaha pii mu. Saa ara na wɔayɛ Kristofo nhyiam ahorow ne ɔmantam nhyiam ahorow ho nhyehyɛe wɔ wiase nyinaa na ama wɔatumi de nokware ho nsu a ani tew sɛ ahwehwɛ no ama obiara. Ɔkwan bɛn so na nsiesiei a ɛte saa no ka nkurɔfo?

Nsu no Ma Wonya Nkwa!

12. (a) Dɛn nti na nnua a ɛwɔ Hesekiel anisoadehu no mu no tumi sow sɛnea ɛyɛ no? (b) Dɛn na nnua a ɛsow aba yi gyina hɔ ma wɔ nna a edi akyiri yi mu?

12 Hesekiel anisoadehu mu asubɔnten no ma wonya nkwa ne akwahosan. Bere a Hesekiel hu nnua a ebenyin wɔ asu no ho no, wɔka kyerɛ no sɛ: “N’ahaban rempo, na n’aba rensã . . . na n’aba bɛyɛ aduan, na n’ahaban ayɛ aduru.” Dɛn nti na aba a saa nnua yi sow no yɛ nwonwa saa? “Efisɛ ne nsu no, kronkronbea na efi sen.” (Hesekiel 47:12b) Saa sɛnkyerɛnne kwan so nnua yi yɛ Onyankopɔn nsiesiei a ɔnam so de adesamma bɛkɔ pɛyɛ mu denam Yesu agyede afɔrebɔ no so no nyinaa ho mfonini. Wɔ asase so nnɛ no, nkaefo a wɔasra wɔn no na wodi anim wɔ honhom fam aduan ne ayaresa a wɔde ma no mu. Sɛ 144,000 no nyinaa nsa ka wɔn soro akatua no a, nhyira a efi wɔn asɔfodwuma mu sɛ Kristo yɔnkodifo no bɛtoa so akosi daakye, kosi sɛ awiei koraa no, wobedi owu a ɛnam Adam so bae no so nkonim koraa.—Adiyisɛm 5:9, 10; 21:2-4.

13. Ayaresa bɛn na akɔ so wɔ yɛn mmere yi mu?

13 Anisoadehu mu asubɔnten no sen kogu Po a Awu no mu, na ɛsa biribiara a ɛka no yare. Saa po yi yɛ honhom fam tebea a awu bi ho mfonini. Nanso ‘baabiara a asu a ɛboro so no kɔ no,’ ade nyinaa nya nkwa. (Hesekiel 47:9) Saa ara na nna a edi akyiri yi mu no, nkurɔfo nya nkwa wɔ honhom fam wɔ baabiara a nkwa nsu no kɔ no. Wɔn a wodi kan a wɔhyɛɛ wɔn den saa kwan yi so ne nkaefo a wɔasra wɔn no wɔ 1919 mu. Wofii tebea a na ɛte sɛ nea wɔawu a wontumi nyɛ hwee mu baa honhom fam nkwa mu. (Hesekiel 37:1-14; Adiyisɛm 11:3, 7-12) Efi saa bere no, nnipa foforo a na wɔn nso awu wɔ honhom fam no nsa aka saa nsu a ɛho hia no, na eyinom aba nkwa mu ma wɔayɛ nguan foforo no mu nnipakuw kɛse a wɔdɔ Yehowa na wɔsom no a wɔn dodow nya nkɔanim daa no. Ɛrenkyɛ, wɔbɛtrɛw saa nsiesiei yi mu ma aso nnipa pii a wobenyan wɔn no so.

14. Dɛn na mpataayi adwuma a enya nkɔso wɔ Po a Awu ano no kyerɛkyerɛ mu yiye nnɛ?

14 Honhom fam ahoɔden de nkɔso na ɛba. Nea ɛkyerɛkyerɛ eyi mu ne mpataayi adwuma a enya nkɔso wɔ po a kan na awu mu no. Yesu ka kyerɛɛ n’akyidifo no sɛ: “Mɛma moayɛ nnipa yifo.” (Mateo 4:19) Wɔ nna a edi akyiri yi mu no, wɔn a wɔasra wɔn no nkaefo no anoboaboa na efii mpataayi adwuma no ase, nanso anso hɔ ara. Nsu a ɛma nkwa a efi Yehowa honhom fam asɔrefie hɔ, a nea ɛka ho ne nokware nimdeɛ ho nhyira no, adu nnipa a wofi aman nyinaa mu nkyɛn. Baabiara a saa asuten no adu no, wɔanya honhom mu nkwa.

15. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ ɛnyɛ obiara na obegye nkwa ho nsiesiei a Onyankopɔn ayɛ no atom, na saafo no awiei bɛyɛ dɛn?

15 Nokwarem no, ɛnyɛ obiara na ogye nkwa asɛm no tom nnɛ; na saa ara nso na ɛnyɛ wɔn a wobenyan wɔn wɔ Kristo Mfirihyia Apem Ahenni no mu nyinaa na wɔbɛyɛ saa. (Yesaia 65:20; Adiyisɛm 21:8) Ɔbɔfo no ka sɛ po no fã bi nnya ayaresa. ‘Wɔbɛma’ mmeae a ɛte sɛ atɛkyɛ a nkwa nnim no “ayɛ nkyene.” (Hesekiel 47:11) Ɛdefa nnipa a wɔwɔ hɔ nnɛ ho no, ɛnyɛ wɔn a wohu Yehowa nsu a ɛma nkwa no nyinaa na wogye tom. (Yesaia 6:10) Wɔ Harmagedon no, wɔbɛma wɔn a wɔapaw sɛ wɔbɛtra honhom fam yare tebea a nkwa nnim mu no ayɛ nkyene, a ɛkyerɛ sɛ wɔbɛsɛe wɔn koraa. (Adiyisɛm 19:11-21) Nanso, wɔn a wɔde nokwaredi nom saa nsu yi betumi anya anidaso sɛ wobenya wɔn ti adidi mu, na wɔahu nkɔmhyɛ yi mmamu a etwa to no.

Asubɔnten no Sen Fa Paradise Mu

16. Bere bɛn ne ɔkwan bɛn so na Hesekiel anisoadehu mu asɔrefie no benya ne mmamu a etwa to koraa?

16 Te sɛ sanba ho nkɔmhyɛ afoforo no, Hesekiel asɔrefie ho anisoadehu no nya ne mmamu koraa wɔ Mfirihyia Apem no mu. Saa bere no na asɔfokuw no nni asase so ha bio. “Wɔbɛyɛ Onyankopɔn ne Kristo asɔfo, na wɔne no bedi ahene [wɔ soro] mfirihyia apem.” (Adiyisɛm 20:6) Saa ɔsoro asɔfo yi bɛka Kristo ho ma wɔde Kristo agyede afɔrebɔ no mu nhyira ahorow no adi dwuma akosi ase. Enti, wobegye adesamma atreneefo de wɔn akɔ pɛyɛ mu!—Yohane 3:17.

17, 18. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔaka asubɔnten a ɛma nkwa no ho asɛm wɔ Adiyisɛm 22:1, 2, na bere bɛn na saa anisoadehu no benya ne mmamu titiriw? (b) Wɔ Paradise no, dɛn nti na nkwa nsu asubɔnten no bɛyɛ kɛse asen biara bere bi?

17 Enti, asubɔnten a Hesekiel hui no de nkwa nsu a tumi wom sen biara bɛsen saa bere no. Eyi ne bere titiriw a nkɔmhyɛ a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Adiyisɛm 22:1, 2 no benya ne mmamu sɛ: “Ɔkyerɛɛ me nkwa nsu asubɔnten a ani tew sɛ ahwehwɛ a efi Nyankopɔn ne oguammaa no ahengua no mu. N’abɔnten mfinimfini ne asubɔnten no afanu nyinaa na nkwa dua a ɛsow aba ahorow dumien sisii, na ɛsosow n’aba daa ɔsram; na dua no nhaban na wɔde sa amanaman no yare.”

18 Wɔ Mfirihyia Apem no mu no, wɔbɛsa nyarewa nyinaa—honam, adwene, ne nkate fam de. Wɔde sɛnkyerɛnne kwan so nnua a “wɔde sa amanaman no yare” no ayɛ eyi ho mfonini fɛfɛɛfɛ. Esiane nsiesiei a Kristo ne 144,000 no bɛyɛ nti, “ɔmanfo no mu bi renka sɛ: ‘Meyare.’” (Yesaia 33:24, NW) Na asubɔnten no bɛhyɛn ne bere a ɛbɛyɛ kɛse asen biara mu. Ɛsɛ sɛ ɛyɛ kɛse na emu dɔ na atumi asõ nnipa ɔpepem pii, anaa ebia ɔpepepem pii a wobenyan wɔn a wɔbɛnom nkwa nsu a ani tew no nyinaa so. Anisoadehu mu asubɔnten no saa Po a Awu no yare, na ɛde nkwa baa baabiara a ɛkɔe no. Saa ara na mmarima ne mmea a wɔwɔ Paradise no benya nkwa koraa, na sɛ wɔkyerɛ agyede no so mfaso horow a wɔde ma wɔn no mu gyidi a, wobegye wɔn afi owu a wonya fii Adam hɔ no mu. Adiyisɛm 20:12 hyɛ nkɔm sɛ wobebue “nhoma” bi mu saa bere no, na ama wɔanya hann ho ntease foforo a awufo a wɔanyan wɔn no nso benya mu mfaso. Awerɛhosɛm ne sɛ, ebinom remma wɔnsa wɔn yare wɔ Paradise mpo. Saa atuatewfo yi na ‘wɔde wɔn bɛma’ daa ɔsɛe “nkyene” no.—Adiyisɛm 20:15.

19. (a) Ɔkwan bɛn so na asase no kyekyɛ no bɛbam wɔ Paradise? (b) Paradise mu ade bɛn na kurow no yɛ ho mfonini? (d) Kurow no ne asɔrefie no ntam a ɛtwe kakra no kyerɛ dɛn?

19 Saa bere no, Hesekiel anisoadehu no mu asase no a wɔkyekyɛ no nso benya ne mmamu a etwa to koraa. Hesekiel hui wɔ n’anisoadehu no mu sɛ wɔkyekyɛ asase no pɛpɛɛpɛ; saa ara na Kristoni nokwafo biara betumi anya awerɛhyem sɛ obenya baabi, agyapade bi, wɔ Paradise. Saa ara na ɔpɛ a obiara wɔ sɛ obenya n’ankasa fie atra mu ahwɛ so no benya mmamu pɛpɛɛpɛ. (Yesaia 65:21; 1 Korintofo 14:33) Kurow a Hesekiel hui no yɛ ɔhwɛ adwuma ho nhyehyɛe a Yehowa wɔ ma asase no ho mfonini a ɛfata. Asɔfokuw a wɔasra wɔn no rentra adesamma mu bio wɔ honam mu. Anisoadehu no kyerɛ pii denam kurow no a ɛka ho asɛm sɛ ɛwɔ asase a ‘ɛho agu fĩ’ a ɛne asɔrefie no ntam twe kakra so no so. (Hesekiel 48:15) Bere a 144,000 no ne Kristo di tumi wɔ soro no, Ɔhene no nso benya ananmusifo wɔ asase so. Nnipa a wɔhyɛ n’ase no benya obirɛmpɔn kuw no trenee akwankyerɛ a efi ɔdɔ mu no so mfaso kɛse. Nanso, nniso no ankasa agua bɛwɔ soro, ɛnyɛ asase so. Asase sofo nyinaa, a obirɛmpɔn kuw no ka ho, bɛbrɛ wɔn ho ase ahyɛ Mesia Ahenni no ase.—Daniel 2:44; 7:14, 18, 22.

20, 21. (a) Dɛn nti na kurow no din no fata? (b) Nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ Hesekiel anisoadehu no a yɛate ase no ma yebisa yɛn ho?

20 Hyɛ Hesekiel nkɔmhyɛ mu nsɛm a etwa to yi nsow: “Efi da no, kurow no din ne: [Yehowa, NW] wɔ hɔ.” (Hesekiel 48:35) Saa kurow yi nni hɔ sɛ ɛbɛma nnipa anya tumi ne nkɛntɛnso; na saa ara na enni hɔ sɛ ɛbɛyɛ onipa bi apɛde. Ɛyɛ Yehowa kurow, na ɛbɛda n’adwene ne ɔkwan a ɔdɔ ne ntease wom adi. (Yakobo 3:17) Eyi ma yenya awerɛhyem a ɛyɛ anigye sɛ Yehowa behyira ‘n’asase foforo’ a ɛne adesamma abusua a ɔbɛhyehyɛ no akosi daa.—2 Petro 3:13.

21 So yɛn ani nnye akwanhwɛ a ɛda yɛn anim no ho? Ɛnde, ɔkwan a ɛfata so no, ɛbɛyɛ papa sɛ yɛn mu biara bebisa sɛ: ‘Meyɛ m’ade dɛn wɔ nhyira a ɛyɛ anigye a wɔdaa no adi wɔ Hesekiel anisoadehu mu no ho? So mifi nokwaredi mu boa adwuma a ahwɛfo a wɔwɔ dɔ, a wɔn a wɔka ho ne nkaefo a wɔasra wɔn no ne wɔn a wɔbɛyɛ obirɛmpɔn kuw no mufo, reyɛ no? So mede nokware som ayɛ m’asetra mu ade titiriw? So minya nkwa nsu a ɛresen yuu nnɛ no mu mfaso kosi ase?’ Ɛmmra sɛ yɛn mu biara bɛkɔ so akyerɛ Yehowa asetra kwan ho anigye daa!

[Ase hɔ nsɛm]

a Nsuaniwa bon yi bɛyɛ Kidron Bon, a ɛtrɛw fi Yerusalem kesee fam apuei kɔpem Po a Awu no ano no. Nsu nni bon no ase paa, na ɛhɔ yɛ wosee afe mũ no nyinaa.

b Hwɛ May 1, 1881, ne June 1, 1981, Ɔwɛn-Aban.

Wubebua Dɛn?

◻ Dɛn na nsu a ɛsen asɔrefie hɔ no yɛ ho mfonini?

◻ Ayaresa bɛn na Yehowa nam sɛnkyerɛnne kwan so asubɔnten no so adi ho dwuma, na dɛn nti na asubɔnten no ayɛ kɛse?

◻ Dɛn na nnua a ɛwɔ asubɔnten no ano no yɛ ho mfonini?

◻ Kurow no bɛyɛ dɛn ho mfonini wɔ Mfirihyia Apem Nniso no mu, na dɛn nti na kurow no din fata?

[Kratafa 23 mfonini ahorow]

Nkwa asubɔnten no gyina hɔ ma nsiesiei a Onyankopɔn ayɛ ama nkwagye

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena