Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w01 12/15 kr. 32
  • “Aniduru a Wode Bɛsra W’aniwa”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Aniduru a Wode Bɛsra W’aniwa”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
w01 12/15 kr. 32

“Aniduru a Wode Bɛsra W’aniwa”

YESU KRISTO na ɔkyerɛɛ afeha a edi kan Kristofo asafo a na ɛwɔ Laodikea, Asia Kumaa no aduru a ɛte saa.

Yesu kae sɛ: ‘Tɔ aniduru a wode bɛsra w’aniwa, na woahu ade.’ Ná ɛnyɛ aniyare ankasa, na mmom na ɛyɛ honhom fam anifurae a na ehia sɛ wɔsa. Na Kristofo a wɔwɔ Laodikea no ama kurow no honam fam yiyedi akɛntɛn wɔn so ma wɔayɛ anibiannaso wɔ wɔn honhom fam ahiade ahorow ho ankasa.

Yesu kaa nea edi so yi de kyerɛe sɛ ɛno na ɛmma wonhu ade yiye: “Efisɛ wuse: Meyɛ ɔdefo na manya me ho, na hwee nhia me, na wunnim sɛ wo ara ne ɔmanehunufo ne mmɔboroni ne ohiani ne onifuraefo ne dagyawee.” (Yɛn na yɛasi ɔfã bi so dua no) Ɛwom sɛ na asafo no mufo nnim no saa de, nanso na ehia sɛ wonya “aniduru” a ɛtew ani denam wɔn ho ase a wɔbɛbrɛ ama Yesu Kristo nkyerɛkyerɛ ne ne nteɛso nkutoo so. Yesu ka sɛ: ‘Tɔ fi me nkyɛn.’—Adiyisɛm 3:17, 18.

Sɛnea na ɛte wɔ wɔn a wɔwɔ Laodikea no fam no, ehia sɛ nokware Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ hwɛ wɔn ho yiye wɔ nkɛntɛnso bɔne ho, ebia wɔ wiase a yɛte mu yi a honam fam adedodowpɛ ne anigyede ahyɛ no ma no ho. Wɔakyerɛ nea ɛbɛma yɛakura yɛn honhom mu yiyedi mu wɔ afotu a ese: ‘Tɔ aniduru a wode bɛsra w’aniwa fi Yesu hɔ, na woahu ade’ no mu.

Nea ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow ne sɛ, ɛsɛ sɛ wɔtɔ saa “aniduru” yi. Ɛsɛ sɛ wɔde biribi bɔ afɔre ansa. Ɛsɛ sɛ wogye bere de sua Onyankopɔn Asɛm na wodwennwen ho. Odwontofo no de Asɛm yi ma yɛn awerɛhyem sɛ ‘Wo mmara ma honhom aniwa no tew.’—Dwom 19:8.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena