Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w99 12/1 kr. 9-14
  • ‘Nsɛmpa’ a Ɛwɔ Adiyisɛm No Mu

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Nsɛmpa’ a Ɛwɔ Adiyisɛm No Mu
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsɛmpa Ho Adawurubɔfo
  • Nea Adiyisɛm Wɔ Ma Yɛn
  • Oguammaa no Fata Nidi
  • “N’atemmu Yɛ Nokware na Ɛteɛ”
  • Mfirihyia Apem Ahenni a Anuonyam Wom No
  • Adiyisɛm Nhoma No Akenkanfo, Momma Mo Ani Nnye
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
  • Adiyisɛm Nhoma No—Emu Nsɛm No Kyerɛ Sɛn?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Adiyisɛm—N’awiei a Ɛyɛ Anigye!
    Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
  • Adiyisɛm ne Wo
    Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
w99 12/1 kr. 9-14

‘Nsɛmpa’ a Ɛwɔ Adiyisɛm No Mu

“Mihuu ɔbɔfo foforo a otu nam ɔsoro mfinimfini a okura daa asɛmpa bi rekɔka akyerɛ wɔn a wɔte asase so.”—ADIYISƐM 14:6.

1. Ɛwom sɛ Yehowa Adansefo gye Adiyisɛm nhoma a efi honhom mu no mu nsɛm di de, nanso dɛn nti na wɔnyɛ “ɔsɛe da kuw”?

YEHOWA ADANSEFO nyɛ “ɔsɛe da kuw” anaa “atemmu da kuw.” Nanso, wogye Adiyisɛm nhoma no tom sɛ ɛka Onyankopɔn Asɛm a efi honhom mu no ho. Nokwarem no, abɔnefo ho atemmusɛm wɔ Adiyisɛm nhoma no mu. Nanso, Onyankopɔn asomfo de wɔn adwene si anidaso kɛse a ɛwɔ Bible mu, a Adiyisɛm nhoma no mu de ka ho, no so titiriw. Enti wɔmfa biribi nka nkɔmhyɛ nsɛm a ɛwom no ho, ɛnna wonyi biribi mfi mu.—Adiyisɛm 22:18, 19.

Nsɛmpa Ho Adawurubɔfo

2. Dɛn ne kyerɛwsɛm bi a Yehowa Adansefo taa de di dwuma wɔ wɔn asɛnka adwuma no mu?

2 Kyerɛwsɛm a Yehowa Adansefo taa twe adwene si so sɛ ɛno so na wogyina yɛ wɔn baguam asɛnka adwuma no ne Yesu asɛm yi: “Wɔbɛka ahenni ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse; ɛno ansa na awiei no bɛba.” (Mateo 24:14) “Ahenni ho asɛmpa yi” no yɛ dɛn? Adansefo pii bɛfa Adiyisɛm ti 20 ne 21 mu nsɛm a ɛka Kristo Mfirihyia Apem Nniso ne N’ahenni nniso ne adesamma abusua, baabi a owu, awerɛhow, ne ɛyaw ‘nni hɔ bio’ ho asɛm de abua.—Adiyisɛm 20:6; 21:1, 4.

3. Dwumadi bɛn na ɛne baguam asɛnka adwuma a Yehowa Adansefo yɛ no hyia?

3 Sɛ́ nsɛmpa yi ho adawurubɔfo no, Yehowa Adansefo yɛ sɛnkyerɛnne kwan so ɔsoro bɔfo a wɔaka n’adwuma ho asɛm wɔ Adiyisɛm nhoma mu no nso kasamafo ankasa. “Mihuu ɔbɔfo foforo a otu nam ɔsoro mfinimfini a okura daa asɛmpa bi rekɔka akyerɛ wɔn a wɔte asase so, ne aman ne mmusuakuw ne kasa ne nkurɔfo nyinaa.” (Adiyisɛm 14:6) Nea ɛka “daa asɛmpa” no ho ne asɛm a wɔka a ɛkyerɛ sɛ “wiase ahenni [anaa, nniso] ayɛ yɛn Awurade ne Kristo no de,” na Yehowa “bere” a wahyɛ a ɔde ‘bɛsɛe wɔn a wɔresɛe asase no’ adu no. (Adiyisɛm 11:15, 17, 18) So ɛno nyɛ asɛmpa ankasa?

Nea Adiyisɛm Wɔ Ma Yɛn

4. (a) Nokware atitiriw bɛn na wɔada no adi wɔ Adiyisɛm ti 1? (b) Dɛn na wɔhwehwɛ fi wɔn a wɔpɛ sɛ wonya nsɛmpa no so mfaso no hɔ?

4 Adiyisɛm nhoma no ti a edi kan no ka Yehowa ho asɛm sɛ “Alfa ne Omega no, nea ɔwɔ hɔ, na ɔwɔ hɔ dedaw, na ɔreba, ade nyinaa so tumfoɔ no.” Na ɛka ne Ba, Yesu Kristo, ho asɛm sɛ “ɔdansefo nokwafo,” “awufo mu abakan,” ne “asase so ahene sodifo.” Ɛka Yesu ho asɛm bio sɛ “nea ɔdɔ yɛn, na ɔde ne mogya aguare yɛn afi yɛn bɔne mu.” (Adiyisɛm 1:5, 8) Enti, Adiyisɛm ka nkwagye ho nokwasɛm wɔ mfiase pɛɛ. Sɛ “wɔn a wɔte asase so” no annye Yehowa tumidi antom, annya Yesu mogya a ohwie gui no mu gyidi, annye anni sɛ Yehowa nyanee no, ɛne sɛ, mprempren Kristo yɛ Onyankopɔn Sodifo a wɔapaw no a, wɔrennya nsɛmpa a wɔde brɛ wɔn no so mfaso biara.—Dwom 2:6-8.

5. Dwuma bɛn na Kristo di a wɔada no adi wɔ Adiyisɛm ti 2 ne 3?

5 Ti abien a edi hɔ no ka Yesu Kristo ho asɛm sɛ ɔyɛ n’asuafo a wɔwɔ asase so no asafo ahorow no soro Sohwɛfo a ɔwɔ ɔdɔ. Ná nkuranhyɛsɛm ne afotu a emu yɛ den a wotumi de di dwuma nnɛ nso wɔ krataa a wɔkyerɛw kɔmaa Kristofo asafo no mu ason a wɔpawee wɔ Asia Kumaa wɔ afeha a edi kan Y.B. mu no mu. Na wɔtaa de nsɛm te sɛ “minim wo nnwuma” anaa “minim w’ahohia” na efi nsɛm a wɔde kɔmaa asafo ahorow no ase. (Adiyisɛm 2:2, 9) Yiw, na Kristo nim nea na ɛrekɔ so wɔ n’asuafo no asafo ahorow mu no nyinaa. Ɔkamfoo ebinom wɔ wɔn dɔ, wɔn gyidi, wɔn brɛ wɔ ɔsom adwuma no mu, wɔn boasetɔ, ne wɔn nokwaredi wɔ ne din ne n’asɛm ho no ho. Esiane sɛ na afoforo ama ɔdɔ a wɔwɔ ma Yehowa ne ne Ba no ano adwo, anaasɛ na wɔde wɔn ho ahyehyɛ nna mu ɔbrasɛe, abosonsom, anaa ɔsom mu mpaapaemu mu nti, ɔkaa wɔn anim.

6. Dɛn na anisoadehu a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ ti 4 no boa nkurɔfo ma wɔte ase?

6 Ti 4 ka Yehowa Nyankopɔn soro ahengua ho anisoadehu bi a ɛyɛ nwonwa ho asɛm. Ɛma yehu Yehowa anuonyam ne nhyehyɛe a ɔde bedi dwuma wɔ ɔsoro nniso mu no ho biribi. Ahemfo a wɔbobɔ abotiri, na wɔn nhengua atwa amansan nyinaa ahengua titiriw no ho ahyia no kotow Yehowa ka sɛ: “[Yehowa, NW], wofata sɛ wugye anuonyam ne nidi ne tumi, efisɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa, na wo pɛ nti na ɛyeyɛe na wɔbɔe.”—Adiyisɛm 4:11.

7. (a) Dɛn na ɔbɔfo no ka kyerɛ wɔn a wɔte asase so no sɛ wɔnyɛ? (b) Dɛn ne yɛn nkyerɛkyerɛ adwuma no fã titiriw?

7 So eyi kyerɛ biribi ma nnipa nnɛ? Yiw ɛte saa. Sɛ wɔpɛ sɛ wonya nkwa wɔ Mfirihyia Apem Ahenni no mu a, ɛsɛ sɛ wotie nea ‘ɔbɔfo a otu nam ɔsoro mfinimfini’ no ka no: “Munsuro Onyankopɔn na monhyɛ no anuonyam, efisɛ n’atemmu dɔn adu.” (Adiyisɛm 14:6, 7) Yehowa Adansefo Bible nkyerɛkyerɛ adwuma no atirimpɔw biako ne sɛ ɛbɛboa “wɔn a wɔte asase so” ma wɔahu Yehowa na wɔasom no, agye no atom sɛ Ɔbɔadeɛ, na wɔafi wɔn pɛ mu abrɛ wɔn ho ase ahyɛ ne tumidi a ɛteɛ no ase.

Oguammaa no Fata Nidi

8. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔaka Kristo ho asɛm wɔ ti 5 ne 6? (b) Dɛn na wɔn a wotie nsɛmpa yi nyinaa betumi asua afi mu?

8 Ti abien a edi hɔ, 5 ne 6, ka Yesu Kristo ho asɛm sɛ Oguammaa a ɔfata sɛ obue nhoma mmobɔwee bi a ɛwɔ nsɔano ason ano, ma ne saa nti ɛnam sɛnkyerɛnne kwan so kyerɛ nsɛm a ebesisi yɛn bere yi so. (Fa toto Yohane 1:29 ho.) Ɛnne bi fi soro ka sɛnkyerɛnne kwan so Oguammaa yi ho asɛm sɛ: “Wofata sɛ wugye nhoma no na wubue ne nsɔano no, efisɛ wɔakum wo, na wode wo mogya atɔ yɛn ama Onyankopɔn, afi mmusua ne ɔkasa ne nkurɔfo ne aman nyinaa mu, na woayɛ wɔn ahemman ne asɔfo ama yɛn Nyankopɔn, na wobedi asase so ahene.” (Adiyisɛm 5:9, 10) Saa anisoadehu yi kyerɛkyerɛ sɛ ɛdenam Kristo mogya a ohwie gui so no, wɔafrɛ nnipa bi a wofi mmaa nyinaa sɛ wɔne no nkɔtra soro na ‘wonni asase so ahene.’ (Fa toto Adiyisɛm 1:5, 6 ho.) Akyiri yi, wɔka sɛnea wɔn dodow te ho asɛm wɔ Adiyisɛm nhoma no mu.

9. Ɔkwan bɛn so na wɔka Kristo ho asɛm wɔ ti 6?

9 Wɔ anisoadehu koro yi ara mu no, wɔka Kristo ho asɛm nso sɛ obi a ɔbɔ abotiri a ɔte pɔnkɔ fitaa bi so a “ɔredi nkonim na wakodi nkonim.” Anigyesɛm ne sɛ, obedi nneɛma bɔne te sɛ akodi, ɔkɔm, ne owu a aba adesamma so fi afe titiriw a ɛne 1914 reba a Adiyisɛm mu apɔnkɔsotefo baasa foforo a wɔn mmirika mu yɛ den no yɛ wɔn ho sɛnkyerɛnne no so nkonim. (Adiyisɛm 6:1-8) Dwuma soronko a Kristo, Onyankopɔn Guammaa no di wɔ adesamma nkwagye ne Yehowa atirimpɔw a ɛyɛ nwonwa mmamu mu no ne Yehowa Adansefo Bible nkyerɛkyerɛ adwuma no asɛmti titiriw.

10. (a) Asɛntitiriw bɛn na wɔda no adi wɔ ti 7? (b) Ɔkwan bɛn so na Kristo kaa wɔn a wobenya Ahenni no ho asɛm?

10 Nsɛmpa wɔ Ti 7 no mu ankasa. Adiyisɛm nhoma no mu nkutoo na yehu wɔn a Yesu frɛɛ wɔn “kuw ketewa” a Oguammaa no Agya de Ahenni ma wɔn no dodow. (Luka 12:32; 22:28-30) Yehowa Nyankopɔn nam ne honhom so asɔ saafo yi ano. (2 Korintofo 1:21, 22) Ɔsomafo Yohane a ne nsa kaa Adiyisɛm no di ho adanse sɛ: “Metee wɔn a wɔasɔ wɔn ano no dodow: Mpem ɔha aduanan anan na wɔasɔ wɔn ano Israel mma mmusuakuw nyinaa mu.” (Adiyisɛm 7:4) Wosi saa dodow pɔtee yi so dua wɔ ti bi mu akyiri yi sɛ wɔyɛ wɔn a “wɔatɔ wɔn afi asase so” a wɔne Oguammaa no bedi ade wɔ ɔsoro Bepɔw Sion so. (Adiyisɛm 14:1-4) Bere a Kristoman mu asɔre ahorow de saa dodow yi ho nkyerɛkyerɛmu hunu a ntease nnim ma no, anigyesɛm ne sɛ, Bible ho ɔbenfo E. W. Bullinger ka ho asɛm sɛ: “Ɛyɛ nokwasɛm tiawa: ɛyɛ nnipa dodow a wonim ano na wɔde atoto dodow a wonnim ano ho wɔ saa ti yi mu.”

11. (a) Nsɛmpa bɛn na ɛwɔ ti 7? (b) Anidaso ho kwan bɛn na abue ama “nnipakuw kɛse” no mufo?

11 Nnipa dodow a wonnim ano bɛn na na Bullinger reka ho asɛm no? Ɔsomafo Yohane kyerɛwee wɔ nkyekyem 9 sɛ: “Eyinom akyi no, mihui, na hwɛ, nnipakuw kɛse a obi ntumi nkan wɔn a wofi aman ne mmusuakuw ne nkurɔfo ne ɔkasa nyinaa mu.” (Adiyisɛm 7:9) Henanom na wɔbom yɛ saa nnipakuw kɛse yi, na gyinabea bɛn na wɔwɔ wɔ Onyankopɔn anim mprempren, na dɛn na wobenya daakye? Mmuae a adiyisɛm de ma no yɛ asɛmpa ma wɔn a wɔte asase so no. Yɛkenkan sɛ: “Eyinom ne wɔn a wofi ahohia kɛse no mu, na wɔahoro wɔn ntade ama ahoa oguammaa no mogya no mu.” Ɛdenam Kristo mogya a ohwie gui mu gyidi a wɔbɛkyerɛ so no, wɔbɛbɔ wɔn ho ban wɔ “ahohia kɛse” no mu. Kristo ‘de wɔn bɛkɔ nkwa asuti ho. Na Onyankopɔn bɛbopa nusu nyinaa afi wɔn aniwa mu.’ (Adiyisɛm 7:14-17) Yiw, nnipa ɔpepem pii a wɔte ase nnɛ betumi aka nnipakuw a wontumi nkan wɔn a wobetwa mprempren nneɛma nhyehyɛe bɔne yi awiei no ho. Sɛ́ Ɔhene Yesu Kristo nkoa a wɔwɔ ne Mfirihyia Apem Nniso mu no, ɔde wɔn bɛkɔ daa nkwa mu wɔ asase so. So ɛnyɛ asɛmpa?

“N’atemmu Yɛ Nokware na Ɛteɛ”

12, 13. (a) Dɛn na ɛwɔ ti 8 kosi 19? (b) Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ nkɔmhyɛ a ɛte saa ho nsɛm haw nnipa komapafo?

12 Ti 8 kosi 19 na ama Adiyisɛm agye din sɛ nhoma a ɛka nsɛm a ɛyɛ hu no. Atemmusɛm a emu yɛ den a etia Satan nneɛma nhyehyɛe (a wɔde torobɛntohyɛn, ɔhaw ahorow, ne Onyankopɔn abufuw nkuruwa yɛ ho sɛnkyerɛnne) na ɛwɔ mu. Nea edi kan no, saa atemmu ahorow yi bɛba atoro som (“Babilon Kɛse”), ne afei amammui nhyehyɛe bɔne, a wɔde aboa yɛ ho sɛnkyerɛnne no so.—Adiyisɛm 13:1, 2; 17:5-7, 15, 16.a

13 Saa ti ahorow yi ka sɛnea woyi nneɛma bɔne fi soro, na wɔtow Satan ne n’adaemone gu asase so no ho asɛm. Eyi nkutoo na ɛma yehu ade pɔtee a enti efi 1914 reba no, amanehunu a ebi mmae da aba no. (Adiyisɛm 12:7-12) Afei nso ɛnam sɛnkyerɛnne kwan so ka Satan nneɛma nhyehyɛe bɔne a ɛwɔ asase so a wɔbɛsɛe no no ho asɛm. (Adiyisɛm 19:19-21) So ɛsɛ sɛ nsɛm a ɛyɛ nwonwa yi ma nnipa komapafo ho dwiriw wɔn? Dabi, efisɛ wɔ Onyankopɔn atemmu mu no, ɔsoro asafo no teɛm sɛ: “Haleluia! nkwagye ne anuonyam ne nidi ne tumi yɛ yɛn Nyankopɔn de; efisɛ n’atemmu yɛ nokware na ɛteɛ.”—Adiyisɛm 19:1, 2.

14, 15. (a) Ɔkwan bɛn so na wɔde mprempren nhyehyɛe bɔne yi bɛba awiei trenee mu? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Adiyisɛm fã yi ma nnipa komapafo ani gye?

14 Yehowa remfa nneɛma nhyehyɛe a trenee wom mma asase so bere a ɔrenyi wɔn a wɔresɛe asase no mfi so. (Adiyisɛm 11:17, 18; 19:11-16; 20:1, 2) Nanso, onipa anaa amammui ahyehyɛde biara nni tumi anaa ahoɔden a wɔde bɛyɛ eyi. Yehowa ne ne Hene, Ɔtemmufo a wapaw no, Kristo Yesu, nkutoo na wobetumi ayɛ eyi trenee mu.—2 Tesalonikafo 1:6-9.

15 Sɛnea Adiyisɛm da no adi pefee no, ɛyɛ Yehowa atirimpɔw sɛ ɔde mprempren nhyehyɛe bɔne yi bɛba awiei. Ɛsɛ sɛ asɛm yi ma mmarima ne mmea a “wosisi apini di akyide a wɔyɛ wɔ mu no so nkɔmmɔ” no di ahurusi. (Hesekiel 9:4) Ɛsɛ sɛ eyi ma wohu sɛnea ɛsɛ sɛ wɔyɛ ntɛm gye nsa a ɔbɔfo a ɔka asɛmpa no to frɛ sɛ: “Munsuro Onyankopɔn . . . efisɛ n’atemmu dɔn adu. Na monkotow nea ɔyɛɛ soro ne asase ne ɛpo ne asuti no” so. (Adiyisɛm 14:7) Ɛmmra sɛ saafo yi ne Adansefo ‘a wodi Nyankopɔn ahyɛde so na wodi Yesu Kristo ho adanse no’ bɛbom asom Yehowa.—Adiyisɛm 12:17.

Mfirihyia Apem Ahenni a Anuonyam Wom No

16. (a) Dɛn nti na Kristoman mu asɔre ahorow no apo Mfirihyia Apem ho anidaso no? (b) Dɛn nti na Yehowa Adansefo gye di sɛ wobebua mpaebɔ nhwɛso no?

16 Ti a ɛto so 20 kosi 22 wɔ Adiyisɛm mu no kura Mfirihyia Apem ho anidaso a egyina Kyerɛwnsɛm no so. Bible fã yi nkutoo ne beae a ɛka mfirihyia apem a ebedi anigye a ɛbɛba ɔsoro ne asase so afebɔɔ anim no ho asɛm ankasa. Kristoman mu asɔre ahorow apo Mfirihyia Apem anidaso no. Esiane sɛ asɔre nkyerɛkyerɛ ka sɛ treneefo bɛkɔ soro na abɔnefo akɔ hell nti, wɔnka asase so paradise ho asɛm biara. Mpaebɔ nhwɛso a ɛka sɛ Onyankopɔn “pɛ nyɛ asase so sɛnea ɛyɛ ɔsoro” no nkyerɛ hwee mma Kristoman mu asɔremma mu dodow no ara. (Mateo 6:10) Nanso ɛnte saa wɔ Yehowa Adansefo fam. Wogye di ankasa sɛ Yehowa Nyankopɔn ammɔ asase “hunu,” na mmom ɔbɔe “sɛ wɔntra so.” (Yesaia 45:12, 18) Enti, tete nkɔmhyɛ, mpaebɔ nhwɛso, ne Mfirihyia Apem anidaso no ho adiyisɛm nyinaa hyia. Wɔ Kristo Mfirihyia Apem Nniso no mu no, ɔbɛhwɛ ma Yehowa apɛde ayɛ asase so, sɛnea ɛreyɛ wɔ soro no.

17. Dɛn na ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛfa “mfirihyia apem” no sɛ ɛyɛ paa?

17 Asɛm “Mfirihyia Apem” no pue mpɛn nsia wɔ Adiyisɛm ti 20 no nkyekyem ason a edi kan no mu. Ade a ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow ne sɛ wɔde “no,” ka emu nan ho, a ɛkyerɛ sɛ ɛyɛ mfirihyia apem ankasa, ɛnyɛ bere tenten bi a wonnim ano, sɛnea Kristoman mu akyerɛkyerɛfo pɛ sɛ yegye di no. Dɛn na ɛbɛkɔ so wɔ Mfirihyia Apem no mu? Nea edi kan no, wɔbɛbrɛ Satan ase ma ɔrentumi nyɛ hwee saa bere no nyinaa. (Adiyisɛm 20:1-3; fa toto Hebrifo 2:14 ho.) Asɛmpa bɛn ara ni!

18. (a) Dɛn nti na yebetumi afrɛ Mfirihyia Apem no atemmu “da”? (b) Dɛn na ɛbɛba mfirihyia apem no awiei?

18 Esiane sɛ “wɔde atemmu” ma wɔn a wɔne “[Kristo] bedi ahene mfirihyia apem” no nti, nokwarem no, saa bere yi, bɛyɛ mfirihyia apem atemmu “da.” (Adiyisɛm 20:4, 6; fa toto Asomafo no Nnwuma 17:31; 2 Petro 3:8 ho.) Wobenyan awufo, na wɔabu wɔne wɔn a wobefi “ahohia kɛse” no mu aka no nyinaa atɛn sɛnea wɔn nnwuma, anaa wɔn nneyɛe te saa bere no. (Adiyisɛm 20:12, 13) Wɔ mfirihyia apem no awiei no, wobegyae Satan bere tiaa bi ma ɔde sɔhwɛ a etwa to aba adesamma so na ɛno akyi no, wɔasɛe ɔne n’adaemone ne atuatewfo biara a wɔwɔ asase so a wobedi n’akyi no koraa. (Adiyisɛm 20: 7-10) Wɔbɛkyerɛw nnipa a wobedi nkonim wɔ sɔhwɛ no mu din wɔ “nkwa nhoma” no mu a wɔrempopa da, na wɔde wɔn bɛkɔ asetra a enni awiei a anigye wom mu, na wɔasom Yehowa wɔ paradise asase so.—Adiyisɛm 20:14, 15; Dwom 37:9, 29; Yesaia 66:22, 23.

19. (a) Dɛn nti na yebetumi anya ahotoso sɛ bɔhyɛ ahorow a ɛwɔ Adiyisɛm nhoma no mu benya ne mmamu ɔkwan biara so? (b) Dɛn na yebesusuw ho wɔ asɛm a edi hɔ no mu?

19 Eyinom ne nsɛmpa a ɛwɔ Adiyisɛm no mu. Ɛnyɛ nnipa bɔhyɛ a mfaso nni so. Ɔsomafo Yohane kyerɛwee sɛ: “Nea ɔte ahengua no so no se: Hwɛ, meyɛ ade nyinaa foforo. Na ose: Kyerɛw, efisɛ nsɛm yi wom na ɛyɛ nokware.” (Adiyisɛm 21:5) Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na ama yɛanya saa nsɛmpa yi mmamu mu kyɛfa? Afotu pii wɔ Adiyisɛm nhoma no mu ma wɔn a wɔpɛ sɛ wɔsɔ Onyankopɔn ani no. Afotu a ɛte saa akyi a yebedi bɛma yɛanya anigye a enni awiei, mprempren ne daa, sɛnea asɛm a edi hɔ no bɛda no adi no.

[Ase hɔ asɛm]

a Sɛ wopɛ Adiyisɛm nhoma no ho nkyerɛkyerɛmu nyinaa a, hwɛ Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!, a Watchtower Bible and Tract Society of New York, Inc., tintimii wɔ 1991 mu no mu.

Nsɛm a Wɔde Tĩ Mu

◻ Nokware atitiriw bɛn na ɛwɔ Adiyisɛm ti 4 kosi 6 a ɛyɛ nsɛmpa no fã a ɛho hia?

◻ Nsɛmpa bɛn na ɛwɔ Adiyisɛm ti 7?

◻ Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ atemmusɛm a ɛwɔ Adiyisɛm nhoma no mu no haw nnipa komapafo?

◻ Akwan bɛn so na Mfirihyia Apem no bɛyɛ atemmu “da”?

[Kratafa 10 mfonini]

Ɔhene Yesu Kristo beyi akodi, ɔkɔm ne owu afi asase so koraa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena