Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w09 1/1 kr. 27
  • Ɔbɔadeɛ a Ɔfata sɛ Yɛkamfo No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔbɔadeɛ a Ɔfata sɛ Yɛkamfo No
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Di Yehowa Ni​—Dɛn Ntia Na Ɔkwan Bɛn So?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Momma Yɛn Nyinaa Nni Yehowa ne Ne Ba no Ni
    Yɛn Ahenni Som—2001
  • Momfa Nidi Mma Nea Nidi Sɛ No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2017
  • Yehowa—Nea Ɔwɔ Tumi Kɛse no
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
w09 1/1 kr. 27

Bɛn Onyankopɔn

Ɔbɔadeɛ a Ɔfata sɛ Yɛkamfo No

Adiyisɛm 4:11

SO WOABISA pɛn sɛ, ‘Dɛn nti na yɛte nkwa mu?’ Wɔn a wogye di sɛ nnipa nam adannandi a ntease biara nni mu so na ɛbae no ntumi nnya asɛmmisa yi ho mmuae. Nanso wɔn a wogye tom koraa sɛ Yehowa Nyankopɔn ne yɛn Nkwamafo no wɔ asɛm yi ho mmuae. (Dwom 36:9) Wonim sɛ biribi nti na ɔbɔɔ yɛn. Yehu nea enti a ɔbɔɔ yɛn no wɔ Adiyisɛm 4:11. Ma yensusuw sɛnea asɛm a ɔsomafo Yohane kyerɛwee no kyerɛkyerɛ nea enti a yɛwɔ ha no mu.

Yohane kyerɛw sɛnea ɔsoro nnwontofo reyi Onyankopɔn ayɛ no ho asɛm sɛ: “Yehowa, yɛn Nyankopɔn, wofata sɛ wugye anuonyam ne nidi ne tumi, efisɛ wo na wobɔɔ nneɛma nyinaa, na wo pɛ nti na ɛwowɔ hɔ na wobɔe.” Yehowa nkutoo na ɔfata, anaa ɔsɛ nidi a ɛte saa. Dɛn ntia? Efisɛ ɔno na ‘ɔbɔɔ nneɛma nyinaa.’ Ɛnde, ɛsɛ sɛ eyi ka n’abɔde a wonim nyansa ma wɔyɛ dɛn?

Wɔka Yehowa ho asɛm sɛ ɔfata sɛ ‘ogye’ anuonyam ne nidi ne tumi. Akyinnye biara nni ho sɛ Ɔno na ɔyɛ onuonyamfo, ɔwɔ nidi, na ɔwɔ tumi sen obiara wɔ amansan yi mu. Nanso, adesamma mu fã kɛse no ara mmu Onyankopɔn sɛ ɔne Ɔbɔadeɛ. Ne saa mpo no, nnipa a wosuro Onyankopɔn no nam nneɛma a wayɛ so hu ne “su horow a wonhu no.” (Romafo 1:20) Wɔn koma ka wɔn ma wɔhyɛ Yehowa anuonyam na wodi no ni. Wɔka kyerɛ nnipa a wobetie nyinaa sɛ Yehowa ne nea ɔbɔɔ nneɛma nyinaa ma ɛyɛɛ nwonwa ma enti ɔfata sɛ yefi obu mu hyɛ no anuonyam na yedi no ni.—Dwom 19:1, 2; 139:14.

Ɛnde, ɔkwan bɛn so na Yehowa gye tumi fi n’asomfo hɔ? Nokwarem no, abɔde biara nni hɔ a obetumi ama Ɔbɔadeɛ kɛse no tumi. (Yesaia 40:25, 26) Nanso, esiane sɛ wɔbɔɔ yɛn wɔ Onyankopɔn suban so nti, wɔama yɛn Onyankopɔn su ahorow a ebi ne tumi no bi. (Genesis 1:27) Sɛ yɛn ani sɔ nea yɛn Bɔfo no ayɛ ama yɛn no ampa a, ɛbɛka yɛn ma yɛde yɛn tumi ne yɛn ahoɔden ahyɛ no anuonyam na yɛadi no ni. Sɛ́ anka yɛde yɛn ahoɔden bɛyɛ adwuma a yɛn nkutoo benya so mfaso no, yehu sɛ ɛfata sɛ yɛde yɛn ahoɔden nyinaa som Yehowa Nyankopɔn.—Marko 12:30.

Ɛnde, dɛn nti na yɛwɔ ha? Adiyisɛm 4:11 no fã a etwa to no bua sɛ: ‘Wo pɛ nti na nneɛma a wabɔ nyinaa wowɔ hɔ na wobɔe.’ Ɛnyɛ yɛn ankasa na yɛbɔɔ yɛn ho. Onyankopɔn pɛ nti na yɛte ase. Eyi nti, sɛ obi yɛ nea n’ankasa benya so mfaso nkutoo a, ɔrenya akomatɔyam. Sɛ yebenya asomdwoe, anigye ne akomatɔyam a, ehia sɛ yehu nea Onyankopɔn pɛ, na yɛbɔ yɛn bra ma ɛne no hyia. Sɛ yɛyɛ saa nkutoo a, na yebehu nea enti a wɔbɔɔ yɛn na yɛte ase.—Dwom 40:8.—w08 12/1-E.

[Mfonini Fibea wɔ kratafa 27]

NASA, ESA, ne A. Nota (STScI)

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena