-
So Wo Din wɔ Nkwa Nhoma no Mu?Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
-
-
3. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ “Sardi asafo no bɔfo no” hyɛ nokwasɛm a ɛne sɛ Yesu wɔ “nsoromma ason” no nsow titiriw? (b) Afotu a emu yɛ den bɛn na Yesu de ma asafo a ɛwɔ Sardi no?
3 Yesu bɔ “Sardi asafo no” nkae nso sɛ Ɔne nea ɔwɔ “nsoromma ason no.” Okura saa asafo no mu mpanyimfo no wɔ ne nsa nifa mu, na ɔwɔ tumi a ɔde bɛkyerɛ wɔn kwan wɔ wɔn nguanhwɛ adwuma no mu. Ɛsɛ sɛ wɔde wɔn koma si ‘sɛnea nguankuw no ho te a wobehu no yiye’ no so. (Mmebusɛm 27:23) Enti, na ɛsɛ sɛ wɔyɛ aso yiye tie Yesu nsɛm a edi hɔ yi: “Wɛn, na hyɛ nkae a ɛrebewu no den. Na manhu wo nnwuma sɛ ɛyɛ pɛ me Nyankopɔn anim. Enti kae sɛnea woanya na woate, na di so, na sakra w’adwene! Na sɛ woanwɛn a, mɛba sɛ owifo, na worenhu dɔn ko a mɛba wo so.”—Adiyisɛm 3:2, 3.
4. Ɔkwan bɛn so na Petro nsɛm no bɛboa asafo a ɛwɔ Sardi no na ‘ahyɛ nneɛma a aka no den’?
4 Ehia sɛ mpanyimfo a wɔwɔ Sardi no kae anigye a na wɔwɔ kan no, bere a wohuu nokware no ne nhyira horow a wonyae saa bere no. Nanso afei de, wɔawu honhom mu dwumadi fam. Wɔn asafo no kanea no reyɛ adum esiane gyidi nnwuma a enni nti. Mfe pii ansa na ɛno reba no, ɔsomafo Petro kyerɛw asafo ahorow a na ɛwɔ Asia (a ɛda adi sɛ na Sardi ka ho) no, na ɔde ama wɔanya anuonyam asɛmpa a Kristofo agye atom, na “wɔde honhom kronkron a wɔsoma fi soro”—sɛnea wɔde Yohane anisoadehu no mu ahonhom ason no gyina hɔ ma—aka akyerɛ no ho anisɔ. Petro bɔɔ saa Asia Kristofo no nkae nso sɛ wɔyɛ ‘abusua a wɔapaw wɔn, ahene asɔfokuw, ɔman kronkron, ɔman a wafa wɔn ayɛ ne de, sɛ wɔnka nea ɔfrɛɛ wɔn fii esum mu baa ne hann a ɛyɛ nwonwa mu no mmaninyɛ nkyerɛ.’ (1 Petro 1:12, 25; 2:9) Honhom fam nokware ahorow a ɛtete saa ho a wobedwen no bɛboa asafo a ɛwɔ Sardi no ma asakra n’adwene na ‘ahyɛ nneɛma a aka no den.’—Fa toto 2 Petro 3:9 ho.
5. (a) Dɛn na ɛbaa anisɔ a Kristofo a wɔwɔ Sardi no wɔ no so? (b) Sɛ Kristofo a wɔwɔ Sardi no antie Yesu afotu no a, dɛn na ɛbɛba?
5 Mprempren no, wɔn anisɔ ne ɔdɔ a wɔwɔ ma nokware no te sɛ ogya a aka kakraa bi ma adum. Nyansramma kakraa bi na ennya nnumii. Yesu hyɛ wɔn nkuran sɛ womfita mu, mma ogya no ano nyɛ den, nsakra wɔn adwene wɔ bɔne a wɔn ani a wobu guu nneɛma so no ma wɔyɛe no ho, na asan abɛyɛ asafo a ɛte ase honhom fam bio. (Fa toto 2 Timoteo 1:6, 7 ho.) Anyɛ saa a, bere a Yesu ba mpofirim—“sɛ owifo”—abebu ntɛn no, na asafo a ɛwɔ Sardi no nsiesiee ne ho.—Mateo 24:43, 44.
-
-
So Wo Din wɔ Nkwa Nhoma no Mu?Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
-
-
7. Dɛn nti na ehia sɛ Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ no ma wɔn ani da hɔ?
7 Hia a ehia sɛ Kristoni ani da ne ho so no amma awiei Awurade da no mfiase mu hɔ. Yesu de kɔkɔbɔ bi a emu yɛ den mae wɔ ne nkɔmhyɛ kɛse a ɛfa “bere ko a eyinom bɛba . . . ho nsɛnkyerɛnne” no ho no mu sɛ: “Na da no ne dɔn no de, obi nnim . . . monhwɛ yiye, monwɛn . . . na munnim da ko a bere no du. Na nea mise mo yi, meka mekyerɛ nnipa nyinaa! Monwɛn!” (Marko 13: 4, 32, 33, 37) Yiw, ɛde bedu dɔn yi mu pɛɛ no, sɛ yɛyɛ wɔn a wɔasra wɔn no mufo anaa nnipakuw kɛse no mufo no, ehia sɛ yɛn ani da yɛn ho so na yɛko tia da a yɛbɛda honhom mu. Sɛ Yehowa da no ba “sɛ owifo ba anadwo” a, ɛmmra sɛ wobehu yɛn sɛ yɛn ani da hɔ yiye, sɛnea ɛbɛyɛ na wɔabu yɛn bem.—1 Tesalonikafo 5:2, 3; Luka 21:34-36; Adiyisɛm 7:9.
8. Ɔkwan bɛn so na Yohane kuw a ɛwɔ hɔ nnɛ no akanyan Onyankopɔn nkurɔfo ma wɔ ani ada hɔ wɔ honhom fam?
8 Yohane kuw no ankasa ani da hɔ nnɛ wɔ hia a ehia sɛ ɔkanyan Onyankopɔn nkurɔfo ma wɔn ani da hɔ honhom fam no ho. Eyi nti, wɔyɛ nhyiam atitiriw ho nhyehyɛe wɔ asase so afanan nyinaa mpɛn pii afe biara. Nnansa yi afe bi mu no, nnipa dodow a wɔkɔɔ ɔmantam nhyiam 2,981 no dodow si 10,953,744, na wɔbɔɔ gyidifo afoforo 122,701 asu. Bɛboro mfe ɔha ni no, Yohane kuw no de Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no adi dwuma de aka Yehowa din ne n’atirimpɔw akyerɛ. Wɔ ɔtaa a ano yɛ den a ɛbae wɔ Wiase Nyinaa Ko II mu no ho dwumadi mu no, Ɔwɛn-Aban no kanyan Yehowa Adansefo ma wɔhyɛɛ wɔn mmɔdenbɔ mu den denam nsɛm horow te sɛ “Nhyira ne Akokodurufo” (1919), “Ɔfrɛ ma Dwumadi” (1925), ne “Ɔtaa so Nkonimdi” (1942), a wotintimii no so.
9. (a) Dɛn na ɛsɛ sɛ Kristofo nyinaa bisabisa wɔn ho? (b) Nkuranhyɛ bɛn na Ɔwɛn-Aban de ama?
9 Sɛnea na ɛte wɔ Sardi no, saa ara na ehia ma Kristofo nyinaa sɛ wɔkɔ so hwehwɛ wɔn ho mu hwɛ wɔ asafo ahorow a ɛwɔ hɔ nnɛ no mu. Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa kɔ so bisabisa yɛn ho sɛ: So ‘yɛayɛ yɛn nnwuma nyinaa yiye’ yɛn Nyankopɔn anim anaa? Bere a yemmu afoforo ntɛn no, so yɛn ankasa nya ho a wɔde bɔ afɔre honhom, na yɛbɔ mmɔden sɛ yebefi kra nyinaa mu asom Onyankopɔn anaa? Ɛdefa eyi ho no, Ɔwɛn-Aban nsɛmma nhoma no de nkuranhyɛ ama denam nsɛmti te sɛ “Monkɔ So Mpɛɛpɛɛ Mo Mu Nhwɛ?” ne “Yɛnte Ase Mma Yɛn Ho Bio,” ho nsɛm a ɛkae no so.a Esiane sɛ yɛwɔ Kyerɛwnsɛm mu mmoa a ɛte sɛɛ nti, momma yɛnhwehwɛ yɛn ankasa mu tɔnn, bere a yɛbɔ mmɔden sɛ yɛde ahobrɛase ne mpaebɔ bɛnantew mudi mu wɔ Yehowa anim no.—Dwom 26:1-3; 139:23, 24.
-