-
So Wo Din wɔ Nkwa Nhoma no Mu?Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
-
-
10. Ade a ɛhyɛ nkuran bɛn na Yesu hui wɔ asafo a ɛwɔ Sardi no mu, na ɛsɛ sɛ eyi ka yɛn dɛn?
10 Yesu nsɛm a edi hɔ a ɔde kɔmaa Sardi asafo no hyɛ nkuran yiye. Ose: “Nanso wɔwo din kakraa bi a wonguu wɔn ntade ho fi wɔ Sardi, na wɔne me bɛnantew ntade fitaa mu, efisɛ wɔfata. Nea odi nkonim no na wɔbɛhyɛ no atade fitaa saa, na merempopa ne din mfi nkwa nhoma no mu, na mɛbɔ ne din m’Agya ne n’abɔfo anim.” (Adiyisɛm 3:4, 5) So nsɛm yi nkanyan yɛn nhyɛ yɛn den yɛn bo a yɛasi sɛ yebedi nokware no mu anaa? Nneɛma ase a mpanyimfo kuw bi toto no nti, ebia asafo mu nyinaa bɛda hatee honhom mu. Nanso, ebia nnipa ankorankoro bi a wɔwom bɛbɔ mmɔden akokoduru so sɛ wobekura wɔn Kristofo kronnyɛ mu, na wɔremma nkekae biara mma wɔn ho, na wɔnam saayɛ so akɔ so anya din pa Yehowa anim.—Mmebusɛm 22:1.
-
-
So Wo Din wɔ Nkwa Nhoma no Mu?Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
-
-
13. Nhyira horow bɛn na ɛda hɔ ma Kristofo a wɔasra wɔn a “wonguu wɔn ntade ho fi” no?
13 Wɔn a wɔwɔ Sardi a wodi nokware kodu ase, na wongu wɔn Kristofo agyirae ho fi no nya anidaso bi a ɛyɛ nwonwa mmamu. Bere a wɔde Yesu Mesia Ahenni no sii hɔ 1914 akyi no, wonyan wɔn kɔ honhom asetra mu, na sɛ nkonimdifo no, wɔhyɛ wɔn ntade fitaa de yɛ wɔn trenee a nkekae ne mfomso biara nni mu no ho sɛnkyerɛnne. Esiane sɛ wɔanantew ɔkwan hihiaa a ɛkɔ nkwa mu no so nti, wobenya daa akatua.—Mateo 7:14; hwɛ Adiyisɛm 6:9-11 nso.
Daa Wɔ Nkwa Nhoma Mu!
14. Dɛn ne “nkwa nhoma” no, na henanom din na wɔakyerɛw wɔ mu?
14 Dɛn ne “nkwa nhoma” no, na henanom din na wɔbɛma atra mu? Nkwa nhoma, anaa nhoma mmobɔwee no ka Yehowa asomfo a wobenya daa nkwa akyɛde no kyerɛwtohɔ ho asɛm. (Malaki 3:16) Wɔ Adiyisɛm mu ha no, wɔhyɛ da ka Kristofo a wɔasra wɔn no din ho asɛm. Nanso wɔkyerɛw wɔn a wobenya daa nkwa wɔ asase so no nso din wom. Afei nso, wobetumi ‘apopa’ edin ahorow afi saa nhoma no mu. (Exodus 32:32, 33) Nanso Yohane kuw no mufo a wɔn din tra nkwa nhoma no mu kodu wɔn wu mu no nsa ka asetra a owu nnim wɔ soro. (Adiyisɛm 2:10) Eyinom ne din a Yesu hyɛ da bɔ wɔ n’Agya ne N’abɔfo anim no. Akatua pa bɛn ara ni!
15. Ɔkwan bɛn so na nnipakuw kɛse no bɛma wɔakyerɛw wɔn din wɔ nkwa nhoma no mu a ɛmpopa da?
15 Nnipakuw kɛse a wɔn nso wɔn din wɔ nkwa nhoma no mu no, befi ahohiahia kɛse no mu aka a wɔanwu. Ɛdenam gyidi a wɔbɛkyerɛ wɔ Yesu Mfirihyia Apem Ahenni no mu nyinaa, ne sɔhwɛ a etwa to a ebedi ɛno akyi aba no mu so no, wɔde daa nkwa wɔ Paradise asase so betua eyinom ka. (Daniel 12:1; Adiyisɛm 7:9, 14; 20:15; 21:4) Ɛno na wɔn din bɛtra nkwa nhoma no mu a ɛrentumi mpopa da. Esiane sɛ wonim nea wɔnam honhom kronkron so de kyerɛ wɔ ha no nti, so womfa anigye nnye Yesu afotu a wati mu aka no so sɛ: “Nea ɔwɔ aso no ntie nea honhom no ka kyerɛ asafo no” anaa?—Adiyisɛm 3:6.
-