Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Tɔ Sika a Wɔde Ogya Apa Mu
    Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
    • 2 Ɛnnɛ, wubehu Laodikea amamfo no wɔ baabi a ɛbɛn Denizli, bɛyɛ akwansin 55 wɔ Alasehir kesee fam apuei. Afeha a edi kan no mu no, na Laodikea yɛ kuropɔn a ɛrenya nkɔso. Esiane sɛ na ɛda ɔkwantempɔn bi nkwanta so nti, na ɛyɛ sikakorabea ne aguadibea titiriw. Aniduru bi a agye din a na wɔtɔn wɔ hɔ no maa n’ahode kɔɔ anim, na na agye din nso esiane ntade pa a wɔde nguan nhwi tuntum fɛfɛ yɛ wɔ hɔ no nti. Na wɔadi nsu ho a ɛyɛ na, a na ɛne ɔhaw titiriw a ɛwɔ kurow no mu ho dwuma denam nsuka a wotwa too nsuhyew aniwa a ɛwɔ akyirikyiri kakra no mu no so. Ne saa nti, bere a nsu no bedu kurow no mu no, na ayɛ boturobodwo.

  • Tɔ Sika a Wɔde Ogya Apa Mu
    Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn!
    • 6. (a) Yesu ka asafo a ɛwɔ Laodikea no honhom mu tebea ho asɛm dɛn? (b) Yesu nhwɛso pa bɛn akyi na Kristofo a wɔwɔ Laodikea no antumi anni?

      6 Nkrasɛm bɛn na Yesu wɔ ma Laodikeafo no? Onni nkamfo asɛm biara ma wɔn. Ɔka kyerɛ wɔn pefee sɛ: “Minim wo nnwuma sɛ wonyɛ nwini na wonyɛ hyew. Sɛ woyɛ nwini anaa hyew a, anka eye. Na afei de, sɛ woyɛ boturobodwo na wonyɛ hyew anaa nwini nti, merebɛfe wo mafi m’anom.” (Adiyisɛm 3:15, 16) Wubetie nkrasɛm a ɛte sɛɛ a efi Awurade Yesu Kristo nkyɛn no dɛn? So worensɔre nhwehwɛ wo ho mu nhwɛ anaa? Nokwarem no, ehia sɛ saa Laodikeafo no kanyan wɔn ho, efisɛ wɔabɛyɛ honhom mu anihafo, na ɛda adi sɛ wɔde nneɛma pii di agoru dodo. (Fa toto 2 Korintofo 6:1 ho.) Sɛ Kristofo no, Yesu a anka ɛsɛ sɛ wosuasua no no da nsiyɛ adi wɔ Yehowa ne ne som mu bere nyinaa. (Yohane 2:17) Afei bio, ahobrɛasefo ahu sɛ ne yam ye na odwo bere nyinaa te sɛ nsuonwini kuruwa wɔ da a ɔhyew wom mu. (Mateo 11:28, 29) Nanso Kristofo a wɔwɔ Laodikea no nyɛ hyew na wɔnyɛ nwini nso. Te sɛ nsu a ɛsen ba wɔn kurow no mu no, wɔayɛ boturobodwo. Wɔfata sɛ Yesu pow wɔn koraa, ‘fe wɔn fi n’anom’! Ɛmmra sɛ yɛn de, yɛde nsiyɛ bɛbɔ mmɔden bere nyinaa sɛ yɛbɛma afoforo ahome honhom fam te sɛ nea Yesu yɛe no.​—Mateo 9:35-38.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena