-
“Kɔ So Kura Nea Wowɔ No Mu Dennen”Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
-
-
10. Nkuranhyɛ bɛn na Yesu de ma asafo a ɛwɔ Filadelfia no?
10 Esiane sɛ Yesu nsɛm a ɔde kɔmaa Kristofo a wɔwɔ Filadelfia no fi beae a tumi a ɛte saa wɔ nti, ɛsɛ sɛ ɛkyekye werɛ yiye! Ɔkamfoo wɔn se: “Minim wo nnwuma. Hwɛ, mede ɔpon a wɔahiɛ masi w’anim a obi ntumi ntom, efisɛ wowɔ ahoɔden ketewa, nanso woadi m’asɛm so, na woampa me din.” (Adiyisɛm 3:8) Na asafo no yɛ nnam, na wɔahiɛ ɔpon bi ama no—akyinnye biara nni ho sɛ ɛyɛ ɔsom adwuma ho hokwan pon bi. (Fa toto 1 Korintofo 16:9; 2 Korintofo 2:12 ho.) Enti Yesu hyɛ asafo no nkuran sɛ enso hokwan no mu yiye koraa mfa nka asɛm. Wɔatɔ wɔn bo ase na wɔakyerɛ sɛ wɔwɔ ahoɔden a ɛdɔɔso, denam Onyankopɔn honhom mmoa so, na wɔakɔ so ayɛ “nnwuma” afoforo wɔ Yehowa som mu. (2 Korintofo 12:10; Sakaria 4:6) Wɔadi Yesu ahyɛde so na wɔmpaa Kristo, asɛm mu anaasɛ nneyɛe mu.
-
-
“Kɔ So Kura Nea Wowɔ No Mu Dennen”Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
-
-
14. Ɔkwan bɛn so na Yesaia 49:23 ne Sakaria 8:23 anya mmamu titiriw nnɛ mmere yi mu?
14 Nnɛ mmere yi mu no, nkɔmhyɛ ahorow te sɛ Yesaia 49:23 ne Sakaria 8:23 anya mmamu titiriw yiye. Esiane Yohane kuw no asɛnka nti, nnipadɔm kɛse bi afa pon a wɔahiɛ no mu aba Ahenni som mu.b Eyinom mu dodow no ara fi Kristoman a n’anyamesom ahorow di atoro ka sɛ ɛyɛ honhom mu Israel no mu. (Fa toto Romafo 9:6 ho.) Eyinom, sɛ nnipakuw kɛse no, nam wɔn gyidi wɔ Yesu afɔrebɔ mogya mu no so horo wɔn ntade ma ɛhoa fitaa. (Adiyisɛm 7:9, 10, 14) Osetie a wɔyɛ ma Kristo Ahenni nniso nti, wɔwɔ anidaso sɛ wobenya ne nhyira ahorow wɔ asase so ha. Wɔba Yesu nuanom a wɔasra wɔn no nkyɛn ‘bɛkotow’ wɔn wɔ honhom fam, efisɛ ‘wɔate sɛ Onyankopɔn ne wɔn te.’ Wɔsom wɔn a wɔasra wɔn yi a wɔn ankasa ne wɔn ayɛ biako wɔ wiase nyinaa anuanom ayɔnkofa bi mu no.—Mateo 25:34-40; 1 Petro 5:9.
-
-
“Kɔ So Kura Nea Wowɔ No Mu Dennen”Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
-
-
b Nsɛmma nhoma a ɛne Ɔwɛn–Aban a Yohane kuw no tintim no akɔ so asi ntɛmpɛ a egye sɛ wobeso hokwan yi mu, na wɔanya asɛnka adwuma no mu kyɛfa sɛnea wobetumi no so dua; sɛ nhwɛso no, hwɛ nsɛm “Momma Yɛn Nyinaa Nhyɛ Yehowa Anuonyam”ne “Wɔn Nne Fi Kɔɔ Asase Nyinaa So” wɔ January 1, 2004 de no mu. “Nhyira Ne Wɔn a Wɔhyɛ Onyankopɔn Anuonyam” a epuei wɔ June 1, 2004 de no mu no, wosii “ɔpon a wɔahiɛ” no mu a wɔbɛhyɛn akɔyɛ bere nyinaa som dwuma no bi no so dua. Akwampaefo dodow a ɛsen biara 1,093,552 na wobuu ɔsom ho akontaa a ɛte saa wɔ ɔsram biako mu wɔ afe 2005 mu.
-